“Ɛnyɛ Me Mfomso”
MPƐN ahe na ɛnnɛ wote sɛ obi ka sɛ, ‘Mepa wo kyɛw. Ɛyɛ me mfomso. Me ara na meyɛe!’? Nokwaredi ketewaa bi a ɛte saa yɛ nea wɔntaa nte bio. Nokwarem no, wɔ nsɛm pii mu no, sɛ mpo wogye mfomso bi tom a, wɔbɔ mmɔden biara sɛ wɔbepia ɛho asodi no ato obi anaa tebea bi a ɔbɔnefo no kyerɛ sɛ na ontumi nyɛ ho hwee so.
Ebinom mpo de asodi no to wɔn awosu so! Nanso so ntease wɔ eyi mu? Exploding the Gene Myth nhoma no kasa tia adwene a ɛwɔ awosu mu nhwehwɛmu afã ahorow bi akyi, ne mpɔn a etu no. Wɔ nhoma no ho asɛm a ɔkae mu no, Australiani sɛnkyerɛwfo Bill Deane, de baa awiei wɔ ɔkwan a ɛkanyan adwene so sɛ: “Ɛte sɛ nea nnansa yi, wɔn a wɔkyerɛ nnipa hyɛbere ase no gye di sɛ wɔanya adanse a ɛkame ayɛ sɛ edi mu a wɔde begyina wɔn nyansapɛ a ɛne sɛ ɛnsɛ sɛ wonunu obiara wɔ ne nneyɛe ho no akyi: ‘Me wura a Nnidi sɛ no, na biribiara nni hɔ a obetumi ayɛ de akwati sɛ obetwa onipa no ti—ɛyɛ n’awosu.’”
Ɛnyɛ Ade Foforo Ankasa
Bere a awo ntoatoaso yi redan nea ɔkyerɛwfo bi frɛɛ no “emfi-me” awo ntoatoaso ntɛmntɛm no, ɛte sɛ nea tebea no resɛe kɛse. Nanso abakɔsɛm ho kyerɛwtohɔ da no adi sɛ asodi a wopia to afoforo so, na wɔde “emfi me ankasa” yi wɔn ho ano no, yɛ nea ɛwɔ hɔ fi onipa ahyɛase. Nea Adam ne Hawa yɛe wɔ bɔne a edi kan a wɔyɛe no ho, na wodii aduaba a Onyankopɔn barae sɛ wonni no, yɛ mfomso a wopia to ɔfoforo so ho nhwɛso kɛse. Genesis kyerɛwtohɔ no ka nkɔmmɔbɔ a ɛkɔɔ so no ho asɛm, a Onyankopɔn na odii kan kasae: “Dua a mehyɛɛ wo sɛ nni bi no na woadi yi? Na onipa no se: Ɔbea a wode no bɛkaa me ho no, ɔno na ɔmaa me dua no aba bi na midii. Na Awurade Nyankopɔn ka kyerɛɛ ɔbea no sɛ: Ɛdɛn na woyɛɛ saa? Na ɔbea no se: Ɔwɔ na ɔdaadaa me na midii.”—Genesis 3:11-13.
Efi saa bere no, adesamma anya gyidi ahorow pii na wɔahwehwɛ akwan ahorow a wɔbɛfa so ayi wɔn ho ano wɔ wɔn nneyɛe ho akontaabu ankasa biara ho. Ade titiriw wɔ eyi mu ne tetefo gyidi a na wɔwɔ wɔ nkrabea mu no. Buddhani bea bi a na ofi komam gye Karma di kae sɛ: “Misusuwii sɛ nyansa nnim sɛ mehu amane wɔ biribi a wɔde woo me, na nso minnim ho hwee ho. Na ɛsɛ sɛ migye tom sɛ ɛyɛ me nkrabea.” Nkrabea ho nkyerɛkyerɛ a John Calvin kyerɛe a wɔde atete wɔn no nti, nkrabea mu gyidi abu so wɔ Kristoman mu nso. Asɔfo taa ka kyerɛ abusuafo a wɔredi awerɛhow sɛ asiane bi a esii yɛ Onyankopɔn pɛ. Afei nso, Kristofo bi a wobu wɔn de biribiara a ɛnkɔ yiye wɔ wɔn asetram no ho asodi to Satan so.
Seesei yɛafi ase rehu suban a obiara pɛ a ɔfa a wɔnka no hwee na wɔpene so wɔ mmara kwan so ne asetra mu. Yɛte bere bi a hokwan ahorow redɔɔso na ankorankoro asɛyɛde ho asodi rebrɛ ase mu.
Nnipa nneyɛe ho nhwehwɛmu a wɔayɛ ama wɔanya nea wɔkyerɛ sɛ ɛyɛ nyansahu mu adanse bi a ebinom susuw sɛ ebetumi ama obi ada su horow bi adi fi ɔbrasɛe kosi awudi so. Eyi yɛ ade a ɛkyerɛ ɔpɛ a adesamma wɔ sɛ wɔmfa asodi nnto obi so na mmom wopia nneɛma ho asodi to biribi foforo anaa obiara so no.
Yehia mmuae wɔ nsɛmmisa te sɛ: Dɛn na nyansahu ahu ankasa? Yɛn awosu nkutoo na ɛkyerɛ nnipa nneyɛe kwan? Anaasɛ nhyɛso horow a ɛwɔ yɛn mu ne nea atwa yɛn ho ahyia no di yɛn nneyɛe so? Dɛn na adanse no kyerɛ ankasa?