ADESUA 2
Nsɛm a Wɔka Ma Emu Da Hɔ
NEA ƐBƐYƐ na wo kasa atu mpɔn no, ɛsɛ sɛ wokasa ma emu da hɔ. Ebia na nea wopɛ sɛ woka no yɛ anigyesɛm anaasɛ mpo ɛho hia paa, nanso sɛ ɛyɛ den sɛ wɔbɛte wo nsɛm no ase a, wobɛka dodow no ara agu mframa mu.
Kasa a nkurɔfo nte ase yiye ntumi nkanyan wɔn. Ɛmfa ho sɛ ebia na obi wɔ ɛnne a emu yɛ duru a wobetumi ate wɔ baabiara no, sɛ ne nsɛm mu anna hɔ a, ɛrenkanyan afoforo mma wɔnyɛ ho hwee. Ɛbɛyɛ te sɛ nea ɔreka anana kasa a otiefo no nte ase. (Yer. 5:15) Bible kae yɛn sɛ: “Na sɛ torobɛnto no annyigye yiye a, hena na obesiesie ne ho akɔ ɔsa? Saa ara nso na sɛ mode mo tɛkrɛma ka asɛm a emu ntew a, ɛbɛyɛ dɛn na wobehu nea moka no? Na ɛbɛyɛ sɛ morekasa agu mframa mu kwa.”—1 Kor. 14:8, 9.
Dɛn na Ɛmma Kasa Nnyigye Yiye? Ebetumi ayɛ ano a wommue no yiye. Apantan ntini a ayɛ pipirii ne anofafa a ɛnkeka ne ho papa betumi ama obi akasa ahyɛ ne mene mu.
Kasa a wɔka no ntɛmntɛm dodo nso betumi ama ayɛ den sɛ wɔbɛte no yiye. Ɛno te sɛ kasa a wɔakyere agu apaawa so a wɔbɔ no ntɛmntɛm sen sɛnea ɛsɛ sɛ wɔbɔ no no. Nsɛm no wɔ hɔ de, nanso emu mfaso no dodow no ara ayera.
Ɛtɔ mmere bi a, kasa a ennyigye yiye fi dɛm a ɛda adi wɔ kasa nkwaadɔm no mu no. Nanso wɔn a ɛsɛ sɛ wogyina ɔhaw a ɛte saa ano mpo no betumi ayɛ pii de atu mpɔn denam nyansahyɛ ahorow a ɛwɔ adesua yi mu a wɔde bedi dwuma no so.
Nanso mpɛn pii no, kasa a emu nna hɔ no fi nsɛm a wɔkeka bɔ so—wɔkeka bom ma asete yɛ den. Ɔhaw no betumi afi nsɛm no fã anaa nkyerɛwde atitiriw bi a wɔbɔ tra anaa nsɛmfua a wotwitwa so. Sɛ obi keka nsɛm bom sɛnea ɔpɛ biara a, n’atiefo no betumi ate nsɛm anaa kasasin bi de nanso ɛsɛ sɛ wɔbɔ wɔn tirim hwehwɛ nea nsɛm afoforo no kyerɛ. Sɛ obi antumi ammobɔ nsɛm so amma emu anna hɔ a, ɛremma ne nkyerɛkyerɛ ntu mpɔn.
Sɛnea Wɔkasa Ma Emu Da Hɔ. Ade biako a ɛbɛma woatumi abɔ nsɛmfua din ma emu ada hɔ ne sɛ wobɛte sɛnea wɔahyehyɛ nsɛmfua wɔ wo kasa mu no ase. Wɔ kasa dodow no ara mu no, wɔakyekyɛ asɛmfua biara mu. Wɔakyekyɛ mu ayɛ no kyerɛwde anaa nkyerɛwde bi, a ebiara wɔ sɛnea wɔka no. Wɔ kasa horow a ɛtete saa mu no, sɛ wokasa a, ɔfã biara gyigye, ɛmfa ho sɛ wunsi ne nyinaa so dua pɛ no. Sɛ wopɛ sɛ woma wo kasa mu da hɔ yiye a, tɔ wo bo ase, na bɔ mmɔden sɛ wobɛka asɛmfua no fã biara ma ayi ne ho. Mfitiase no, ebia eyi bɛyɛ sɛ nea wopɛ biribiara frenkyemm, nanso bere a wokɔ so bobɔ so no, wo kasa no de nkakrankakra bɛtɔ so. Esiane sɛ wopɛ sɛ kasa no kɔ yɔɔ nti, akyinnye biara nni ho sɛ wobɛkeka nsɛm bi abom, nanso sɛ ɛbɛkata asɛm no mu ntease so a, kwati.
Hyɛ no nsow: Nea ɛbɛyɛ na wo kasa mu ada hɔ no, wubetumi asua sɛnea wobɛkasa na woakenkan ade frenkyemm. Nanso mma ɛmmmɛyɛ sɛ saa na wokasa daa. Ɛrenyɛ dɛ, na ɛremma wo nne ankasa nna adi.
Sɛ ɛte sɛ nea wo kasa mu nna hɔ papa a, sua sɛ wobɛma wo ti so, na pagya w’abogye fi wo koko so. Sɛ worekenkan afi Bible mu a, ma nhoma no so kɔ soro sɛnea ɛbɛyɛ na sɛ wuyi w’ani fi atiefo no anim ba Bible no so a, worensi wo ti ase pii. Eyi bɛma wo nsɛm no agyigye yiye.
Sɛ wusua sɛ wubeyi ahopopo afi wo mu a, ɛno nso bɛma wo kasa atu mpɔn. Ɛyɛ ade a wonim yiye sɛ sɛ w’anim ntini anaa nea ɛma wutumi kasa no popo a, ebetumi anya wo kasa nkwaadɔm so nkɛntɛnso bɔne. Ahopopo a ɛte saa no sɛe nkitahodi pa a ɛda adwene no ne wo nne, ne sɛnea wohome no ntam—adeyɛ a ɛsɛ sɛ ɛyɛ bɔkɔɔ a biribiara ntoatoa no.
Ɛnsɛ sɛ w’apantan ntini yeyere na ama atumi agye akwankyerɛ a efi adwene no mu no. Ɛnsɛ sɛ anofafa no nso yɛ duruduruudu. Ɛsɛ sɛ ɛyɛ krado sɛ ebebue na aka abɔ so ntɛmntɛm na atumi adi nnyigyei biara a ebefi anom ne menewa mu aba no ho dwuma. Sɛ apantan no ne anofafa no yɛ duruduruudu a, ano no ntumi mmue yiye, na ɛbɛma nnyigyei no afa ɛsẽ no ntam. Eyi bɛma kasa no apopo, aka ɔkasafo no mene mu, na ɛrennyigye yiye. Nanso, w’apantan ne w’anofafa a woremma ɛnyeyere no nkyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ wokasa nyaa. Ehia sɛ woma eyi ne sɛnea wobɛbobɔ nsɛmfua din no kari pɛ, na ama emu ada hɔ.
Ɛbɛyɛ papa sɛ bere a woresusuw wo tebea ho no, wobɛkenkan ade ma apue w’ano. Tɔ wo bo ase hwɛ sɛnea wode ɔkasa nkwaadɔm a ɛyɛ nwonwa no redi dwuma no yiye. So wubue w’anom yiye sɛnea ɛbɛyɛ na wo kasa nnyigyei no apue yiye a biribiara nsiw no kwan? Ɛwom sɛ tɛkrɛma yɛ akwaa a wɔde di dwuma kɛse wɔ kasa mu de, nanso ɛsɛ sɛ wokae sɛ, ɛnyɛ ɛno nkutoo na wɔde kasa. Ɛkɔn, apantan a ɛwɔ fam, anofafa, anim ntini ne menem ntini nyinaa ka ho bi. Sɛ worekasa a, so ɛte sɛ nea woyɛ saa a w’anim ntini no nkeka ne ho? Sɛ ɛte saa a, ɛnde na ɛda adi sɛ wo kasa mu ntew.
Sɛ wowɔ afiri a wɔde kyere kasa a, kasa gu so bere a wokasa sɛnea wo ne obi bɛkasa wɔ asɛnka mu no. Fa simma pii kasa nkɔmmɔbɔ kwan so gu afiri no so. Saa kasa a woakyere agu afiri so a wubetie no betumi aboa wo ma woahu nea ɛmma wuntumi mmobɔ nsɛmfua bi din yiye no. Hyɛ baabi a wo kasa no nnyigye yiye, ɛbɛka wo menem, anaa ɛso betwitwa no nsow, na bɔ mmɔden sɛ wubehu nea enti a ɛbaa saa no. Mpɛn pii no, wubetumi adi wo sintɔ no ho dwuma denam nsɛm a yɛasusuw ho wɔ atifi hɔ no a wode bedi dwuma so.
So wopo dodow? Sua sɛ wubebue w’anom asen sɛnea kan na woyɛ no, na bɔ mmɔden sɛ wobɛtɔ wo bo akasa. Twe mframa kɔ wo mu bere a wohome no, na kasa brɛoo. Eyi a nnipa pii a wɔpo dodow ayɛ no ama wɔn kasa mu ada hɔ kɛse. Sɛ wo tɛkrɛma yɛ duru a, mma wo tɛkrɛma nnka wo sẽ a ɛwɔ anim no bere a worebɔ nsɛm a egyigye s ne z din no. Ɛwom sɛ ebia wo haw no to rentwa koraa de, nanso mpa abaw. Kae sɛ Yehowa paw Mose, ɔbarima a ɛbɛyɛ sɛ na ɔpo dodow sɛ ɔnka nsɛm a na ehia paa nkyerɛ Israelfo ne Misraim Farao nyinaa. (Ex. 4:10-12) Sɛ wopɛ a, ɔde wo nso bedi dwuma, na ɔbɛma wo som adwuma no asow aba.