Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g95 10/8 kr. 8-9
  • Ɔkwan Bɛn so na Wubetumi Aboa Awofo a Wonni Ahokafo?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ɔkwan Bɛn so na Wubetumi Aboa Awofo a Wonni Ahokafo?
  • Nyan!—1995
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Fa Mmoa Ma
  • Fa Mmoa a Mfaso Wɔ So Ma
  • Hu Awofo a Wonni Ahokafo no Mmɔbɔ
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2011
  • Ɔwofo-Biako Mmusua Betumi Adi Nkonim!
    Nea Ɛde Abusua Mu Anigye Ba
  • Awofo a Wonni Ahokafo, Nsɛnnennen Pii
    Nyan!—2002
  • Sɛnea Ebesi Wo Yiye Sɛ Ɔwofo a Onni Ɔhokafo
    Nyan!—1995
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1995
g95 10/8 kr. 8-9

Ɔkwan Bɛn so na Wubetumi Aboa Awofo a Wonni Ahokafo?

ƐFATA sɛ wodwen awofo a wonni ahokafo, mmarima anaa mmea, ho. Ɛnnɛyi asetram nsɛm ho adwumayɛfo bu mmoa a wɔde bɛma awofo a wonni ahokafo mmusua no asɛnhia ankasa.

Asetram nsɛm ho animdefo Letha ne John Scanzoni, kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Adamfofa akuw a wɔde mmoa ma, abusuafo a wodwen afoforo ho, akyerɛkyerɛfo a wɔkyerɛ afoforo yiyedi ho anigye, mpɔtam ne nyamesom dwumadi ahorow a wɔyɛ ho nhyehyɛe de boa mmusua a ɛte saa no betumi aboa awofo a wonni ahokafo ne wɔn mma yiye wɔ nkate fam kɛse wɔ wɔn asetram bere a wohia nkuranhyɛ kɛse no.” Ɛnde, ɔkwan bɛn so na wubetumi aboa?

Fa Mmoa Ma

Nea edi kan no, bɔ mmɔden sɛ wobɛte sɛnea awofo a wonni ahokafo susuw nneɛma ho no ase. Fa no sɛ wowɔ wɔn tebea no mu. Nyan! bisabisaa Margaret a ɔwɔ mma baanu a wɔadi mfe 7 ne 14 no nsɛm. Wogyaee no aware mfe anum ni, na wagyina ano yiye abedu saa bere yi. Akyinnye biara nni ho sɛ ne nsɛm a ɔka no bɛma woahu tebea no ani so ankasa.

Nyan!: “Sɛ ɔwofo a wunni ɔhokafo no, nsɛnnennen bɛn na woahyia?”

Margaret: “Nea edi kan koraa no, na ɛyɛ den ma me kɛse sɛ megye atom sɛ mabɛyɛ ɔwofo a onni ɔhokafo, ade a mennwenee ho. Ɛhyɛɛ me abufuw sɛ obi bɛka sɛ meyɛ ‘ɔwofo a onni ɔhokafo,’ efisɛ nnipa bebree bu awofo a wonni ahokafo mmusua sɛ ɛyɛ ɔhaw ne awerɛhow, na emu mmofra wɔ dimmɔne. Esiane sɛ na minsusuw sɛ ɛte saa nti, mfiase no, mantie afotu. Nanso mabehu sɛ sɛ obi yɛ ɔwofo a onni ɔhokafo a, ɛnyɛ nnome.”

Sɛ wubetumi aboa awofo a wonni ahokafo a, ehia sɛ wuhu wɔn nkate horow. Bɔ mmɔden sɛ wubeyi ayamye adi akyerɛ wɔn.

Nyan!: “Wunnya mmoa biara mfi wo kunu dedaw no hɔ. Ɔkwan bɛn so na woafa adi wo sikasɛm ho dwuma?”

Margaret: “Mede nneɛma pii abɔ afɔre. Na metaa totɔ ntade foforo hyɛ kɔ apontow ase. Yɛda so ara totɔ nneɛma foforo de, nanso yentumi nsɛe sika pii sɛnea na yɛyɛ no. Nokwarem no, mepɛ sɛ mmofra no ho tew, enti meyɛ me sikasɛm ho nhyehyɛe yiye. Mifii ase siee sika kakra dapɛn biara, de maa m’adamfo bi a mewɔ ne mu ahotoso siei, efisɛ na minim sɛ sɛ mede sie a, anhwɛ a medi.”

Wobɛyɛ adamfo a wotumi de ho to no so a ɔboa awofo a wonni ahokafo ma wɔyɛ wɔn sikasɛm ho nhyehyɛe?

Nyan!: “Ɔkwan bɛn so na woagyina ankonamyɛ ano?”

Margaret: “Meyɛ adwuma bere nyinaa awiabere. Sɛ mmofra no deda anwummere a, na mete nka kɛse. Me ne me busuani anaa m’adamfo bi kasa wɔ telefon so. Ɛtɔ da bi a metew nusu bere a merekasa no. Meka nea esii da no mu ho asɛm. Obi a obetie me kɛkɛ a minya no boa me ankasa.”

Ebia wubetumi afi wo pɛ mu afrɛ obi a aka ne nko no. Tie a wubetie no saa bere no betumi akyekye ne werɛ kɛse.

Nyan!: “Sɛ ɔwofo a onni ɔhokafo no, dɛn na ɛyɛ den kɛse ma wo?”

Margaret: “Mmofra no a mɛtete wɔn wɔ trenee kwan so. Asetra ne abrabɔ ho gyinapɛn ahorow a ɛresɛe no mma nkurɔfo nte ase sɛ mepɛ sɛ mede abrabɔ pa bɛkyerɛkyerɛ me mma no.”

Akyinnye biara nni ho sɛ nhwɛso a wobɛyɛ wɔ Onyankopɔn gyinapɛn ahorow a wobɛbata ho mu no bɛhyɛ afoforo nkuran ma wɔayɛ saa ara.

Nyan!: “Mmofra baanu no a woretete wɔn no gye wo bere kɛse. Woyɛ dɛn nya bere de yɛ nea wopɛ sɛ woyɛ?”

Margaret: “Mebɔ mmɔden nya bere ma me ho. Sɛ nhwɛso no, sɛ m’adamfo bi bɛkyerɛ mmofra no nnwom a, ɛno ma minya dɔnhwerew biako ma me ho. Metra ase a mensɔ TV. Metra ase komm dwennwen nea mayɛ no ɛda no mu ho kɛkɛ. Mema m’ani da hɔ yiye wɔ nea ɛteɛ ne nea ɛnteɛ ho bere nyinaa, enti m’ani gye ho sɛ mebu kɔmpɔ asusuw nea mayɛ ho ahwɛ sɛ anka metumi ayɛ no yiye asen saa anaa.”

Sɛ wohwɛ ɔwofo a onni ɔhokafo mma ma no bere ne bere mu a, obenya bere a ɛfata de asusuw nneɛma a ɛtete saa ho.

Fa Mmoa a Mfaso Wɔ So Ma

Nyan!: “Mmoa bɛn na woahu sɛ mfaso wɔ so kɛse?”

Margaret: “M’ani gye nsa a abusua foforo to frɛ me kɔ wɔn fie no ho. Sɛ wuhu sɛ afoforo dwen wo ho a, ɛboa pii. Ɛtɔ da bi a wote nka sɛ gyama wo nkutoo na wowɔ nsɛnnennen. Afei nso sɛ obi kamfo me wɔ sɛnea meretete me mma no ho a, ɛboa me pii! Afei nneɛma ho dwuma ankasa a wodi nso wɔ hɔ, te sɛ afisiesie, turom adwumayɛ, aguadi. . . . Sɛ meka sɛ merebobɔ din a minwie da!”

Sɛ ɔwofo biako pɛ na ɔwɔ hɔ a, nneɛma gye bere tenten na ɛyɛ te sɛ nea ne yɛ yɛ den kɛse. Enti mmu ɛbo a wo bere a wode ma sɛ akyɛde no som no adewa. Wɔ awofo a wonni ahokafo fam no, ɛyɛ akyɛde ahorow a ɛsom bo sen biara no biako.

[Kratafa 9 mfonini]

Sɛ wubetumi aboa awofo a wonni ahokafo ankasa a, gye bere ne wɔn mmɔ

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena