Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g97 4/8 kr. 3
  • Turo Ho Anigye a Yɛwɔ

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Turo Ho Anigye a Yɛwɔ
  • Nyan!—1997
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nturo Betumi Ama Wɔanya Akwahosan Pa
  • Nturo a Agye Din Bi Ho Nhwehwɛmu
    Nyan!—1997
  • Aduan a Efi W’ankasa Mfikyifuw Mu
    Nyan!—2003
  • Turo Fɛfɛ
    Me Nhoma a Ɛka Bible Mu Nsɛm
  • Onyankopɔn Atirimpɔw A Ɛne Sɛ Onipa Nnya Asetra Mu Anigye Wɔ Paradise
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1989
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1997
g97 4/8 kr. 3

Turo Ho Anigye a Yɛwɔ

W’ANI gye asomdwoe a ɛwɔ turo fɛfɛ a ɛma wode wo ho fi dede, ne asetram brɛ ho no ho? So agodibea a ɛhɔ yɛ dinn a nwura, nhwiren, nnua a ɛma onwini, ne ɔtare wom ne baabi a wobɛpɛ sɛ wo ne w’abusua bɛkɔ piknik wɔ hɔ anaa wo ne w’adamfo bi bɛkɔ akɔnantenantew mu? Yiw, hwɛ sɛnea turo ma ahomeka, akomatɔyam, anigye, asomdwoe, ne ahotɔ mpo!

Ɛwom sɛ ebia ebinom rɛmpɛ sɛ wɔbɛyɛ turo bi mu adwuma esiane bere a ebia wonni nti de, nanso yɛn nyinaa ani gye kɔla, ehua, nnyigyei, ne nnuaba a ɛwɔ turom no ho. Ná Thomas Jefferson—a ɔyɛ adansi ho nimdefo, nyansahufo, mmaranimfo, ɔbɔrehufo, ne U.S. mampanyin no—ani gye turo ho. Ɔkyerɛwee sɛ: “Adwuma biara nni hɔ a m’ani gye ho sen sɛ mɛyɛ asase no so adwuma. . . . Meda so ara yɛ turo mu adwuma. Na ɛmfa ho sɛ me mfe akɔ anim no, meyɛ abofra wɔ turoyɛ mu.”

Nnipa pii ne no yɛ adwene. Afe biara nsrahwɛfo ɔpepem pii kɔsrasra nturo a agye din wɔ wiase no—Kew Nturo (Adehye Nnua Nturo) a ɛwɔ England; nturo a ɛwɔ Kyoto, Japan; Versailles Ahemfie nturo a ɛwɔ France; Longwood Nturo a ɛwɔ Pennsylvania, U.S.A., sɛ yɛbɛka kakraa bi a. Aman pii nso wɔ nkuropɔn mu mmeae bi a wɔadua nwura, nnua ne nhwiren atwa afie a esisi mmeae a nnua wɔ ho ahyia—te sɛ paradise ketewa bi.

Nturo Betumi Ama Wɔanya Akwahosan Pa

Wɔahu sɛ sɛ nnipa te baabi a abɔde atwa wɔn ho ahyia a, wɔn akwahosan betumi atu mpɔn, ɛwom sɛ ɛbɛyɛ sɛ nhwiren, nnua, nwura, ne nnomaa na ɛyɛ a wogyina mpoma mu hwɛ wɔn kɛkɛ de. Eyi maa New York Kuropɔn ayaresabea bi yɛɛ turo bi wɔ ne dan so. Ayaresabea hɔ panyin bi kae sɛ: “Wogyee no anigye so. Ama ayarefo ne adwumayɛfo nyinaa ho aba wɔn ho so. . . . Yehu sɛ etumi sa yare yiye.” Nokwarem no, nhwehwɛmu kyerɛ sɛ nnipa betumi anya mfaso wɔ honam, adwene, ne nkate fam bere a wohu abɔde mu nneɛma no.

Afei nso, obi a n’ani kũ honhom fam nneɛma ho betumi ate nka sɛ ɔbɛn Onyankopɔn bere a Ne nsa ano adwuma atwa ne ho ahyia no. Yebetumi aka sɛ turo ho ade yi fii ase wɔ asase so turo a edi kan, Eden turo, no mu pɛɛ, baabi a Onyankopɔn fi ne nipa dii kan dii nkitaho.—Genesis 2:15-17; 3:8.

Turo ho anigye a nnipa wɔ no kɔ so wɔ mmaa nyinaa. Na sɛnea yebehu no, eyi kyerɛ biribi. Nanso, ansa na yebesusuw saa ade no ho no, yɛto nsa frɛ wo sɛ “yensusuw” abakɔsɛm mu nturo kakra bi ho nhwɛ sɛnea saa Paradise ho akɔnnɔ yi te wɔ nnipa nyinaa komam ankasa.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena