Abotare—Ebi a Wonni ne Nea Ɛtra So
KASHMIR Bon no fɛ kaa afeha a ɛto so 16 no mu nyansapɛfo bi ma ɔpaeem kae sɛ: “Sɛ paradise wɔ baabi a, ɛyɛ ha!” Ɛda adi sɛ, na onni nea na ebesi wɔ wiase no fã yi akyiri yi no ho adwene biara. Mfe anum a atwam ni no, anyɛ yiye koraa no, wɔakunkum nnipa 20,000 wɔ hɔ wɔ matemehofo kuw ne India Asraafo ntam akodi mu. Seesei German atesɛm krataa Süddeutsche Zeitung ka ɔmantam no ho asɛm sɛ “nusu bon.” Kashmir Bon no ma yenya asuade bi a mfaso wɔ so a asete nyɛ den sɛ: Abohuru betumi asɛe baabi a wobetumi ayɛ no paradise.
Dɛn na abotare a obi wɔ kyerɛ? Sɛnea Collins Cobuild English Language Dictionary kyerɛ no, “sɛ wowɔ abotare a, woma kwan ma nkurɔfo nya wɔn su anaa wɔn gyidi ahorow, anaasɛ woma wɔyɛ wɔn ade wɔ ɔkwan soronko bi so, sɛ wompene so anaa w’ani nnye ho mpo a.” Su pa a ɛsɛ sɛ yɛda no adi bɛn ara ni! Akyinnye biara nni ho sɛ, sɛ yɛne nkurɔfo a wɔkyerɛ obu ma yɛn gyidi ne yɛn su ahorow te a, yenya abotɔyam, sɛ yɛn de ne wɔn de nhyia mpo a.
Efi Abotare so Kosi Kateeyɛ So
Abotare abirabɔ ne abohuru, na sɛnea ɛte no gu ahorow. Nea etumi de abohuru ba ne adwenhare mu a obi fi bu onipa foforo su anaa ɔkwan a ɔfa so yɛ n’ade animtiaa. Adwenharesɛm siw asetram anigye kwan, na ɛma obi to n’adwenem wɔ nsusuwii foforo ho.
Sɛ nhwɛso no, ebia dede a abofra bi yɛ no anigye so no bɛhaw obi a ɔyɛ katee. Ebia akwan a obi a wanyin fa so yɛ n’ade no bɛyɛ aberante bi anihaw. Ma obi a ɔyɛ n’ade brɛbrɛ ne obi a ɔde ahopere yɛ ade mmom nyɛ adwuma na hwɛ, na wubehu sɛ wɔn baanu nyinaa bo betumi afuw wɔn ho wɔn ho. Dɛn ne ɔhaw, anihaw, ne abufuw yi? Efisɛ nsɛm no biara mu no, ɛyɛ obiako den sɛ obesi ɔfoforo su horow anaa nneyɛe no ho abotare.
Baabi a abohuru wɔ no, adwenharesɛm tumi yɛ kɛse ma wonya afoforo ho adwemmɔne, na ɛma wonya kuw, abusua, anaa ɔsom bi mufo ho tan. Nea emu yɛ den sen afoforo ho adwemmɔne a wonya ne kateeyɛ, na etumi dan nitan bɔne. Nea ɛde ba ne amanehunu ne mogyahwiegu. Susuw nea abohuru de bae wɔ Mmeamudua Ho Akodi mu no ho hwɛ! Ɛnnɛ mpo, abohuru ka ho bi na wodi ako wɔ Bosnia, Rwanda, ne Mediterranea Supɔw no so no.
Ehia sɛ obi kari pɛ ansa na watumi asi abotare, na ɛnyɛ mmerɛw sɛ obi bɛkɔ so akari pɛ. Yɛte sɛ nyansadɔn dade a edi ahim no. Ɛtɔ da bi a, yensi abotare koraa; na ɛtɔ da bi nso a, yesi ma ɛtra so.
Abotare a Ɛtra so Kowie Ɔbrasɛe Mu
So obi tumi si abotare ma ɛtra so? Bere a U.S. Mmarahyɛ Baguani Dan Coats rekasa wɔ 1993 mu no, ɔkaa “abotare nkyerɛase ne sɛnea wɔda no adi ho akyinnyegye” ho asɛm. Ná ɔkyerɛ dɛn? Mmarahyɛ baguani no kae sɛ, abotare nti, ebinom “apo abrabɔ mu nokwasɛm—papa ne bɔne, nea ɛteɛ ne nea ɛnteɛ.” Nnipa a wɔte saa no te nka sɛ ɔmanfo nni ho kwan sɛ wobu nneyɛe pa ne nneyɛe bɔne ho atɛn.
Wɔ 1990 mu no, Britania ɔmanyɛfo Owura Hailsham kyerɛwee sɛ, “ɛnyɛ ɔbra pa tamfo a ɛsen biara ne Onyankopɔn a wonnye nni sɛ ɔwɔ hɔ, hu a wontumi nhu sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ anaasɛ onni hɔ, ade dodowpɛ, adifudepɛ anaa nneɛma foforo a wogye tom sɛ ɛsɛe ɔbra pa no. Ɔbra pa tamfo ankasa ne biribiara a wonnye nni.” Ɛda adi sɛ, sɛ yennye biribiara nni a, yenni ɔbra pa ho gyinapɛn biara, na yebetumi ama biribiara ho kwan. Nanso, ɛfata sɛ yenya nneyɛe biara ho abotare?
Denmark ntoaso sukuu sohwɛfo bi susuw sɛ ɛnsɛ sɛ ɛba saa. Ɔkyerɛw asɛm bi wɔ atesɛm krataa bi mu wɔ 1970 mfiase mu hɔ, nwiinwii tiaa nguamansɛm ho guasodeyɛ ho dawurubɔ bi a wɔyɛ a mmoa a wɔne nnipa reda ho mfonini wom no. Wɔmaa saa guasodeyɛ dawurubɔ yi ho kwan esiane Denmark “abotare” nti.
Ɛda adi sɛ, abotare a wonsi koraa de ɔhaw ahorow ba, na saa ara na si a wosi ma ɛtra so dodo nso de bi ba. Dɛn nti na ɛyɛ den sɛ wɔbɛkwati ade a wɔyɛ ma ɛtra so na wɔakari pɛ? Yɛsrɛ wo kan asɛm a edi hɔ no.
[Kratafa 17 mfonini]
Ade a wɔyɛ ma ɛtra so wɔ mfomso a mmofra di ho betumi apira wɔn
[Kratafa 18 mfonini]
Biribiara a mmofra yɛ a wobesi ho abotare no rensiesie wɔn mma asetram asɛyɛde