Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w25 November kr. 10-15
  • Sɛ Worehwɛ Obi a Ɔyare Anaa Obi a Ne Mfe Akɔ Anim a, Mma Ɛnsɛe W’anigye

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Sɛ Worehwɛ Obi a Ɔyare Anaa Obi a Ne Mfe Akɔ Anim a, Mma Ɛnsɛe W’anigye
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2025
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • SƐ WOREHWƐ ƆYAREFO A, ADƐN NTI NA EBETUMI ASƐE W’ANIGYE?
  • NEA ƐBƐBOA WO AMA WOAKƆ SO ANYA ANIGYE
  • SƐNEA AFOFORO BETUMI ABOA
  • Susuw a Wosusuw Ɔyarehwɛfo Ho—Sɛnea Afoforo Betumi Aboa
    Nyan!—1997
  • Ayarefo a Wɔhwɛ Wɔn Ho Asɛnnennen
    Nyan!—1997
  • Ma W’ani Nnye Wɔ Wo Nkwakoraabere Anaa Wo Mmerewabere Mu
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2025
  • Sɛnea Wodi Nkate Ho Dwuma
    Nyan!—1997
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2025
w25 November kr. 10-15

ADESUA ASƐM 45

DWOM 111 Nea Ɛma Yɛn Ani Gye

Sɛ Worehwɛ Obi a Ɔyare Anaa Obi a Ne Mfe Akɔ Anim a, Mma Ɛnsɛe W’anigye

“Wɔn a wɔde nisu gu aba no de ahurusi na ebetwa.”—DW. 126:5.

NEA ADESUA YI BƐKA HO ASƐM

Sɛ worehwɛ ɔyarefo anaa obi a ne mfe akɔ anim a, yɛbɛhwɛ nea ɛbɛboa wo ama woakɔ so anya anigye.

1-2. Sɛ worehwɛ obi a ɔyare a, Yehowa hu wo sɛn? (Mmebusɛm 19:17) (Hwɛ mfoni no nso.)

ONUA bi a ne din de Jin-yeol a ofi Korea ka sɛ, “Me ne me yere atena bɛboro mfe 32. Bɛyɛ mfe nnum ni, yare huhuuhu bi abɔ no ama waka mpa mu, enti daa, mete ne ho. Mpa a ayarefo da so wɔ ayaresabea no, wɔde bi abrɛ yɛn, na ɛno na ɔda so wɔ fie. Ne nyinaa mu no, me yere de, mente ne ho gyae. Medɔ no paa, enti mifi me koma nyinaa mu hwɛ no. Anadwo biara meda ne nkyɛn na maso ne nsa.”

2 Yemmisa oo, worehwɛ obi a ɔyare anaa? Ebia na ɛyɛ wo maame, wo papa, wo kunu, wo yere, wo ba, anaa w’adamfo bi. Sɛ saa na ɛte a, ɛnde yegye di sɛ wufi wo koma nyinaa mu na ɛrehwɛ no; wukurakura no nkakrankakra. Hwɛ a worehwɛ no no nso kyerɛ sɛ wodɔ Yehowa. (1 Tim. 5:​4, 8; Yak. 1:27) Nanso yɛreka no saa no, yenim sɛ ɛnna fam. Nneɛma a worefa mu no, bebree wɔ hɔ a, obiara nhu. Enti ɛtɔ da a, ebia wobɛte nka sɛ wo na woda wo gya, ɛnna wunim sɛnea ɛhyehye wo fa. Ebia wowɔ abɔnten a, na woresereserew, nanso ɛka wo nko ara wɔ dan mu a, nisu nko ara. (Dw. 6:6) Nanso kae sɛ, sɛ obiara nhu w’abɛbrɛsɛ no mpo a, Yehowa de, n’ani tua ne nyinaa. (Fa toto Exodus 3:7 ho.) Osu a woresu, ne brɛ a worebrɛ nipa no ho nyinaa, Yehowa hu paa. (Dw. 56:8; 126:5) Ɔhwɛ nneɛma a woreyɛ no nyinaa a, ɔfa no sɛ ɔde wo ka, na wahyɛ bɔ sɛ obetua.—Kenkan Mmebusɛm 19:17.

Mfoni: Wɔn a wɔrehwɛ ayarefo anaa wɔn a wɔanyinyin. 1. Onuawa bi rema ne maame a waka mpa mu aduan. 2. Onuawa bi reboa ne kunu a ɔte mmubuafo akongua mu ma wahyɛ ne mpaboa. 3. Ɔbaatan bi de kyɛ rehyɛ ne ba a ɔyare de abɔ ne ti ho ban ansa na ɔne ne papa akɔbɔ bɔɔl. 4. Onua bi akɔsra onua bi a ne mfe akɔ anim wɔ ne fie, na ɔne no rebɔ mpae.

Worehwɛ wo busuani anaa w’adamfo bi a ɔyare? (Hwɛ nkyekyɛm 2)


3. Adɛn nti na yebetumi aka sɛ bere a na Abraham ne Sara rehwɛ Tera no, na ɛnna fam?

3 Nnipa bebree wɔ Bible mu a wɔn nso, na wɔhwɛ ayarefo. Wɔn mu bi ne Abraham ne Sara. Bere a wɔtu fii Ur no, na wɔn papa Tera anyin paa. Ná wadi bɛyɛ mfe 200, nanso ɔkaa sɛ ɔbɛkɔ bi. Ɔkwan a wɔtwa kɔɔ Haran no nso, na ɛnyɛ kwan ketewa. Ná ɛbɛyɛ kilomita 960 anaa akwansin 600. (Gen. 11:​31, 32) Wɔrekɔ no nso, ɛbɛyɛ sɛ na wɔtete yoma anaa mfurum so. Enti wo de, hwɛ sɛ Tera a ne mfe akɔ anim sei te mmoa yi bi so retwa kwan a ɛnte sɛɛ. Ná akwantu no bɛyɛ den ama no paa. Enti wohwɛ a, na ɛbɛyɛ mmerɛw ama Abraham ne Sara sɛ wɔbɛhwɛ no anaa? Ná wɔdɔ Tera paa, nanso akyinnye biara nni ho sɛ wɔrehwɛ no no, wɔbrɛɛ mu kakra. Ebetumi aba sɛ ɛtɔ da a, na wɔyɛ hahaaha. Sɛnea na ɛte biara, yenim sɛ Yehowa maa wɔn ahoɔden a wɔhia. Wo nso, Yehowa rennyaw adwuma no mmɔ wo so; ɔbɛma wo ahoɔden.—Dw. 55:22.

4. Dɛn na yebesusuw ho wɔ adesua yi mu?

4 Sɛ worehwɛ obi a ɔyare a, ade baako a ɛbɛboa wo na woampa abaw ne sɛ wubenya koma mu anigye. (Mmeb. 15:13) Obi a ɔwɔ koma mu anigye no, nea ɛbɛto no biara, sɛ́ ɛyɛ dɛ, sɛ́ ɛyɛ nwene, ɛrensɛe n’anigye. (Yak. 1:​2, 3) Wobɛyɛ dɛn anya saa anigye no bi? Baako ne sɛ wobɛbɔ mpae asrɛ Yehowa sɛ ommue w’ani mma wunhu nneɛma a ɛbɛma w’ani agye. Wɔn a wɔrehwɛ ayarefo no, adesua yi bɛma wɔahu nneɛma afoforo a wɔbetumi ayɛ na wɔn anigye ansɛe. Yɛn a yɛaka nso, yebehu nea yebetumi ayɛ de aboa wɔn a wɔrehwɛ ayarefo. Nanso, yenni kan nhwɛ wei: Wɔn a wɔrehwɛ ayarefo no, adɛn nti na ɛnsɛ sɛ wɔma biribiara sɛe wɔn anigye, na nneɛma bɛn saa na ebetumi ama wɔn anigye asɛe?

SƐ WOREHWƐ ƆYAREFO A, ADƐN NTI NA EBETUMI ASƐE W’ANIGYE?

5. Wɔn a wɔrehwɛ ayarefo no, adɛn nti na ɛnsɛ sɛ wɔma wɔn anigye sɛe?

5 Wɔn a wɔhwɛ ayarefo no, sɛ wɔnni anigye a, ɛnyɛ den koraa sɛ wɔn abam bebu. (Mmeb. 24:10) Ɛba saa a, wubehu sɛ ne koma mu paa de, anka ɔpɛ sɛ oyi ne yam hwɛ ɔyarefo no korɔkorɔ no, nanso esiane sɛ wabrɛ nti, ontumi nnya ne ho abotare saa. Ɛnde, obi a ɔrehwɛ ɔyarefo no, dɛn na ebetumi asɛe n’anigye?

6. Wɔn a wɔhwɛ ayarefo no, adɛn nti na wɔn mu bi tumi brɛ boro so?

6 Wɔn a wɔhwɛ ayarefo no tumi brɛ boro so. Onuawa bi a ɔde Leah ka sɛ: “Ɔyarefo hwɛ nna fam. Etumi twe wo mu paa. Ɛda a wuse woammrɛ koraa mpo no, ebedu anwummere no, wutumi te nka sɛ w’ahoɔden nyinaa asa. Ɛtɔ da a obi tumi sɛnde me tɛs mɛsegye, nanso ahoɔden a mede bɛsɛnde no bi koraa na ayɛ den.” Ebinom nso wɔ hɔ a, wɔn nna nsõ wɔn, anaa wɔnnya bere mfa nnye wɔn ahome. Onuawa bi a ɔde Inés ka sɛ: “Mehwɛ m’asebea, na edu anadwo a, metaa sɔre nnɔnhwerew mmienu biara kɔhwɛ no. Wei nti me nna nsõ me koraa. Kan no, na me ne me kunu tumi tu kwan kɔ baabi kodwudwo yɛn ho, nanso mfe kakra ni, yentumi nkɔɔ bi.” Wɔn a ɛhwɛ ayarefo no bi wɔ hɔ a, wɔn nnamfo rekogye wɔn ani a, wɔntumi nkɔ bi. Ebinom nso, sɛ asafo de dwumadi bi hyɛ wɔn nsa a, wɔrentumi nyɛ, efisɛ onipa a wɔrehwɛ no no, sɛ wɔfi ne nkyɛn a, ɛrenyɛ yiye. Wei nti wɔtumi yɛ ankonam, na wɔtumi te nka sɛ ɔyarefo no hwɛ akyekyere wɔn.

7. Wɔn a ɛhwɛ ayarefo no, adɛn nti na ɛtɔ da a awerɛhow hyɛ wɔn so, na wɔn ahonim bu wɔn fɔ?

7 Wɔn a ɛhwɛ ayarefo no, awerɛhow tumi hyɛ wɔn so, na wɔn ahonim tumi bu wɔn fɔ. Onuawa bi a wɔfrɛ no Jessica ka sɛ: “Ɛtɔ da a mete nka sɛ mintumi nhwɛ me papa yiye. Sɛ meregye m’ahome kakra mpo a, na m’ahonim rebu me fɔ sɛ onipa no yare da hɔ, ɛnna magyaw no hɔ abɛpɛ baabi ada.” Wɔn a ɛhwɛ ayarefo no bi wɔ hɔ a, ɛtɔ da a wɔtumi nya adwene sɛ, ɔyarefo no koraa, wɔabrɛ no; wɔrentumi nhwɛ no bio. Saa adwene no besi wɔn tirim wie a, na afei ɛsan haw wɔn. Ebinom nso tumi nya adwene sɛ wɔntumi nhwɛ ɔyarefo no yiye. Obi nso wɔ hɔ a, nneɛma tumi hyɛ ne so ara ma ɔde abufuw ka asɛm bi kyerɛ ɔyarefo no, na afei wanu ne ho. (Yak. 3:2) Obi nso de, sɛ ɔkae sɛnea na ɔyarefo no si pi si ta paa a seesei ontumi nyɛ ne ho hwee no a, na ne werɛ ahow. Wo de, tie nea onuawa bi a wɔfrɛ no Barbara kae: “M’adamfo a merehwɛ no no, da biara a ade bɛkye no, mihu sɛ yɛ ara na ɔreyɛ mmerɛw. Ɛno nko ara ho awerɛhow tumi bubu me.”

8. Ka osuahu bi a ɛkyerɛ sɛ, wɔn a wɔrehwɛ ayarefo no, sɛ woka asɛm bi de da wɔn ase a, etumi ma wɔn ani gye paa.

8 Wɔn a ɛhwɛ ayarefo no bi te nka sɛ, brɛ a wɔrebrɛ nyinaa obiara nhu. Adɛn ntia? Efisɛ, adwumaden a wɔyɛ no nyinaa, meda wo ase anaa ayekoo mpo, ebia nkurɔfo ntaa nka bi nkyerɛ wɔn. Enti obi saa no, woma no ayekoo anaa woka asɛm bi de da no ase a, na woakum no koraa. (1 Tes. 5:18) Onuawa bi a ɔde Melissa ka sɛ: “Ɛtɔ da a, mitumi brɛ ara na ato me ne nisu. Nanso wobɛhwɛ no, na wɔn a mehwɛ wɔn no bi aka akyerɛ me sɛ, ‘Woayɛ bi ama me paa. Meda wo ase.’ Wɔka saa a, na m’ani agye sei! Ɛma ahoɔden foforo bi bɛhyɛ me mu, enti afei merehwɛ no a, mente brɛ mpo.” Yɛnhwɛ onua bi a ɔde Ahmadu nso. Ne yere nua babea te wɔn nkyɛn a wɔrehwɛ no, efisɛ otwa yare wɔ ne so. Ahmadu ka sɛ: “Nneɛma a yɛyɛ ma no no, ɛnyɛ ne nyinaa na ohu. Nanso otumi ka nsɛm bi de da yɛn ase. Otumi mpo fa krataa kyerɛw so sɛ, ‘Medɔ mo.’ Ɔyɛ saa a, na me tirim ayɛ me dɛdɛɛdɛ.”

NEA ƐBƐBOA WO AMA WOAKƆ SO ANYA ANIGYE

9. Sɛ obi rehwɛ ɔyarefo a, dɛn na ɔyɛ a ɛbɛkyerɛ sɛ ogye tom sɛ ɛnyɛ biribiara na obetumi ayɛ?

9 Kae sɛ ɛnyɛ biribiara na wubetumi ayɛ. (Mmeb. 11:2) Yɛakɔyɛ nnipa yi de, ɛnyɛ biribiara na yebenya bere ne ahoɔden de ayɛ. Enti woka sɛ wo nko ara wubegye biribiara asoa a, anhwɛ a wo kɔn mu bebu. Dua koro gye mframa a ebu, enti ɛwom ara a ɛsɛ sɛ wutumi ka sɛ wei de, merentumi nyɛ. Woka saa nso a, wonkaa bɔne. Mmom ɛkyerɛ sɛ wugye tom sɛ ɛnyɛ biribiara na w’ahoɔden betumi. Sɛ obi ka sɛ ɔpɛ sɛ oso wo mu kakra a, mpopo wo ti. Onua bi a wɔfrɛ no Jay ka sɛ: “Nnipa ahoɔden sua. Sɛ yɛyɛ nea yebetumi, na yɛanyɛ nea ɛboro yɛn so a, yɛn ani begye daa.”

10. Sɛ worehwɛ ɔyarefo a, adɛn nti na ɛsɛ sɛ wote no ase? (Mmebusɛm 19:11)

10 Te no ase. (Kenkan Mmebusɛm 19:11.) Onipa a worehwɛ no no, sɛ ɔhyɛ wo abufuw a, bɔ mmɔden sɛ wobɛte no ase. Ɛno betumi aboa wo ama woahyɛ wo ho so. Sɛ ɔreyɛ biribi na ɛmfa kwan mu a, to wo bo ase dwen ho hwɛ nea ama ɔreyɛ saa. Yare yɛ yaw. Yare bi wɔ hɔ a, biribi a ɛbɛma onipa no ayɛ no, anhwɛ a ɛbɛyɛ wo nwanwa paa. (Ɔsɛnk. 7:7) Obi wɔ hɔ a, odwo na ɔte asɛm ase. Nanso wobɛhwɛ no, na n’asɛm ayɛ denneennen; woka biribiara a ɔnte ase. Ebi nso a, nea wobɛyɛ biara obenya ho asɛm aka, anaa nea wobɛyɛ biara nni hɔ a ɛbɛyɛ no fɛ. Enti sɛ worehwɛ ɔyarefo bi a, ade baako a ebetumi aboa wo ne sɛ wubesua ne yare no ho ade. Sɛ wuhu sɛnea yare no te a, sɛ onipa no reyɛ biribi a, wubehu sɛ ɛnyɛ ɔno a. Ɛyɛ yare no ntia.—Mmeb. 14:29.

11. Sɛ worehwɛ ɔyarefo a, nneɛma bɛn na da biara da ɛsɛ sɛ wopɛ bere de yɛ? (Dwom 132:​4, 5)

11 Nya bere fa hyɛ wo ne Yehowa ayɔnkofa mu den. Ɛtɔ da a, ebehia sɛ wupia nneɛma bi to nkyɛn, na woanya bere de ayɛ “nneɛma a ehia paa” no. (Filip. 1:10) Nneɛma a ehia paa a yɛreka ho asɛm yi, baako ne sɛ wobɛhyɛ wo ne Yehowa ayɔnkofa mu den. Ɔhene Dawid sei, na nneɛma pii gu ne so, nanso Yehowa som de, wamfa anni agorɔ koraa. (Kenkan Dwom 132:​4, 5.) Wo nso, da biara pɛ bere fa kan Bible bɔ mpae. Mfa nni agorɔ koraa. Onuawa bi a ɔde Elisha kaa sɛ: “Ade a ɛboa me ma mekɔ so nya anigye ni: Ɛyɛ a mekenkan Dwom nhoma no mu nsɛm bi a ɛyɛ dɛ na ɛma me awerɛkyekye. Mpaebɔ nso de, ɛyɛ m’aduro tatahwe. Anɔpa oo, awia oo, anwummere oo, mebɔ Yehowa mpae bere nyinaa. Mesrɛ no sɛ ɔmmoa me na manhaahae.”

12. Sɛ worehwɛ ɔyarefo a, adɛn nti na ɛsɛ sɛ wo nso wunya bere ma wo ho?

12 Nya bere ma wo ho. Wɔn a ɛhwɛ ayarefo no, wɔnni adaagye koraa. Nnipa a wɔnni adaagye nso de, ɛtɔ da a, wɔntumi nnidi yiye. Adɛn ntia? Efisɛ, bere mpo a wɔbenya de akodi gua abɛyɛ aduan pa adi no, na ɛho ayɛ den. Nanso sɛ wudidi yiye na wuyi bere si hɔ de tenetene w’apɔw mu a, ɛbɛma wo ho asisi wo ho so kama. Ɛbɛma w’adwene mu nso ada hɔ. Ɛyɛ nokware sɛ wunni bere, nanso aduan pa a wubedi, ne w’apɔw mu a wobɛtenetene de, ma ɛnyɛ wo asɛnhia. (Efe. 5:​15, 16) Ɛno da nkyɛn a, da yiye ma wo ho mmae wo. (Ɔsɛnk. 4:6) Nhwehwɛmu kyerɛ sɛ, sɛ woda yiye a, etumi yiyi efĩ fi adwene no mu. Adwumakuw bi a wɔhwɛ ayarefo de asɛm bi too gua. Wɔkyerɛ mu a, sɛ woda yiye a, ɛboa ma w’adwinnwen so tew, na sɛ nneɛma hyɛ wo so mpo a, wubenya abotare de atoto nneɛma yiye. Mma wo werɛ mmfi nso sɛ wobɛpɛ bere de agye w’ani. (Ɔsɛnk. 8:15) Yɛn nuabea baako a ɔhwɛ ɔyarefo kaa nea ɛboa no ma ɔkɔ so nya anigye. Ɔkaa sɛ: “Sɛ wim ye a, mitumi pue kɔnantew kakra. Afei nso, anyɛ hwee koraa no, bosome biara, miyi da baako si hɔ ne m’adamfo bi kogye yɛn ani kakra.”

13. Adɛn nti na serew yɛ aduru? (Mmebusɛm 17:22)

13 Fa bi yɛ serew. (Kenkan Mmebusɛm 17:22; Ɔsɛnk. 3:​1, 4) Serew yɛ aduru. Serew wɔ hɔ yi, ɛboa ma wunya nipadua mu ahoɔden, na ɛtew adwinnwen so. Ade baako a ɛwɔ ayarefo hwɛ ho ne sɛ, da biara ne emu nsɛm; ɛnnɛ a sɛɛ, ɔkyena a sɛɛ. Ɛwom, ɛtɔ da a nneɛma tumi kɔ yiye kakra, nanso ɛtotow sisi. Wei nti, biribi a anka ebetumi ahyɛ wo abufuw no, sɛ wode yɛ serew a, ebetumi ama woanya ho koma. Onipa a worehwɛ no no nso, sɛ wotaa ne no serew a, ɛbɛma obiara apɛ ne yɔnko asɛm paa.

14. Sɛ woka wo komam asɛm kyerɛ wo yɔnko berɛbo bi a, ɛbɛboa wo sɛn?

14 Ka wo komam asɛm kyerɛ wo yɔnko berɛbo bi. Nea wobɛyɛ biara, ɛwom ara a, nneɛma betumi ahyɛ wo so. Ɛba no saa a, wubetumi aka wo komam asɛm akyerɛ wo yɔnko berɛbo bi a ɔbɛte wo ase na ɔrenka asɛm bi a ebebu w’abam. (Mmeb. 17:17) Sɛ ɔyɛ aso tie wo na ɔka nsɛmdɛ kyerɛ wo a, ɛno nko ara betumi ama w’ani akɔ so agye.—Mmeb. 12:25.

15. Sɛ wudwinnwen Paradise ho a, adɛn nti na ebetumi ama w’ani agye?

15 Onipa a worehwɛ no no, ɛyɛ a dwen ho sɛ wo ne no wɔ Paradise. Sɛ worehwɛ ɔyarefo a, kae sɛ ɛnyɛ biribi a wobɛyɛ no afebɔɔ. Sɛ wohwɛ mu a, nneɛma a Yehowa bɔɔ nnipa sɛ yɛmmɛyɛ wɔ asaase so no, ayarefo hwɛ nka ho. (2 Kor. 4:​16-18) Daakye na yebenya “nkwa ankasa no,” kyerɛ sɛ, saa bere no na yebenya asetena pa a Yehowa pɛ sɛ yenya no. (1 Tim. 6:19) Onipa a worehwɛ no no, ɛyɛ a wo ne no mmɔ Paradise ho nkɔmmɔ, na monka nneɛma a mobɛyɛ wɔ hɔ. Ɛbɛma mo ani agye papaapa. (Yes. 33:24; 65:21) Tie nea onuawa bi a ɔde Heather kae: “Wɔn a mehwɛ wɔn no, metaa ka kyerɛ wɔn sɛ, ɛrenkyɛ, me ne wɔn bɛbom apam ade, atu mmirika, na yɛatwi sakre. Mesan ka kyerɛ wɔn sɛ yɛbɛbom ayɛ nnuan ato paanoo ama wɔn a wɔbenyan aba no. Yɛbɔ saa nkɔmmɔ no wie a, na yɛada Yehowa ase sɛ wama yɛn anidaso fɛfɛɛfɛ saa.”

SƐNEA AFOFORO BETUMI ABOA

16. Sɛ obi wɔ yɛn asafo mu a ɔrehwɛ ɔyarefo a, dɛn na yebetumi ayɛ de aboa no? (Hwɛ mfoni no nso.)

16 Wɔn a wɔrehwɛ ayarefo no, yɛ nneɛma bi boa wɔn sɛnea ɛbɛyɛ a mframa bɛfa wɔn ho kakra. Onipa a ɔyare no, anuanom a ɛwɔ asafo no mu betumi afi wɔn pɛ mu ahwɛ no bi. Ɛba saa a, onipa a daa ɔte ɔyarefo no ho no, ne ho bɛhan no kakra, na wanya bere agye n’ahome, anaa ɔde akodi ne dwuma bi. (Gal. 6:2) Anuanom binom ayɛ wei ho nhyehyɛe, enti nnawɔtwe biara, wɔwɔ obi a ɔkɔboa nea ɔrehwɛ ɔyarefo no. Yɛnhwɛ onuawa bi a wɔfrɛ no Natalya. Ne kunu ntumi nnantew, enti waka mpa mu. Onuawa no ka sɛ: “Nea onua bi a ɔwɔ m’asafo mu yɛ ne sɛ, nnawɔtwe biara, ɔba ha baako anaa mprenu bɛtena me kunu ho kakra. Ɔne no bom yɛ asɛnka adwuma no, wɔbɔ nkɔmmɔ, na ɛtɔ da mpo a wɔhwɛ sini. Ɔba saa a, na me kunu ani agye sei. Ɛma me nso minya bere gye m’ahome. Mitumi koraa kɔnantenantew kakra yɛ me nneɛma baako mmienu bi.” Ɛtɔ da mpo a, wubetumi aka akyerɛ nea ɔrehwɛ ɔyarefo no sɛ, wopɛ sɛ woba bɛda ɔyarefo no nkyɛn ma ade kye, sɛnea ɛbɛyɛ a ɔno nso betumi ada ama ne ho abae no.

Anuanom mmea mmienu akɔsra onuawa bi a ne mfe akɔ anim wɔ ne fie. Onuawa a ɔhwɛ no no repue, na ɔreyɛ wɔn baabae.

Sɛ obi wɔ w’asafo mu a ɔhwɛ ɔyarefo a, wobɛyɛ dɛn aboa no? (Hwɛ nkyekyɛm 16)a


17. Sɛ yɛreyɛ Kristofo nhyiam a, dɛn na yebetumi ayɛ de aboa wɔn a wɔhwɛ ayarefo no?

17 Sɛ yɛreyɛ Kristofo nhyiam a, wubetumi aboa wɔn a wɔhwɛ ayarefo no. Wɔn a wɔhwɛ ayarefo no, sɛ wɔkɔ adesua, ɔmansin nhyiam, anaa ɔmantam nhyiam a, ɛtɔ da a nsɛm kakraa bi na ɛfa wɔn asom, efisɛ ɛyɛ a na wɔn ani wɔ ɔyarefo no so. Enti nea anuanom a ɛwɔ asafo no mu betumi ayɛ ne sɛ, sɛ yɛwɔ adesua anaa nhyiam ase a, wɔbetumi akɔtena ɔyarefo no ho kakra. Wɔbetumi mpo akɔtena ne ho akosi sɛ yɛbɛpɔn. Sɛ ɔyarefo no aka dan mu nso a, yebetumi akɔ ne fie na yɛne no ahwɛ adesua no wɔ fon anaa tablɛt so. Yɛyɛ saa a, ɛbɛma nea ɔhwɛ no no atumi akɔ Ahenni Asa so bi.

18. Dɛn bio na yebetumi ayɛ ama wɔn a ɛhwɛ ayarefo no?

18 Wɔn a ɛhwɛ ayarefo no, kamfo wɔn, na kae wɔn wɔ mpaebɔ mu. Ɛsɛ sɛ asafo mu mpanyimfo bɔ mmɔden sɛ wɔbɛtaa asrasra anuanom a ɛhwɛ ayarefo no. (Mmeb. 27:23) Yɛn nyinaa nso, yɛyɛ mpanyin oo, mmofra oo, wɔn a ɛhwɛ ayarefo no, ɛsɛ sɛ yɛtaa kamfo wɔn na yɛma wɔn amo. Yebetumi nso abɔ mpae asrɛ Yehowa sɛ ɔmma wɔn ahoɔden, na ɔmmoa wɔn mma wɔnkɔ so nnya anigye.—2 Kor. 1:11.

19. Dɛn na yɛrehwɛ kwan?

19 Ɛrenkyɛ, yɛn su ne yɛn amane nyinaa, Yehowa beyi afi hɔ. Yare ne owu akyi bɛyera koraa. (Adi. 21:​3, 4) “Apakye behuruw sɛ ɔwansan.” (Yes. 35:​5, 6) Onyin ne emu yaw, ne ayarefo hwɛ ne emu brɛ nyinaa, Bible se, ɛbɛyɛ tete asɛm. ‘Yɛrenkae kan nneɛma no bio.’ (Yes. 65:17) Anokwa, mmere pa da yɛn anim. Nanso bere a yegu so retwɛn saa bere no, yɛnkae sɛ Yehowa rentow yɛn nkyene da. Momma yɛnkɔ so mfa yɛn ho nto ne so. Yɛyɛ saa a, ɔbɛma yɛn ahoɔden, na waboa yɛn ama yɛde ‘abotare ne anigye amia yɛn ani agyina mu akosi ase.’—Kol. 1:11.

WUBEBUA SƐN?

  • Wɔn a ɛhwɛ ayarefo no, dɛn na ebetumi asɛe wɔn anigye?

  • Dɛn na ebetumi aboa wɔn a ɛhwɛ ayarefo no ama wɔakɔ so anya anigye?

  • Wohwɛ w’asafo mu a, wɔn a ɛhwɛ ayarefo no, dɛn na wubetumi ayɛ de aso wɔn asen?

DWOM 155 Anigye Fi Wo Hɔ

a MFONI HO NKYERƐKYERƐMU: Anuanom mmabaa mmienu bi akɔsra onuawa bi a ne mfe akɔ anim, enti nea ɔhwɛ no no anya kwan rekɔnantenantew kakra.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena