Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g98 3/8 kr. 19-21
  • Sɛnea Migyina Dodowpo Ano

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Sɛnea Migyina Dodowpo Ano
  • Nyan!—1998
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Adwempa a Minya so Akatua Ahorow
  • Sɛnea Afoforo Betumi Aboa
  • Ɔsom Hokwan Akɛse a Minya
  • Nyan! Bisabisa Kasa Ho Ɔbenfo Bi Nsɛm
    Nyan!—1987
  • Dodowpo Ho Suro Ase a Yɛbɛte
    Nyan!—1998
  • Ɔdodowpofo Haw No A Wobɛte Ase
    Nyan!—1987
  • Ɔmpo Dodow Bio!
    Nyan!—1998
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1998
g98 3/8 kr. 19-21

Sɛnea Migyina Dodowpo Ano

Sɛnea Sven Sievers ka kyerɛe

MAPO dodow fi me mmofraase pɛɛ. Sɛ mehwɛ m’akyi a, m’ani sɔ sɛnea m’awofo di ɔhaw no ho dwuma no. Wɔbɔ mmɔden bere nyinaa sɛ sɛ mepo so a wɔde wɔn adwene besi nea mepɛ sɛ meka no so mmom sen sɛ wɔbɛteɛ sɛnea mekasa no. Sɛnea ɔkasa ho ayaresafo kyerɛ no, awofo a wɔtwe adwene si wɔn ba dodowpo so bere nyinaa no betumi ama ɔhaw no ayɛ kɛse.a

Me maame bɛyɛɛ Yehowa Adansefo no mu biako bere a na madi mfe abiɛsa. Bere a miduu mpanyin afe so no misii gyinae sɛ medi ne nhwɛso akyi, na wɔboaa me ma misuaa Bible no yiye. Wɔbɔɔ me asu sɛ Onyankopɔn somfo a wahyira ne ho so wɔ Neumünster, Germany, ɔmantam nhyiam ase wɔ July 24, 1982. Akyiri yi, mekɔtraa South Africa, baabi a mekɔɔ so de me ho hyɛɛ asɛnka adwuma a wɔahyɛ nokware Kristofo nyinaa sɛ wonnya mu kyɛfa no mu. (Mateo 28:19, 20) Ebia wobɛka sɛ, sɛ́ ɔdodowpofo no, meyɛ dɛn tumi yɛ eyi?

Adwempa a Minya so Akatua Ahorow

Ɛsɛ sɛ migye tom sɛ ɛtɔ mmere bi a ɛyɛ den ma me sɛ mekura adwempa mu, nanso mahu sɛ adwempa a minya no boa me yiye. Nokwasɛm ne sɛ ɛkame ayɛ sɛ mitumi di nkitaho bere nyinaa. Sɛ mankasa a, menam nsɛm a mekyerɛw anaa Bible ho nhoma a mede kyerɛ afoforo kɛkɛ so ne wɔn di nkitaho. Adwempa a minya boa me ma midi yɛ a ɛyɛ den ma me sɛ mefi nkɔmmɔbɔ ase no so. Mebɔ mmɔden ma me nnianim nsɛm yɛ ntiatiaa. Mema ofiewura no kasa pii sɛnea obetumi wɔ nkɔmmɔbɔ no mfiase. Nkurɔfo pɛ sɛ wɔkasa, na eyi ma mitumi hu wɔn nsusuwii. Afei, meka nneɛma a wɔn ani gye ho no ho asɛm de toa nkɔmmɔbɔ no so, na misi Bible mu asɛm no so dua. M’adwene a mede si nea wɔka so no boa me ma me werɛ fi me kasa ho haw no, na mempo so ahe biara.

Adwempa a minya nso boa me ma mekasa wɔ Kristofo nhyiam horow ase. Mahu sɛ dodow a mede me ho hyɛ Bible nkɔmmɔbɔ mu no, dodow no ara na atiefo ne nea ɔhwɛ so no te me ase, na wotie nea meka no mmom sen sɛ wobetie sɛnea mereka no no.

Sɛ medi nkonim na m’ani agye a, ɛsɛ sɛ mekɔ so bɔ me ho mmɔden. Eyi remma minsu me ho mmɔbɔ na mammɛyɛ obi a menka me ho nkɔ nnipa ho. Mebɔ ho mmɔden bere nyinaa sɛ merensu me ho mmɔbɔ. Wɔaka sɛ sɛ obi fi pɔnkɔ so hwe fam a, ehia sɛ ɔsan kɔtra pɔnkɔ no so sɛnea ɛbɛyɛ a ɔrenhwere ahotoso a ɔwɔ no. Enti sɛ asɛm hini me koraa ma migyae kasa bere a merema mmuae a, mebɔ mmɔden sɛ mɛsan atra pɔnkɔ no so denam mmuae a mema bere a edi hɔ a menya hokwan no.

Sɛnea Afoforo Betumi Aboa

Sɛ ɛsɛ sɛ mekasa wɔ telefon so anaa mibisa ahɔho nsɛm bi a, m’ani sɔ mmoa a wɔde ma me wɔ anifere so no. Nanso nnipa bi yɛ ade ma ɛtra so wɔ ɔpɛ a wɔwɔ sɛ wɔbɛboa no mu, na wɔne me di nsɛm te sɛ abofra a ontumi nsisi gyinae.

M’ani sɔ mmoa a me yere a ɔwɔ dɔ, Tracy, de ma me no. Ansa na obedi dwuma sɛ ‘m’ano’ no, yesusuw tebea no ho kɔ akyiri, na onim nea mepɛ sɛ meyɛ. (Fa toto Exodus 4:10, 14, 15 ho.) Saa kwan no so no, ɔkyerɛ obu ma me sɛ ne kunu, na ɔma mete nka sɛ meda so ara di mankasa m’asetra so.

Teokrase Ɔsom Sukuu yɛ mmoa kɛse foforo. Asuafo no nya Bible akenkan mu kyɛfa wɔ dapɛn dapɛn asafo nhyiam yi ase, na wɔma ɔkasa ntiatiaa a egyina Bible mu nsɛm so. Me ho dwiriw me sɛ mihu sɛ mpɛn pii no mitumi kenkan na mekasa yiye wɔ atiefo anim. Sɛ mamfa me din anhyɛ sukuu no mu a, ebia anka merenhu da sɛ metumi ayɛ eyi.

Sɛ meyɛ dwumadi ahorow wɔ Teokrase Ɔsom Sukuu no mu na nea ɔhwɛ so no de n’adwene si nea mekae no so, na ɛnyɛ sɛnea mekaa no a, ɛhyɛ me nkuran yiye. Manya Theocratic Ministry School Guidebookb no so mfaso kɛse, ɛwom sɛ nhoma yi afã bi wɔ hɔ a ɛyɛ den kɛse ma wɔn a wɔpo dodow no sen wɔn a wɔn ano atew de. Sɛ nhwɛso no, ɛtɔ mmere bi a, esiane sɛ mepo so pii nti, mintumi nwie me kasa no wɔ bere a wɔde ama me no mu. Nanso, sɛ nea ɔhwɛ so no ka nneɛma a mitumi di ho dwuma ho asɛm a, ɛhyɛ me nkuran yiye.

Ɔsom Hokwan Akɛse a Minya

Bere bi a atwam no, minyaa hokwan yɛɛ baguam akenkan wɔ Kristofo nhoma a yesua wɔ yɛn asafo nhyiam ahorow ase no mu. Minyaa hokwan nso hwɛɛ adesua no so bere a na ɔsomfo biara a ɔfata nni hɔ no, na ɛnnɛ mehwɛ so daa. Ɛwom sɛ mfiase no na misuro de, nanso Onyankopɔn aboa me ma mayɛ nnwuma a ɛte saa no.

Nanso, mfe pii ni no, na ɛyɛ den sɛ menya hokwan ahorow akenkan na makyerɛkyerɛ wɔ asafo no asɛnka agua so. Na ntease wɔ eyi mu, efisɛ mmere bi wɔ hɔ a na egye bere pii ansa na matumi aka biribi a wɔbɛte ase. Enti mede m’ahoɔden dii nnwuma foforo ho dwuma kosii ase. Nea edi kan no, mesomee sɛ ɔboafo hwɛɛ Ɔwɛn-Aban ne Nyan! nsɛmma nhoma a asafo no nsa ka no so. Afei, bere a wɔpaw me asafo mu ɔsomfo no, mehwɛɛ Bible, nhoma, ne nhoma afoforo so. Akyiri yi, wɔmaa me dwumadi sɛ menhwɛ asasesin nkratasin a wɔde di dwuma wɔ yɛn baguam asɛnka mu no so. M’adwene a mede sii saa dwumadi ahorow yi so, bɔɔ mmɔden sɛ mɛyɛ no yiye no, maa minyaa anigye kɛse.

Mfe awotwe a atwam ni no, me ne Tracy asom sɛ bere nyinaa asɛmpakafo nso. Akyinnye biara nni ho sɛ Yehowa aboa me wɔ eyi mu nso. Nokwarem no, ɛtɔ mmere bi a midwen ho sɛ ebia Yehowa de me mmerɛwyɛ a ɛne dodowpo no di dwuma anaa. Nnipa baanum a manya hokwan aboa wɔn ma wɔabɛyɛ Kristofo a wɔahyira wɔn ho so no mu baanu yɛ adodowpofo.

Mede anigye da so ara kae da a wɔpaw me sɛ mensom sɛ asafo mu ɔpanyin no. Ɛwom sɛ mintumi nkyerɛkyerɛ pii wɔ asɛnka agua so de, nanso mebɔ mmɔden sɛ mede m’adwene besi afoforo a mɛboa wɔn sɛ ankorankoro no so. Dodowpo nsiw Kyerɛwnsɛm mu nhwehwɛmu a metumi ayɛ de aboa asafo no mufo a wɔrehyia ɔhaw ahorow a anibere wom no kwan.

Mfe anum a atwam ni no, wɔato nsa afrɛ me ma mama ɔkasa ahorow pii. Sɛ ɔkasa ahorow a mema wɔ Teokrase Ɔsom Sukuu mu no da nkyɛn a, matumi adi nkaebɔ ntiantiaa ho dwuma wɔ asafo nhyiam afoforo ase. M’ano tewee nkakrankakra. Nanso mesan kɔɔ tebea a enye koraa mu. Mede ahoyeraw susuwii sɛ, ‘wɔremma me dwumadi biara bio,’ nanso nea ɛyɛɛ me nwonwa no, na me din wɔ dwumadi nhyehyɛe a edi hɔ no mu! Yɛn asafo no hwɛfo guamtrani no kae sɛ sɛ asɛm no hini me a mintumi ntoa so a, menhwɛ no kɛkɛ na ɔbɛba asɛnka agua no so abɛtoa so. Mede nhyehyɛe a ofi ɔdɔ mu yɛe yi dii dwuma pɛnkoro anaa mprenu, nanso menyɛ saa nnansa yi. Bere a mekasa yɛɛ yiye no, wɔmaa me dwumadi atenten, a baguam kasa ahorow ka ho. Mihuu nkɔso a manya no yiye nnansa yi, bere a wɔtoo nsa frɛɛ me ma mikonyaa kyɛfa wɔ Yehowa Adansefo mansin nhyiam ase ɔyɛkyerɛ abien mu no.

Nokwarem ni, mente nea enti a mekasa ayɛ yiye no ase nwie. Afei nso, ebetumi asɛe bio akyiri yi. Nokwarem no, bere a ɛte sɛ nea manya nkɔso ankasa wɔ me kasa mu wɔ asɛnka agua so no, makɔ tebea horow a enye mu bere a merekasa kyerɛ nnipa mmiako mmiako no. Enti eyi nkyerɛ sɛ madi dodowpo so nkonim. Sɛ mesan kɔ tebea a enye mu a, mebɔ mmɔden sɛ mɛkae me ho sɛ ɛsɛ sɛ migye me sintɔ ahorow tom na me ne ‘Onyankopɔn anantew ahobrɛase mu.’—Mika 6:8.

Nea ɛbɛba daakye biara no, mɛkɔ so abɔ me ho mmɔden, a minim sɛ Onyankopɔn wiase foforo a ɛreba no mu no, wobedi dodowpo so koraa. Bible ka sɛ: ‘Dodowpofo tɛkrɛma bɛkasa turodoo a emu atew.’ Mewɔ awerɛhyem sɛ eyi bɛbam nokwarem wɔ honam fam ne honhom fam nyinaa, na mpo “mum tɛkrɛma ato dwom.”—Yesaia 32:4; 35:6.

[Ase hɔ nsɛm]

a Hwɛ asɛm “Dodowpo Ho Suro Ase a Yɛbɛte” a edi asɛm yi anim no.

b Watchtower Bible and Tract Society of New York, Inc., na wotintimii.

[Kratafa 21 mfonini]

Me ne me yere Tracy

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena