Bible No Adwene
Wo Ho a Wobɛtew Afi Afoforo Ho Bere Bi So Mfaso
BERE bi Yesu ‘kɔɔ bepɔw so fa baabi mpaebɔ. Na onwini dwoe no, na aka ne nko wɔ hɔ.’ (Mateo 14:23) Bere foforo mu no, ‘bere a ade kyee no, ɔkɔɔ baabi kɔbɔɔ mpae.’ (Luka 4:42) Kyerɛw nsɛm yi kyerɛ sɛ na Yesu Kristo ani gye sɛ ɔbɛtew ne ho akɔtra baabi komm wɔ bere ne bere mu.
Bible no de nhwɛso afoforo a ɛfa mmarima te sɛ Yesu a wɔkyerɛɛ obi ho a ɔtew kɔtra baabi komm ho ho anisɔ ma. Na ɛyɛ anadwo a odwontofo no nkutoo wɔ hɔ na osusuw ne Bɔfo Kɛse no kɛseyɛ ho. Na ɛdefa Yesu Kristo ho no, bere a ɔtee Osuboni Yohane wu ho asɛm no ara na ‘ɔno nkutoo twee ne ho kɔɔ nkyɛn baabi.’—Mateo 14:13; Dwom 63:6.
Wɔ nnɛ wiase asetra a dede ahyem ma yi mu no, wommu tebea a ɛma obi tew ne ho kɔtra baabi komm anaasɛ ofi ne pɛ mu na ɛyɛ saa no asɛnhia. So wokae bere a etwa to a wo nkutoo kɔtraa baabi? Ababaa bi a waware kae sɛ: “Ɛmmaa da sɛ me nkutoo atew me ho akɔtra baabi wɔ m’asetram da.”
Na so ɛho hia ankasa sɛ obi tew ne ho fi afoforo ho? Sɛ saa a, yɛbɛyɛ dɛn atumi de saa mmere no adi dwuma yiye anya so mfaso? Na ɔfã bɛn na kari a yɛbɛkari pɛ wɔ wɔ yɛn ho a yɛbɛtew afi afoforo ho no mu?
Wo Ho a Wotew Fi Afoforo Ho—Dɛn Nti na Mfaso Wɔ So?
Bible no ka kyerɛ yɛn sɛ Onyankopɔn nipa Isak a ɔtraa ase tete no tew ne ho bere bi kɔɔ “wuram anwummere.” Adɛn ntia? Ɛka sɛ: “Ɔkɔdwennwenee.” (Genesis 24:63) Sɛnea nsɛm asekyerɛ nhoma biako kyerɛ no, sɛ wobɛdwennwene no kyerɛ “sɛ wode boasetɔ bɛdwennwene biribi ho komm.” Ɛkyerɛ sɛ “wode w’adwene besi biribi so akyɛ.” Wɔ Isak a na ɔrebedi asɛyɛde akɛse ho dwuma no fam no, na nneɛma ho a obesusuw a ɔmma biribiara ntwetwe n’adwene no bɛboa ma n’adwenem ada hɔ, na watumi atoto ne nneɛma yiye ahu nea ehia paa.
Adwene ho ɔbenfo bi ka sɛ, mpɛn dodow a yɛma ‘ankonamyɛ yɛ nea ɛfata no, afoforo a wonni hɔ no ma yetumi siesie yɛn adwene de si biribi so yiye.’ Nnipa pii begye atom sɛ eyi yɛ nea ɛfata, ɛma ahoɔden na ɛsom bo.
Nneɛma ho dwennwen so mfaso no bi ne nhumu ne ahwɛyiye, su a ɛma obi da nyansa adi wɔ kasa ne nneyɛe mu, a ɛno nso ma abusuabɔ pa tra nnipa ntam no. Sɛ nhwɛso no, onipa a osua sɛnea osusuw ade ho no betumi asua sɛnea ɛsɛ sɛ ɔyɛ komm nso. Sɛ anka ɔbɛpere ne ho akasa no, odi kan susuw nea ne kasa no betumi ayɛ no ho. Bible kyerɛwfo a wɔde honhom sraa no no ka sɛ: “Wuhu onipa a ɔpere ne nsɛm ho.” Ɔtoa so ka sɛ: “Anidaso wɔ hɔ ma ɔkwasea sen no.” (Mmebusɛm 29:20) Dɛn na ebetumi asiw tɛkrɛma a wɔde di dwuma wɔ ɔkwammɔne so yi ano? Bible no ka sɛ: “Ɔtreneeni koma dwen mmuae ho.”—Mmebusɛm 15:28; Fa toto Dwom 49:3 ho.
Wɔ Kristofo fam no, bere a wɔn nkutoo tra baabi susuw nneɛma ho komm no hia kɛse na ama wɔanyin honhom mu. Ɔsomafo Paulo nsɛm yi fata: “Eyinom ho na bɔ mmɔden, eyinom mu na keka wo ho, na wo nkɔso ada adi ade nyinaa mu.”—1 Timoteo 4:15.
Fa Wo Ho a Wotew Fi Afoforo Ho no So Bɛn Onyankopɔn Yiye
Engiresi nhoma kyerɛwfo bi kae sɛ: “Yɛn ho a yɛtew tra baabi komm no boa ma Onyankopɔn tie yɛn mpaebɔ.” Ɛtɔ da bi a na Yesu te nka sɛ ehia sɛ ɔbɛtew ne ho afi ne mfɛfo nnipa ho na ama ɔno nkutoo akɔbɔ Onyankopɔn mpae. Wɔka nhwɛso yi mu biako ho asɛm wɔ Bible no mu: “Na ɔsɔree ahemadakye fii adi, na ɔkɔɔ sare so baabi; na ɔkɔbɔɔ mpae wɔ hɔ.”—Marko 1:35.
Wɔtwe adwene si Onyankopɔn ho a wosusuwii mpɛn pii wɔ Dwom nhoma no mu so. Ɔhene Dawid ka kyerɛɛ Yehowa sɛ: “Midi wo so dadwen.” Saa pɛpɛɛpɛ na Asaf kae: “Na masusuw w’adwuma nyinaa ho, na madwen wo nneyɛe ho.” (Dwom 63:6; 77:12; yɛn na yɛasi ɔfã bi so dua no.) Enti, Onyankopɔn su horow ne ne nneyɛe a wosusuw ho no de akatua pii ba. Ɛma obi tumi nya Onyankopɔn ho anisɔ pii, na otumi bɛn no yiye.—Yakobo 4:8.
Ɛho Hia sɛ Yɛkari Pɛ
Nokwarem no, ɛsɛ sɛ yɛkari pɛ wɔ yɛn ho a yɛbɛtew afi afoforo ho no mu. Yebetumi de atoto beae a yebetumi akɔ nanso ɛyɛ hu sɛ yɛbɛka hɔ, ho. Tew a obi bɛtew ne ho pii no bɛma wahwere adesamma ahiade a ɛne fekubɔ, nkɔmmɔbɔ, ne dɔ a ɛsɛ sɛ yɛdodɔ yɛn ho no. Afei nso, yebetumi de obi ho a ɔtew no atoto asase bi a nkwaseasɛm ne pɛsɛmenkominya fifi so ho. Bible abebusɛm bi bɔ kɔkɔ sɛ: “Nea watew ne ho no hwehwɛ anoyi daa, na ade biara ho yɛ no ahi.” (Mmebusɛm 18:1) Sɛ yebetumi akari pɛ wɔ yɛn ho a yɛtew mu a, ɛsɛ sɛ yehu emu asiane ahorow.
Te sɛ Yesu ne Bible mu mmarima afoforo a na wɔyɛ honhom mufo no, Kristofo a wɔwɔ hɔ nnɛ no ani gye bere a wɔtew wɔn ho fi afoforo ho no ho. Nokwarem no, esiane sɛ yɛwɔ asɛyɛde ne ahiade pii nti, bere ne hokwan a yebenya de atew yɛn ho atra baabi asusuw nneɛma ho no betumi ayɛ nsɛnnennen. Nanso, sɛnea ɛte wɔ nneɛma a ɛsom bo ankasa biara ho no, ɛsɛ sɛ “yɛtɔ bere a ɛfata no.” (Efesofo 5:15, 16, NW) Afei yebetumi aka nea odwontofo no kae no bi: “Ma m’anom nsɛm nyɛ wo fɛ, na me komam nkɔmmɔ nsɔ w’ani, [Yehowa, NW] me botan ne me gyefo.”—Dwom 19:14.