Bu Otu a Wubetu Ho Akontaa!
EFI NYAN! KYERƐWFO A ƆWƆ SOUTH AFRICA HƆ
WORESUSUW ho sɛ wubetu akɔtra ɔman foforo mu? Woabu ho akontaa? Yɛnkyerɛ sika fam akontaabu nko. Efisɛ, sika fam ahotɔ na ɛma nnipa dodow no ara tu kɔtra baabi. Yɛkyerɛ nea ɛwom a ɛnna adi, a sɛ wunya tu nkutoo a na wuhu no. Ebedu saa bere no na aka akyiri dodo sɛ wobɛsan w’akyi. Ɛnyɛ sɛ yɛde nsɛm a edidi so yi retu wo koma, nanso mfaso wɔ so sɛ wubesusuw ho:
“Kasa foforo sua gye ahobrɛase ne mmɔdenbɔ. Sɛ ɔpanyin bi hu sɛ mmofra nketewa mpo susuw sɛ watɔ mu esiane sɛ ɔnte wɔn kasa a, ɛyɛ yaw. Tĩ a wobɛkɔ so atĩ ma wɔaserew wo bere nyinaa wɔ wo mfomso ahorow ho no yɛ ade a ɛsɔ nnipa pii ahobrɛase hwɛ kɛse. Ahɔho a wontumi nka ɔman no kasa no te ankonamyɛ a enni ano nka.”—Rosemary, ɔsɛmpatrɛwfo bi a ɔwɔ Japan.
Ebia wususuw sɛ wote kasa no sɛnea ɛsɛ a wubetumi de atetew wo ho wɔ nneɛma mu. Nanso wugye di sɛ w’abusua mũ no nyinaa te no sɛnea ɛsɛ a ɛbɛma wɔn ani agye akwantu no ho?
Sɛ wɔhyɛ abusuafo bi ma wɔde amemenemfe tu kwan kɔtra baabi foforo a, dɛn nkɛntɛnso na ebenya wɔ wɔn so? Psychology of Women Quarterly nsɛmma nhoma no ka sɛ: “Mmea bi [a wofi Mexico] annya kwan ankyerɛ wɔn adwene wɔ gyinae a wosii sɛ wobetu akɔ baabi foforo no mu, na na wɔmpɛ sɛ wotu koraa, na na wɔmpɛ nso sɛ wɔkɔ so tra United States bere a wokoduu hɔ no.” Wɔ tebea a ɛtete saa mu no, hyɛ a wɔhyɛ wɔn ma wotu no betumi ama abusua mu apaapae. Na sɛ abusua ti no nkutoo tu kwan kɔ baabi foforo nso ɛ?
Wobu akontaa wɔ Population, Migration, and Urbanization in Africa nhoma no mu sɛ wɔ Afrika kesee fam akuraa bi ase no, “bere biara mmarima mpanyimfo a wotu” no boro ɔha biara mu 50. Saa akwantu yi betumi ama abusua no ahwere abotɔyam ne asomdwoe. Afei nso ɛde tebea a ebetumi ama aware mu ahokafo no agyae wɔn ho mu ama ɔbrasɛe ba. Hwɛ sɛnea ɛyɛ papa sɛ abusua no bɛbom atra, sɛ́ wosi gyinae sɛ wobetu kwan anaa wontu kwan no! Abusua mu biakoyɛ yɛ ade a sika ntumi ntɔ.
Afei nso, abusua mu nyiyim ho dadwen a emu yɛ den wɔ hɔ. Indiani tukɔfo bi ka sɛ: “Sɛ mamma England a, anka minhuu abusua mu nyiyim da. Saa ade no a [mihui] no haw me yiye. Ɛyɛɛ me ahodwiriw kɛse. Ná mepɛ sɛ mekɔ fie, na mekwati saa tebea no nyinaa.”—The Un-melting Pot.
Enti ansa na wubetu no, bisa wo ho sɛ: ‘Nneɛma foforo bɛn na yebetumi ayɛ de asi ananmu? Yɛrentumi nyɛ nsakrae horow wɔ fie? Tu a yebetu akɔtra ɔman foforo mu no so wɔ mfaso ankasa?’ Ebia na ɛte saa, ebi nso a na ɛnte saa, nanso ansa na wubesi gyinae no, susuw afotu pa a efi Yesu hɔ yi ho: “Mo mu hena na ɔpɛ sɛ ɔto abantenten, na ɔrentra ase mmu ho akontaa ansa sɛ ɔwɔ nea ɔde betumi awie?”—Luka 14:28.