Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g97 5/8 kr. 26-27
  • Yɛyɛ Nnamfo a Wontumi Ntetew Yɛn Ntam

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Yɛyɛ Nnamfo a Wontumi Ntetew Yɛn Ntam
  • Nyan!—1997
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • M’ani Afura, Nanso Mihu Ade
  • Wɔhyɛɛ Da Tetee No
  • Nea Tracy Yɛ Ma Me
  • Ntease Ho Hia
  • “Misusuwii sɛ Mogya a Wɔtwe gu Obi mu Yɛ Nkwa, Ɛnyɛ Owu”
    Nyan!—1988
  • Sɛnea Migyina Dodowpo Ano
    Nyan!—1998
  • Akraman—So Wɔyɛ Nnipa Nnamfo a Wɔsen Biara Bere Nyinaa?
    Nyan!—1985
  • Minyaa ‘Nea Me Koma Pɛ’
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2005
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1997
g97 5/8 kr. 26-27

Yɛyɛ Nnamfo a Wontumi Ntetew Yɛn Ntam

TRACY yɛ ɔkraman a ɔkyerɛ me kwan, Ɔkraman tuntum a wadi mfe du. Esiane ɔno nti mitumi kɔ baabiara. Ɔyɛ me hokafo, na ɔkyekye me werɛ nso. Enti ɛnyɛ nwonwa koraa sɛ mabɛdɔ no yiye na yɛayɛ nnamfo a wontumi ntetew yɛn ntam.

Ɛtɔ da bi a, nnipa fom a wɔnhyɛ da wɔ ɔkwan a Tracy renyɛ saa da so. Sɛ nhwɛso no, da bi, na magyaw Tracy wɔ fie ne m’adamfo bi nam. Ná yɛredi nkɔmmɔ anigye so bere a mpofirim ara mehwee ase. Ná m’adamfo no werɛ afi sɛ meyɛ onifuraeni, na wanka ankyerɛ me sɛ ɔbo bi da hɔ. Sɛ na Tracy ka me ho a, anka eyi remma.

Da bi, Tracy gyee me nkwa ankasa. Ná menam kwan bi so bere a mpofirim ara, hyɛn bi fii ase gyee nsam a na ɛreba baabi a mewɔ no. Metee ne su, nanso nokwarem no, na mintumi nhu baabi a ani kyerɛ. Tracy huu asiane no tee ase, na ntɛm ara opiaa me gyinaa yiye.

M’ani Afura, Nanso Mihu Ade

Wɔwoo me onifuraeni wɔ 1944 mu wɔ Sweden kesee fam. Wɔde me kɔtoo mmofra anifuraefo sukuu mu, baabi a misuaa Anifuraefo nkyerɛwee ne n’akenkan. Nnwonto bɛyɛɛ m’asetra mu ade titiriw, ɛnkanka sankubɔ. Bere a miwiee ntoaso sukuu no, metoaa so suaa kasa horow ne nnwonto wɔ Göteborg Sukuupɔn mu.

Nanso, m’asetra sesae koraa bere a Yehowa Adansefo baanu bi baa me fie wɔ sukuupɔn mu hɔ no. Ankyɛ na mifii ase kɔɔ Adansefo no nhyiam horow, na mifii ase kaa nea na meresua no ho asɛm kyerɛɛ afoforo mpo. Wɔ 1977 mu no, mede nsu mu asubɔ yɛɛ m’ahosohyira ma Yehowa Nyankopɔn no ho sɛnkyerɛnne. Ɛwom sɛ na m’ani afura wɔ honam fam de, nanso ɛdenam Onyankopɔn Asɛm a misuae so no, na me nsa aka biribi a ɛsom bo koraa—honhom fam aniwa.

Ɛnnɛ, misusuw sɛ miye sen wɔn a wotumi hu ade honam fam nanso wɔn ani afura honhom fam no koraa. (Fa toto Yohane 9:39-41 ho.) Ɛyɛ me anigye sɛ mitumi de m’adwene hu Onyankopɔn wiase foforo no a sɛnea ne bɔhyɛ te no, anifuraefo behu ade—yiw, baabi a wɔbɛsa nyarewa nyinaa, ne baabi a wobenyan awufo mpo no, pefee!—Dwom 146:8; Yesaia 35:5, 6; Asomafo no Nnwuma 24:15.

Ɛwom sɛ menwaree na m’ani afura honam fam de, nanso esiane sɛ Tracy ka me ho sɛ yɔnko nokwafo nti, mitumi yɛ biribiara pɛpɛɛpɛ. Ma menka sɛnea ɔboa me ma meyɛ me honam fam adwuma ne me som adwuma sɛ Yehowa Adansefo no mu biako no ho asɛm. (Mateo 24:14; Asomafo no Nnwuma 20:20; Hebrifo 10:25) Nanso nea edi kan no, ma menka Tracy ankasa ho asɛm kakra.

Wɔhyɛɛ Da Tetee No

Bere a Tracy dii asram awotwe pɛ no, wɔsɔɔ no hwɛe sɛ ebia ɔbɛfata sɛ ɔkraman kwankyerɛfo anaa. Ná odwo, na ɛyɛ mmerɛw sɛ wɔbɛkyerɛ no ade, na na dede a ɛba mpofirim mmɔ no hu. Enti, wodii kan maa ɔne abusua bi kɔtrae bere bi de suaa sɛnea abusua asetra te ankasa. Akyiri yi, bere a onyinii no, wɔde no kɔɔ nkraman akwankyerɛfo ntetee sukuu.

Wɔ saa sukuu yi mu no, Tracy suaa sɛnea ɔbɛyɛ nea wɔhwehwɛ fi ɔkraman kwankyerɛfo hɔ, a ɛne sɛ ɔbɛboa obi a ɔbɛyɛ ne wura daakye ma wahu apon, atrapoe, abobow ne akwan. Osuaa sɛnea wɔnantew akwan a ɛso yɛ hyew so ne sɛnea wotwa kwan mu nso. Wɔsan kyerɛɛ no sɛnea odu baabi a ɔbo bi da a, obegyina, sɛnea wɔkyerɛ obu ma kar nkyereso ho nsɛnkyerɛnne, ne sɛnea wɔtwe wɔn ho fi akwanside a ɛyɛ hu ho. Wɔtetee no bɛyɛ asram anum akyi no, na otumi yɛ adwuma. Saa bere no na wɔde Tracy brɛɛ me.

Nea Tracy Yɛ Ma Me

Anɔpa biara, Tracy nyan me fi mpa so sɛnea ɛbɛyɛ a metumi ama no aduan. Afei yɛyɛ ahoboa kɔ adwuma. Yɛde bɛyɛ simma 20 na ɛnantew fi yɛn fie kɔ m’adwumam. Nokwarem no, minim kwan no, nanso Tracy adwuma ne sɛ ɔbɛboa ma makɔ hɔ a mempempem kar, nnipa, kanea nnua, anaa biribi foforo biara. Sɛ yedu a, ɔda me pon ase. Afei, sɛ edu adidibere awia a, yɛkɔnantenantew.

Edu anwummere na sɛ yefi adwuma ba fie a, yɛn da no mu fã a ɛsen biara no fi ase. Eyi ne bere a Tracy kyerɛ me kwan kɔ afie afie kɔyɛ asɛnka adwuma, ne afie a meyɛ Bible adesua wɔ mu no. Nnipa pii ani gye ne ho, wosuso ne mu de wɔn nsa fefa ne ho, na ɛtɔ da bi a, wɔma me aduan a ɛyɛ dɛ ma no. Yɛkɔ Kristofo nhyiam horow dapɛn biara nso. Sɛ yɛpɔn a na mmofra no kyia Tracy de wɔn nsa fefa ne ho sɛnea n’ani begye kɛse.

Minim sɛ Tracy yɛ ɔkraman kɛkɛ na obewu da bi. Ɛno kyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ minya ɔkraman kwankyerɛfo foforo bere bi akyi. Nanso, mprempren de, yɛyɛ kuw na yehia yɛn ho yɛn ho. Sɛ Tracy nni hɔ a, minhu nea menyɛ, na sɛ ontumi nkyerɛ me kwan a, ɔbɔ hu na ɔyɛ basaa.

Ntease Ho Hia

Anwonwasɛm ne sɛ, ɛtɔ mmere bi a, nkurɔfo bɔ mmɔden sɛ wɔbɛtetew yɛn ntam. Wobu Tracy sɛ ɔkraman kɛkɛ anaa aboa bi a mepɛ n’asɛm, na wɔnte yɛn abusuabɔ a emu yɛ den no ase. Ehia sɛ saa nkurɔfo yi te ase sɛ Tracy wɔ hɔ ma me sɛnea mmubuafo agua wɔ hɔ ma obubuafo no. Yɛn ntam a wɔbɛtetew no te sɛ m’ani a wobetutu.

Dodow a afoforo te abusuabɔ a ɛda me ne Tracy ntam ase no, dodow no ara na yɛn haw ahorow so bɛtew. Sɛ nhwɛso no, mmubuafo agua yɛ nea wɔkyerɛ ho anisɔ ntɛm ara, nanso awerɛhosɛm ne sɛ, ɛnte saa wɔ ɔkraman kwankyerɛfo ho bere nyinaa. Nnipa bi suro nkraman, na ebinom nso mpɛ wɔn asɛm kɛkɛ.

Asɛm bi a ɛwɔ nhomawa bi a Sweden Anifuraefo Fekuw no yɛe mu no boa kɛse. Ɛka sɛ: “Ɔkraman kwankyerɛfo yɛ mmoa a edi mu ma onifuraefo. Yiw, nea ɛsen saa. Ɔyɛ mmoa a edi mu. . . . Ɔyɛ adamfo a ɔrenni wo huammɔ da.”

Nokwarem no, Tracy yɛ m’aniwa wɔ sum mu, na ɔboa me ma mitumi yɛ nneɛma pɛpɛɛpɛ mprempren. Nanso, migye di sɛ ɛrenkyɛ, wɔ Onyankopɔn wiase foforo a wahyɛ ho bɔ mu no, metumi ahu abɔde a ɛyɛ hu ne nwonwa no nyinaa. Enti, merebɔ mmɔden seesei sɛ mɛkɔ so ahu ade wɔ honhom fam.

Enti, bere a Tracy ti da me srɛ so yi, yɛayɛ krado mprempren sɛ yebetie Ɔwɛn-Aban nsɛmma nhoma a aba foforo a wɔakyere agu kasɛt so no.—Sɛnea Anne-Marie Evaldsson ka kyerɛe.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena