Hwɛ Yiye! Apoobɔfo Reyɛ Adwuma
YƐ TEBEA yi ho mfonini wɔ w’adwenem. Ahum bi atu awie. Mframa a ɛsɛe ade no agyae bɔ, na nsu a ɛrebu fa so no nyɛ hu bio. Wɔn a wɔanya wɔn ti adidi mu a wɔabɔ hu no puepue fi mmeae a wokohintawee, bere a nkurɔfo a wogyee wɔn fii asiane mu no wɔ akyirikyiri a ahoyeraw ne ehu aka wɔn a wɔreba abɛhwɛ nea ahum no ayɛ. Afie so apopa; nnua atutu deda afie a ɛso apopa ma emu nneɛma afɔw twɔnn no mu. Anyinam akanea nhama gugu fam, na ama wontumi mfa nsɛm a egye ntɛmpɛ ne nkra nkɔ mmeaemmeae. Afie bi a bere bi na anka ɛyɛ mmusua a wɔwɔ anigye atrae no nni hɔ—asɛe a wontumi nsiesie. Kurow a anka bere bi na ɛhɔ dwo komm no abɛyɛ baabi a asɛe na abasamtu wɔ.
Kurow no mufo ma wɔn ho so—a wɔasi wɔn bo sɛ wɔbɛsan akyekye. Ofipamfo boa ne yɔnko; ebinom a ebesi saa bere yi na wonnim wɔn ho wɔn ho din mpo. Mmarima de wɔn nnwinnade ne wɔn nimdeɛ boa wɔn ho wɔn ho. Mmea ma adwumayɛfo no aduan, na mmofra a wɔanyinyin hwɛ wɔn nuanom nkumaa. Adwumayɛfo a womfi kurow no mu de kar toatoa so ba a wɔwɔ ɔpɛ sɛ wɔboa—wɔn a wokuru dan, wɔn a woyiyi nnua, dua adwumfo, ne wɔn a wɔka dan ho. Nanso, apoobɔfo a wɔasiesie wɔn ho sɛ wɔrebɛbɔ wɔn a wɔanya wɔn ti adidi mu no apoo no nso ka eyinom ho ba.
Wɔka sɛ wontua adansiesie ho ka no mu ɔfã kɛse ɛhɔ ara. Afiewuranom a wɔn ho yeraw wɔn no tua sika no, na adwumayɛfo no de sika no guan a wonhu wɔn bio. Wɔn a wokuru dan a “wɔkyerɛ sɛ” wɔbɛyɛ adwuma pa no yɛ no biarabiara ma enwini kɛse wɔ osutɔ a edi kan mu. Wɔn a woyiyi nnua no gye nkurɔfo dɔla mpempem pii ka sɛ wɔde rekotua nnwinnade akɛse a wɔrekɔfɛm abɛyɛ adekyee adwuma ho ka. Na ade nkye da.
Nea ɛka afiewuranom nneɛma a asɛe ne adehwere no ho ne ɛyaw a insurance nnwumakuw a wontumi ntua wɔn ho aka anaasɛ wɔyɛ nnaadaafo a wɔatua sika akɛse ama wɔn a wɔmpɛ sɛ wotua nneɛma a asɛe ho ka anaasɛ wɔaguan afi wɔn adwumayɛbea no ma wodi. Ɛnkyɛ na wɔn a wɔn ti yɛ yiye ma wonya insurance sika tua nneɛma a asɛe ho ka no ahu sɛ adansifo apoobɔfo a wonnim adwuma aba sɛ wɔrebɛyɛ adwuma bere a wɔn a wonim adwuma a wɔnnɔɔso ntumi nyɛ adwuma no nyinaa no. Ne saa nti, wɔyɛ adwuma no biarabiara, ma afiewuranom a wɔn adwene atu afra dedaw no di yaw pii.
Wɔbɔ wɔn a asiane to wɔn apoo mpɛn pii. Dwumadi a efi ase sɛ kurow a asɛe no mufo a wɔaka wɔn ho abom sɛ wɔrebɛyɛ wɔn ho wɔn ho mmoa no bɛdan nnaadaasɛm a ɛyɛ yaw yiye ma ebinom.
Bere a ahum bi tui akyi no, bisket bo kɔɔ soro koduu $4 ma ɛyɛɛ nwonwa, na ɛnanom tɔɔ nkokoaa aduan kyɛnsee biako $6 wɔ kurow bi mu. Wɔ sotɔɔ bi mu no, sɛ obi antɔ TV anaa radio a, na wɔmma no batere ntɔ. Wɔn a wɔtɔn adansi ho nneɛma nam wɔn nneɛma a wɔtɔn gyee aboɔden so nyaa wɔn ho tam. Wɔ asɛm foforo bi mu no, afie a esisi kar so wuranom a wɔma wɔtwe kɔɔ mmepɔw so wɔ nsuyiri mu no tuaa ho ka mmɔho asia. Asasewosow bi akyi no, ɔbea bi a wadi mfe 84 a ne fie bubui no nsa kaa ɔfrɛ bi fii obi a ɔyɛɛ ne ho sɛ aban dwumayɛni hɔ wɔ telefon so. Ɔbea no susuwii sɛ nkrataa a ɔde ne nsa hyɛɛ ase akyiri yi no yɛ nkrataa a wɔde hwehwɛ aban mmoa ne aduan. Nokwarem no, na ɛyɛ bosea $18,000 a na ɛsɛ sɛ otua wɔ ne fie a ɛka ankasa a wɔbɔ de siesiei bɛyɛ $5,000 pɛ no ho.
Telefon so Aguadi mu Amimdi
‘Mema wo amo, Owurayere S——! Wo ti ayɛ yiye nnɛ.’ Eyi betumi ayɛ nnianim nsɛm a wɔka wɔ telefon so frɛ bi a ɛba mpofirim mu. ‘Wo na woadi yɛn akyɛde a ɛsen biara a ɛne . . . ’ Nnipa pii nsa aka telefon so nsɛm a ɛtete saa a ɛka sɛ ‘wɔadi dedaw,’ na “wɔhyɛ wɔn bɔ” sɛ wɔn nsa bɛka wɔn akyɛde no. “Akyɛde” no betumi ayɛ kar mono bi, dan mu nneɛma a wɔde gye ani, anaa dɛnkyɛmmo kawa.
So wo nsa aka telefon so frɛ a ɛka sɛ wo na woadi akyɛde bi da? So w’ani gyei? Ɛyɛɛ wo nwonwa? Sɛ wugyee ɔfrɛ a ɛte saa so a, so wo nsa kaa w’akyɛde no? Anaasɛ wodii wo amim wɔ telefon so guadi mu? Sɛ wɔadi wo amim a, ɛnyɛ wo nkutoo na wɔayɛ wo saa. Sɛnea Consumers’ Research nsɛmma nhoma kyerɛ no, wɔ United States nkutoo no, telefon so aguadi mu nnaadaafo di nnipa du amim simma biara. Afe biara apoobɔfo nnaadaafo bɔ wɔn adetɔfo no apoo dɔla ɔpepepem 10 kosi dɔla ɔpepepem 40, bɛyɛ $7,500 simma biara.
Reader’s Digest bɔɔ amanneɛ sɛ: “Wɔ Canada nyinaa no, afe biara nnipa bɛboro 150,000 na wogye telefon so aguadi mu amimfo a wɔfrɛ ka kyerɛ wɔn sɛ ‘wɔadi’ anaa ‘wɔapaw wɔn’ sɛ wonkogye akyɛde kɛse bi frɛ so. Na afe biara, wɔnam ɔfrɛ yi so di Canadafo mpempem pii amim, na wɔn mu biara sɛe sika bɛyɛ $2,000, sɛnea ɛbɛyɛ a wɔn nsa bɛka wɔn akyɛde no.” Ontario Mantam mu Polisini bi kae sɛ: “Telefon so nnaadaa yɛ Canada abakɔsɛm mu amimdi a ɛsen biara.” Ɔde ka ho sɛ: “Yenim sɛ ɛbɔ Canadafo ka dɔla ɔpepem pii afe biara.” Ɛka dodow a wɔbɔ a yɛaka ho asɛm yi yɛ nea wɔbɔ polisifo amanneɛ nkutoo. Nanso, esiane sɛ wobu akontaa sɛ wɔn a wɔbɔ wɔn apoo no mu ɔha biara mu 10 pɛ na wɔbɔ nea wɔhwere no ho amanneɛ nti, yentumi nkyerɛ sɛnea asɛm no kɛse te ankasa.
Opoobɔfo bi gye toom sɛ: “Yɛka kyerɛ nkurɔfo sɛ wɔadi sɛnea ɛbɛyɛ a wonsusuw nneɛma ho yiye.” Ɔde kaa ho sɛ: “Afei yɛhyɛ wɔn ma wɔde sika ba, na sɛ wɔka sɛ wɔrenyɛ a, yennyae akyi di.” Sɛ nnaadaafo no nya daadaa obi wie a, wotumi de onii no din ma telefon so aguadi nnwuma no, na wɔde no ka “tibɔnkɔsofo” ho. Ebia wɔde wɔn din bɛma afoforo na wɔn nso afrɛ wɔn wɔ telefon so mpɛn pii. Kan Toronto telefon so aguadi dwumayɛni bi kae sɛ: “Sɛ yɛreyɛ tibɔnkɔsofo a yɛanya wɔn din no ho adwuma a, yenya nnipa no ɔha biara mu 75 ma wɔtɔ ade wɔ ɔfrɛ a edi kan no mu. Wɔ ɔfrɛ a ɛto so abiɛsa mu no, ɛso huan kodu ɔha biara mu 50. Nanso sɛ yenya nya wɔn a, nnipa no mu bi kɔ so ara; wodi sika akyi.”
Wɔn a telefon so aguadifo nnaadaafo nya wɔn no di akyɛde kɛse a wɔpɛ sɛ wodi no akyi kodu he? Polisini bi a ɔhwehwɛ nsɛm mu kae sɛ: “Yɛne sikakorabea adwumayɛfo yɛ nhyehyɛe de nsa to nkwakoraa ne mmerewa bi agyapade so na amma wɔanhwere ne nyinaa. Wohui sɛ ɔbea bi a ne kunu wui nkyɛe atua sika mpɛn 36 ama telefon so aguadifo ahorow 16, a wɔka ne nyinaa bom a ɛboro $85,000. Nea ne nsa kae ara yɛ “adwinne pii bi a mfaso nni so.”
Nnaadaa Kɛse a Wɔde Nya Wiase Anyansafo
Nanso, wɔn a wɔyɛ saa nnaadaa adwuma yi nyɛ nyiyim. Wɔdaadaa ɔmamfo a wɔn sikasɛm tebea gu ahorow nyinaa. Wɔadaadaa nhomanimfo a wɔkyerɛ sɛ wɔwɔ wiase nyansa no mpo. Wɔn nnaadaa no tumi yɛ nea ɛyɛ anifere araa ma wotumi daadaa wɔn adetɔfo a wɔn ani da hɔ yiye no mpo. Ebia nnaadaafo a wɔtɔn nneɛma a ne bo yɛ den a wɔde wɔn ani si adetɔfo a wɔwɔ wiase nyansa so no bɛbɔ ho dawuru wɔ television so anaasɛ wɔde nhomawa a emu mfonini yɛ kɔla bɛmena wɔn. Ebia wɔbɛma wɔde sika ahyɛ nnwuma a mfaso kɛse wɔ so mu—sika a wɔde bɛhyɛ sini adwuma, sika kɔkɔɔ ne sika kɔkɔɔ tu, ne fango tu mu. Nnwuma no dodow nni ano. Nanso, nea efi mu ba no yɛ ade koro—adehwere koraa.
Ɔbea nhomanimfo bi a wɔdaadaa no kae sɛ: “Wɔn nnaadaa no yɛ nwonwa. Sɛ́ sukuu kyerɛkyerɛfo no, misusuwii sɛ minim nyansa. . . . Na bɔhyɛ ahorow no nni ano.” Ɔhweree $20,000 wɔ sini adwuma nnaadaa bi mu.
Telefon so guadi mu amimdi yɛ ɔhaw a ɛwɔ wiase nyinaa. Nhwehwɛmufo ka sɛ “ɛbɛsɛe koraa wɔ mfe du yi mu.” Nanso, hwɛ yiye! Apoobɔ foforo wɔ hɔ, na nnaadaafo no wɔ nnipa bi a wɔde wɔn ani asi wɔn so kɛse—nkwakoraa ne mmerewa.
[Kratafa 20 mfonini]
Hwɛ yiye wɔ apoobɔfo a wɔba wɔ ahum bi tu akyi no ho!
[Kratafa 21 mfonini]
“Woadi akyɛde bi!”—woadi ampa?