Nturo a Agye Din Bi Ho Nhwehwɛmu
ONIPA suahu a ɛfa Paradise ho no fii ase wɔ turo bi a na ɛda beae bi a wɔfrɛ no Eden, a gyama na ɛbɛn Ɔtare Van a ɛwɔ nnɛyi Turkey no. Ná asubɔnten bi a emu apae ayɛ nsubɔnten anan na egugu turo no so nsu ma Adam ne Hawa a na ɛsɛ sɛ ‘wɔdɔw na wɔwɛn hɔ’ no. Hwɛ anigye a na ɛyɛ sɛ wɔbɛhwɛ turo a “nnua ahorow nyinaa a wɔhwɛ a, ɛyɛ fɛ, na eye sɛ wodi” abu so wom no so!—Genesis 2:8-15.
Ná Eden yɛ ofie a edi mu. Na ɛsɛ sɛ Adam ne Hawa trɛw n’ahye mu, a akyinnye biara nni ho sɛ na wɔbɛhwɛ sɛnea Onyankopɔn yɛɛ no mfiase ma edii mu no so ayɛ saa. Bere bi akyi no, na asase no nyinaa bɛdan paradise a nnipa ayɛ mu ma a wɔn ho nkyere wɔn. Nanso yɛn awofo a wodi kan no pɛ mu a wofi tew atua no ma wɔpam wɔn fii saa turo yi mu. Awerɛhosɛm ne sɛ wɔwoo adesamma abusua no mufo a wɔaka no nyinaa wɔ saa fie a na ɛwɔ Eden yi akyi.
Nanso, Ɔbɔadeɛ no bɔɔ adesamma sɛ wɔntra Paradise. Enti na ɛyɛ awosu sɛ daakye awo ntoatoaso ahorow no bɛbɔ mmɔden sɛ wɔbɛyɛ biribi te saa atra mu.
Tete Nturo
Wɔaka Babilon Turo a Ɛsensɛn Wim no ho asɛm sɛ tete mmere mu anwonwade ahorow no mu biako. Ɔhene Nebukadnessar na ɔyɛe bɛboro mfe 2,500 a atwam ni maa ne yere Mediani a na n’ani agyina kwae ne nkoko a ɛwɔ ne man mu no. Ná turo a ɛwɔ atrapoe a ne sorokɔ yɛ mita 22 a wɔde adum a wɔakontɔn mu ayɛ, na nnua ayɛ mu ma no wɔ dɔte pa a ɛma nnua akɛse yɛ yiye wom. Sɛ na ɔhemmaa a n’ani agyina fie yi nantenantew beae petee a ɛte sɛ Eden no mu a, na akyinnye biara nni ho sɛ obenya awerɛkyekye.
Ná turo a wɔyɛ de siesie asase ani no yɛ ade a ɛkɔ so kɛse wɔ Nile Bon a ɛwɔ Egypt a ɛhɔ nneɛma yɛ frɔmm no mu. The Oxford Companion to Gardens ka sɛ: “Egypt na wiase mu nturo ho mfonini a akyɛ sen biara no fi, na ɛhɔ na turoyɛ akɔ so . . . akyɛ sen biara.” Nea ɛwɔ Egyptfo panyin bi asase ho mfonini a wɔyɛe wɔ Thebes wɔ 1400 A.Y.B. mu no mu ne atare, nnua a ɛsesa so, ne ntamadan ahorow. Adehye nturo no akyi no, na asɔrefie nturo ne nea edi hɔ a ɛyɛ fɛ sen biara a na wɔde atare mu nsu na egugu kwae, nhwiren, ne nhaban so, na na atare a nsunoma, mpataa, ne sukooko ayɛ mu ma nso wom.—Fa toto Exodus 7:19 ho.
Persiafo nso nyaa din wɔ turoyɛ mu wɔ tete mmere mu. Ná Persia ne Egypt nturo no kanyan anigye araa ma bere a Alexander Ɔkɛseɛ asraafo a wodii so nkonim no resan aba Greece wɔ afeha a ɛto so anan A.Y.B. mu no, na nnuaba, afifide, ne adwinnidi nyansa pii ka wɔn ho. Wɔ Athens no, Aristotle ne ne suani Theophrastus boaboaa nhwiren a ɛdɔɔso ano de yɛɛ nnua turo a wɔbɛyɛ nnua mu nhwehwɛmu akyekyem akuwakuw wɔ hɔ. Te sɛ Egyptfo ne Persiafo a wodii wɔn anim no, na Greecefo pii wɔ nturo a ɛyɛ fɛ.
Ná wɔn a wɔte Roma nkurow mu no ayeyɛ nturo wɔ mmeae a wɔagye ho ban wɔ kuropɔn no mu. Wɔn a wodi yiye no yeyɛɛ agodibea ahorow a ɛhɔ yɛ anigye wɔ wɔn afie a ɛwɔ nkurotia no mu. Ná otirimɔdenfo Nero mpo pɛ sɛ onya Eden, enti otuu mmusua ɔhaha pii fii wɔn afie mu atirimɔden so, bubuu wɔn afie, na ɔyɛɛ n’ankasa agodibea a ɛboro hɛkta 50 wɔ n’ahemfie no ho. Akyiri yi, bɛyɛ 138 Y.B. mu, wɔ Ɔhempɔn Hadrian fie wɔ Tivoli no, Roma turoyɛ duu ne mpɔmpɔn so. Ná fie no wɔ agodibea, nsuka, atare ne nsuti a egye hɛkta 243.
Ná tete Israelfo no nso wɔ nturo ne agodibea ahorow. Yudani abakɔsɛm kyerɛwfo Josephus kyerɛw agodibea ahorow a na nsuten pii wom wɔ beae bi a wɔfrɛ no Etam, a efi Yerusalem rekɔ hɔ bɛyɛ kilomita 13 kosi 16, no ho asɛm. Ɛbɛyɛ sɛ na Etam agodibea ahorow no ka ‘nturo, mfikyifuw, atare, ne kwae’ a Bible ka sɛ Salomo ‘yɛ fae’ no ho. (Ɔsɛnkafo 2:5, 6) Ná Getsemane Turo a Yesu Kristo ma egyee din no wɔ Yerusalem akyi pɛɛ wɔ Ngo Bepɔw no so. Ɛha na na Yesu de yɛ ahintawee na ama wanya ɔhome, baabi a obetumi akyerɛkyerɛ n’asuafo no wɔ kokoam.—Mateo 26:36; Yohane 18:1, 2.
Efi Arabfo Nturo So Ba Engiresifo Nturo So
Bere a Arab asraafo trɛw kɔɔ apuei ne atɔe fam wɔ afeha a ɛto so ason Y.B. mu no, te sɛ Alexander no, wɔn nso bɛtoo Persia nturo no. (Fa toto Ester 1:5 ho.) Howard Loxton kyerɛw sɛ: “Arabfo no hui sɛ Persia nturo no te sɛ paradise a wɔde hyɛɛ anokwafo bɔ wɔ Koran mu no pɛpɛɛpɛ.” Te sɛ Persia de no, nsuti anan a ɛte sɛ nsubɔnten anan a na ɛwɔ Eden no a ehyiaam wɔ ɔtare bi mu no wɔ Arab turo a na ɛyɛ nsusuwkwan so de, a efi Moorish Spain kosi Kashmir no, na akyekyɛ asasesin no mu anan.
Wɔ India kusuu fam no, Mogul tumidifo a wɔtraa ase afeha a ɛto so 17 mu no yɛɛ nturo bɛboro 700 a ɛte sɛ paradise wɔ Dal Ɔtare no Kashmir Bon fɛfɛ no ho. Ɛyeyɛɛ kɔla ahorow pii a nsuti, nsuka ne aworoe ɔhaha pii nenam mu. Asɛm a ɛne: “Sɛ paradise bi wɔ asase so a, ɛno ni, ɛno ni, ɛno ni,” da so ara gu Ɔbodan tuntum a Shah Jahan (nea osii Taj Mahal) sii wɔ Dal Ɔtare ho no ho.
Mfehaha kakraa bi a na edi ɛno anim no, na Europa afi Mfinimfini Mfe no mu ahyɛn afeha a ɛto so 14 Ɔsɛsɛw bere no mu. Rome turoyɛ ho mmɔdenbɔ a wɔyɛɛ no basaa bere a Mfinimfini Mfe no fii ase wɔ afeha a ɛto so anum Y.B. mu no fii ase yɛɛ yiye—saa bere yi de, na asɔre no na edi tumi. Kristoman hui sɛ turo no yɛ ‘paradise ketewa.’ Nkokorafi ho mfonini bi a wɔyɛe wɔ afeha a ɛto so akron mu no da no adi sɛ na wɔakyerɛw nturo abien ho “Paradise.” Ankyɛ na Kristoman nturo no bɛyɛɛ nea ɛsoso sen biara, nanso sɛ anka ɛbɛda honhom fam nsusuwii adi no, emu pii bɛyɛɛ tumi ne ahonyade ho nsɛnkyerɛnne.
Bere a Charles VIII a ofi France dii Naples, Italy, so nkonim wɔ 1495 mu no, ɔkyerɛw krataa kɔɔ fie sɛ: “Sɛ muhu nturo a ɛyɛ fɛ a mewɔ wɔ saa kurow yi mu a, ɛbɛyɛ mo nwonwa . . . Ɛte sɛ Adam ne Hawa nkutoo ne ade a aka a ɛbɛma ayɛ asase so paradise.” Nanso sɛ anka Charles traa ase koduu afeha a ɛto so 17 no mu a, anka obehu nturo akɛse a Ɔhene Louis XIV yɛe wɔ France asase so no. The Garden nhoma no ka sɛ nturo a ɛwɔ Versailles Ahemfie no yɛ nea “wobetumi aka sɛ ɛda so ara so sen biara wɔ wiase.”
Nanso, Ɔsɛsɛw bere no maa paradise nyaa nkyerɛase foforo: ɛsɛ sɛ abɔde brɛ ne ho ase ma nnipa a wɔn ani abue na ɛsɛ sɛ wɔyɛ turo no ho nhyehyɛe denam nnua a ɛnsow aba nyinaa a wobeyi afi so no so. Wɔhyehyɛɛ nnua ne nhwiren pɛpɛɛpɛ wɔ akwan pɔtee bi so. Enti, tete Roma nnutɛw—adwuma a wɔyɛ de twitwa nnua ne nhwiren so siesie ho—no san sɔree bio.
Afei, wɔ mfeha a ɛto so 18 ne 19 mu no, po so akwantu ne aguadi maa atɔe famfo huu nnua ne turoyɛ ho adwene foforo. England nso fii turoyɛ ase. The New Encyclopædia Britannica ka sɛ: “Wɔ afeha a ɛto so 18 mu wɔ England no, onipa kɔɔ so huu abɔde a ɛwɔ wiase a atwa ne ho ahyia no. Sɛ́ anka ɔde n’ankasa nhyehyɛe bedi dwuma wɔ abɔde ho no, ofii ase siesiee n’ankasa asetra ma ɛne no hyiae.” Ná mmarima te sɛ William Kent ne Lancelot Brown di turoyɛ mu akoten. Brown yɛɛ bi wɔ afie bɛboro ahanu mu wɔ England. Mmarima baanu a wɔbɛyɛɛ amampanyin wɔ United States, Thomas Jefferson ne John Adams kokyinkyinii England wɔ 1786 mu kɔhwɛɛ sɛnea Englandfo nturo te.
Apuei Famfo Asase Ani Adwumayɛ
Nea China turoyɛ mmɔdenbɔ ayɛ ama Apuei famfo no te sɛ nea Egypt, Greece, ne Rome turoyɛ mmɔdenbɔ ayɛ ama Atɔe famfo no. Mfiase no, na Chinafo som abosom, na wobuu nsubɔnten, abotan, ne mmepɔw nyinaa sɛ ahonhom a wɔafa su bi ato wɔn ho so, ma enti na ɛsɛ sɛ wobu wɔn. Ɛno akyi no, Taosom, Confuciosom, ne Buddhasom kɔɔ so trɛwee wɔ asase no so na wɔyeyɛɛ wɔn ankasa nturo ahorow.
Wɔ Japan Po no agya no, Japanfo yɛɛ nturo wɔ ɔkwan a wɔn ankasa pɛ so, a na ne su hia wɔn sen ne kɔla, na na biribiara a ɛwom si beae pɔtee bi. Nea ɛbɛyɛ na turoyɛfo no anya abɔde a ɛyɛ fɛ na egu ahorow wɔ beae ketewaa bi no, ɛsɛ sɛ ɔde ahwɛyiye de abotan no gu mmeae a ɛfata na ɔma n’ani kũ ne turo no ho. Eyi da adi wɔ bonsai (a nea ɛkyerɛ ne “afifide a ɛwɔ kuku mu”) mu, adeyɛ a ɛne sɛ wosiesie dua ketewa bi anaasɛ ebia nnua kuw bi ma enya hwɛbea pɔtee bi.
Ɛwom sɛ ebia Apuei fam turo no hwɛbea yɛ soronko wɔ Atɔe fam de no ho de, nanso ɛno nso kyerɛ sɛnea nnipa kɔn dɔ Paradise. Sɛ nhwɛso no, Japanfo turo ho abakɔsɛm kyerɛwfo, Wybe Kuitert, kyerɛw sɛ, wɔ Heian bere so wɔ Japan (794-1185) no, turoyɛfo bɔɔ mmɔden sɛ wɔbɛma tebea no ayɛ sɛ “paradise wɔ asase so.”
Amansan Dɔ
Turo ho dɔ a nnipa wɔ no wɔ baabiara a na mmusua a wɔyɛ abɔmmɔfo a wɔte nturo a “ɛnyɛ nnipa na ɛyɛe”—adɔtɔ, kwae, ne sare—mu mpo ka ho. Britannica ka “Aztecfo a wɔwɔ Mexico ne Incafo a wɔwɔ Peru” no ho asɛm sɛ “nkonimdifo no bɔɔ amanneɛ sɛ wohuu nturo akɛse a nkoko a ɛda fam, a nnua, nsuti, ne nsuka a ɛyɛ fɛ wom . . . a na ɛte sɛ saa bere no mu nturo a na ɛwɔ Atɔe fam no.”
Yiw, tete kwae ahorow a na ɛwɔ Nile ano, Apuei fam nturo, nnɛyi nkurow mu agodibea, ne nnua nturo—dɛn na eyinom da no adi? Paradise ho akɔnnɔ a nnipa wɔ. Bere a nhomakyerɛwfo Terry Comito huu “Paradise ho akɔnnɔ” a adesamma wɔ a ennyae da no, ɔkae sɛ: “Nturo yɛ mmeae a nnipa tra a ne koma tɔ ne yam.” Na onipa bɛn na n’ani renye sɛ ɔbɛka sɛ, ‘Me fie te sɛ Eden Turo’? Nanso so wiase nyinaa Eden—a ɛnyɛ asikafo nkutoo na ebetumi anya—yɛ adaeso ara kwa? Anaasɛ ɛyɛ ade a ɛbɛba daakye ankasa?
[Kratafa 7 mfonini]
Babilon Turo a Ɛsensɛn Wim no ho mfonini a mfoniniyɛfo bi ayɛ
[Kratafa 7 mfonini]
Turo fɛfɛ bi a ɛwɔ Japan
[Kratafa 7 mfonini]
Versailles, France
Wɔ abakɔsɛm nyinaa mu no, adesamma anya Paradise ho akɔnnɔ
[Asɛm Fibea]
French Aban Nsrahwɛfo Adwumayɛbea/Rosine Mazin