Ɛyɛ Me Anigye sɛ Mete Nkwa Mu Nnɛ!
Oduruyɛfo no bisaa me sɛ: “Wubewu, wunim saa?” Anwonwasɛm ne sɛ, mprenu na na mate nka sɛ sɛ miwu a, anka mepɛ. Nanso na ɛnyɛ saa bere yi. Ma menkyerɛkyerɛ mu.
WƆTETEE me wɔ Long Island a ɛwɔ New York no mpɔtam bi, baabi a na me papa agye din wɔ kar mmirikatu ho akansi mu no. Ná ɔyɛ obi a ɔpɛ biribiara pɛpɛɛpɛ a akansi adi ne ti. Ná ɔyɛ obi a onni abotare nso, na na ɛyɛ den sɛ obi bɛsɔ n’ani. Maame de, na ɔyɛ obi a ne ho dwo na ɔmpɛ kasa, na na osuro Paapa kar mmirikatu ho akansi no araa ma ontumi nkɔhwɛ no bi.
Yɛn mmofraberem pɛɛ na me ne me nuabarima no suae sɛ yɛbɛma yɛn ho adwo wɔ fie, ade a na Maame ayɛ araa ma akokwaw no dedaw. Nanso na ɛnna fam. Ná yɛn nyinaa suro Paapa. Enyaa me so tumi araa ma metee nka sɛ mintumi nyɛ biribiara yiye da. Me mu ahotoso a mewɔ no kɔɔ fam koraa bere a yɛn abusua no “adamfo” bi too me mmonnaa bere a na minnya nnii mfe aduonu no. Esiane sɛ na mintumi nni me nkate ho dwuma nti, mebɔɔ mmɔden sɛ mekum me ho. Ɛno ne bere a edi kan a metee nka sɛ owu bɛyɛ papa ama me.
Metee nka sɛ memfata na me ho nhia obiara, na m’anom toe sɛnea ɛtaa yɛ mmabaa a wonni wɔn ho mu ahotoso no. Mifii ase de me ho hyɛɛ anigyede, nnuru a wɔde di dwuma ɔkwammɔne so, aguamammɔ, ne nyinsɛn a wotu gu mu—“ɔdɔ a wɔhwehwɛ wɔ mmeae a ɛmfata no nyinaa” sɛnea dwom bi mu nsɛm kyerɛ no. Mede me ho hyɛɛ moto ne kar mmirikatu ho akansi, ne mframatoa a wɔde dɔ asukɔ ho akansi mu, na na mitutu akwan kɔtow kyakya wɔ Las Vegas wɔ bere ne bere mu. Mekɔhwehwɛɛ afotu nso fii osumanni bi hɔ, na mede Asumansɛm taboo bi dii dwuma de gyigyee m’ani, a na minnim asiane a ɛwɔ ahonhomsɛmdi mu no.—Deuteronomium 18:10-12.
Nea ɛka ho no, anigyede akyidi de me kowiee dwumadi ahorow a ɛto mmara te sɛ nnubɔne tɔn ne sotɔɔ mu nneɛma awiawia mu. Ɔdɔ ne nnipa anim dom a mehwehwɛe no nso maa me ne mmarima pii twee mpena ne bi yɛɛ aware ho nhyehyɛe. Eyinom nyinaa keka boom yɛɛ asetra kwan a na ɛyɛ hu sen sɛnea na minim.
Anadwo bi, bere a me mpena kaa nsã ne nnubɔne bɔɔ so nomee wɔ baabi a wosiesie kar a wɔde tu mmirika de si akan akyi no, memaa ho kwan sɛ ɔnka kar mfa me nkɔ fie a mansusuw ho. Ɛda adi sɛ bere a mete kar no anim a minhu hwee no, na ɔno nso nhu hwee. Yɛkɔpem biribi maa m’ani so tetew me. Mipirapirae kɛse ma wɔde me kɔtoo ayaresabea, nanso akyiri yi me ho yɛɛ me den, gye me kotodwe nifa nkutoo a na ɛho aka.
Biribi a Ɛkyɛn So Ho Akɔnnɔ
Ɛwom sɛ na minni m’ankasa me nkwa ho anisɔ ahe biara de, nanso na mmofra ne mmoa ahobammɔ ne wɔn kyɛfa, ɛne nneɛma a atwa yɛn ho ahyia ho bammɔ ho asɛm hia me yiye. Ná me kɔn dɔ sɛ menya wiase bi a ɛkyɛn so, na mede me ho bɔɔ ahyehyɛde pii denneennen de bɔɔ mmɔden sɛ mɛboa ma ebi aba. Wiase a ɛkyɛn so ho akɔnnɔ a na mewɔ yi ne ade a edii kan maa m’ani begyee nsɛm a na me yɔnko dwumayɛni bi a na ɔyɛ Yehowa Adansefo no mu biako no ka ho. Bere biara a biribi nkɔ yiye wɔ adwumam no, na ɔtaa de ahoyeraw ka sɛ, “saa nhyehyɛe yi.” Bere a mibisaa no nea ɔkyerɛ no, ɔkyerɛkyerɛɛ mu sɛ bere bi reba nnansa yi ara a asetram dadwen nyinaa befi hɔ. Esiane sɛ na mibu no yiye nti, mede anigye tiee no yiye.
Awerɛhosɛm ne sɛ yɛn ntam tetewee, nanso me werɛ amfi nsɛm a ɔka kyerɛɛ me no da. Mihui sɛ da bi ɛho behia sɛ meyɛ nsakrae kɛse wɔ m’abrabɔ mu na ama masɔ Onyankopɔn ani. Nanso na menyɛɛ ahoboa. Ne nyinaa akyi no, na meka kyerɛ wɔn a wɔpɛ sɛ wɔware me no sɛ da koro mɛba abɛyɛ Ɔdansefo, na sɛ wɔmpɛ a, na ɛsɛ sɛ yetwa nhyehyɛe no mu saa bere no.
Ne saa nti me mpena a otwa to no pɛe sɛ ohu pii, na ɔkae sɛ m’ani gye ho a, ɔno nso ani begye ho. Enti yefii ase hwehwɛɛ Adansefo no. Wɔn mmom na wohuu yɛn bere a wɔbɛbɔɔ me pon mu no. Yefii Bible adesua ase, nanso akyiri yi, me mpena no gyaee adesua no san kɔfaa ne yere.
Ná metaa toto me Bible adesua no mu. Egyee bere ansa na merete Yehowa adwene wɔ sɛnea nkwa yɛ kronkron ho no ase. Nanso bere a mesakraa me nsusuwii ara no, mihuu hia a ɛho hia sɛ migyae wimhyɛn a wohuruw fi mu si fam ho agodie ne sigaretnom. Bere a nkwa bɛyɛɛ ade a ɛsom bo ma me kɛse no, misiesiee me ho sɛ mɛbɔ me bra sɛnea ɛsɛ, a memfa nneɛma nni agoru bio. Wɔ October 18, 1985 no, mede nsu mu asubɔ yɛɛ m’ahosohyira ma Yehowa no ho sɛnkyerɛnne. Ná minnim sɛ ɛnkyɛ na me nkwa ho aba asɛm.
Ɔpɛ a Minyae Bio sɛ Mewu
Asram kakraa bi akyi—March 22, 1986, anadwo—no, na migyina me fie anim reyiyi me ntade a makɔhoro no afi me kar mu, na kar bi de mmirika bɛbɔɔ me twee m’ase kɔɔ bɛyɛ mita 30! Onipa a ɔde kar bɔɔ me no guanee. Ɛwom sɛ mipirae wɔ me ti ho de, nanso saa bere no nyinaa na m’ani gu so.
Bere a na m’anim butuw fam wɔ kwan a ɛso yɛ sum bi mfinimfini no, na misuro sɛ anhwɛ a kar foforo bɛba abɛbɔ me. Ná ɛyaw no ano yɛ den ma mintumi koraa. Enti mekɔɔ so bɔɔ Yehowa mpae sɛ ɔmma minwu. (Hiob 14:13) Ɔbea bi a na ɔyɛ ɔyarehwɛfo bepuee hɔ. Meka kyerɛɛ no sɛ ɔmfa m’anan ngu yiye, efisɛ na ahodwo. Ɔyɛɛ saa, na ɔde ade too me nan biako a emu nnompe abubu no so de n’atade fã bi kyekyeree sɛnea ɛbɛyɛ a mogya a ɛretu me no begyae. Wohuu me mpaboa sɛ ɛda nohoa a mogya ayɛ mu ma!
Nnipa a wɔretwam a na wonnim sɛ na mente kar mu no kɔɔ so bisaa me sɛ me kar wɔ he. Esiane sɛ na minnim baabi a wɔatwe m’ase akodu nti, na misusuw sɛ ɛbɛn me pɛɛ! Bere a nnuruyɛfo aboafo baa hɔ no, na wosusuw sɛ mewu. Enti wɔfrɛɛ polisifo a wɔhwehwɛ nsɛmmɔnedi mu, efisɛ sɛ obi de kar kum obi a, wobetumi abu no sɛ amumɔyɛde kɛse. Akyiri yi koraa, wɔkyeree nea na ɔka kar no. Wɔde ahama gyee beae hɔ sɛ baabi a wɔadi asɛmmɔne, na wogyee me kar no sii hɔ de yɛɛ adanse. Ná ɔfã biako apon abien no nyinaa atutu.
Ɔhaw a Mihyia
Afei bere a wɔde me duu baabi a wɔhwɛ wɔn a wɔahyia akwanhyia no, mekɔɔ so kae, bere a na wɔde ade ahyɛ m’ano de rema me mframa no mpo, sɛ: “Merennye mogya, merennye mogya. Meyɛ Yehowa Adansefo no mu biako!” Nea mekae ara ne sɛ wɔde akapɛ kɛse twaa m’atade akyi, na metee sɛ nuruyɛfo kuw no afi ase rehyɛ sɛ wɔnyɛ nneɛma bi.
M’ani so tetew me no, ɛyɛɛ me nwonwa sɛ mete ase. Ɛwɔ hɔ ara na mada, ɛwɔ hɔ ara na m’ani so atetew me. Bere biara a m’ani bɛte no, na meka kyerɛ m’abusuafo sɛ wɔnkɔbɔ awarefo a wɔne me suaa Bible no amanneɛ. Ná m’abusua ani nnye ho sɛ mabɛyɛ Ɔdansefo, enti wɔboapa maa wɔn “werɛ fii” sɛ wɔbɛka akyerɛ wɔn. Nanso mannyae ho asɛm ka—ɛkame ayɛ sɛ bere biara a m’ani bɛte no, na ɛno ne asɛm a edi kan a mibisa. Awiei koraa no, gyae a mannyae no sow aba, na da bi, bere a m’ani tee no, na wɔn na wogyina hɔ yi. Hwɛ sɛnea me ho tɔɔ me! Ná Yehowa nkurɔfo ahu baabi a mewɔ.
Nanso anigye a minyae no ankyɛ, efisɛ me mogya so fii ase tewee, na minyaa atiridii a emu yɛ den. Woyiyii nnompe a na wosusuw sɛ akɔfa yare no aba no, na wɔde nnade anan hyehyɛɛ me nan mu. Nanso ankyɛ na atiridii a emu yɛ den no san bae, na me nan yɛɛ tumm. Ná me nan no reporɔw, na na gye sɛ wotwa ansa na matumi anya nkwa.
Wɔhyɛ Me sɛ Minnye Mogya
Esiane sɛ na me mogya so atew koraa nti, na wosusuw sɛ wontumi nyɛ me oprehyɛn bere a wɔmma me mogya. Wɔtoo nsa frɛɛ nnuruyɛfo, ayarehwɛfo, m’abusuafo, ne me nnamfo dedaw sɛ wɔmmɛhyɛ me. Afei huhuhuhu fii ase wɔ me pon ano. Metee sɛ nnuruyɛfo no refa biribi ho adwene, nanso mante asɛm ko pɔtee. Anigyesɛm ne sɛ, adwene a na wɔrefa sɛ wɔbɛhyɛ me ama me mogya no twaa Ɔdansefo bi a na ɔrebɛsra me asom. Ntɛm ara na okohuu ɛhɔ Kristofo mpanyimfo no, ma wɔbɛboaa me.
Wɔbɔɔ adwene mu dɛmdi ho ɔyarehwɛfo bi paa sɛ ɔmmɛhwɛ sɛ m’adwene yɛ adwuma yiye a. Adwene ankasa a na ɛwɔ akyiri ne sɛ wɔde bebu me sɛ obi a n’adwene asɛe ma wɔatumi abu ani agu m’apɛde so. Saa nhyehyɛe yi anyɛ yiye. Afei wɔfrɛɛ ɔsɔfo bi a na n’ankasa agye mogya pɛn bae sɛ ɔne me mmɛkasa na minhu sɛ mfomso nnim sɛ megye mogya. Awiei koraa no, m’abusua de asɛm no kɔɔ asɛnnibea sɛ wɔmma wɔn tumi na wɔnhyɛ me mma me mogya.
Bɛyɛ anɔpa nnɔn abien no, nnuruyɛfo kuw, asɛnnibea kyerɛwfo bi, asɛnnibea krakye, mmaranimfo a wogyina ayaresabea no ananmu, ne ɔtemmufo bi baa me dan mu wɔ ayaresabea hɔ. Wɔde asɛnni no hyehyɛɛ so. Wɔammɔ me nkae biara, na na minni Bible, nni kasamafo, na na wɔama me nnuru pii a edwudwo yaw ano. Asɛnni no kowiee dɛn? Ɔtemmufo no ampene so sɛ asɛnnibea no mma wɔn tumi, na ɔkae sɛ n’ani abegye Yehowa Adansefo no nokwaredi ho asen bere bi a atwam no mpo.
Ayaresabea bi a ɛwɔ Camden, New Jersey, penee so sɛ wɔbɛhwɛ me. Esiane sɛ na asɛm no yɛ New York ayaresabea hɔ mpanyimfo no abufuw nti, wɔanyɛ me aduru biara, a nnuru a edwudwo yaw ano nso ka ho. Afei nso wɔampene amma helikopta a ɛrebɛfa me akɔ New Jersey ayaresabea hɔ no ansi. Anigyesɛm ne sɛ, minyaa me ti didii mu bere a wɔde me too ayaresabea kar bi akyi kɔe no. Wɔde me duu hɔ no na wɔkaa asɛm a ɛwɔ asɛm yi mfiase no: “Wubewu, wunim saa?”
Oprehyɛn—Wɔyɛ a Asɛm Mma Ho
Ná mayɛ mmerɛw araa ma oduruyɛfo bi na ɔboaa me ma mekyerɛw X wɔ krataa a mede penee so sɛ wɔnyɛ me oprehyɛn no so. Ná ɛsɛ sɛ wotwa me nan nifa besi me srɛ. Ɛno akyi no, me mogya nkwammoaa no so tew beduu 2, na nnuruyɛfo no suroe sɛ ebia m’amemene adi dɛm kɛse. Nea enti a ɛte saa ne sɛ bere a wɔteɛɛm guu m’asom sɛ, “Virginia, Virginia”—edin a na ɛwɔ me nkrataa so—no, manka me ho. Nanso bere a metee “Ginger, Ginger,” a wɔkaa no ketewaa bi bere bi akyi no, mibuee m’ani huu ɔbarima bi a na minhuu no da.
Ná Bill Turpin fi Yehowa Adansefo asafo a ɛwɔ New Jersey no biako mu. Ná wate din a me nnamfo de frɛ me Ginger—a na wɔde afrɛ me fi mmofraberem—no afi Adansefo a wɔwɔ New York no hɔ. Obisaa me nsɛm a metumi apa m’ani akyi de ayi ano, efisɛ na wɔde ade ahyɛ me hwene mu de rema me mframa a mintumi nkasa koraa. Obisaa me sɛ: “Wopɛ sɛ mekɔ so bɛsra wo, na meka wo ho asɛm kyerɛ Adansefo a wɔwɔ New York no?” Mepaa m’ani akyi bebree! Onua Turpin de ne ho too asiane mu wiaa ne ho baa me dan mu, efisɛ na m’abusuafo ahyɛ mmara sɛ wɔmmma Ɔdansefo biara mmmɛsra me.
Bere a medaa ayaresabea asram asia no, na nea mitumi yɛ ara ne da biara asetram nneɛma nketenkete te sɛ adidi ne me sẽ twitwi. Bere kɔɔ so no, wɔyɛɛ nan bi hyɛɛ me de nnade bi hyehyɛɛ ho, na na mitumi de poma nantenantew. Bere a mifii ayaresabea hɔ September 1986 san kɔɔ me fie no, oduruyɛfo boafo bi bɛtraa me ho wɔ fie asram asia anaa nea ɛte saa bio boaa me.
Mmoa a Efi Yɛn Onuayɛ no Mu Bae
Ansa na merekɔ fie mpo no, mifii ase huu mfaso a ɛwɔ so sɛ obi bɛyɛ Kristofo onuayɛ no fã ankasa. (Marko 10:29, 30) Ɛnyɛ me honam fam ahiade nko na anuanom mmarima ne mmea no dii ho dwuma, na mmom me honhom fam de nso. Ɛdenam wɔn mmoa a efi ɔdɔ mu so no, mitumi fii Kristofo nhyiamkɔ ase bio, na bere kɔɔ so no, mitumi yɛɛ nea wɔfrɛ no akwampae boafo som adwuma no mpo bi.
Nea na ɔreka kar no asɛm a wɔde kɔɔ asɛnnibea, a mpɛn pii no, anyɛ yiye koraa no, edi mfe anum ansa na wɔde ahyɛ da mpo no, yɛ nea wodi wiei wɔ asram kakraa bi mu—na ɛyɛɛ me mmaranimfo no nwonwa. Sika a minya fii ɛka a wɔbɔɔ no mu no ma mitumi tu kɔtraa fie bi a ɛhɔ tra nyɛ den mu. Afei nso metɔɔ kar kɛse bi a nea wɔde pagya mmubuafo akongua wom a nneɛma a ɛma kar no kɔ no yɛ nea wɔde nsa na emiamia so. Enti, wɔ 1988 mu no, mebɛyɛɛ daa ɔkwampaefo, a anyɛ yiye koraa no, mede nnɔnhwerew 1,000 yɛɛ asɛnka adwuma afe biara. Wɔ mfe a atwam no mu no, mayɛ adwuma wɔ North Dakota, Alabama, ne Kentucky amansin no mu nsasesin mu. Mede me kar kɛse no atwa kilomita bɛboro 150,000, a mede emu fã kɛse no ara yɛɛ Kristofo som adwuma no.
Manya osuahu pii a ɛyɛ anika wɔ me moto a n’anan yɛ abiɛsa a anyinam ahoɔden na ɛde yɛ adwuma no dwumadi mu. Mede abu afa so mprenu bere a na me ne ahwɛfo akwantufo yerenom reyɛ adwuma. Bere bi a mewɔ Alabama no, midii mfomso susuwii sɛ metumi de abɔ atra taka bi, na mekɔhwee fam maa atɛkyɛ guaree me. Nanso, serew a mekɔ so serew me ho ne asɛm a memma ɛnhaw me pii no aboa me ma makura adwempa mu.
Anidaso a Enni Huammɔ Bi Wowaw Me
Ɛtɔ mmere bi a na ɔyare ho nsɛnnennen reyɛ abu afa me so. Mfe kakra a atwam ni no, mede akwampae adwuma no too hɔ mprenu esiane sɛ ɛyɛɛ te sɛ nea ɛho hia sɛ wotwa me nan biako a aka no nti. Asiane a ɛwɔ hɔ sɛ mɛhwere me nan no ho asɛm taa sɔre seesei, na mfe anum a atwam ni no, maka mmubuafo akongua mu koraa. Wɔ 1994 mu no, me nsa mu bui. Ná mihia mmoa wɔ aguare, ntadehyɛ, aduannoa, ne afisiesie mu, na na mihia mmoa na matumi akɔ baabiara. Nanso, esiane anuanom mmoa nti, mitumi toaa so yɛɛ akwampae adwuma no wɔ tebea a emu yɛ den yi mu.
Mifi me mmofraberem ahwehwɛ nea ayɛ te sɛ anigyede ahorow, nanso seesei mahu sɛ anigye mmere paa no wɔ yɛn anim. Ahotoso a mewɔ sɛ Onyankopɔn bɛsa mprempren nyarewa nyinaa wɔ ne wiase foforo a ɛrebɛn ntɛmntɛm mu no ne ade a ɛma ɛyɛ me anigye sɛ mete nkwa mu nnɛ. (Yesaia 35:4-6) Wɔ saa wiase foforo no mu no, m’ani da so sɛ me ne bonsu ahorow beguare, ne gyata ne ne mma anantew mmepɔw so, na mayɛ biribi a ne yɛ nyɛ den koraa te sɛ mpoano nantew. Sɛ meyɛ ho mfonini sɛ mereyɛ nneɛma a Onyankopɔn bɔɔ yɛn sɛ yennya mu anigye no nyinaa wɔ saa Paradise asase no so a, m’ani gye.—Sɛnea Ginger Klauss ka kyerɛe.
[Kratafa 21 mfonini]
Bere a na mintumi ntwe me ho mfi kyakyatow ho no
[Kratafa 23 mfonini]
Onyankopɔn bɔhyɛ ahorow no wowaw me