‘Nkwaa a Ɛbom Yɛ Adwuma Ma Ɛyɛ Anigye’
EFI NYAN! KYERƐWFO A ƆWƆ SOUTH AFRICA HƆ
ƆKWAN a onipa fa so kasa no yɛ nwonwa. Ntini bɛyɛ 100 a ɛwɔ koko, menewa, apantan, tɛkrɛma, ne ano mu na ɛyɛ adwuma bom ma yenya nnyigyei ahorow pii no. Nhama nketewa ɔhaha ne mpempem pii na ɛbom yɛ ntini biako. Amemene ntini pii na ɛma saa nhama a ehia na ntini a ɛwɔ mmirikatufo nan mu ayɛ adwuma no mu yɛ den. Amemene ntini biako pɛ yɛ nea ebetumi ama anantu ntini mu nhama 2,000 no mu biara ayɛ adwuma. Nea ɛne no bɔ abira no, menewa ntini mu nhama bɛyɛ abien anaa abiɛsa pɛ na amemene ntini betumi de ayɛ adwuma.
Asɛmfua anaa asɛntiaa biara a woka no ma ntini no yɛ adwuma ɔkwan soronko so. Wɔakora nsɛm biara a ehia na wode aka asɛm te sɛ “Wo ho te dɛn?” no so wɔ w’amemene no fã a ɛyɛ kasa ho adwuma no mu. So eyi kyerɛ sɛ w’amemene no de ntini nhyehyɛe a ɛda nsow a edi dwuma nkakrankakra na ɛnyɛ fakaa no na ɛka asɛmfua anaa asɛntiaa biara? Dabi. Ɔkasa tumi horow no yɛ nwonwa sen saa koraa. Sɛ nhwɛso no, ebia na kuru wɔ w’anom a ɛmma wuntumi mmɔ nsɛmfua din sɛnea wopɛ. Bere a w’adwene nni so no, amemene no dannan ntini a ɛma wutumi kasa no, na ɛma wutumi bobɔ nsɛmfua no ma ɛbɛn sɛnea wokasa daa no. Eyi twe adwene si anwonwade foforo so.
Nkyia “Ɛte dɛn” kɛkɛ a wode w’ano bɛka no betumi akyerɛ nneɛma pii. Sɛnea ɔkasafo nne gyigye no betumi akyerɛ sɛ n’ani agye, wayɛ basaa, ɔrepɛ ntɛm, ne bo afuw, ne werɛ ahow, anaasɛ wabɔ hu, na ebetumi ada nkate ahorow a ɛtete saa adi. Yiw, nea asɛm bi kyerɛ betumi asesa denam sɛnea ntini ahorow pii no bɛyɛ adwuma ntɛmntɛm no so.
Oduruyɛfo William H. Perkins kyerɛkyerɛ mu wɔ ne nhoma Stuttering Prevented mu sɛ: “Sɛ hwee nhaw yɛn a, yetumi dannan sɛnea yɛn nne gyigye no ma ɛyɛ ahorow bɛyɛ 14 wɔ anibu biako mu. Ɛno yɛ sɛnea yebetumi de yɛn tɛkrɛma, yɛn ano, yɛn apantan anaa ɔkasa nkwaadɔm no fã foforo biara adi dwuma ntɛmntɛm bere a yɛde emu biara di dwuma mmiako mmiako no mmɔho abien. Nanso sɛ yɛde ne nyinaa bom kasa a, ɛyɛ adwuma te sɛ nea akyerɛwfo a wɔbɔ type ne kɔnsɛt adakabɛnbɔfo a wɔn ho akokwaw nsa yɛ no. Edi dwuma boa ebiara bere a ɛbom yɛ adwuma ma ɛyɛ anigye no.”
Nnomaa bi betumi asuasua nnipa kasa mu nnyigyei akodu baabi. Nanso aboa biara nni hɔ a ɔwɔ amemene a wɔahyehyɛ a ɛbɛma wakasa sɛnea onipa yɛ no. Ɛnyɛ nwonwa sɛ nyansahufo ntumi nnii nkonim wɔ mmɔden a wɔbɔ sɛ wɔbɛma kontromfi akasa ma emu ada hɔ no mu. Sɛnea abɔde a nkwa wom ho nimdefo Ronald Netsell kyerɛ no, yebetumi de ahokokwaw a ehia na ama obi akasa no atoto “onipa a ɔda nsow a ɔbɔ sanku a ‘ɔnhwɛ so’ no ho.” Anaa sɛnea nsɛm asekyerɛ nhoma kyerɛwfo Ludwig Koehler kae no: “Onipa kasa yɛ ade a wontumi nhu nea ɛde ba; ɛyɛ akyɛde a efi Nyankopɔn, anwonwade.”