“Amanne Kwan so Aware” Wɔ Ghana
EFI NYAN! KYERƐWFO A ƆWƆ GHANA HƆ
AWARE—afe biara nnipa ɔpehaha pii de wɔn ho hyɛ saa abusuabɔ yi mu wɔ wiase nyinaa. Wɔtaa yɛ saa sɛnea baabi a wɔte no aware ho amanne te.
Wɔ Ghana no, aware a abu so kɛse ne nea wɔfrɛ no amanne kwan so aware no. Eyi hwehwɛ sɛ ɔbarima no abusuafo tua tiade bi ma ɔbea no abusuafo. Nnipa a wɔwɔ Afrika mmeae pii ne mmeae bi te sɛ Hong Kong, Papua New Guinea, ne Solomon Islands ne afei Goajiro Indiafo a wɔwɔ Colombia kusuu fam apuei ne Venezuela kusuu fam atɔe, fa amanne kwan so ware, sɛ yɛbɛka emu kakraa bi a.
Tiade a wotua no yɛ amanne a na ɛkɔ so wɔ Bible mmere mu. (Genesis 34:11, 12; 1 Samuel 18:25) Ntease a na wokura wɔ tete mmere mu ne nnɛ ne sɛ, tiade no yɛ biribi a wotua ma ɔbea no awofo wɔ ne som ne bere a wɔahwere, ne ahoɔden, ne sika a wɔsɛee no de no kɔɔ sukuu hwɛɛ no kosii bere a ɔreware no ho.
Awofo Asɛyɛde
Kan tete Ghana no, na mmerante ne mmabaa nhyehyɛ ho mpue na na wɔmfa wɔn ho nhyɛ nantew a edi aware anim mu. Ná awofo na wogye aware ma wɔn mma a wɔanyinyin, bere a wɔde ahwɛyiye ahwɛ mpɔtam hɔ mmerante ne mmabaa a wɔasõ aware no akyi no. Ghana awofo binom da so ara yɛ eyi.
Ɔbarima no awofo hwɛ nneɛma bi te sɛ ɔbea no nipasu; sɛnea afoforo bu ɔne n’abusua; awosan yare bi a ebia ɛwɔ abusua no mu; na wɔ Yehowa Adansefo fam no, ne honhom fam yiyedi. Sɛ wonni ho asɛm bi a, awofo no kɔ ɔbea no awofo hɔ kobisa n’ase.
Afei ɔbea no awofo hwehwɛ ɔbarima no ne n’abusua ho nsɛm. Nneɛma a yɛabobɔ din wɔ atifi hɔ no akyi no, wosusuw ho hwɛ sɛ ɔbarima no betumi ahwɛ ɔyere anaa—ɔyɛ adwuma anaasɛ onni adwuma? Sɛ ɔbea no awofo nni ho asɛm bi a, wɔbɔ ɔbarima no awofo amanneɛ, na bere a ɔbarima no ne ɔbea no apene so no, awofo no bom yɛ aware no ho nhyehyɛe nyinaa.
Dɛn nti na awofo binom da so ara hwehwɛ ahokafo ma wɔn mma a wɔanyinyin? Ɔbea bi a ɔwɔ India a n’awofo yɛɛ n’aware ho nhyehyɛe kae sɛ: “Ɛbɛyɛ dɛn na obi a onyinii atumi asi gyinae a emu yɛ duru saa? Eye mmom sɛ wobegyaw ama wɔn a wɔn mfe ne wɔn suahu nti, wɔfata sɛ wohu ade a nyansa wom sen biara a ɛsɛ sɛ wɔpaw no.” Ne nsɛm no ne Afrikafo pii nso adwene hyia.
Nanso, mmere redan wɔ Ghana. Nhyehyɛe a mmarima ne mmea yɛ de pue ne nantew a edi aware anim regye ntini kɛse. Sɛ nantew a edi aware anim no du baabi a ɛfata a, nnipa baanu no ka wɔn nsusuwii no kyerɛ wɔn awofo. Bere a wɔn awofo asusuw ho awie, na wɔapene so sɛ wɔfata wɔn ho no, mmusua no yɛ amanne kwan so dwumadi a wɔtaa frɛ no Ghana kasa ahorow mu sɛ kɔkɔɔkɔ, aware pon no mu bɔ no.
Sɛnea Wɔbɔ Kɔkɔɔkɔ
Nnipa baanu no awofo de nkra kɔma abusuafo fa da a wɔahyɛ ama nhyiam no ne atirimpɔw a ɛwɔ akyi no ho. Asɛmfua “abusuafo” no kyerɛ Afrika abusua santen no a nnipa baanu no awofo nuanom, wɔn awofo nua mma, ne wɔn nananom ka ho. Ɛda a wɔahyɛ no du a, mmusua abien no ananmusifo hyiam ma dwumadi no. Sɛ ɔbarima no pɛ a na ɔba bi. Nea edi so yi yɛ nea ɛkɔɔ so wɔ kɔkɔɔkɔ bi a wɔbɔe ase a yɛatwa no tiaa koraa.
Ɔbea no abusua kyeame (ƆK): [Ɔkasa kyerɛ ɔbarima no abusuafo] Yenim nso yebebisa bi sɛnea amanne kyerɛ, Dɛn ne mo anantese?
Barima no abusua kyeame (BK): Ná yɛn babarima Kwasi retwam wɔ mo fie no ho na ohuu nhwiren fɛfɛ bi, na ɔrebɛsrɛ mo na watew.
ƆK: [Ɔte asɛm no ani yera] Nhwiren biara nni fie ha. Mo ankasa mubetumi ahwehwɛ.
BK: Yɛn babarima no mmoa. Yesi so dua sɛ nhwiren fɛfɛ a ɛte saa wɔ fie ha. Wɔfrɛ nhwiren no Afi.
ƆK: Ɛkyerɛ sɛ ɛyɛ onipa nhwiren. Wiɛ, Afi te ha ampa.
BK: Yɛpɛ sɛ yɛbɔ kɔkɔɔkɔ gye Afi aware ma yɛn babarima Kwasi.
Afei ɔbarima no abusuafo de nneɛma bi te sɛ nsa ahorow ne sika ma wɔn. Nneɛma a wɔde ma no ne ne dodow gu ahorow, a egyina abusua ko no so. Saa dwumadi yi reyɛ akɔyɛ sɛ kɔkɔɔkɔ a wɔbɔ wɔ Atɔe fam no, na wɔ mmeae bi no, wogye kɔkɔɔkɔ kaa.
Afei ɔbea no abusuafo no bisa no wɔ baguafo no nyinaa anim sɛ wonnye nneɛma a wɔde aba no anaa. Ɛdenam pene a ogye so no, wɔn a wɔwɔ hɔ nyinaa di ho adanse sɛ ɔpɛ sɛ ɔware. Wɔhyɛ da a eye ma mmusua abien no nyinaa a wɔde betua tiade no ma aware no aba so. Wɔde nnɔkɔnnɔkɔwadedi na ewie dwumadi no.
Ɔbea no Ho Adeyɛ
Mpɛn pii no, nnipa a wohyiam wɔ ɔbea no anaa ne ho nipa bi a wɔpaw no fie tua tiade no a ɛkyerɛ sɛ wɔaware no dɔɔso sen nnipa a wɔkɔbɔ kɔkɔɔkɔ. Eyi te saa efisɛ saa bere no na nnamfo pii ba.
Ɛhɔ yɛ anigye. Mmerante ne mmabaa asigyafo ho pere wɔn sɛ wobehu nea wɔde abrɛ ɔbea no. Nanso ɛhɔ anigye no yera bere a ɔbea no abusuafo ka sɛ tiade no nsõ no. Sɛ ɔbea no abusuafo ma wɔn asɛm yɛ den a, atiefo no yɛ dinn. Ɔbarima no abusua kyeame no de anotew ne ɔbea no abusuafo yiyi nsɛm ano ma wɔbɛte no ase. Ahotɔ ba bere a ɔbea no abusuafo gye nsɛm tom no. Tebea no sesa bio. Afei anigyede na edi hɔ, na wɔkyekyɛ nnɔkɔnnɔkɔwade kakra.
Nea wɔde fi ɛho adeyɛ no ase no, abusua kyeame pae agoo, na ɔma obiara akwaaba. Obisa ɔbarima no abusuafo kwan so. Ɔbarima no abusua kyeame bɔ amanneɛ, na ɔkae baguafo no sɛ wɔabɔ kɔkɔɔkɔ dedaw ma wɔama wɔn kwan sɛ wɔmmra mu.
Afei abusua biara kyeame de abusua no mufo paa kyerɛ baguafo no, a nea ɔde ɔbea no rema aware ne nea ɔregyina barima no akyi wɔ aware no mu ka ho. Wɔtoa dwumadi no so.
ƆK: [Ɔkasa kyerɛ ɔbarima no abusuafo] Yɛsrɛ mo, momfa aware no ho tiade a yebisae no mmra.
Ɔbea no abusua kyeame no bobɔ tiade no din mmiako mmiako ma obiara hwɛ sɛ ɛwɔ hɔ anaa. Sɛ ɔbarima no abusuafo te nka sɛ ɔbea no abusuafo de nneɛma pii akeka nea wɔregye no ho a, wɔka ho asɛm kokoam ma no si ansa na aware da no adu. Nanso, ɔbarima no abusuafo no ba dwumadi no ase a wɔasiesie wɔn ho sɛ wɔbɛsrɛ ntewso wɔ nea wɔde akeka ho biara ho, sɛ ɔbea no abusuafo bi ma wɔn asɛm yɛ den a. Ɛmfa ho baabi a obi te no, ɛsɛ sɛ wotua tiade no nyinaa—sɛ́ ɛwɔ soro anaa ɛwɔ fam no.
Mmusua bi gye nneɛma bi te sɛ nsa, ntama, kɔnmuade, asonkaa, ne mmea ho nneɛma foforo. Wɔ Ghana kusuu fam no, wotumi de nkyene, bese, nkɔmfɛm, nguan, ne anantwi mpo ka tiade no ho. Bere nyinaa sika ka tiade no ho.
Sɛ wɔredi ano a, ɔbea no mma hɔ, nanso ɔbɛn hɔ a ɔrehwɛ nea ɛrekɔ so. Sɛ ɔbarima no pɛ a na ɔba bi. Enti, obi a ɔte akyirikyiri baabi betumi ama n’awofo kwan ma wɔaware ama no. Nanso, wɔ nhwɛso a yɛaka ho asɛm wɔ ha no mu no, na ɔbarima no wɔ hɔ. Afei edu n’abusuafo so sɛ wɔbɛka wɔn abisade.
BK: Yɛayɛ yɛn asɛde nyinaa, nanso yenhuu yɛn asew no.
Ɛnyɛ aniberesɛm nkutoo na ɛkɔ so bere a wɔreyɛ ɔbea ho ade no; ɛyɛ anika bere nso. Afei ɔbea no abusuafo di ɔbarima no abusuafo no abisade a ɛne sɛ wɔpɛ sɛ wohu ɔbea no ho dwuma.
ƆK: Yɛn yam a, anka ɔbea no wɔ ha. Awerɛhosɛm ne sɛ, watu kwan kɔ aburokyiri, na yenni passport ne visa a yɛde bɛkɔ akɔfa no aba.
Obiara nim nea ɛno kyerɛ. Ntɛm ara, ɔbarima no abusuafo ma wɔn sika bi—dodow biara a ɔbarima no betumi—na ntɛm ara! na passport ne visa a ɛnyɛ paa ara no ayɛ krado. Na ɔbea no fi n’akwantu no mu bedu!
Nea ɛma ade no yɛ anika kɛse no, mmusua bi yɛ nhyehyɛe ma ɔbea no nnamfo bi begyina hɔ te sɛ ɔbea no. Nnipadɔm no pam obiara a obegyina hɔ saa no ntɛm ara kosi sɛ wɔde ɔbea no ankasa bɛba, ma wɔabɔ ose kɛse. Afei n’abusua kyeame no frɛ no sɛ ɔnhwɛ nneɛma a wɔde aba sɛ ne tiade no. Wobisa no sɛ wonnye nea ɔbarima no de aba no anaa. Ɛhɔ yɛ dinn bere a obiara de ahopere twɛn nea ɔbɛka no. Mmabaa binom fɛre ade, na afoforo nso bo yɛ duru, nanso bere nyinaa mmuae no yɛ yiw, na wɔbɔ gye so denneennen.
Sɛ ɔbarima no wɔ hɔ a, ɔbea no abusuafo ka sɛ wɔpɛ sɛ wohu no. Anigyesɛm no toa so bere a wɔyɛ nhyehyɛe ma ɔbarima no nnamfo no mu biako kogyina hɔ te sɛ ɔno no. N’adamfo no de ahotoso sɔre gyina hɔ, nanso ntɛm ara wɔteɛteɛm gu ne so ma ɔtra ase.
Ɔbea no awofo ka sɛ wɔpɛ sɛ wohu wɔn asew barima no. Afei ɔbarima no ankasa sɔre gyina hɔ, a ɔde anigye renwenwene. Ɔbea no abusuafo ma no kɔ ne kunu nkyɛn ma ɔde kaa hyɛ ne nsa, sɛ kaa ka tiade no ho a. Kaa no yɛ Atɔe famfo adeyɛ bi a wɔde abɛka ho. Ɔbea no nso hyɛ ɔbarima no kaa. Amoma ne anigye yɛ hɔ ma. Ahotɔ ne sikasɛm nti, nnansa yi ebinom de kɔkɔɔkɔ ne ɔbea ho adeyɛ no bom yɛ no da koro.
Ɛno akyi no, mmusua abien no mufo a wɔwɔ suahu ne afoforo tu awarefo foforo no fo wɔ ɔkwan a wɔbɛfa so ama wɔn aware no agyina de akosi sɛ owu bɛtetew wɔn ntam ho. Nea wɔde wie da no dwumadi ne nnɔkɔnnɔkɔwade a wɔkyekyɛ.
Wɔde aware ho dwumadi no ba awiei! Wɔ Ghana no, efi saa da no rekɔ no, mpɔtam hɔfo bu nnipa baanu no sɛ wɔaware wɔ mmara kwan so. Sɛ biribi nti ɔbea no abusuafo bi a wɔbɛn no antumi amma dwumadi no ase a, wɔde nsa a wɔde bae no bi kɔma wɔn de di adanse sɛ aware no adi mũ. Sɛ ɔbea no ne barima no yɛ Yehowa Adansefo a, ɛno akyi no ɛtɔ mmere bi a, Adansefo no yɛ nhyehyɛe ma obi ma Bible mu kasa, na wɔkyekyɛ nnɔkɔnnɔkɔwade kakra wɔ ɛno akyi.
Wɔ Ghana no, mmarima ne mmea binom yɛ Atɔe fam aware dwumadi a ɛha no, yɛfrɛ no aban mmara mu aware no. Bere tenten a nnipa baanu no anyin sɛnea mmara hwehwɛ no, wotumi fa saa kwan yi so ware bere a wɔn awofo pene so anaa wɔmpene so. Wɔ amanne kwan so aware mu no, ɛsɛ sɛ awofo no pene so ɔkwan biara so.
Wɔ aban aware mu no, nnipa baanu no ka aware ntam. Nanso ntanka nni amanne kwan so aware mu. Aban hwehwɛ sɛ wɔbɛyɛ amanne kwan so aware nyinaa ho kyerɛwtohɔ wɔ aban mu, na Yehowa Adansefo yɛ saa. (Romafo 13:1) Ɛno akyi no, wɔma wɔn ɛno ho adansedi krataa.
Efi tete mmere mu besi bere a Gold Coast, a seesei wɔfrɛ no Ghana, bɛyɛɛ Britania atubraman no, na amanne kwan so aware nkutoo ne ɔkwan a wɔfa so ware wɔ ɔman no mu. Afei Britaniafo no de Atɔe fam aware sii hɔ maa wɔn man mufo a na wɔte ha saa bere no. Wɔmaa ɔman yi mufo nso kwan sɛ wotumi fa saa kwan yi so ware, na mfe pii ni no, Atɔe famfo aware ne amanne kwan so aware nyinaa akɔ so. Wɔ Ghana no, mmara ma abien no nyinaa ho kwan, enti Yehowa Adansefo gye tom. Ɛyɛ ankorankoro asɛyɛde sɛ wɔpaw emu nea wɔpɛ.
Wɔ Afrika aman bi mu no, ɛho hia sɛ wɔyɛ amanne kwan so aware ho kyerɛwtohɔ wɔ aban mu ansa na wɔabu nnipa baanu no sɛ wɔaware sɛnea mmara hwehwɛ. Nanso, wɔ Ghana no, amanne kwan so aware a yɛaka ho asɛm wɔ atifi hɔ, a wɔnyɛɛ ho kyerɛwtohɔ wɔ aban mu no fata wɔ mmara kwan so, na wobu nnipa baanu no sɛ wɔaware wɔ mmara kwan so bere a wɔayɛ ho ade no awie no. Akyiri yi, wɔyɛ amanne kwan so aware ho kyerɛwtohɔ wɔ mmara mu esiane da bi asɛm nti.
Nokwarem no, aware yɛ Onyankopɔn akyɛde a efi ɔdɔ mu ma adesamma, akyɛde soronko a wɔamfa amma abɔfo mpo. (Luka 20:34-36) Ɛyɛ abusuabɔ a ɛsom bo a ɛfata sɛ wɔkora so de hyɛ ne Hyehyɛfo, Yehowa Nyankopɔn, anuonyam.
[Kratafa 19 mfonini]
Nkaa a wɔde rehyɛ wɔn ho wɔn ho