Ɔkasa Mu Ahofadi—Wɔ Fie Ɛyɛ Tebea a Ɛnkyɛ Ɛde Ɔhaw a Emu Yɛ Den Bɛba?
SƐ OBI di atoro teɛm sɛ “Ogya oo!” wɔ agodidan bi a nnipa ahyɛ mu mã mu, na sɛ wotiatia ebinom so kunkum wɔn bere a wɔrepere denneennen aguan no a, so ɛnsɛ sɛ wɔde owu ne opira a ɛbae no ho asodi to nea ɔteɛɛm no so? Sɛ obi ka sɛ, “Mempene nea woka no so, nanso mɛtaa hokwan a wowɔ sɛ wutumi ka no akyi” a, na ɛno kyerɛ sɛ wama wo tumi korakora, ahofadi a anohyeto nnim, sɛ ka nea wopɛ biara wɔ baguam, a nea ɛbɛba biara mfa ho? Ebinom wɔ hɔ a wosusuw saa.
Wɔ France sɛ nhwɛso no, bere a rap nnwontofo hyɛɛ polisifo a wobekum wɔn ho nkuran, na nnipa bi a wɔtee dwom no kunkum polisifo no, so na ɛsɛ sɛ wɔde asodi no to rap nnwontofo no so sɛ wɔkanyan basabasayɛ no? Anaasɛ ɛsɛ sɛ ahofadi ho mmara no bɔ wɔn ho ban? Sɛ radio ne television so amanneɛbɔfo ne kɔmputa so dwumadi yi basabasayɛ ne aguamansɛm ho mfonini pefee kyerɛ mmofra, na ebinom yɛ bi de ɔhaw ba wɔn ho ne afoforo so a, so ɛsɛ sɛ wɔde asodi no bi to wɔn a woyi mfonini a ɛte saa kyerɛ no so?
U.S.News & World Report nsɛmma nhoma no bɔɔ amanneɛ sɛ nhwehwɛmu bi a Amerika Adwene ne Nneyɛe Ho Nimdeɛ Fekuw no yɛe no “bu akontaa sɛ abofra a ɔde nnɔnhwerew 27 hwɛ TV dapɛn biara no bɛhwɛ awudi 8,000 ne basabasayɛ 100,000 fi mfe 3 kosi mfe 12.” So awofo betumi afa eyi sɛ ɛrennya wɔn mma so nkɛntɛnso? Anaasɛ ebetumi de ‘asiane pefee aba?’ Eyi ne baabi a ɛsɛ sɛ wɔde anohyeto ba kasa mu ahofadi so anaa wosiw ano?
Nhwehwɛmu bi a sukuupɔn bi mu adwene ne nneyɛe ho animdefo yɛe no daa no adi sɛ bere a woyii “nnɔmmarima ntɔkwapɛfo” sini kyerɛɛ mmofra a wɔadi mfe anan kuw daa, na woyii sini “a basabasayɛ nnim” kyerɛɛ kuw foforo no, wɔn a wɔhwɛɛ sini a basabasayɛ wom no bobɔɔ nneɛma mu totow nneɛma akyiri yi. Saa ara nso na sɛ obi nyin a, TV so basabasayɛ nkɛntɛnso no mfi hɔ. Nhwehwɛmu foforo a sukuupɔn bi yɛe daa no adi sɛ bere a wɔyɛɛ mmofra 650 mu nhwehwɛmu fi 1960 kosi 1995, na wɔhwɛɛ wɔn su ne wɔn nneyɛe wɔ TV hwɛ ho no, wɔn a wɔhwɛɛ television a basabasayɛ wom sen biara bere a na wɔyɛ mmofra no nyin bɛyɛɛ mpanyimfo a wɔde wɔn ho hyɛ basabasayɛ a ɛkyɛn so mu, a nea ɛka ho ne ahokafo a wɔboro wɔn ne nsa a wɔbow de ka kar.
Ɛmfa ho sɛ ebia mmofra bi nnye ntom sɛ television ne sini nya wɔn so tumi no, afoforo begye atom. Wɔ 1995 no, Ɛnnɛ Mmofra, California kuw bi a ɛhyɛ nneɛma ho nkuran no yɛɛ mmofra 750 a wɔadi mfe 10 kosi 16 mu nhwehwɛmu. Nhwehwɛmu no daa no adi sɛ, edu biara mu baasia kae sɛ ɔbea ne ɔbarima nna wɔ TV so no tumi nya mmofra so tumi ma wonya nna mu kyɛfa bere a wosusua koraa.
Ebia ebinom begye kyim sɛ television ne sini mu basabasayɛ betumi ayɛ nea mmofra bu no paara, na sini a ɛyɛ hu no nyinaa nnya wɔn so nkɛntɛnso. Britain atesɛm krataa bi kae sɛ: “Sɛ saa a, dɛn nti na na ɛsɛ sɛ sukuu mpanyimfo bi a wɔwɔ Amerika atɔe fam mfinimfini ka kyerɛ mmofra mpempem pii sɛ Apohuru Nketewa a Wɔdannan te sɛ Ninja biara nni wɔn adorobɛn mu? Nea enti a ɛte saa ne sɛ, na mmofra a wɔn ani gye Apohuru ketewa no ho kɔweawea wɔ adorobɛn no mu kɔhwehwɛ wɔn.”
Akyinnye a emu yɛ den bi rekɔ so nnɛ wɔ United States mmeae pii wɔ nea ebinom frɛ no nsonsonoe a ɛda kasa mu ahofadi ne basabasayɛ a nyinsɛnyigu a ebinom kasa tia de ba no ntam ho. Wɔn a wɔkasa tia nyinsɛnyigu no ka no baguam sɛ nnuruyɛfo ne ayaresabea adwumayɛfo a woyi nyinsɛn gu no yɛ awudifo, na ɛnsɛ sɛ wɔn ankasa tra nkwa mu. Eyinom mu bi a wɔn ani yɛ den ka sɛ wonkum saa nnuruyɛfo yi ne wɔn aboafo no. Wotu akwansrafo kɔhwehwɛ wɔn a wɔte saa no kar nɔma, na wɔde wɔn din ne wɔn address brɛ wɔn. Nea afi mu aba ne sɛ wɔatow nnuruyɛfo ne ayaresabea adwumayɛfo tuo akunkum wɔn.
Amerika Awo Nhyehyɛe Fekuw no titrani paee mu kae sɛ: “Eyi nyɛ kasa mu ahofadi asɛm. Eyi te sɛ nea obi ateɛm sɛ, ‘Ogya oo!’ wɔ agodibea a nnipa ahyɛ hɔ mã ara pɛ. Yɛwɔ tebea a ɛte sɛ agodibea a nnipa ahyɛ hɔ mã mu; hwɛ awudi dodow ara a akɔ so wɔ ayaresabea ahorow mu mfe kakraa a atwam mu.” Wɔn a wɔhyɛ saa basabasayɛ yi ho nkuran no kyerɛ sɛ wɔreda hokwan a wɔwɔ adi sɛnea wɔhyɛe wɔ Amerika Nsiesiei a Edi Kan—kasa mu ahofadi—mu no. Na egu so ara. Wɔbɛkɔ so ako wɔ saa hokwan yi ho wɔ nsɛm ho amanneɛbɔ mu, na ɛho behia sɛ asɛnnibea ahorow siesie asɛm no, nanso awerɛhosɛm ne sɛ, ɛremma obiara bo ntɔ ne yam.
Nea Awofo Betumi Ayɛ
Ɛsɛ sɛ ofie yɛ asoɛe ma mmofra, na ɛnyɛ baabi a wɔn a wɔbɛsɛe wɔn na wɔayɛ wɔn basabasa no betumi anya wɔn ntɛm, anaa baabi a wobetumi akanyan wɔn a wokura odwo su ma wɔn su asesã ma wɔabɛyɛ basabasayɛfo wɔ bere ne bere mu. U.S. sukuupɔn mu ɔbenfo bi a na ɔrekasa akyerɛ awofo kae sɛ: “Wubetumi anya awerɛhyem sɛ wo ba remmɛyɛ basabasayɛfo da, ɛmfa ho sɛ ɔtaa hwɛ TV so dwumadi a basabasayɛ wom no. Nanso worentumi nnya awerɛhyem sɛ obi ba a wɔde dwumadi a ɛtete saa atete no saa ara no renkum wo ba anaa ɔrenni no dɛm.” Afei ɔhyɛɛ nkuran sɛ: “Ɛsɛ sɛ TV so basabasayɛ a mmofra hwɛ a wɔbɛtew so no bɛyɛ nsɛm a wosusuw ho de bɔ ɔmanfo ho ban no fã, te sɛ kar mu agua a ɛbɔ mmofra a wɔte kar mu ho ban, ɛkyɛ a wɔhyɛ de ka baesekre, mpaane a wɔbɔ de ko tia yare ne aduan pa a wobedi no ara pɛ.”
Sɛ woremma ɔhɔho bi kwan mma ɔmma wo fie mmɛka kasa tantan ne nna ne basabasayɛ ho kasafĩ nkyerɛ wo ba a, ɛnde mma kwan mma radio ne television nyɛ saa ɔhɔho no. Hu bere a ɛsɛ sɛ wudum no anaa wosesã ɛso dwumadi no. Hu ade a wo ba no rehwɛ, wɔ television ne kɔmputa nyinaa so, wɔ kokoam wɔ ne dan mu mpo. Sɛ onim sɛnea wɔde kɔmputa di dwuma, na ohu dwumadi ahorow a ɛwɔ so a, ebia wo ho bedwiriw wo sɛ wubehu nea ɔhwɛ no anadwo biara. Sɛ wompene ade a wo ba no rehwɛ so a, ka dabi pen, na kyerɛkyerɛ nea enti a woka saa mu. Sɛ wusiw no nneɛma bi ho kwan a, ɔrenwu.
Awiei koraa no, kyerɛkyerɛ wo mma no ma wɔmfa Onyankopɔn nnyinasosɛm ntra ase, na ɛnyɛ su horow a ɛwɔ nneɛma nhyehyɛe bɔne yi—a emu kasafi ne anuɔden kasa ne nneyɛe ka ho—mu no. (Mmebusɛm 22:6; Efesofo 6:4) Ɔsomafo Paulo de afotu a ɛyɛ ne bere mu de maa Kristofo a ɛsɛ sɛ yɛn nyinaa de tra ase. “Na aguamammɔ ne afideyɛ nyinaa anaa anibere de, mommma wɔmmmɔ din po wɔ mo mu, sɛnea ɛsɛ ahotefo, ɛne aniwude ne nkwaseasɛm anaa asereseresɛm a ɛnsɛ, na mmom aseda.”—Efesofo 5:3, 4.
[Kratafa 18 mfonini ahorow]
TV so dwumadi bi betumi akowie nsɛmmɔnedi ne ɔbrasɛe mu