Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g97 10/8 kr. 22-24
  • Ani a Wɔde Si Nkwakoraa ne Mmerewa So

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ani a Wɔde Si Nkwakoraa ne Mmerewa So
  • Nyan!—1997
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Susuw Japan Apoobɔfo Ho
  • Nkwakoraa ne Mmerewa a Wɔbɔ Wɔn Apoo Wɔ Italy
  • Apoo a Wɔbɔ Wɔ Nyamesom Din Mu
    Nyan!—1997
  • Hwɛ Yiye! Apoobɔfo Reyɛ Adwuma
    Nyan!—1997
  • Kristofo Mmusua Boa Wɔn a Wɔn Mfe Akɔ Anim
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1993
  • Yɛn Ani A Yɛbɛma Aba Yɛn Ho So Wɔ Wɔn A Wɔn Mfe Akɔ Anim No Ahiade Ho
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1987
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1997
g97 10/8 kr. 22-24

Ani a Wɔde Si Nkwakoraa ne Mmerewa So

MMA wɔnnnaadaa wo. Nnaadaafo aben wɔ wɔn adwuma no mu yiye. Wonim nea enti a wɔde wɔn ani si nkwakoraa ne mmerewa so titiriw bɔ wɔn apoo no. Sɛ nhwɛso no, wɔ United States no, nnipa a wɔadi boro mfe 65 no bɛyɛ ɔman no mu nnipa ɔha biara mu 12 pɛ. Nanso, sɛ wɔka sika a wogye nyinaa bom a, ɛboro dɔla ɔpepepem 800, na ɛreyɛ ayɛ sika a U.S. mmusua gye ɔha biara mu 70. Ɛnyɛ nwonwa sɛ nkwakoraa ne mmerewa a wɔte saa no yɛ nnipa a wodi wɔn amim no nyinaa mu ɔha biara mu 30.

Dɛn na ɛma nkwakoraa ne mmerewa nnaadaa nyɛ den? Consumers’ Research nsɛmma nhoma no kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Wɔtaa nya nneɛma mu ahotoso, na ebia wonni sika a wɔde hyɛ adwuma bi mu mprempren ho nimdeɛ.” Polisini bi kae sɛ telefon so guadi mu amimfo “didi nnipa a wɔayɛ ankonam ne wɔn a wɔyɛ mmerɛw, titiriw—nkwakoraa ne mmerewa—a wɔn na wɔyɛ nnipa a wɔbɔ wɔn apoo no mu fã kɛse no ho. Eyinom yɛ nkurɔfo a wonyinyinii bere a na onipa nkyia kɛkɛ yɛ nokware te sɛ asɛm a ɔka no.” Wɔfaa Amerikafo a Wɔakɔ Pɛnhyen Fekuw no ananmusifo asɛm bi kae sɛ: “Mpɛn pii na wɔka sɛ adifudepɛ na ɛde wo kɔ ɔhaw mu. Wɔ nkwakoraa ne mmerewa fam de, ɛnyɛ adifudepɛ. Wɔwɔ suro bi sɛ wɔn sika bɛsa ansa na wɔawuwu. Wɔmpɛ sɛ wɔbɛyɛ adesoa ama wɔn mma. Afei wosuro sɛ wɔbɛka [amimdi no] ho asɛm akyerɛ efisɛ wosuro sɛ wɔn mma besusuw sɛ wontumi nhwɛ wɔn ho.”

Ɛnyɛ bere nyinaa na wosisi nkwakoraa ne mmerewa a wodi wɔn amim no anaasɛ wɔdaadaa wɔn. Mpɛn pii na wɔyɛ ankonam, a ebia wɔpɛ sɛ “wɔtɔ” nnamfo. Wɔ ɔman bi mu no, atesɛm krataa amanneɛbɔfo bi kae sɛ wɔdɛfɛdɛfɛɛ akunafo bi a na wɔyɛ ankonam ma wotuaa $20,000 de too wɔn “nkwa nna mu asaw ho adesua” ho ka ase. “Na wɔn mu binom ayɛ mmerɛw dodow sɛ wobetumi anantew. Na ɛnyɛ sɛ wonnim nyansa, na mmom na wonhu nea wɔnyɛ ntia.” Asaw kuw bi ma wɔn a wɔde wɔn ho hyem foforo no ne wɔn nnamfo foforo a wɔanya, a mpɛn pii no, wɔyɛ wɔn atipɛnfo no kɔ baabi kɔbɔ fekuw. Ɛbɛyɛ den sɛ wɔbɛpo ɔdetɔnfo bi a ɔdɛfɛdɛfɛ, ɔwɔ kasa dɛ, na ɔyɛ anifere, a ebia ɔno nso bɛyɛ ne ho sɛ obi a ɔkyerɛ wɔn asaw no.

Susuw Japan Apoobɔfo Ho

Apoobɔfo bi de ankonam a nkwakoraa ne mmerewa yɛ di dwuma akwan foforo so. Wɔ Japan no, apoobɔfo bi a wonni wɔn ho ni ayɛ wɔn ho sɛ wodwen nnipa ho, wogye bere ne nkwakoraa ne mmerewa a wɔdaadaa wɔn no bɔ nkɔmmɔ, tie wɔn. Wɔde nkakrankakra ma wɔn nan yɛ ntiatiaa wɔ wɔn nkyɛn, na sɛ nea wɔde wɔn ani asi ne so no nya wɔn mu ahotoso wie a, afei wofi ase ka wɔn adetɔn a amim wom no ho asɛm. Amimdi a ɛte saa ho nhwɛso ankasa ne sika kɔkɔɔ ho nnaadaasɛm bi a nnipa bɛyɛ 30,000, a na wɔn a wɔakɔ pɛnhyen pii ka ho, de wɔn ho hyɛɛ mu a wɔbɔ amanneɛ sɛ wɔbɔɔ wɔn apoo gyee wɔn sika yen ɔpepepem 200 (dɔla ɔpepepem 1.5) no. Japan Asahi Evening News de asɛmti no bae sɛ: “Wɔn a Wodi Wɔn Amim a Wontumi Nsi Wɔn Dedaw Mu Ahwere Ade.”

Tokyo Asahi Shimbun bɔɔ eyi ho amanneɛ sɛ: Ɔbaa abasiriwa ɔdetɔnfo bi kɔsraa akwakoraa bi, kae sɛ: “Midwen wo ho sen m’adwuma, Owura K., efisɛ wo nkutoo na wote.” Ɔbea no tiee ne nsɛm pii, na ne ho anika a ɛyɛ no daadaa akwakoraa no. Bere a ɔrefi hɔ akɔ no, obisaa sɛ ebia obetumi asan aba hɔ ɛda a edi hɔ no anaa. Akwakoraa no buae sɛ: “Wubetumi aba.”

Ɔsraa no bere nyinaa; na wɔbom di anwummeduan, na na ɔde aduan brɛ Owura K. mpo. Ɔbea no hyɛɛ bɔ sɛ: “Mɛhwɛ wo akosi sɛ wubewu.” Afei eduu adetɔn ho asɛm so: “Mɛhwɛ w’agyapade so ama wo. Adwumakuw a me ne wɔn yɛ adwuma no ayɛ nhyehyɛe bi a obi betumi afa so de n’agyapade adi dwuma anya so mfaso pii nnansa yi ara.” Na nhyehyɛe no hwehwɛ sɛ ɔde ne fie ne n’agyapade si awowa, na ɔtɔ sika kɔkɔɔ, na ɔde kɔhyɛ ɔbea no adwumakuw no mu. Ná wasum afiri no. Owura K. bɛkaa nnipa pii a wɔabɔ wɔn apoo no ho. Wonya yɛɛ nhyehyɛe no wiei pɛ, ɔbea no ansi hɔ bio.

Owura K, kae sɛ: “Sɛ́ ɔsraani no, na mabɛn owu bere nyinaa. Nanso sɛ́ obi de mmerɛw a yɛn nkwakoraa ne mmerewa a yɛn nkutoo te a yenni abusuafo a yɛde yɛn ho bɛto wɔn so yɛ no bɛyɛ hokwan afa so abɔ me apoo agye m’agyapade no ano a megyina no yɛ den dodo. Ɛte sɛ nea wiase no adu baabi a nkurɔfo nam amim so pɛ sika.”

Nkwakoraa ne Mmerewa a Wɔbɔ Wɔn Apoo Wɔ Italy

L’Italia che truffa (Italy a Ɛbɔ Apoo) nhoma no bɔɔ nhyehyɛe kɛse bi a Italy apoobɔfo yɛe de dii nkwakoraa ne mmerewa sika a ɛwɔ sikakorabea ho amanneɛ. Wɔ 1993 mu no, wɔhyehyɛɛ aban bi a na ne kannifo yɛ obi a na anka ɔyɛ Italy Sikakorabea panyin. Na ne din da so ara wɔ sika a wotwae bere a na ɔyɛ sikakorabea panyin no so (na ɛda so ara di mu). Bere a apoobɔfo dodow bi daa wɔn ho adi sɛ wɔyɛ Italy Sikakorabea adwumayɛfo, na wɔde nkratasin a ɛnyɛ papa a edi wɔn adanse kyerɛe no, wɔka kyerɛɛ wɔn a wɔbɔɔ wɔn apoo no mu biara sɛ: “Wunim sɛ Italy Sikakorabea panyin no abɛyɛ Ɔman Asoafo panyin; enti ne din a ɛwɔ sika so no nni mu bio. Wɔde ahyɛ yɛn nsa sɛ yennyigye sika dedaw no nyinaa mfi mmusua ahorow hɔ, na yɛmma wɔn foforo a n’ananmusifo no din hyɛ so . . . Ɛho krataa ni. Fa krataa yi kɔ wo sikakorabea ɔkyena akyi, na wo nsa bɛka sika a wode ama yɛn seesei no.” Apoobɔfo no nam saa kwan yi so gyigyee lire ɔpepem 15 (bɛyɛ $9,000) da koro!

Apoobɔfo bi a wɔwɔ Italy ne nnipa bi a wɔnyɛ anifere, a nkwakoraa ne mmerewa ka ho, di nkitaho wɔ mmɔnten so. Wɔma wɔn a wɔn ani nna hɔ no de wɔn ho hyɛ nhwehwɛmu bi a wɔyɛ mu, na wɔma wɔn nkratasin bi sɛ wɔmfa wɔn din nhyɛ ase, ka sɛ wɔn din a wɔde hyɛ ase no si so dua kɛkɛ sɛ wonyaa kyɛfa wɔ nhwehwɛmu no mu. Nokwasɛm ne sɛ wɔde wɔn nsa hyɛ nhyehyɛe bi a ɛbɛhyɛ wɔn ma wɔayɛ biribi anaasɛ wɔatɔ ade ase.

Afei, bere bi akyi no, nea wɔbɔ no apoo no nsa ka amenade bi a nneɛma bi wom, a ebia kɔkɔbɔ bi ka ho pefee sɛ sɛ ɔpo nneɛma no a, wɔbɛhaw no wɔ ɔkwan bi so. Ehu ka ebinom, titiriw nkwakoraa ne mmerewa no ma wosusuw sɛ ɛyɛ papa sɛ wobetua sika bi a ɛnso ahe biara, na wɔafa nneɛma a mfaso nni so ahe biara no sen sɛ wɔde wɔn bɛkɔ asɛnnibea.

Apoobɔ atrɛw dɛn wɔ Italy? Sɛnea L’Italia che truffa kyerɛ no, apoo a wɔbɔ ho amanneɛ afe biara no ano si bɛyɛ 500,000. Anyɛ yiye koraa no, apoo a wɔmmɔ ho amanneɛ bɛyɛ ɛno mmɔho abiɛsa. TV so sɛnkyerɛwfo bi kae sɛ: “Sɛ wɔka ne nyinaa bom a, mfiri ahorow a wosum no bɛyɛ ɔpepem abien afe biara, anaa biribi te sɛ mpem anum kosi asia da biara.”

Na saa na ɛkɔ so. Apoobɔfo mmu ani ngu atipɛnfo bi (anaa obi honam ani hwɛbea, ɔman, anaa abusuakuw a ofi mu, wɔ eyi mu) so wɔ ne sika a wɔbɛbɔ no apoo agye mu—na mpɛn pii no, ɛyɛ wɔn sika a wɔde agu sikakorabea wɔ wɔn nkwa nna nyinaa mu na wogye. Hwɛ Yiye! Ebetumi ato wo.

[Kratafa 24 adaka/mfonini]

Nea Wobɛyɛ a Wɔremmɔ Wo Apoo

ƐNYƐ telefon so guadi ahyehyɛde nyinaa na wonni nokware. Sɛ nhwɛso no, sɛnea Amerikafo a Wɔakɔ Pɛnhyen Fekuw (AARP) kyerɛ no, wɔ United States no, nnwumakuw 140,000 na na wɔredi telefon so gua wɔ 1994 mu. Wobu akontaa sɛ ɔha biara mu 10, anaa wɔn mu 14,000 na na wɔyɛ apoobɔfo. Enti, ɛho abehia sɛ wobɛma w’ani ada hɔ bere a obi ka biribi a ɛyɛ dɛ dodo kyerɛ wo no. Nyansahyɛ ahorow bi a ɛbɛboa wo na telefon so aguadifo ammɔ wo apoo na edidi so yi.

◆ Sɛ obi frɛ wo telefon so ka kyerɛ wo sɛ woadi akyɛde bi a, ebia ade pa a wubetumi ayɛ ne sɛ wode telefon no bɛto so.

◆ Sɛ telefon so guadini bi hyɛ wo sɛ tɔ biribi anyɛ saa a ɛbɛka akyi dodo a, eyi yɛ sɛnkyerɛnne a ɛkyerɛ sɛ ɛyɛ nnaadaa.

◆ Bɔ wo kratasin a wode tɔ ade no nɔma ho ban. Mfa mma nnipa a wunnim wɔn a wɔbɛsrɛsrɛ sika no.

◆ Ntɔ biribi wɔ telefon so gye sɛ wo na wofrɛe, a wunim sɛ wo ne adwumakuw bi a wodi amenade ho dwuma a wɔwɔ din pa na ɛredi.

Ɛsɛ sɛ afiewuranom hwɛ yiye wɔ nnaadaafo a wosiesie afie nneɛma a asɛe no ho. Kɔkɔbɔ a AARP a wodi Nneɛma Tɔ ho dwuma de ama na edidi so yi:

◆ Mmɔ onipa bi a wunnim no paa, gye sɛ woabisa n’ase yiye; bisa nnipa foforo a onipa no ayɛ wɔn adwuma din ne wɔn telefon nɔma.

◆ Mfa wo din nhyɛ biribi ase bere a wonhwɛɛ mu yiye, na hwɛ hu sɛ wote nsiesiei biara a ɛwɔ nhyehyɛe biara mu ase na wopene so.

◆ Mma obi nkyerɛkyerɛ nhyehyɛe bi mu nkyerɛ wo gye sɛ onii no yɛ obi a wunim no na wowɔ ne mu ahotoso. W’ankasa kenkan baabi a wɔasisi nneɛma bi so dua no.

◆ Nni kan ntua nsiesie a obi bɛyɛ ama wo ho ka. Hwɛ hu sɛ wɔawie adwuma no ma ɛsɔ w’ani ansa na woatua ho ka koraa.

Ma w’ani nna hɔ. Yɛ w’ade nyansa mu. Sɛ w’ani nnye ho sɛ wobɛtɔ biribi a, ntwentwɛn wo nan ase sɛ wobɛpo. Na kae sɛ: Sɛ biribi ho asɛm a wɔka yɛ dɛ dodo a, ebia na ɛyɛ nnaadaa.

[Kratafa 23 mfonini]

Apoobɔfo betumi ayɛ wɔn ho sɛ wodwen nnipa ho, na ama wɔatumi abɔ nkwakoraa ne mmerewa apoo

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena