Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w89 1/15 kr. 21-24
  • Tiade​—Ɛsɛ Sɛ Kristofo Bu No Dɛn?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Tiade​—Ɛsɛ Sɛ Kristofo Bu No Dɛn?
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1989
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Sɛnea Ebetumi Aka Agya no
  • Sɛnea Ebetumi Aka Ayeforo ne Ayeforokunu No
  • Nya Adwene a Ɛkari Pɛ
  • So Wunim?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2022
  • Ti Ade A Ɛfata A Wobegye
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1998
  • “Amanne Kwan so Aware” Wɔ Ghana
    Nyan!—1996
  • Wo Ho a Wubesiesie Ama Aware Pa
    Nea Ɛde Abusua Mu Anigye Ba
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1989
w89 1/15 kr. 21-24

Tiade​—Ɛsɛ Sɛ Kristofo Bu No Dɛn?

WƆDA so de tete amanne a ɛne tiade a wotua no di dwuma wɔ nsase pii so. Wɔ nsɛm no pii mu no wɔde sika na etua, na wɔde akyɛde ahorow a ɛsom bo ka ho. Ɛbo no sonsonoe wɔ mmeaemmeae ne abusua biara mu, na egyina asetra mu gyinabea, nhomasua ne nnyinasosɛm ahorow so. Ɛwɔ mmara mu wɔ aman horow binom so ɛwom mpo sɛ nnipa kakraa bi pɛ na wodi ɛbo a wɔatwa no so de. Ɛho a wosusuw yiye no ma ɛda adi sɛ nnɛyi amanne no kɔ akyiri sen tiade ara kwa a wotua. Enti, ɛyɛ nea nyansa wom sɛ wususuw sɛnea eyi betumi aka wo sɛ Kristoni no ho.

Wɔ Papua New Guinea no, tiade a wotua no te sɛ abusua bi, ayeforokunu no abusua tenten no mu nneɛma a wɔde kɔ abusua foforo no a ɛyɛ ayeforo no de no mu. Nea wogye no betumi ayɛ nea efi dɔla 100 kosi 46,000, sɛnea ayeforokunu no abusua gyinabea te. Wɔ Sri Lanka no, tebea no ne eyi bɔ abira. Ayeforo no awofo mmom na wotua tiade ma ayeforokunu no. Nea ebetumi aka eyinom ho ne agude, agyapade, ofi ne sika. Sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛbɔ agyapade no ho ban na atra abusua no mu nti, abusua aware yɛ wɔn amanne.

Wɔ Afrika mmeae horow pii no, ne tua no yɛ amanne kwan so ahwehwɛde ahorow no mu biako a ɛma wobu aware bi sɛ ɛyɛ nea edi mũ. Agya bi a ofi Nigeria a na wɔresiesie ne babea ama aware se: “Wɔ Igbofo mu no, tiade a wotua no ho hia na ama wɔagye aware no atom wɔ amammerɛ kwan so. Gye a wogye no yɛ pene a ɔbea no abusuafo pene aware no so no ho sɛnkyerɛnne. Ɛno na ɛsɔ nkurɔfo no ani wɔ adwene a wɔwɔ wɔ aware ho no mu. Eyi nti, sɛ wɔma aware wɔ asɔre bi anaa aban mu mpo a, wonnye ntom wɔ mpɔtam hɔ gye sɛ wɔatua tiade no ansa.”

Sɛnea Ebetumi Aka Agya no

Wɔ saa Afrikafo yi mu no, na anka ne tua no yɛ sɛnkyerɛnne kwan so adeyɛ bi a ɛkyerɛ sɛnea ɔbarima no betumi ahwɛ abusua. N’abusuafo kɔ ɔbea no awofo nkyɛn na wɔne wɔn kodi tiade no ano. Wɔ mmeae ahorow pii no, eyi nte saa bio efisɛ mprempren de agyanom hwehwɛ ɛbo a ɛkɔ soro sen biara a wɔn nsa betumi aka. Sɛnea ɛwɔ mmara mu wɔ Nigeria no, wogye sika dodow a efi dɔla 20 kosi 3,000 anaasɛ nea ɛboro saa. Ebia wɔbɛhwɛ sika anaasɛ akyɛde ahorow mpo kwan ansa na nea ɔrehwehwɛ ɔbea no awofo ayɛ wɔn nsrahwɛ a edi kan no. Afei, te sɛ nea ɛte wɔ Zaire no, ebia na ɛsɛ sɛ wotua sika pii na “wɔde abue agya no ano,” kyerɛ sɛ, nea wɔde bɛma no ma wapene ne babea no tiade no gye so. Bere a wɔatua sika dodow bi akyi mpo no, wobetumi abisa sika ne akyɛde afoforo.

Saa nneyɛe yi betumi ahyɛ sika ho adifudepɛ ho nkuran. Nanso, Bible se: “Bɔne nyinaa ntini ne sikapɛ.” (1 Timoteo 6:10) Adifudepɛ tumi ma nkurɔfo yɛ amimfo na eyi de Onyankopɔn abufuw ba. Bible ka kyerɛ yɛn sɛ, “odifudepɛfo​—kyerɛ sɛ ɔbosonsonni​—biara nni apɛgyade Kristo ne Onyankopɔn ahenni mu.”​—Efesofo 5:5, NW; fa toto Mmebusɛm 20:21; 1 Korintofo 5:11; 6:10 ho.

Nanso, mfomso biara nni tiade a wɔde ma agya no sɛ ne babea a wayɛn no na watete no a ɔrefi ne nsa no ho akatua no ho. Nea ɔrebɛyɛ asew no betumi abu saa akatua yi sɛ nea ɔde rekyerɛ anisɔ wɔ ntetee a wɔde ama ɔbea a ɔrebɛware no no ho sɛnkyerɛnne. Nanso, awofo binom bɔ mmɔden sɛ wɔn nsa bɛka nea wɔahwere biara, na wɔte nka sɛ wɔn mmabea a wɔaware no remmoa wɔn wɔ ntetee a wɔde bɛma mmofra nkumaa a wɔaka no mu. Awofo a wɔte saa no hwehwɛ tiade a ɛkɔ soro kɛse te sɛ nea wɔn mmabea no yɛ aguade bi a wɔretɔn. Nanso wɔde wɔn mma no ka wɔ ntetee pa a wɔde bɛma wɔn no ho. Eyi a wɔatumi ayɛ no na ɛsɛ sɛ wɔde hoahoa wɔn ho na ɛnyɛ sika pii a wɔbɛsan anya anaasɛ din kɛse a wobenya denam tiade a ɛkɔ soro so. Sɛ́ anka Bible no bɛkyerɛ awofo ma wɔasusuw honam fam mfaso horow a wɔn mma betumi de aba ho mmom no, ese: “Na ɛnyɛ mma na ɛpɛ ade ma awofo, na mmom awofo na ɛpɛ ade ma mma.”​—2 Korintofo 12:14.

Nea agyanom binom a wɔkyerɛ sɛ wɔyɛ Kristofo gye no bu ani gu Kristoni aberante a ɔhwehwɛ ɔyere no sikasɛm so. Ɛdɛn, wɔ nsɛm no bi mu no, agyanom a wɔte saa no pow tiade a ntease wom a Kristofo anuanom mmarima de ma, efisɛ wiasefo mmarima de nea ɛboro saa mae! Ebinom mpo gyaw ɛho nhyiam ahorow no ho nsɛm ma abusuafo a wɔyɛ wiasefo na wɔagye aboɔden. Bere a ano a wɔredi yi kɔ so no, tebea no betumi apiapia mmofra no akɔ aguamammɔ mu. Eyi ne nea ɛrekɔ so wɔ wiasefo mu. Ɛtaa ba sɛ mmofra baanu no a wɔahaw no de nyinsɛn bedi dwuma sɛ ɔkwan a ɛyɛ mmerɛw sen biara a wɔnam so bɛhyɛ ɔbea no abusuafo ma wɔapene nea aberante no betumi atua no so.

Ɛnsɛ sɛ Kristofo yɛ ade wɔ saa kwan yi so. Onyankopɔn Asɛm bara aguamammɔ, na ebia wobetu wɔn a wɔyɛ saa no afi asafo no mu. (1 Korintofo 6:9; Hebrifo 13:4) Sɛ agya bi anom bo a ɛyɛ den boa ma ne babea de ne ho kɔhyɛ ɔbrasɛe mu a, ontumi mfa ne ho nni wɔ asodi ho. Saa asodi no betumi aka gyinabea a ɔwɔ wɔ asafo no mu no kɛse. Saa ara nso na tiade biara a wobegye wɔ wiaseni hɔ na wɔde ɔbabea a wabɔ asu sɛ Kristoni ama no aware no nyɛ teokrase kwan so adeyɛ. Anyɛ yiye koraa no, saa a onuabarima bi bɛyɛ no ma ɔyɛ obi a ɔmfata mma hokwan titiriw biara wɔ asafo no mu. Ɛsɛ sɛ Kristofo awofo hwehwɛ sɛ wɔn mma bɛyɛ den wɔ Kristofo asafo no mu na ɛsɛ sɛ wɔboa wɔn ma wokura abrabɔ pa mu. Ɛsɛ sɛ wonya ɔpɛ sɛ wɔn mmabea no bɛware kununom “wɔ Awurade mu nko” a wɔn nso wɔdɔ Yehowa na wɔwɔ obu a emu dɔ ma ne mmara ne ne nnyinasosɛm ahorow wɔ anigye mu.​—1 Korintofo 7:39.

Ɛnyɛ Kristofo su sɛ obi bɛfa tiade sɛ ɔkwan a ɔnam so benya ne ba ho mfaso ma enti ɔnam amimdi so abɔ bo bi a ɛboro nea ɛfata so. Ɛsɛ sɛ Kristoni agya hwɛ yiye wɔ adifudepɛ ne pɛsɛmenkominya ho efisɛ eyi betumi aka ne honhom mu gyinabea ne hokwan ahorow a ɔwɔ wɔ asafo no mu no.​—1 Korintofo 6:9, 10.

Nea ɛyɛ anigye no, Kristofo agyanom pii susuw nea wogye sɛ tiade no ho na eyi da su pa adi. Ebinom apaw mpo sɛ wonnye tiade biara koraa, na wɔamfa amanne anni dwuma wɔ ɔkwammɔne so na amfa honhom mu ɔhaw ahorow amma.

Sɛnea Ebetumi Aka Ayeforo ne Ayeforokunu No

Wɔ nsɛm no pii mu no, abeawa no adifudepɛ anya ɛbo a awofo gye sɛ tiade no so nkɛntɛnso. Ebinom wɔ hɔ a wɔhwehwɛ ayeforohyia a ne bo yɛ den yiye na wɔde ahoahoa wɔn ho, na mpo wɔhyɛ wɔn awofo bere nyinaa wɔ eyi ho. Afoforo hwehwɛ sɛ wɔn awofo tɔ mukaase nneɛma a ne bo yɛ den ma wɔn na wɔde akodi dwuma wɔ ofi foforo no mu. Nea ɛbɛyɛ na wɔadi saa abisade yi ho dwuma no, ebia agya no bɛte nka sɛ ɛho hia sɛ ɔto tiade no so.

Eyi hyɛ ayeforokunu no ma ɔde ɛka ahorow a efi ayeforohyia ne ɔdan mu nneɛma a ne bo yɛ den mu na efi n’aware asetra ase. Onyankopɔn asɛm se “nyansa a efi soro no de, ɛwɔ . . . ntease.” Ɛsɛ sɛ awarefo nkumaa ma ‘nnipa nyinaa hu wɔn ntease’ denam ayeforohyia a wɔbɛhyehyɛ a ɛmfa sika fam adesoa duruduru bi nto obiara so no so.​—Yakobo 3:17, NW; Filipifo 4:5.

Wɔ ayeforohyia no akyi no, ɔyere no betumi afi ase ahu ɔdɔ ko a ne kunu wɔ ma no no denam ɛbo a otuae sɛ tiade no so. Sɛ ɔbarima no tuaa nea esua a, ebia ɔbea no bɛte nka sɛ onni ahobammɔ. Obetumi asusuw sɛ ne ho betumi afono ɔbarima no na sɛ ɔpɛ sɛ ogyae no a, esiane sɛ sika kakraa bi na otuae nti, ɔbɛyɛ saa ntɛm ara. Ɛyɛ nokware sɛ okununom bi de wɔn yerenom asan akɔma wɔn awofo esiane ntease ahorow pii, te sɛ awo a wonnwo anaasɛ atuatew honhom a woyi adi nti. Wɔn a wɔka kyerɛ aberante no sɛ: “Woatɔ ɔyere” no hyɛ eyi ho nkuran a wɔn ani nna wɔn ho so. Sɛ otuaa tiade a ne bo yɛ den kɛse a ebetumi ama wabu ne yere no sɛ afenaa bi a watɔ no sen sɛ ɔbɛfa no sɛ n’adamfo a ɔsen biara. Afei nso, esiane ntease ahorow pii nti agyanom binom asan de tiade no akɔ na wɔahyɛ wɔn mmabea no ma wɔafi wɔn kununom nkyɛn.

Ebinom a wɔka sɛ tiade a ɛkɔ soro no siw eyi ano esiane den a ɛyɛ sɛ wɔbɛsan de sika pii no ama nti no wɔ hɔ. Wɔte nka nso sɛ tiade a ɛkɔ soro no siw ware a wɔware ntɛm no ano efisɛ ebegye bere tenten ansa na ɔbarima bi atumi asie sika ama n’aware. Wɔte nka sɛ, nea efi nsusuwii ahorow yi mu ba ne okununom a wɔn ho akokwaw na wodi wɔn asɛyɛde ho dwuma ne aware ahorow a egyina pintinn.

Ebia eyi betumi ayɛ nokware wɔ nsɛm no bi mu de, nanso ɛnsɛ sɛ Kristofo aware a egyina pintinn no gyina honam fam nsusuwii ahorow a ɛtete saa so. Ɛnsɛ sɛ Kristoni okunu nokwaredi gyina nea sɛ aware no gu a ebia ɔbɛhwere wɔ honam fam no so. Mmom no, ɛsɛ sɛ Kyerɛwsɛm mu nnyinasosɛm yi kyerɛ no kwan: “Nea Onyankopɔn de abom no, mma onipa nntetew mu.” (Mateo 19:6) Sɛ anka kununom bebu wɔn yerenom sɛ agyapade bi a wɔatɔ mmom no, wɔhyɛ wɔn sɛ ‘wonni wɔn ni.’ (1 Petro 3:7) Yesu kae sɛ sɛ ɔbarima ne ɔbea ware a, wɔba bɛyɛ ɔhonam koro. (Mateo 19:5; Genesis 2:24) Bible no tu okununom fo sɛ wɔnnɔ wɔn yerenom, wɔnyɛn wɔn na wɔnhwɛ wɔn yiye sɛ wɔn ankasa nipadua. (Efesofo 5:28, 29) Afei nso, ɛsɛ sɛ ɔbarima no dɔ da adi wɔ sɛnea ɔne ne yere di nsɛm wɔ ayeforohyia no akyi mfe no mu no mu. Sɛ́ okunu no tuaa tiade bi anaasɛ dabi no, sɛ ɔhwɛ ne yere no yiye na ɔwɔ nokware dɔ ma no a, so obi betumi agye ɔdɔ a ɔwɔ ma no no ho akyinnye?

Tiade betumi anya sɛnea okunu bu ne yere awofo no so nkɛntɛnso nso. Esiane sɛ otuaa tiade a ɛkɔ soro nti, sɛ ehia wɔn mpo a ebia ɔbɛka sɛ ɔnne wɔn biribiara ho ka bio. Nanso Bible no se: “Na sɛ okunafo bi wɔ mma anaa mmanana a, wonsua onyamesompa wɔn fi mu kan ntua wɔn awofo ka; efisɛ eyi na eye na ɛsɔ Onyankopɔn ani.” (1 Timoteo 5:4) Kristofo di afotu yi akyi, nanso sɛ okunu bi ma nokwasɛm a ɛyɛ sɛ otuaa tiade no sɛe n’adwene wɔ n’asɛyɛde ho a ebetumi de asɛnnennen aba.

Nya Adwene a Ɛkari Pɛ

Nneyɛe ahorow bi a ɛfa tiade ho no betumi ayɛ nsɛnnennen atitiriw bi ama aberante a ɔpɛ sɛ ɔware honhom mu onuawa bi a n’awofo nyɛ Kristofo. Ebia wɔbɛhwehwɛ sɛ ɔde ne ho hyɛ amanne ahorow a egyina nananom a wɔawuwu a wɔsom wɔn ne ɔkra a enwu da mu gyidi a wɔwɔ so no mu. (Ɔsɛnkafo 9:5, 10; Hesekiel 18:4) Nanso so obetumi ayɛ eyi a ɔnhwere Onyankopɔn anim dom ne nhyira a Yehowa asiesie ato hɔ ama wɔn a ‘wɔtew wɔn kra ho wɔ nokware tie mu’ no? (1 Petro 1:22; Adiyisɛm 18:4) Sɛ Kristoni a wahyira ne ho so hyia saa ahwehwɛde no a, ɛsɛ sɛ osi ne bo bere nyinaa sɛ ‘obetie Onyankopɔn mmom sen nnipa.’​—Asomafo no Nnwuma 5:29.

Nea wɔaka a ɛfa amimdi, aguamammɔ a wɔbɛkwati ne yɔnko gyidifo nkutoo a wɔbɛware wɔn ho no nso fa mmeae a ayeforo no abusuafo na wotua tiade no nso ho. Ɛnsɛ sɛ wiasefo gyinapɛn ahorow kyerɛ Kristoni abeawa ne n’awofo kwan wɔ okunu a wɔpaw no mu. Obi a ɔnyɛ Kristoni a wɔware no no yɛ asoɔden a wɔyɛ tia Onyankopɔn. Ɔnam Mose so ka kyerɛɛ Israelfo no sɛ: “Na wo ne wɔn nnni ayeware, mfa wo babea mma ne ba, nso nnye ne babea mma wo ba aware.” (Deuteronomium 7:3, 4; 1 Korintofo 7:39) Ɛda adi pefee sɛ, ɛbɛyɛ nea ɛmfata sɛ Kristofo mmerante ne mmabaa bɛbɔ wɔn ankasa ho dawuru wɔ amanfo atesɛm nkrataa ahorow mu sɛ wɔrehwehwɛ aware mu ahokafo a wɔfata. Wɔn Kristofo anuanom mmarima ne mmea no mu na ɛsɛ sɛ wɔhwehwɛ ahokafo a wɔfata.

Aware yɛ nhyehyɛe kronkron a efi Yehowa hɔ, na ɛsɛ sɛ nea ɔka fa ho wɔ n’Asɛm mu no kyerɛ yɛn nyinaa kwan. Ɛsɛ sɛ ɔdɔ a emu yɛ den ma Yehowa, yɛn mma ne yɛn mfɛfo gyidifo no kyerɛ yɛn kwan ma yɛdan yɛn ho fi nneyɛe biara a ebu nea ɛteɛ na ɛyɛ papa so no ho. (Dwom 119:105; Hebrifo 4:12) Akyinnye biara nni ho sɛ Yehowa bɛkɔ so ahyira wɔn a ɛnyɛ tiade ho nko na wɔma n’Asɛm kyerɛ wɔn kwan wɔ wɔn gyinaesi ahorow mu na mmom asetra mu nsɛm nyinaa nso ho no.​—Mmebusɛm 10:22.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena