Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g97 12/8 kr. 23-24
  • Ɔyaredɔm—Awiei no Ho Sɛnkyerɛnne?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ɔyaredɔm—Awiei no Ho Sɛnkyerɛnne?
  • Nyan!—1997
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Ɔyaredɔm ne Wiase Awiei
  • Paradise a Ɛreba No
  • So Wiase Yi Bɛkɔ so Atra Hɔ?
    So Wiase Yi Bɛkɔ so Atra Hɔ?
  • Bere A Wiase Foforo No Bɛba
    Nyan!—1993
  • So Yɛte “Nna a Edi Akyiri” no Mu?
    Dɛn na Bible Kyerɛkyerɛ Ankasa?
  • Wohwɛ a Wiase Awiei Abɛn?
    Dɛn na Yebetumi Asua Afi Bible Mu?
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1997
g97 12/8 kr. 23-24

Ɔyaredɔm—Awiei no Ho Sɛnkyerɛnne?

SO YƐN bere yi mu yaredɔm no kyerɛ sɛ wiase awiei no abɛn? Ansa na yebebua saa asɛm no, ma yensusuw nea asɛm “wiase awiei” no kyerɛ ho.

Nnipa pii gye di sɛ wiase awiei kyerɛ sɛ Onyankopɔn bɛsɛe asase ne nkwa a ɛwɔ so nyinaa. Nanso, Onyankopɔn Asɛm ka sɛ “ɔnwenee [asase] sɛ wɔntra so.” (Yesaia 45:18) N’atirimpɔw ne sɛ ɔde nnipa a wɔwɔ akwahosan pa ne anigye na wɔpɛ sɛ wodi ne trenee gyinapɛn ahorow so bɛhyɛ okyinnsoromma no so ma. Enti wiase awiei nkyerɛ asase ne ɛsotefo awiei. Mmom no, ɛkyerɛ mprempren nhyehyɛe ne wɔn a wɔte mu a wɔpo sɛ wɔbɛyɛ Onyankopɔn apɛde no awiei.

Ɔsomafo Petro a ɔkyerɛw nea edi so yi no daa eyi adi sɛ: “Nsu yirii wiase a ɛwɔ [Noa] bere no so no ma ɛsɛee.” Bere a wɔsɛee Noa bere so wiase no, abɔnefo na wɔsɛee wɔn. Wɔansɛe asase, na saa ara na wɔansɛe ɔtreneeni Noa ne n’abusua. Sɛnea Petro toa so ka no, Onyankopɔn bɛsan ayɛ ade daakye de “amumɔyɛfo sɛe” aba.—2 Petro 3:6, 7.

Bible kyerɛw nsɛm foforo foa saa adwene yi so mpɛn pii. Sɛ nhwɛso no, Mmebusɛm 2:21, 22 ka sɛ: “Tẽefo na ɛbɛtra asase no so, na wɔn a wɔyɛ pɛ no na ɛbɛtra mu; na wobegu abɔnefo ase afi asase so, na wɔatu nkontompofo afi so.”—Hwɛ Dwom 37:9-11 nso.

Ɔyaredɔm ne Wiase Awiei

Nanso bere bɛn na eyi bɛba? Yesu asuafo no mu baanan bisaa no saa asɛm no. Wobisae sɛ: “Dɛn na ɛbɛyɛ ba a woaba ne nneɛma nhyehyɛe no awiei [anaa, sɛnea Bible nkyerɛase ahorow bi ka no, “wiase awiei”] no ho sɛnkyerɛnne?” Yesu buae sɛ: “Ɔman bɛsɔre ɔman so, ne ahenni ahenni so, na ɔkɔm ne asasewosow bɛba mmeaemmeae.” (Mateo 24:3, 7, NW) Wɔ asɛm koro no ara ho kyerɛwtohɔ a ɛwɔ Luka 21:10, 11 mu no, Yesu de kaa ho sɛ: ‘Ɔyaredɔm bɛba mmeaemmeae, na ahude ne nsɛnkyerɛnne akɛse befi soro aba.’

Hyɛ no nsow sɛ Yesu anka sɛ ɔyaredɔm nkutoo na ɛbɛkyerɛ sɛ awiei no abɛn. Mmom no, ɔkae sɛ akodi, asasewosow, ne ɔkɔm akɛse nso bɛba. Wɔ ne nkɔmhyɛ a emu dɔ a ɛwɔ Mateo 24 ne 25, Marko 13, ne Luka 21 no, Yesu kaa nneɛma foforo pii a na ebesisi ho asɛm siei. Ɛsɛ sɛ ne nyinaa bom sisi ansa na Onyankopɔn de amumɔyɛ aba awiei wɔ asase so. Adanse a ɛkyerɛ sɛ yɛte saa bere no mu seesei no yɛ nea emu yɛ den.

Paradise a Ɛreba No

Yɛrenhu sɛ yaredɔm anaa Onyankopɔn resɛe nnipa daakye a ɛreba no. Yehowa Nyankopɔn hyɛ bɔ sɛ ɔbɛdan asase yi paradise. (Luka 23:43) Obeyi nyarewa a ɛhaw adesamma ne nneɛma foforo afi hɔ.

Yenya eyi ho awerɛhyem bere a yesusuw Yesu Kristo a ɔdaa N’agya su horow adi pɛpɛɛpɛ no som adwuma ho no. Ɛdenam tumi a ne soro Agya de maa no so no, Yesu saa mmubuafo, wɔn a wɔadi dɛm, anifuraefo, anaa mum yare. (Mateo 15:30, 31) Ɔsaa akwatafo nso yare. (Luka 17:12-14) Ɔsaa ɔbea bi a na mogya retu no, ɔbarima bi a na ne nsa awu, ne ɔbarima bi a na ɔyare sesaborɔ yare. (Marko 3:3-5; 5:25-29; Luka 14:2-4) Ɔsaa “wɔn a wɔyare otwa, ne wɔn a wɔyare mmubui” yare. (Mateo 4:24) Onyanee awufo mprɛnsa mpo!—Luka 7:11-15; 8:49-56; Yohane 11:38-44.

Saa anwonwakwan so ayaresa yi ma yenya Onyankopɔn bɔhyɛ a ɛne sɛ daakye bi a ɔde bɛba mu no, “ɔmanfo no mu bi renka sɛ: Magurow” no mu ahotoso. (Yesaia 33:24) Ɔyaredɔm renhaw nkurɔfo mma wɔnhwere wɔn nkwa bio. Hwɛ aseda ara a yebetumi de ama sɛ yɛn Bɔfo a ɔwɔ dɔ no wɔ tumi ne ɔpɛ sɛ obeyi nyarewa nyinaa afi hɔ daa!—Adiyisɛm 21:3, 4.

[Kratafa 23 mfonini ahorow]

Onyankopɔn maa Yesu tumi ma ɔsaa yare

[Kratafa 24 mfonini]

Wɔ asase so Paradise a ɛreba mu no, Yehowa beyi nyarewa hɔ

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena