Yɛ Fakaa, Nanso Bata Onyankopɔn Gyinapɛn Ahorow Ho
CHINAFO bu bɛ bi sɛ: “Nnipa a wɔwɔ abotare nyɛ nkwaseafo da, na nkwaseafo nsi abotare da.” Nokwasɛm bi wɔ bɛ yi mu, efisɛ ɛnna fam sɛ obi besi abotare, na ɛhwehwɛ sɛ, obi bata nneyɛe ho gyinapɛn ahorow a ɛfata ho. Nanso gyinapɛn ahorow bɛn na ɛsɛ sɛ yɛbata ho? So ɛrenyɛ nea ɛfata sɛ yebedi adesamma Bɔfo no gyinapɛn ahorow a wayɛ, sɛnea wɔakyerɛkyerɛ mu wɔ N’asɛm, Kyerɛw Kronkron Bible mu no akyi? Onyankopɔn ankasa yɛ ne gyinapɛn ahorow ho a yɛbɛbata ho nhwɛso a eye sen biara.
Ɔbɔadeɛ No—Yɛn Nhwɛsofo a Ɔsen Biara
Ade Nyinaa so Tumfoɔ Nyankopɔn, Yehowa, kari pɛ kosi ase wɔ abotare ho, onnya mma ɛntra so, na saa ara na ne bo nhuru ntɛmntɛm. Mfe mpempem pii ni na wasi wɔn a wɔbɔ ne din ahohora, wɔma adesamma porɔw, na wɔsɛe asase no, ho abotare. Ɔsomafo Paulo kyerɛw nea ɛwɔ Romafo 9:22 no sɛ, Onyankopɔn ‘de abodwokyɛre bebree kuraa abufuw ade a wɔasiesie ama ɔsɛe no mu.’ Dɛn nti na Onyankopɔn asi abotare bere tenten saa? Efisɛ n’abotare wɔ atirimpɔw.
Onyankopɔn anya adesamma ho abotare ‘efisɛ ɔmpɛ sɛ nnipa bi bɛyera, na mmom ɔpɛ sɛ wɔn nyinaa ba adwensakra mu.’ (2 Petro 3:9) Ɔbɔadeɛ no de Bible ama adesamma, na wama n’asomfo ahyɛde sɛ wɔmma wonhu ne nneyɛe ho gyinapɛn ahorow wɔ mmaa nyinaa. Nokware Kristofo di saa gyinapɛn ahorow yi akyi. Nanso eyi kyerɛ sɛ, ɛsɛ sɛ Onyankopɔn asomfo yɛ katee wɔ tebea biara mu?
Ɛsɛ sɛ Yegyina Pintinn, na Yɛyɛ Fakaa Nso
Yesu Kristo hyɛɛ wɔn a wɔrehwehwɛ daa nkwa no nkuran sɛ ‘wɔnhyɛn ɔpon teateaa no mu.’ Nanso ɔpon teateaa no mu a wobɛhyɛn no nkyerɛ sɛ wobɛyɛ adwenharefo. Sɛ yɛtaa hyɛ afoforo so anaa yɛyɛ katee bere a yɛne wɔn bɔ a, akyinnye biara nni ho sɛ sɛ yegyae saa su yi a, ɛbɛma wɔn mu biara ani agye kɛse wɔ asetra mu. Nanso ɔkwan bɛn so na yebetumi ayɛ saa?—Mateo 7:13; 1 Petro 4:15.
Theofano, Greeceni sukuuni bi a ɔkyerɛkyerɛɛ mu sɛ nnipa a wofi mmeae horow a ɔne wɔn trae bere bi no ma ɔtee wɔn ase yiye no, kae sɛ: “Ɛho hia sɛ yɛbɔ mmɔden sɛ yebehu wɔn nsusuwii mmom sen sɛ yɛbɛhyɛ wɔn sɛ wonnye yɛn de ntom.”
Enti, sɛ yehu obi yiye a, yebetumi ahu sɛ aduan a ɔpɛ ne ne kasa mpo nyɛ soronko biara sɛnea na yesusuw no. Sɛ anka yɛbɛkasa pii bere nyinaa anaa yɛbɛbɔ mmɔden sɛ yɛbɛka asɛm a etwa to no, sɛ yetie nea ɔfoforo ka a, yesua nneɛma a mfaso wɔ so pii. Nokwarem no, nnipa a wɔwɔ adwempa nya mfaso pii wɔ asetra mu.
Bere biara a asɛm bi a yɛka fa nea obi ani gye ho ho no, ɛsɛ sɛ yɛyɛ fakaa na yɛma kwan ma afoforo nso paw nea wɔpɛ. Nanso sɛ nneyɛe bi fa osetie a yɛbɛyɛ ama yɛn Bɔfo no ho a, ɛnde ɛsɛ sɛ yegyina pintinn. Ade Nyinaa so Tumfoɔ Nyankopɔn mma nneyɛe nyinaa ho kwan. Ɔnam sɛnea ɔne ne tete asomfo dii nsɛm no so daa eyi adi.
Abotare Ntraso Ho Afiri No
Tete Israel sɔfo panyin Eli, yɛ Onyankopɔn somfo a abotare ntraso ho afiri yii no. Na Israelfo no ne Onyankopɔn ayɛ apam, agye atom sɛ wobedi ne mmara so. Nanso na Eli mmabarima baanu, Hofni ne Pinehas, yɛ adifudepɛfo, wɔn bra asɛe, na na wommu Ade Nyinaa so Tumfoɔ no koraa. Ɛwom sɛ na Eli nim Onyankopɔn Mmara yiye de, nanso animka ketewaa bi pɛ na ɔde mae, na na aniberesɛm nni ne nteɛso no mu. Odii mfomso susuwii sɛ Onyankopɔn benya amumɔyɛ ho abotare. Ɔbɔadeɛ no ma nsonsonoe da mmerɛwyɛ ne amumɔyɛ ntam. Eli mma amumɔyɛfo no nyaa asotwe a emu yɛ den wɔ Onyankopɔn Mmara a wɔhyɛɛ da buu so no ho—na ɛfata saa.—1 Samuel 2:12-17, 22-25; 3:11-14; 4:17.
Hwɛ asiane a ɛbɛyɛ ama yɛn sɛ yebesi abotare ma atra so wɔ yɛn abusua mu denam yɛn ani a yebebu agu nneyɛe bɔne a yɛn mma kɔ so yɛ so! Hwɛ sɛnea ɛyɛ papa sɛ yɛbɛtete wɔn “Awurade [Yehowa, NW] kasakyerɛ ne nyansakyerɛ mu”! Eyi kyerɛ sɛ, ɛsɛ sɛ yɛbata Onyankopɔn abrabɔ ho gyinapɛn ahorow ho, na yɛde dua yɛn mma mu.—Efesofo 6:4.
Saa ara na Kristofo asafo no ntumi nnya amumɔyɛ ho abotare. Sɛ emuni bi kɔ so yɛ bɔne a anibere wom na wansakra a, ɛsɛ sɛ woyi no fi mu. (1 Korintofo 5:9-13) Nanso, wɔ abusua ne asafo no akyi no, nokware Kristofo mmɔ mmɔden sɛ wɔbɛsesa ɔmanfo nyinaa.
Yɛne Yehowa Ntam Abusuabɔ a Emu Yɛ Den
Abohuru de anibere ba. Nanso, sɛ yɛne Onyankopɔn wɔ abusuabɔ a emu yɛ den a, yenya ahobammɔ bi a ɛboa yɛn ma yɛkɔ so kari pɛ. Yɛkenkan wɔ Mmebusɛm 18:10 sɛ: “Aban dennen ne Awurade [Yehowa, NW] din, ɛno mu na ɔtreneeni guan kɔ, na wɔkora no.” Ɛda adi pefee sɛ bɔne biara nni hɔ a ebetumi aba yɛn ne yɛn adɔfo so a Ɔbɔadeɛ no ntumi nni ho dwuma wɔ bere a ɛsɛ mu.
Onipa a onyaa ɔne Nyankopɔn ntam abusuabɔ a emu yɛ den so mfaso kɛse ne ɔsomafo Paulo. Sɛ́ Yudani a na wɔfrɛ no Saul no, ɔtaa Yesu Kristo akyidifo no, na na odi mogya ho fɔ. Nanso Saul ankasa bɛyɛɛ Kristoni, na sɛ́ ɔsomafo Paulo no, ɔde ne ho hyɛɛ bere nyinaa asɛmpaka adwuma no mu. Paulo daa adwempa adi kaa asɛm kyerɛɛ nnipa nyinaa, “Helafo ne Pɔtɔfo, anyansafo ne wɔn a wonnim nyansa.”—Romafo 1:14, 15; Asomafo no Nnwuma 8:1-3.
Ɛyɛɛ dɛn na otumi sesae? Denam Kyerɛwnsɛm no mu nokware nimdeɛ a onyae ne Ɔbɔadeɛ a ɔnhwɛ nnipa anim no ho dɔ a onyae so. Paulo hui sɛ Onyankopɔn yɛ ɔnokwafo, ɛne sɛ ɛnyɛ ɔman anaa abusua a obi fi mu so na Ogyina bu no atɛn, na mmom sɛnea onii te ne nea ɔyɛ so. Yiw, nnwuma ho hia Onyankopɔn. Petro sii so dua sɛ “Onyankopɔn nhwɛ onipa anim, na mmom ɔman biara mu, nea osuro no na ɔyɛ ade trenee no, ɔpɛ no agye no.” (Asomafo no Nnwuma 10:34, 35) Ade Nyinaa so Tumfoɔ Nyankopɔn no nni afoforo ho adwemmɔne. Ɔnte sɛ wiase atumfoɔ binom a wotumi hyɛ da de abohuru di wɔn ankasa atirimpɔw ahorow ho dwuma no.
Mmere Resesa
Sɛnea John Gray a ɔwɔ Oxford Sukuupɔn a ɛwɔ England kyerɛ no, abotare yɛ “ɔbra pa a ɛho ayɛ na nnansa yi.” Nanso eyi bɛsesa. Abotare a Onyankopɔn nyansa ka ho bɛtra hɔ.
Wɔ Onyankopɔn wiase foforo a ɛreba no mu no, abohuru befi hɔ. Abohuru a emu yɛ den, te sɛ adwemmɔne ne kateeyɛ, befi hɔ. Adwenharesɛm rensiw asetram anigye kwan bio. Afei, paradise a ɛso sen nea atumi aba Kashmir Bon no mu biara no bɛba.—Yesaia 65:17, 21-25.
So worehwɛ kwan sɛ wobɛtra saa wiase foforo no mu? Hwɛ hokwan ne anigye a ɛno bɛyɛ!
[Kratafa 22 mfonini]
Esiane sɛ na ɔsomafo Paulo ne Onyankopɔn wɔ abusuabɔ nti, ɔkarii pɛ