Amamfrafo—Dɛn Nti Na Wotu Kɔtra Ɔman Foforo So?
OBIARA ntumi nhu asiane ahorow a yehyia wɔ Wiase aman a Wɔto so Abiɛsa no mu. . . ne amane a yɛrehu wɔ ha bere a yɛrebɔ mmɔden sɛ yɛbɛma asi yɛn yiye na yɛahwɛ yɛn mmusua a yɛagya wɔn wɔ akyi no.” Saa na Elizabeth, Afrikani otubrani bi kyerɛw kɔmaa National Geography nsɛmma nhoma no samufo. Ne nsɛm yi da ade titiriw nti a nnipa ɔpepem pii wɔ ɔpɛ no sɛ wobefi wɔn ankasa asase so akofi asetra foforo ase wɔ ɔman foforo bi so no adi.
Ɛwom, otubrani biara nim nea enti a otu kɔtra ɔman foforo bi so. Ebia ebinom a wɔte sɛ ɔbea a yɛaka ne ho asɛm wɔ atifi hɔ no tu kɔtra ɔman foforo so na ama wɔakwati asetra a emu yɛ den a ɛwɔ wɔn ankasa man mu no. William Hance kyerɛkyerɛɛ mu wɔ ne nhoma Population, Migration, and Urbanization in Africa no mu sɛ nneɛma te sɛ nyarewa, nkoekoemmoa bebree a wɔaba man no mu, asase a entumi mma nnɔbae, ɔpɛ, nsuyiri, ɔkɔm, ɔko, mmusuakuw ntam akameakamedi ne nneɛma atitiriw a ama nnipa pii atu afi Afrika no. Asase yi afa afoforo a tebea horow a anibere wom kɔ so wɔ hɔ no abɛyɛ mmeae a nnipadɔm fi tu kɔtra ɔman foforo so.
Nanso, nnipa asetra mu nsɛm ho animdefo ahu sɛ ɔpɛ a wɔwɔ sɛ wobeguan asetra a emu yɛ den no yɛ nneɛma a ɛma wotu kɔtra ɔman foforo so nnɛ no fã bi pɛ.
Nea Epiapia Nkurɔfo ne Nea Ɛtwetwe Wɔn
Aman a ɛma wonya hokwan a eye wɔ asetra mu ho anigye a wonya nso yɛ ade a emu yɛ den a ɛkanyan wɔn ma wotu kwan. Eyi ne ɔpɛ a wɔwɔ sɛ wobeguan afi tebea bɔne ahorow mu no na epiapia nkurɔfo twetwe wɔn. Ɔman a obi fi mu no mu amanehunu ahorow piapia no, na amannɔne mfaso horow no twetwe no ma otu. Fa Nguyen Van Tue, Vietnamni oguanfo a ɔwɔ Japan no asɛm sɛ nhwɛso. Ɛwom sɛ Nguyen huu amane bebree bere a ɔregyina ɔhɔho a wayɛ no ano de, nanso ogye tom sɛ: “Manya akomatɔyam. Me ne m’abusua na ɛte, na yɛte nkwa mu a yɛwɔ apɔwmuden wɔ ɔman a ɛwɔ ahofadi ne asomdwoe mu.”
Sika ho anigye yɛ nneɛma a emu yɛ den a ɛhyɛ nkurɔfo nkuran ma wotu kɔtra ɔman foforo so no mu biako. Ɔreka Italiafo a wɔte Enyiresi kurow bi mu ho asɛm no, nhoma kyerɛwfo John Brown kae wɔ ne nhoma The Un-melting Pot no mu sɛ: “Wɔn botae bere nyinaa ne sɛ wobenya sika.” Ɔde kaa ho sɛ wɔnam “adwumaden a wɔyɛ na wɔyɛ no yiye so” na wɔyɛ eyi. Sɛ obi hwehwɛ aman horow mu adwumayɛfo akatua mu nsonsonoe kɛse no mu a, ɛsɛ sɛ ɔhwɛ kwan sɛ nkurɔfo betu akɔtra ɔman foforo so. Ɛreka Mexicofo adwumayɛfo a wɔwɔ United States ho asɛm no, National Geography da no adi sɛ “dɔnhwerew biako adwuma akatua wɔ [U.S.] ɔhye no anaafo no yɛ ho akatua a wogye wɔ United States mu nkyem anum mu biako kosi du mu biako.”
Twe a Abusua no Nnamfo Twe Wɔn
Nokwarem no, ebinom tu sɛnea ɛbɛyɛ na wɔabɛn mmusua ne nnamfo a wɔadi wɔn anim kan no ara kwa. Sɛ nhwɛso no, Soviet Yudafo pii atu akɔtra Israel efisɛ wɔte nka sɛ wɔwɔ ahobammɔ wɔ dodow mu. Na ebinom mpo asiesie wɔn ho sɛ wɔbɛtra Israel West Bank a basabasayɛ rekɔ so wɔ hɔ no.
Nnamfo ne abusuafo nkuranhyɛ a wɔde ma no ma bebree tu kɔtra ɔman foforo so. Wɔakamfo Australia akyerɛ nnipa bebree a wɔpɛ sɛ wotu kɔtra ɔman foforo so no. Mprempren ɛkame ayɛ sɛ ɛhɔnom nnipa a wɔyɛ ahɔho no adu ɔha biara mu nkyem 22.
Bere a Barbados otubrafo bi fi United States kɔɔ nsrahwɛ no, ɔka kyerɛɛ n’adamfo bi sɛ: “Wodwen sɛ wo ho [tɔ] wo wɔ ha,” nanso ɔkae sɛ n’adamfo no “resɛe . . . bere” sɛ ɔda so ara te supɔw no so.
Mfe pii akyi no, n’adamfo no gye tom sɛ saa nsɛm yi na amma n’ani annye hɔ tra ho ma awiei koraa no otu fii hɔ no. Mpɛn pii no awerɛhosɛm ne sɛ asetra no fã a ɛyɛ dɛ no nkutoo ho asɛm na wɔka kyerɛ obi a ɔpɛ sɛ otu kɔtra ɔman foforo so no. Ron, aberante bi a otu fii South Africa kɔtraa Canada na waguan basabasayɛ a ɛrekɔ so wɔ hɔ no kae sɛ: “Nnamfo ne abusuafo taa ka nneɛma akɛse no nyinaa ho asɛm kyerɛ wo. . . na wofi ntease pa mu pow sɛ wɔbɛka nea enye wom no ho asɛm.”
Ɛmfa ho sɛ dɛn na ɛkanyan obi ma otu no, nea ɛtaa ba ne sɛ ɔmamfrafo no hu amane kɛse. Bere a wɔte akwantu no mu haw ahorow nyinaa ase yiye no, ebinom nya ɔpɛ a emu yɛ den sɛ wɔbɛsan akɔ wɔn akyi. Enti ɔkwan bɛn so na ɔhɔho no betumi atra ɔman foforo no mu bere a ɔrebɔ mmɔden agyina anigyina, abusua a emu atetew, ɔman foforo mu asetra ho dadwen, kasa mu nsonsonoe ne ɛho ɔhaw ahorow bebree no ano?
[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 18]
Sika ho anigye yɛ nneɛma a emu yɛ den a ɛma wotu kɔtra ɔman foforo so no mu biako
[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 18]
“Manya akomatɔyam. Me ne m’abusua na ɛte na yɛte nkwa mu a yɛwɔ apɔwmuden wɔ ɔman a ɛwɔ ahofadi ne asomdwoe mu.”—Vietnamese a ɔte Japan
[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 19]
Sɛ obi hwehwɛ aman ahorow mu akatua mu nsonsonoe kɛse no mu a, ɛsɛ sɛ ɔhwɛ kwan sɛ nkurɔfo betu akɔtra ɔman foforo so
[Kratafa 19 mfonini]
Wɔ ɔmamfrani foforo fam no, ɛte sɛ nea biribiara yɛ foforo na ɛyɛ den