Nea Basabasayɛ De Aba
OGUANFO a obi bɛyɛ no te dɛn? Fa no sɛ wote hɔ asomdwoe mu, nanso w’asetra nyinaa sakra mpofirim. Afimpamfo bɛdan atamfo mpofirim ara. Asraafo reba abewia wo ahye wo fie. Simma du pɛ na wowɔ a wode bɛsesa wo nneɛma aguan de akora wo nkwa so. Bag ketewa biako pɛ na wubetumi afa, esiane sɛ wode betwa akwansin pii nti. Dɛn na wode begu mu?
Wonam aprɛm nnyigyei mu guan. Wode wo ho bɔ afoforo a wɔn nso reguan. Nna bi twam; ɔkɔm, sukɔm, ne ɔbrɛ a enni ano ma wotwe wo nan ase. Nea ɛbɛyɛ na woanya wo ti adidi mu no, ɛsɛ sɛ wode animia nantew, ɛmfa ho sɛ woabrɛ. Woda fam. Wokyinkyin wuram sɛ wubenya biribi adi anaa.
Wobɛn ɔman bi a ahotɔ wom mu, nanso ahye so awɛmfo no mma wo kwan nkɔ mu. Wɔhwehwɛ wo bag mu, na wɔfa biribiara a ɛsom bo. Wudu beae foforo a wɔhwehwɛ nneɛma mu, na wutwa ɔhye no. Wɔde wo to aguanfo nsraban bi a emu ayɛ fĩ a wɔde nkɔnsɔnkɔnsɔn agye ho mu. Ɛwom sɛ afoforo a wɔne wo wɔ tebea koro ara mu atwa wo ho ahyia de, nanso wote ankonamyɛ nka, na woyɛ basaa.
W’ani gyina w’abusua ne ayɔnkofa fekubɔ. Wuhu sɛ w’asetra nyinaa gyina afoforo mmoa so. Adwuma ne biribiara nni hɔ a wobɛyɛ. Wobɔ mmɔden sɛ wubedi anidaso a asa, ne abasamtu so, na abufuw nka na wote. Wudwen wo daakye ho, a wunim sɛ ebia wo nsraban mu tra no bɛyɛ bere tiaa bi. Sɛnea ɛte biara no, nsraban no nyɛ ofie—ɛte sɛ ɔdan a wɔtwɛn wom anaa ɔdan bi a wɔkora nnipa a obiara mpɛ wɔn so wom. Wususuw ho sɛ ebia wɔbɛhyɛ wo de wo asan akɔ beae a wufi bae no anaa.
Eyi ne tebea a nnipa ɔpepem pii wom nnɛ. Sɛnea Amanaman Nkabom Soafo Panyin a Ɔhwɛ Aguanfo So (UNHCR) kyerɛ no, nnipa ɔpepem 27 na wɔaguan afi ɔko anaa ɔtaa ano wɔ wiase nyinaa. Nnipa ɔpepem 23 nso na wɔabɔ wɔn ahwete wɔ wɔn ankasa man mu. Wɔka ne nyinaa bom a, asase so nnipa 115 biara mu 1 na wɔahyɛ wɔn ma wɔaguan. Wɔn mu dodow no ara yɛ mmea ne mmofra. Sɛ́ nkurɔfo a ɔko ne basabasayɛ ama wɔayɛ aguanfo no, wɔnenam wiase a ɛmpɛ wɔn, wiase a ɛpow wɔn, a ɛnyɛ sɛ nnipa ko a wɔyɛ nti, na mmom, esiane nea ato wɔn nti, mu.
Wɔ a wɔwɔ hɔ no yɛ ahokyere kɛse a ɛwɔ wiase nyinaa ho sɛnkyerɛnne. UNHCR ka sɛ: “Aguanfo yɛ mpaapaemu a ɛwɔ wiase ho sɛnkyerɛnne a ɛsen biara. Wɔne nnipa a wotwa to a wogyina wɔn so hu sɛnea ɔman bi asetra ne n’amammuisɛm asɛe afa pefee. Sɛ yɛhwɛ wiase nyinaa a, wɔne sɛnkyerɛnne a wogyina so hu sɛnea anibuei te nnɛ.”
Animdefo ka sɛ sɛnea ɔhaw no te no yɛ nea wonhuu bi da, na ɛreyɛ kɛse a wonni anidaso biara sɛ ɛbɛba awiei. Dɛn na ɛde tebea a ɛte saa aba? So ano aduru wɔ hɔ? Nsɛm a edidi so no bɛhwehwɛ saa nsɛmmisa yi mu.
[Mfonini Ahorow Fibea wɔ kratafa 17]
Abarimaa a ɔwɔ benkum so no: UN MFONINI 159243/J. Isaac
U.S. Po so Asraafo mfonini