Abagye—Ɛsɛ sɛ Mibu no Dɛn?
AKYINNYE biara nni ho sɛ, sɛ awofo a wɔagye abofra bi ayɛ wɔn ba gyae aware anaa awarefo no biako wu a, ɔhaw betumi asɔre. Nanso abofra a wɔagye no no na ebia ɔbɛte yaw nka kɛse. Dɛn ntia?
Yɛn mu dodow no ara nim wɔn a wɔyɛ yɛn awofo ankasa. Sɛ yɛhweree wɔn bere a yesusua mpo a, yɛwɔ nkaede, anaa ebia mfonini a yɛde bɛkaakae wɔn. Na akokoaa a wɔwoo no ara pɛ na wɔde no mae sɛ wɔmfa no mma obi nso ɛ? Abagye kuw no kora ɛna no ho nsɛm so, nanso wɔntaa mfa saa nsɛm no nkyerɛ gye sɛ abofra no nyin ansa. Wɔ tebea afoforo mu no, ɛna no de n’ankasa din hyɛ awo krataa no so, nanso ɔmfa agya no de nhyɛ so. Nkokoaa bi wɔ hɔ a wokopuee wɔn so—wohuu wɔn bere a wɔn awofo a obiara nnim wɔn pow wɔn akyi. Mmofra a wɔwɔ saa tebea yi mu nyinaa nni abusua—ebia wɔbɛte nka sɛ wɔatwa wɔn afi wɔn abusua mu anaa baabi a wofi.
Edi Mũ Dɛn?
Nnua hia ntini a ahoɔden wom na atumi agyina pintinn. Duforo a wotu kosi dutan kɛse so no betumi anyin yiye, nanso ebetumi akisaw nso ma ɛnsow aba. Saa ara na ɛwom sɛ ebia awofo a wogye mmofra yɛ wɔn mma no de ɔhwɛ ne ɔdɔ biara a wobetumi bɛma wɔn ba, nanso mmofra bi werɛ remfi abasamtu a wonya bere a wotwa wɔn fi abusua a wofi mu ankasa no mu da.
Susuw Kate asɛm no ho.a N’awofo fi West Indies fam, na bere a ɔyɛ akokoaa no, aborɔfo awarefo bi a wɔwɔ ɔdɔ na wodwen afoforo ho gyee no de no yɛɛ wɔn ba, nanso wantumi ansua sɛ ɔbɛtra ne tebea foforo no mu. Bere a odii mfe 16 no, ofii fie, a wansan amma bio. Saa bere no, ɛyawdi kowiee ɔtan a ntease nnim mu. Obisae sɛ: “Dɛn nti na me maame de me maa mo?” Nea ɛyɛ awerɛhow no, saa abusua yi antumi anni ɔhaw no so.
Bere a wɔwoo Mervyn no, wɔde no maa ɔman no mu atumfoɔ sɛ wɔnhwɛ no, na akyiri yi, wɔde no maa awofo bi sɛ wɔntete no. Bere a odii asram akron no, obi gyee no yɛɛ ne ba. Ntetee pa a wannya no mfiase ne abufuhyew a onyae esiane sɛ ɔfra abusuakuw foforo mu no kowiee atuatew su a ɛde ɔhaw pii brɛɛ no na ɛmaa n’awofo a wogyee no, a wɔyɛɛ pii maa no no di awerɛhow kɛse mu. Ne maame kae sɛ: “Sɛ obi ka sɛ mintu no fo wɔ abagye ho a, seesei mɛka sɛ, ‘Dwen ho yiye.’”
Nea ɛne no bɔ abira no, susuw Robert ne Sylvia suahu no ho. Ná wɔwɔ babarima biako, na na wontumi nwo bio. Obi bisaa wɔn sɛ, “Moasusuw ho sɛ mubegye abofra bi a ofi ɔman foforo mu?” Ankyɛ na wokogyee Mak-Chai, abeawa a na wadi asram akron a ofi Hong Kong yɛɛ wɔn ba. Mak-Chai ka sɛ: “Metaa susuw nea enti a wɔpow me, ne sɛ́ ebia mewɔ anuanom mmarima anaa mmea no ho. Nanso misusuw sɛ mebɛn me maame ne me papa a wogyee me yɛɛ wɔn ba no kɛse sen sɛnea mmofra bi ne wɔn awofo ankasa yɛ no. Sɛ mihu wɔn a wɔwoo me ankasa a, ɛrensesã nneɛma kɛse, ebia ɛno ara ne me su horow bi a anka ɛbɛma mate nneɛma ase yiye kakra.” So n’awofo a wogyee no yɛɛ wɔn ba no kamfo abagye kyerɛ? Wɔka sɛ: “Yiw, efisɛ ayɛ osuahu a ɛyɛ anigye ama yɛn!”
Nea Enti a Ɛsɛ sɛ Yɛyɛ Ahwɛyiye
Graham ne Ruth gyee nkokoaa baanu, ɔbarima ne ɔbea, yɛɛ wɔn mma, de wɔn kaa wɔn ankasa babarima ne wɔn babea ho. Wɔtetee mmofra baanan no nyinaa sɛ abusua biako a wɔbom wɔ tebea a ɛyɛ anigye mu. Ruth ka sɛ: “Yɛn mma no nyinaa fii fie mfe bi a atwam, na wɔn ankasa kɔbɔɔ wɔn bra. Yɛne wɔn di nkitaho daa, na yɛdɔ wɔn nyinaa.” Nanso nea ɛyɛ awerɛhow ne sɛ, mmofra a yegyee wɔn yɛɛ yɛn mma no baanu nyinaa hyiaa ɔhaw a emu yɛ den. Dɛn ntia?
Graham a mprempren ɔte nka sɛ su a onya fii awo mu nyaa ne so tumi kɛse no, ka sɛ: “Yɛn duruyɛfo ka kyerɛɛ yɛn sɛ tebea a abofra bi wom ho hia kɛse.” Ɔde ka ho sɛ: “Afei nso, na ɛna no akwahosan te dɛn bere a na ɔyem abofra no? Yenim mprempren sɛ nnurunom, asanom ne tawanom betumi aka abofra a wɔnwoo no. Mekamfo kyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ wɔyɛ awofo baanu no nyinaa mu nhwehwɛmu fefeefe, na sɛ ɛbɛyɛ yiye a, ɛsɛ sɛ wɔyɛ nananom mpo bi ansa na wɔayɛ abagye ho nhyehyɛe.”
Peter maame waree ɔbarima foforo, na Peter maame kunu foforo no boroo no dii n’ani. Bere a odii mfe abiɛsa no, wɔmaa obi gyee no yɛɛ ne ba. Peter kae sɛ: “Bere a mifii asɛnnibea hɔ ara pɛ, mepow m’awofo a wogyee me yɛɛ wɔn ba no.” Ɔde kaa ho sɛ: “Mesɛee biribiara a me nsa soo mu. Sɛ meda a na meso dae huhu. Mprempren sɛ mibu kɔmpɔ hwɛ m’akyi a, mitumi hu sɛnea na mahaw afa. Bere a awofo a wogyee me yɛɛ wɔn ba no nso gyaee aware no, nneɛma sɛee kɛse maa me—nnurunom, korɔnbɔ, adesɛe, ne daa asabow.
“Midii mfe 27 no, na mintumi nhu nea enti a ɛsɛ sɛ mekɔ so tra ase, enti misusuw ho sɛ medi me ho dɔm. Afei da bi, obi a minnim no maa me kratawa a egyina Bible so a na ɛreka sɛ ɛrenkyɛ asase yi bɛyɛ paradise. M’ani gyee asɛm no ho. Ná nokware titiriw bi wom. Mifii ase kenkan Bible no suae, na mifii ase yɛɛ nsakrae wɔ m’asetra ne me suban mu, nanso mpɛn pii no, mesan kɔɔ m’akwan dedaw no mu. Mprempren, wɔ nkuranhyɛ ne mmoa pii a minya fii Kristofo fekubɔ mu akyi no, mete nka sɛ mewɔ anigye ne ahobammɔ kɛse wɔ Onyankopɔn a meresom no mu sen nea anka metumi asusuw ho mfe kakraa bi a atwam no. Matumi nso ne me maame asan anya abusuabɔ a ɔdɔ wom, a ɛyɛ anigye.”
Nokwasɛm a Wogyina Ano
Ɛdefa abagye ho no, nkate mu tumi yɛ den. Wohu ɔdɔ ne anisɔ a emu dɔ ne ɛyawdi ne anisɔ a wɔnkyerɛ nyinaa. Sɛ nhwɛso no, Edgar Wallace amfa amfiri ne maame da sɛ ɔpow no, efisɛ saa na obuu ne maame nneyɛe no. Wɔ ne maame asetra afe a etwa to mu no, ɔde amemenemfe kohuu no kɔhwehwɛɛ sika fam mmoa, nanso Edgar, a na ɔredi yiye saa bere no, powee sɛ ɔbɛboa no. Bere tiaa bi akyi, bere a ohui sɛ sɛ ɛnyɛ nnamfo a wɔdaa ayamye adi tuaa ne maame ayi ho ka a, anka wobesie no wɔ nnebɔneyɛfo asiei no, onuu ne ho yiye wɔ n’atirimɔden no ho.
Ɛsɛ sɛ nkurɔfo a wɔresusuw abagye ho no yɛ ahoboa sɛ wobegyina ɔhaw ne nsɛnnennen a ɛbɛsɔre no ano ɔkwampa so. Ɛnyɛ bere nyinaa na mmofra kyerɛ nea wɔn awofo—sɛ́ ɛyɛ awofo a wogyee wɔn yɛɛ wɔn mma anaa wɔn awofo ankasa—yɛ ma wɔn no ho anisɔ, wɔ tebea a ɛkyɛn so mpo mu. Nokwarem no, Bible ka yɛn bere yi mu nnipa ho asɛm sɛ “wɔn a wonni dɔ,” na wɔyɛ “bonniayɛfo” ne “wɔn a biribiara ho ntew mma wɔn.”—2 Timoteo 3:1-5.
Ɔkwan foforo so no, sɛ wubue wo fie—ne wo koma mu—ma abofra a ohia awofo a, ebetumi ayɛ osuahu pa a mfaso wɔ so. Sɛ nhwɛso no, Cathy ani sɔ n’awofo a wogyee no yɛɛ wɔn ba no kɛse sɛ wɔmaa no Kristofo ntetee wɔ fie na wodii ne honam ne honhom fam ahiade ahorow ho dwuma.—Hwɛ adaka “Ɛyɛɛ Yiye Maa Yɛn,” kratafa 8.
Sɛ mmofra a wɔte saa no awofo reka sɛnea wɔte nka wɔ wɔn mmammarima ne wɔn mmammea a wogyee wɔn yɛɛ wɔn mma no ho asɛm a, wɔtaa kae odwontofo no nsɛm no: “Mmofra yɛ akyɛde a efi Awurade hɔ; wɔyɛ nhyira ankasa.”—Dwom 127:3, Today’s English Version.
[Ase hɔ asɛm]
a Wɔasesã din no bi sɛnea ɛbɛyɛ a wonhu nkurɔfo ko.