Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g95 10/8 kr. 10-11
  • Ɛyɛ Den Dodo sɛ Wubetumi Adu Onyankopɔn Gyinapɛn Ahorow Ho?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ɛyɛ Den Dodo sɛ Wubetumi Adu Onyankopɔn Gyinapɛn Ahorow Ho?
  • Nyan!—1995
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Onyankopɔn Yɛ Fakaa
  • Mpa Abaw
  • Papa Ne Bɔne: Hena Akwankyerɛ Na Wopɛ?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Ɔmanfo De)—2024
  • Yehowa Nkurɔfo Ani Gye Ho Paa Sɛ Wɔbɛyɛ Adetrenee
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2022
  • Onyankopɔn Mmara Wɔ Hɔ ma Yɛn Yiyedi
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2002
  • Hena Gyinapɛn na Wubetumi De Wo Ho Ato So?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2001
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1995
g95 10/8 kr. 10-11

Bible No Adwene

Ɛyɛ Den Dodo sɛ Wubetumi Adu Onyankopɔn Gyinapɛn Ahorow Ho?

“ONYANKOPƆN MFA NSATEAKWAA NA ESUSUW NNIPA.”—SCOTLANDFO TETE ABEBUSƐM BI.

SUKUU mu sɔhwɛ, adwumahwehwɛ mu nsemmisa, ne aduruyɛ mu nhwehwɛmu yɛ asetram nsakrae ahorow a wogyina so kari obi hwɛ. Nanso sɛ yɛreka Onyankopɔn gyinapɛn ahorow a yɛde bɛtra ase ho asɛm a, nnipa bebree te nka sɛ wɔrentumi nnu ho wɔ ɔkwan bi so. Saa na wo nso wususuw? Wubetumi adu Onyankopɔn gyinapɛn ahorow ho?

Sɛnea ɛbɛyɛ na yɛabua no, momma yenni kan nhwehwɛ gyinapɛn ahorow a Onyankopɔn de asisi hɔ ama n’asomfo no mu nhwɛ. Bible ma sɛnea ɛsɛ sɛ yɛbɔ yɛn bra wɔ asetra mu no mu da hɔ pefee. (Dwom 119:105) Bible kyerɛwfo, Ɔhene Salomo onyansafo, kae sɛ onipa ‘asɛyɛde nyinaa’ ne sɛ ‘obesuro Onyankopɔn, na wadi ne mmara nsɛm so.’ (Ɔsɛnkafo 12:13) Odiyifo Mika kae sɛ: “Dɛn na [Yehowa] hwehwɛ wo hɔ: ɛnyɛ biribiara sɛ adetreneeyɛ ne adɔepɛ ne ahobrɛase a wode ne wo Nyankopɔn nantew.”—Mika 6:8.

Yesu Kristo, Onyankopɔn ankasa Ba, no kae sɛ mmara biara nni hɔ a ɛsen sɛ ‘wubefi wo koma nyinaa mu ne wo kra nyinaa mu ne w’adwene nyinaa mu ne w’ahoɔden nyinaa mu adɔ Yehowa wo Nyankopɔn’ na ‘woadɔ wo yɔnko sɛ wo ho.’ (Marko 12:30, 31) Enti, yɛnam Onyankopɔn mmara nyinaa a yedi so so kyerɛ sɛ yɛdɔ no.—1 Yohane 5:3.

Ne tiaatwa mu no, ɛsɛ sɛ nnipa dɔ Onyankopɔn na wobu no, wodi ne mmara so, wɔyɛ ade nyansam, wɔda ayamye adi kyerɛ nnipa nyinaa, na wɔkwati ahantan. Yɛrentumi nnu gyinapɛn a ɛtete saa no ho?

Onyankopɔn Yɛ Fakaa

Ɛfata sɛ Onyankopɔn hwehwɛ sɛ nnipa du ne gyinapɛn ahorow ho. Nanso, nokware mu no, onipa bi tumi di saa gyinapɛn ahorow yi akyi pɛpɛɛpɛ bere nyinaa? Ɛda adi sɛ obiara nni hɔ, efisɛ yɛn nana Adam de sintɔ awo yɛn. (Romafo 5:12) Enti, yebetumi adi mfomso. Nanso eyi mma yɛnyɛ wɔn a wɔmfata sɛ wɔbɛsom Nyankopɔn wɔ ɔkwan a ɛsɔ n’ani so.

Sɛ yɛbɛyɛ mfatoho a, susuw ɔhaw ahorow a ɛwɔ kar a yesua ka mu no ho. Egye anidahɔ a yɛbɛyɛ bere nyinaa ne bere na yɛatumi aka kar yiye adi nkonim wɔ karka sɔhwɛ mu. Nokwarem no, sɛ yenya karka ho tumi krataa wie mpo a, ɛsɛ sɛ yɛkɔ so ara yere yɛn ho sɛ yɛbɛka kar yiye. Sɛ yehu ka a, yɛhwehwɛ sɛ yɛn ho bɛkokwaw kɛse. Nanso karkafo biara nni hɔ a ɔyɛ pɛ!

Nea ɛyɛ anigye no, Onyankopɔn yɛ fakaa wɔ yɛn sintɔ ahorow ho. Ɔnyɛ obi a onni ntease a ɔbɛhwehwɛ nea yentumi nyɛ afi yɛn hɔ, saa ara na ɔnkɔ so nhwehwɛ yɛn ho mfomso. Ɔte yɛn mfomso ne yɛn mmerɛwyɛ ahorow ase. Ɔhene Dawid a ɔyɛɛ bɔne a anibere wom no kae sɛ: “Onsusuw yɛn bɔne so ne yɛn nni, na ɔnhwɛ yɛn mfomso nhyɛ yɛn ananmu. Na sɛ ɔsoro ware sen asase no, sɛ n’adɔe sõ, wɔn a wosuro no so ne no.” Dɛn ntia? ‘Efisɛ sɛ apuei ne atɔe ntam ware no, sɛ Onyankopɔn ama yɛne yɛn mmarato ntam aware ne no.’ Ɛwom mpo sɛ Yehowa nim sɛ yɛyɛ bɔne de, nanso wasiesie ne ho sɛ ɔbɛma yɛne yɛn mmarato ntam aware “sɛ apuei ne atɔe ntam ware no.”—Dwom 103:10-14.

Mpa Abaw

Ɔbarima bi a ɔde nokwaredi som Nyankopɔn kae sɛ: “Sɛ ɛtɔ mmere bi na nneɛma haw me a, meka sɛ merentumi mfa Onyankopɔn gyinapɛn ahorow ntra ase da. Nanso sɛ minya adwempa a, mete nka sɛ metumi abɔ mmɔden atra ase sɛnea Onyankopɔn pɛ sɛ meyɛ no. Nanso ɛnyɛ mmerɛw!” Sɛ wote nka saa a, mpa abaw. Ɛnyɛ wone obi a odi kan a wanya saa nkate yi, saa ara na ɛnyɛ wone obi a odi akyiri.

Kristoni somafo Paulo kaa no pefee sɛ: “Me a mepɛ sɛ meyɛ nea eye no, bɔne wɔ me hɔ. Na me mu-nipa fam de, m’ani gye Onyankopɔn mmara ho; nanso mihu mmara foforo bi wɔ me honam akwaa mu a ɛne m’adwene mu mmara ko na ɛfa me dommum ma bɔne mmara . . . Me manehunufo!” Nanso wanka sɛ nea na Onyankopɔn hwehwɛ sɛ ɔyɛ no yɛ den dodo, efisɛ ɔde kaa ho sɛ: “Hena na obeyi me afi owu yi nipadua mu? Aseda mfa yɛn Awurade Yesu Kristo so nka Onyankopɔn! Ɛnde afei me ara mede m’adwene mesom Onyankopɔn mmara, na ɔhonam de, mede mesom bɔne mmara.” (Romafo 7:21-25) Enti ɛwom sɛ na ɔda so ara yɛ ɔbɔnefo de, nanso ɔtee nka sɛ obetumi asɔ Onyankopɔn ani.

Yehowa, yɛn Bɔfo a ɔwɔ ɔdɔ no nam bo a ne Ba a ɔdɔ no, Yesu, agyede afɔrebɔ no som so de yɛn mfomso ne yɛn bɔne firi yɛn. Ɔsomafo Yohane kyerɛwee sɛ: “Sɛ obi yɛ bɔne a, yɛwɔ okyigyinafo bi, agya no nkyɛn, ɔne ɔtreneeni Yesu Kristo. Na ɔno ne yɛn bɔne ho mpata [nkataso].” (1 Yohane 2:1, 2) Wɔnam tumi a Kristo afɔrebɔ no wɔ so yi anaa bubu akwanside a bɔne de ba a ɛmma yennu Onyankopɔn gyinapɛn a ɛbɛma yɛne no anya ayɔnkofa no ho no. Enti yɛasan ne Onyankopɔn anya ayɔnkofa.

Ahobrɛase mu a yefi gye saa nsiesiei a ɔdɔ wom yi tom no de bɔne fafiri ba, efisɛ Onyankopɔn ne “nea wabubu na ne honhom brɛ ase no” na ɛtra hɔ. (Yesaia 57:15) Yebetumi de yɛn ho ato Ne so ma wakanyan yɛn honhom. Ɔhyɛ bɔ sɛ ‘ɔbɛma ɔbrɛfo so afi mfutuma mu.’ Ɛho nhia sɛ yɛkɔ so yɛ basaa bere a yɛantumi anni Onyankopɔn mmara so pɛpɛɛpɛ no. Mmom no, yebetumi anya awerɛhyem sɛ Onyankopɔn remmu n’ani ngu mmɔden a yɛbɔ sɛ yɛde ne gyinapɛn ahorow bɛtra ase no so.—Dwom 113:7; Hebrifo 6:10-12.

Ɛwom mpo sɛ ɛyɛ apereperedi de, nanso wubehu sɛ w’ani begye kɛse sɛ woreyɛ nea ɛsɔ Onyankopɔn ani. Wo ho a wode bɛma Onyankopɔn no bɛma asetra ayɛ mmerɛw ama wo ne wɔn a wɔatwa wo ho ahyia no. Afei nso, susuw daakye ho. Mmɔden a wobɔ sɛ wode Onyankopɔn gyinapɛn bɛtra ase no de daa nkwa wɔ paradise tebea mu ho akwanhwɛ ba.—Yesaia 48:17; Romafo 6:23; 1 Timoteo 4:8.

Wɔn a wɔn ho akokwaw wɔ bepɔw foro mu no hu sɛ sɛ wodu bepɔw no atifi a, na wɔatwa ɔkwan no mu fã pɛ. Ɛsɛ sɛ wosian a wompira. Saa ara na ɛho hia sɛ wɔn a wosuro Nyankopɔn no duru Onyankopɔn gyinapɛn ho na afei wɔbɔ mmɔden sɛ wɔde bɛtra ase.—Luka 21:19; Yakobo 1:4.

Nya awerɛkyekye wɔ hu a woahu sɛ ɛnyɛ den dodo sɛ wubedu Onyankopɔn gyinapɛn ahorow ho mu. Sɛ woantumi annu ho pɛpɛɛpɛ bere bi a, hwehwɛ ne hɔ bɔne fafiri. Nya ahotoso wɔ ne mmoa a ɔdɔ wom no mu. (Dwom 86:5) Enti, bere a Yehowa ne ne Ba no yɛ w’Aboafo no, wubetumi aduru Onyankopɔn gyinapɛn ahorow ho na woanya n’anim dom.—Mmebusɛm 12:2.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena