Mmofra Bisa Sɛ . . .
Mɛyɛ Dɛn Atumi Agyina Obi a Wɔagye no Ɔba a Meyɛ Ho Nsɛnnennen Ano?
“Nokwarem no, minnim m’awofo ankasa ho hwee, na ɛno haw me paa.”—Barbara, a wadi mfe 16.
“Minnim beae ankasa a wɔwoo me anaasɛ wɔn a wɔyɛ m’awofo ankasa ho adwene biara. Ɛtɔ mmere bi a, midwen ho anadwo.”—Matt, a wadi mfe 9.
“Sɛ me ne m’awofo a wɔagye me ɔba no nya akasakasa a, ɛma misusuw sɛ ebia anka m’awofo ‘ankasa’ bɛte m’asɛm ase. Enye sɛ mesusuw saa, na menkaa ho hwee nkyerɛɛ wɔn.”—Quintana, a wadi mfe 16.
AKYINNYE biara nni ho sɛ—asetra sɛ abofra a wɔagye no ɔba no betumi anya ne nsɛnnennen. Mmabun pii na wɔte nka te sɛ wɔn a yɛaka wɔn ho asɛm wɔ atifi hɔ no. Nnipa pii ntumi nhu sɛ ebia wɔnhwehwɛ wɔn awofo ankasa anaa, na wontumi nhu sɛ sɛ wɔne wɔn na ɛte a, anka asetra bɛyɛ anigye anaa. Na ɛnyɛ eyinom nkutoo ne nsɛnnennen no.
Yɛkaa nsusuwii bɔne a mmabun binom a wɔagye wɔn ɔba nya wɔ wɔn ankasa ho no ho asɛm kakra wɔ asɛm a edi eyi anim wɔ nsɛm a edidi so yi mu.a Sɛ abofra a wɔagye no ɔba no benya anigye a, na ɛsɛ sɛ ɔko tia nsusuwii bɔne a ɛte saa. Nanso nsɛnnennen afoforo bɛn na ebia ɛbɛsɔre, na ɔkwampa bɛn na wubetumi afa so agyina ano?
So Wɔyɛ M’awofo “Ankasa”?
Jake a wadi mfe 13 no ka sɛ na anka odwen ne maame ankasa ho paa. Na ɛno de ɔhaw bi bɛtoo ɔne n’awofo a wɔagye no ɔba no ntam. Ɔka sɛ: “Bere biara a me bo befuw no na metaa ka sɛ, ‘Ɛnyɛ me maame ankasa ne wo—wuntumi ntwe m’aso saa!’”
Sɛnea wubetumi ahu no, na ɛsɛ sɛ Jake te asɛmmisa a ɛho hia yi ase: Ná hena ne ne maame “ankasa”? Sɛ wɔagye wo ɔba a, ebia wo nso biribi a ɛte saa ara rehaw wo, titiriw sɛ wususuw sɛ ebia anka w’awofo ankasa ne wo bedi no yiye asen w’awofo a wɔagye wo ɔba no a. Nanso, so awo ara kɛkɛ na ɛma nnipa baanu bɛyɛ w’awofo “ankasa”?
Jake maame a na wagye no ɔba no ansusuw saa. Ɔka sɛ: “Ɛyɛ a me maame bua sɛ, ‘Yiw, mene wo maame ankasa. Ɛwom sɛ obi na ɔwoo wo de, nanso seesei de, mene wo maame ankasa.’” Sɛ mpanyimfo fa abofra bi de no kɔ wɔn fie, na wɔpene so sɛ wɔbɛma no baabi ada, ama aduan, na wɔatete no ama no n’ahiade ahorow a, nokwarem no wɔabɛyɛ n’awofo “ankasa.” (1 Timoteo 5:8) Ɛda adi sɛ saa ara na atumfo a wɔwɔ ɔman a wote mu no bu wɔn sɛ wɔyɛ w’awofo. Na Onyankopɔn ani so nso ɛ?
Susuw abagye a ebia agye din paa wɔ abakɔsɛm mu—nea ɛfa Yesu Kristo ho—no ho hwɛ. Ná Yesu nyɛ Yosef, duadwumfo no ba ankasa de, nanso Yosef gyee no sɛ n’ankasa ba. (Mateo 1:24, 25) Bere a Yesu nyinii no, so ɔtew atua tiaa tumi a Yosef wɔ no? Nea ɛne no bɔ abira no, Yesu tee ase sɛ na ɛyɛ Onyankopɔn pɛ sɛ otie n’agya a na wagye no ɔba no. Ná Yesu nim mmara a na Yehowa de ama mmofra a wɔwɔ Israel no yiye. Ná ɛyɛ mmara bɛn?
Di W’agya ne Wo Na Ni
Kyerɛwnsɛm no ka kyerɛ mmofra sɛ: “Di w’agya ne wo na ni.” (Deuteronomium 5:16) Wɔtaa de asɛmfua ‘nidi’ di dwuma wɔ Bible mu de kyerɛ obu, anisɔ ne tema. Wubetumi ada nidi a ɛte saa adi akyerɛ w’awofo a wɔagye wo ɔba no denam ayamye su a wobɛda no adi akyerɛ wɔn, obu a wobɛkyerɛ ama wɔn dibea, wɔn nsusuwii a wubetie ne ɔpɛ a wubenya sɛ wobɛyɛ biribiara a ɛfata a wɔbɛsrɛ wo sɛ yɛ no so.
Na sɛ ɛkɔba sɛ ɛtɔ mmere bi na ɛkɔyɛ te sɛ nea w’awofo a wɔagye wo ɔba no nte w’asɛm ase nso ɛ? Nokwarem no, ebetumi aba saa. Awofo nyinaa nyɛ pɛ, sɛ wɔyɛ awofo a wɔagye wo ɔba anaa w’awofo ankasa no. Wɔn mfomso a wodi no betumi ama osetie a wobɛyɛ ama wɔn no ayɛ den paa. Na ɛnyɛ nwonwa sɛ wɔ mmere a ɛtete saa mu no, wode w’adwene besi yɛ a wonyɛ wɔn ba ankasa no so ma enti wobɛdwene sɛ wɔ ɔkwan bi so no ɛbrɛ asɛyɛde a wowɔ sɛ woyɛ osetie ma wɔn no ase. Nanso, so saa na asɛm no te ankasa?
Sɛ wususuw Yesu tebea no ho a, ebia ɛbɛboa wo. Kae sɛ na ɔyɛ pɛ. (Hebrifo 4:15; 1 Petro 2:22) Nanso na n’agya a wɔagye no ɔba no nyɛ pɛ; na saa ara na na ne maame ankasa nso nyɛ pɛ. Ɛnde na ɛda adi sɛ mmere bi bɛba a na Yesu behu sɛ n’awofo no adi mfomso. So ɔsɔre tiaa Yosef tiyɛ a na ɛnyɛ pɛ no anaa Maria akwankyerɛ a na ɔde ma sɛ ɛna a na mfomso wom no? Dabi. Bible ka kyerɛ yɛn sɛ bere a Yesu nyinii no, ‘ɔkɔɔ so brɛɛ ne ho ase’ maa n’awofo.—Luka 2:51.
Ɛnde sɛ wo ne w’awofo a wɔagye wo ɔba no adwene nhyia wɔ asɛm bi ho a, ebia wubebu wɔn sɛ wɔadi mfomso. Nanso ɛsɛ sɛ wugye tom sɛ wo nso wonyɛ pɛ. Enti ebetumi aba sɛ wo na woadi mfomso no. Nanso sɛnea ɛte biara no, so ɛnyɛ papa sɛ wubedi Yesu nhwɛso no akyi? (1 Petro 2:21) Saa a wobɛyɛ no bɛboa wo ma woayɛ osetie. Nanso biribi titiriw wɔ hɔ a enti ɛsɛ sɛ wokɔ so tie w’awofo asɛm.
Bible ka sɛ: “Mma, muntie mo awofo asɛm ade nyinaa ho, na eyi na ɛsɔ Awurade ani.” (Kolosefo 3:20) Yiw, osetie a wobɛyɛ no bɛma wo soro Agya no ani agye. (Mmebusɛm 27:11) Na ɔpɛ sɛ woyɛ osetie esiane sɛ ɔpɛ sɛ wo nso w’ani gye nti. N’asɛm hyɛ mmofra nkuran sɛ wɔnyɛ osetie, na ɛde ka ho sɛ “na awie wo yiye, na wo nna aware asase so.”—Efesofo 6:3.
Wo ne W’awofo a Wɔagye Wo Ɔba no Ntam Abusuabɔ a Wobɛhyɛ Mu Den
Abusuabɔ pa a wo ne w’awofo a wɔagye wo ɔba benya no hwehwɛ pii sen nidi ne osetie a wobɛyɛ kɛkɛ. Akyinnye biara nni ho sɛ wopɛ sɛ wo fie yɛ baabi a wɔda ayamye ne ɔdɔ adi. Ɛyɛ w’awofo a wɔagye wo ɔba no asɛyɛde sɛ wɔma tebea no yɛ saa. Na wo nso wobetumi ayɛ biribi titiriw bi de aboa. Ɔkwan bɛn so?
Nea edi kan no, hwehwɛ akwan a wubetumi afa so abɛn w’awofo. Wo ne wɔn mmɔ baabi a wofi, wɔn asetra, ne nneɛma a wɔn ani gye ho ho nkɔmmɔ. Na sɛ biribi rehaw wo a, hwehwɛ afutu fi wɔn hɔ, wɔ bere a wɔregye wɔn ahome a wuhu sɛ wobetie wo no. (Mmebusɛm 20:5) Nea ɛtɔ so abien no, hwehwɛ akwan a wobɛfa so aboa ma nneɛma akɔ so wɔ fie hɔ, te sɛ efie nnwuma a wobɛboa ama wɔayɛ ne nnwuma afoforo a wubefi wo pɛ mu ayɛ.
Na w’awofo ankasa nso ɛ? Sɛ wusi gyinae sɛ wobɛhwehwɛ wɔn akyi akwan, anaasɛ wɔn nso pɛ sɛ wɔhwehwɛ wo a, so ɛno betumi asɛe abusuabɔ a ɛda wo ne w’awofo a wɔagye wo ɔba no ntam no? Bere a atwam no, na ahyehyɛde ahorow a ɛhwɛ abagye so no ntaa nna nsɛm a ɛboa awofo ankasa ma wohu abofra a wɔde no maa abagye no adi anaasɛ wɔmma abofra no nso nhu n’awofo ankasa akyi kwan. Wɔ aman pii so nnɛ no, wɔagow mmara horow no mu ma mmofra pii a wɔagye wɔn ɔba no atumi ahu wɔn awofo ankasa a wɔnkae wɔn koraa no. Ɛwom, ebia na ɛsono abagye ho mmara wɔ beae a wote no.
Sɛnea ɛte biara no, sɛ wobɛhwehwɛ w’awofo ankasa akyi kwan anaa wonyɛ saa no yɛ w’ankasa gyinaesi, na ebia ɛrenyɛ mmerɛw. Ɛsono sɛnea mmabun a wɔagye wɔn no mu biara susuw asɛm no ho. Ebinom pɛ sɛ wohu wɔn awofo ankasa denneennen; na afoforo nso mpɛ sɛ wohu wɔn koraa. Nanso wubetumi anya awerɛhyem sɛ mmofra pii a wɔagye wɔn ɔba no asan ne wɔn awofo ankasa anya nkitahodi bere a abusuabɔ pa a ɛda wɔne wɔn awofo a wɔagye wɔn ɔba ntam no nsɛee.
Hwehwɛ afotu fi w’awofo a wɔagye wo ɔba no ne ebia wo nnamfo a wɔwɔ Kristofo Asafo no mu a wɔn ho akokwaw no hɔ. (Mmebusɛm 15:22) Hwehwɛ nea wopaw no mu yiye, na gye bere susuw ho ansa na sɛ wobɛyɛ biribi a woayɛ. Sɛnea Mmebusɛm 14:15 ka no, “onitefo hwɛ ne nantew mu yiye.”
Sɛ wusi gyinae sɛ wobɛbɔ mmɔden ne w’awofo ankasa anya abusuabɔ a, ma w’awofo a wɔagye wo ɔba no nnya ahotoso sɛ woda so ara dɔ wɔn na wubu wɔn. Wɔ saa kwan no so no, bere a wode nkakrankakra hu wɔn a wɔwoo wo na wɔde wo maa abagye bere a atwam no, wubekura abusuabɔ pa a ɛda wo ne w’awofo a wɔyɛn wo na wɔtetee wo ntam no mu.
Hyɛ Abusuabɔ a Ɛda Wo ne Wo Soro Agya No Mu Den
Mmabun a wɔagye wɔn ɔba no pii suro sɛ wɔbɛpo wɔn. Wosusuw sɛ ebia na wɔahwere abusua a wɔagye wɔn ɔba no sɛnea wɔhweree wɔn abusua ankasa no. Ntease wɔ osuro a ɛte saa mu. Nanso kae nsɛm a nyansa wom yi: “Ehu nni dɔ mu, na mmom ɔdɔ a ɛyɛ pɛ no pam ehu.” (1 Yohane 4:18) Mma w’adɔfo a wubetumi ahwere wɔn no nhunahuna wo. Mmom no, hyɛ ɔdɔ a wowɔ ma afoforo no mu den, a wo fiefo nyinaa ka ho. Nanso nea ɛsen ne nyinaa no, hyɛ ɔdɔ a wowɔ ma wo soro Agya, Yehowa Onyankopɔn no mu den. Wubetumi de wo ho ato no so koraa, na ɔmpo ne mma a wodi no nokware no da. Obetumi ayi ehu a aka wo no afi hɔ.—Filipifo 4:6, 7.
Catrina a wogyee no ɔba wɔ ne mmofraberem no ka sɛ, Bible a ɔkenkanee no boaa no kɛse ma ɔkɔɔ so bɛn Onyankopɔn na ɔkɔɔ so nyaa anigye ne asetra pa. Ɔka sɛ, Yehowa a yɛne no benya abusuabɔ a emu yɛ den no “ho hia efisɛ yɛn soro Agya no nim sɛnea yɛte nka.” Kyerɛw nsɛm a Catrina ani gye ho paa ne Dwom 27:10 a ɛse: ‘Magya ne me na agyaw me, na Yehowa de, ogye me’ no.
[Ase hɔ asɛm]
[Mfonini wɔ kratafa 32]
Hwehwɛ akwan a wobɛfa so abɛn w’awofo a wɔagye wo ɔba no