Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g97 2/8 kr. 7-9
  • Sɛnea Wodi Nkate Ho Dwuma

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Sɛnea Wodi Nkate Ho Dwuma
  • Nyan!—1997
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Susuw a Wosusuw Ɔyarehwɛfo Ho—Sɛnea Afoforo Betumi Aboa
    Nyan!—1997
  • Ayarefo a Wɔhwɛ Wɔn Ho Asɛnnennen
    Nyan!—1997
  • Awerɛkyekye a Yɛde Bɛma Wɔn a Wɔn Yare Nni Sabea
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2008
  • Mɛyɛ Dɛn Agyina M’awerɛhow No Ano?
    Bere a Obi a Wodɔ No Awu
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1997
g97 2/8 kr. 7-9

Sɛnea Wodi Nkate Ho Dwuma

SO WOREHWƐ wo dɔfo bi a ne yare mu yɛ den mprempren? Sɛ saa a, ebia worenya nkate ahorow a ɛmma wunhu nea wonyɛ na ɛma ehu ka wo. Dɛn na wubetumi ayɛ? Susuw nkate horow bi a wɔn a wɔhwɛ ayarefo bi di ho dwuma ne nyansahyɛ a mfaso wɔ so a aboa wɔn ma wɔagyina ano ho.

Aniwu. Ɛtɔ da bi a, nneyɛe a obi a ɔyare da no adi no betumi ama w’ani awu wɔ afoforo anim. Nanso sɛnea wo dɔfo no yare no te a wobɛkyerɛkyerɛ mu akyerɛ nnamfo ne afipamfo no betumi aboa wɔn ma wɔate ase na aka wɔn nso ma wɔada ‘tema’ ne abotare adi. (1 Petro 3:8) Sɛ ɛbɛyɛ yiye a, wo ne mmusua foforo a wɔwɔ tebea a ɛte sɛ wo de no mu mmɔ ho nkɔmmɔ. Bere a moka mo suahu ahorow kyerɛ mo ho no, ɛremma wonte fɛre nka pii. Sue kyerɛkyerɛ nea ɛboaa no mu sɛ: “Metee ahummɔbɔ kɛse nka maa me papa—edii aniwu ho nkate biara so. Na aseresɛm a na oyi nso boae.” Yiw, aseresɛm—a ɔyarefo no ne wɔn a wɔhwɛ no yi no—yɛ anwonwakwan a wɔfa so ma nhyɛso brɛ ase.—Fa toto Ɔsɛnkafo 3:4 ho.

Osuro. Ɔyare no ho nimdeɛ a wunni no betumi abɔ wo hu kɛse. Sɛ ɛbɛyɛ yiye a, gye nnuruyɛfo afotu wɔ nea wohwɛ kwan sɛ ɛbɛba bere a yare no yɛ kɛse no ho. Sua sɛnea wobɛhwɛ no wɔ tebea a ɛtete saa mu. Wɔ Elsa fam no, nneɛma titiriw a ɛsen biara a ɛmaa no gyinaa ne suro ano no biako ne afoforo a wɔhwɛ ayarefo ne afie mu ayarehwɛfo a ɔne wɔn bɔɔ nkɔmmɔ faa nea ɛsɛ sɛ ɔhwɛ kwan bere a ɔyarefo no tebea sɛe ho no. Jeanny tu fo sɛ: “Wo ne wo suro no nni asi na di so. Mpɛn pii no, nea wɔhwɛ kwan sɛ ebetumi aba ho suro no yɛ hu sen sɛ asɛm no ankasa besi.” Oduruyɛfo Ernest Rosenbaum kamfo kyerɛ sɛ ɛmfa ho nea ɛma wusuro biara no, ɛsɛ sɛ “woka ho asɛm bere a ɛba no.”—Fa toto Mmebusɛm 15:22 ho.

Awerɛhodi. Ɛnyɛ mmerɛw sɛ wobedi awerɛhow ho dwuma, titiriw bere a obi rehwɛ ɔyarefo no. Ebia wubedi adamfofa a woahwere ho awerɛhow, titiriw bere a wo dɔfo a ɔyare no ntumi nkasa bio, ɔnte nneɛma ase yiye, anaa onhu wo no. Ebia afoforo rente nkate a ɛte saa no ase ntɛm ara. W’awerɛhow no ho asɛm a wobɛka akyerɛ adamfo bi a ɔwɔ ntease a ɔde abotare ne mmoborɔhunu betie wo no betumi ama woanya ahotɔ a ehia.—Mmebusɛm 17:17.

Abufuw ne Abasamtu. Eyi yɛ nneɛma a ɛtaa ba bere a worehwɛ obi a ne yare mu yɛ den na ɛtɔ da bi a ɔda nneyɛe a ɛho dwumadi yɛ den adi no. (Fa toto Efesofo 4:26 ho.) Hu sɛ mpɛn pii no, ɛnyɛ ɔyarefo no na ɔde nneyɛe a ɛhaw adwene no ba, na mmom ɔyare no. Lucy ka sɛ: “Sɛ me bo fuw ankasa a, na misu. Afei na mebɔ mmɔden kae ɔyarefo no tebea no ne yare no. Ná minim sɛ ɔyarefo no hia me mmoa. Ná ɛno boa me ma metoa so.” Nhumu a ɛte saa no betumi ama ‘woatwentwɛn w’abufuw ase.’—Mmebusɛm 14:29; 19:11.

Afobu. Afobu nka a wɔte yɛ nea abu so wɔ wɔn a wɔhwɛ ayarefo mu. Nanso, nya awerɛhyem sɛ woreyɛ adwuma a ɛho hia nanso ɛyɛ den. Gye nokwasɛm a ɛne sɛ worenyɛ pɛ wɔ ɔkasa anaa nneyɛe mu bere nyinaa no tom. Bible kae yɛn sɛ: “Yɛn nyinaa fom nneɛma pii mu. Sɛ obi mfom asɛm mu a, ɔno ara na ɔyɛ onipa a owie pɛyɛ a obetumi ato nipadua nyinaa nnareka adi so.” (Yakobo 3:2; Romafo 3:23) Mma afobu nkate nnsiw wo kwan sɛ wobɛyɛ nneɛma pa nnɛ. Sɛ biribi a woaka anaa woayɛ haw wo a, akyinnye biara nni ho sɛ wubehu sɛ “Manyɛ no yiye” a wobɛka no bɛma wo ne wo yarefo no ho atɔ mo. Ɔbarima bi a na ɔhwɛ ne busuani bi a ɔyare no tuu fo sɛ: “Yɛ nea wubetumi biara wɔ tebea no mu.”

Adwenemhaw. Adwenemhaw yɛ nea abu so—na ntease wom—wɔ mmusua a wɔredi yare a emu yɛ den ho dwuma no fam. (Fa toto 1 Tesalonikafo 5:14 ho.) Ɔbea bi a ɔhwɛ ɔyarefo a onyaa adwenemhaw no kyerɛkyerɛ nea ɛboaa no mu sɛ: “Ná nnipa pii bɛda yɛn ase sɛ yɛrehwɛ ɔyarefo. Nkuranhyɛ nsɛm kakraa bi betumi ama woanya ahoɔden de atoa so bere a woabrɛ anaa woabotow no.” Bible ka sɛ: “Onipa komam awerɛhow botow no, na asɛmpa ma koma tɔ yam.” (Mmebusɛm 12:25) Ebia ɛnyɛ bere nyinaa na afoforo behu sɛ wuhia nkuranhyɛ. Enti, ɛtɔ da bi a wubetumi adi kan ada “awerɛhow” a ɛwɔ wo koma mu no adi sɛnea ɛbɛyɛ a wubenya “asɛmpa” a ɛhyɛ nkuran afi afoforo hɔ. Nanso, sɛ adwenemhaw ho nkate no kɔ so anaa emu bɛyɛ den kɛse a, ɛbɛyɛ papa sɛ wubehu oduruyɛfo bi.

Ahoyeraw. Ebia wobɛte nka sɛ wo ho yeraw wo bere a woredi ɔyare a ɛma obi yɛ mmerɛw ho dwuma no. Gye sɛnea wo tebea no te ankasa tom. Hu wo sintɔ ahorow—ɛnyɛ wo de ne sɛ wobɛsa ɔyarefo no yare, nanso wubetumi afi ayamhyehye mu ahwɛ no. Nhwɛ pɛyɛ kwan mfi wo yarefo no, anaa w’aboafo hɔ. Ɛnyɛ sɛ adeyɛ a ɛkari pɛ tew ahoyeraw so nko, na mmom, ɛtew adesoa no nso so. Nnipa pii a wɔahwɛ wɔn dɔfo bi yare no tu fo nyansam sɛ: Sua sɛ wobɛfa nna no mmiako mmiako adi ho dwuma.—Mateo 6:34.

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 8]

“Wo ne wo suro no nni asi na di so. Mpɛn pii no, nea wɔhwɛ kwan sɛ ebetumi aba ho suro no yɛ hu sen sɛ asɛm no ankasa besi”

[Kratafa 7 adaka]

Nkuranhyɛ Nsɛm a Efi Wɔn a Wɔhwɛ Ayarefo Hɔ

“NNYA wo ho adwemmɔne mfa nhaw wo ho. Ɛnyɛ nwonwa wɔ tebea a ɛtete saa mu. Nokwarem no, nkora wo nkate horow so. Ka sɛnea wote nka ho asɛm kyerɛ obi a wowɔ ne mu ahotoso, na sɛ wubetumi a, kogye w’ahome—fi fie kakra—sɛnea ɛbɛyɛ a wobɛte anigye nka.”—Lucy, a adwuma a ɔyɛ wɔ ayaresabea bi ne sɛ ɔboa wɔn a wɔhwɛ ayarefo dodow bi, ne ayarefo nso.

“Sɛ abusuafo anaa nnamfo bi wɔ hɔ a wɔwɔ ɔpɛ a, ma wɔmmoa. Ɛho hia sɛ wo ne afoforo kyɛ adesoa no.”—Sue, a ɔhwɛɛ ne papa yare kosii sɛ Hodgkin yare kum no no.

“Sua aseresɛm yi.”—Maria, a ɔboa hwɛɛ ne yɔnko berɛbo bi a kokoram kum no no.

“Yɛ den honhom fam. Bɛn Yehowa, na bɔ mpae daa. (1 Tesalonikafo 5:17; Yakobo 4:8) Ɔnam ne honhom, N’asɛm, n’asase so asomfo, ne ne bɔhyɛ ahorow so de mmoa ne awerɛkyekye ma. Bɔ mmɔden sɛ wobɛyɛ nneɛma wɔano wɔano sɛnea wubetumi biara. Sɛ nhwɛso no, mfaso wɔ so sɛ wobɛyɛ nhyehyɛe ama aduruma na woahyehyɛ aboafo din.”—Hjalmar, a ɔhwɛɛ n’akonta a na ɔrewu no.

“Sua nea wubetumi nyinaa wɔ sɛnea wo yarefo no yare no te ho. Ɛno nso bɛboa wo ma woahu nea ɛsɛ sɛ wohwɛ kwan wɔ ɔyarefo no ne w’ankasa wo ho ne sɛnea wobɛhwɛ wo yarefo no.”—Joan, a ne kunu anya Alzheimer yare no.

“Hu sɛ afoforo agyina ano pɛn, ne sɛ Yehowa betumi aboa wo ma woagyina nea ɛbɛba biara ano.”—Jeanny, a ɔhwɛɛ ne kunu yare kosii sɛ owui no.

[Kratafa 8 mfonini]

Nea ɛbɛyɛ na woadi wo suro so no, hwehwɛ nea wubetumi biara wɔ yare no ho

[Kratafa 9 mfonini]

Adamfo a ɔwɔ ntease a wobɛka ho asɛm akyerɛ no no betumi de ahotɔ pii aba

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena