Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g21 nɔma 2 kr. 13-15
  • Sɛn Na Ɛlɛtrɔnik Mfiri Betumi Ama Ayɛ Den Sɛ Wubesua Ade Yiye?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Sɛn Na Ɛlɛtrɔnik Mfiri Betumi Ama Ayɛ Den Sɛ Wubesua Ade Yiye?
  • Nyan!—2021
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • NEA ƐSƐ SƐ WUHU
  • NEA WUBETUMI AYƐ
  • Ɛyɛ Papa Sɛ Mɛkeka Nnwuma Abɔ So Ayɛ Ne Nyinaa Abom?
    Mmabun Bisa Sɛ
  • Mma Abɛɛfo Mfiri Nnnye Wo Mmmɔ So
    Mmoa a Wɔde Ma Abusua No
  • Wo Ho a Wobɛtew Afi Afoforo Ho Bere Bi So Mfaso
    Nyan!—1998
  • Sɛ Mereyɛ Biribi a, Mɛyɛ Dɛn De M’adwene Nyinaa Asi So?
    Mmabun Bisa Sɛ
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—2021
g21 nɔma 2 kr. 13-15
Papa bi rebɛnoa aduan, na ɔrehwɛ sɛnea wɔnoa saa aduan no wɔ intanɛt so.

Sɛn Na Ɛlɛtrɔnik Mfiri Betumi Ama Ayɛ Den Sɛ Wubesua Ade Yiye?

Nnipa nwie adesua da; da biara yesua biribi foforo. Nea ɛma nkurɔfo sua ade no gu ahorow. Ebinom kɔ sukuu kosua ade de pɛ nimdeɛ. Afoforo nso gye bere sua adwuma a wɔyɛ ho ade. Nnansa yi nso de, ɛlɛtrɔnik mfiri ama ayɛ mmerɛw sɛ nnipa besua ade. Ɛnnɛ, sɛ wote fie mpo a, biribiara a wopɛ sɛ wusua ho ade no, wubetumi asua.

Nanso wɔn a wɔde ɛlɛtrɔnik mfiri yɛ adwuma paa no ahu sɛ, . . .

  • sɛ wɔrekenkan ade a, ɛyɛ den sɛ wɔde wɔn adwene besi nea wɔrekan no so.

  • nneɛma taa twetwe wɔn adwene, enti wontumi mfa wɔn adwene nsi ade baako so.

  • sɛ ɛka wɔn nko ara wɔ baabi a, na wɔn ani ahaw.

NEA ƐSƐ SƐ WUHU

Abaayewa bi akeka nneɛma abɔ so reyɛ. Ɔrekyerɛw message wɔ ne fon so, ɔne n’adamfo bi reyɛ video call, wasɔ kɔmputa resua ade, na nhoma nso da n’anim.

AKENKAN

Ebinom wɔ hɔ a, sɛ wɔrekan ade a, sɛ́ anka wɔbɛtɔ wo bo ase ahu nea ɔkyerɛwfo no pɛ sɛ ɔka ankasa no, wɔde wɔn ani fa mu kɛkɛ.

Sɛ worekenkan biribi ahwehwɛ asɛmmisa pɔtee bi ho mmuae, na sɛ wokenkan no saa de a, ɛnsɛe hwee. Nanso, nea worekenkan no, sɛ wopɛ sɛ wote ase yiye paa, na sɛ wode w’ani fa mu saa kɛkɛ a, ɛremmoa wo.

SUSUW WEI HO HWƐ: Sɛ worekenkan biribi, na sɛ emu ware a, ɛyɛ a wutumi kenkan ne nyinaa? Sɛ wotɔ wo bo ase kenkan ne nyinaa a, wohwɛ a, ɛbɛboa wo sɛn?​—MMEBUSƐM 18:15.

W’ADWENE A WODE BESI BIRIBI SO

Ebinom adwene yɛ wɔn sɛ, ɛlɛtrɔnik mfiri ma ɛyɛ mmerɛw sɛ wɔbɛka nneɛma mmienu abɔ so ayɛ. Sɛ yɛbɛyɛ nhwɛso a, ɛyɛ wɔn sɛ, wobetumi asua ade wɔ tablɛt anaa kɔmputa so, na bere koro no ara wɔne wɔn nnamfo adi nkitaho wɔ fon so. Nanso, wɔn a wɔyɛ saa no, esiane sɛ wɔn adwene wɔ ha, wɔ ha nti, nea wɔreyɛ no, wontumi nyɛ emu biara yiye.

Sɛ woreyɛ biribi, na sɛ wubetumi de w’adwene asi so paa a, gye sɛ wohyɛ wo ho so. Sɛ wutumi yɛ saa a, wubenya so mfaso paa. Abaayewa bi a wɔfrɛ no Grace kaa sɛ: “Sɛ woreyɛ biribi na wode w’adwene si so, na woamma biribiara antwetwe w’adwene a, ɛmma wunni mfomso pii, na ɛmma wommrɛ nso. Enti me de, nea meyɛ ne sɛ, sɛ meresua ade a, meresua ade. Sɛ me ne me nnamfo rebɔ nkɔmmɔ nso a, yɛrebɔ nkɔmmɔ. Menka nneɛma mmienu mmɔ so.”

SUSUW WEI HO HWƐ: Sɛ woresua ade, na sɛ bere koro no ara, woreyɛ biribi foforo wɔ w’afiri so a, ɛyɛ a wutumi te nea woresua no ase, na ɛyɛ a wutumi kae?​—MMEBUSƐM 17:24.

BERE A WO NKO ARA WOWƆ HƆ

Ebinom wɔ hɔ a, sɛ ɛka wɔn nko ara wɔ baabi, na ɛhɔ yɛ dinn a, ɛyɛ a wɔn ani nka. Ɛba saa a, ɛnde na wɔn fon ne wɔn tablɛt na ahu amane. Maame bi a wɔfrɛ no Olivia kaa sɛ: “Sɛ metena ase simma 15, na manhwɛ me fon anaa me tablɛt so anaa mansɔ TV a, ɛyɛ a me ho ntɔ me.”

Sɛ ɛka wo nko ara wɔ baabi a, ɛma wutumi nya kwan de dwinnwen nneɛma a woasua ho kɔ akyiri. Mpanyimfo ne mmofra tumi yɛ saa a, ɛbɛboa ama wɔanya nneɛma a wosua no so mfaso paa.

SUSUW WEI HO HWƐ: Sɛ ɛka wo nko ara wɔ baabi a, ɛyɛ a wutumi de saa bere no dwinnwen nneɛma ho anaa?​—1 TIMOTEO 4:15.

NEA WUBETUMI AYƐ

HWƐ SƐNEA WODE ƐLƐTRƆNIK MFIRI YƐ ADWUMA NO YIYE

Sɛ woresua ade a, akwan bɛn so na wubetumi de ɛlɛtrɔnik mfiri adi dwuma yiye, na woatumi anya w’adesua no so mfaso? Nneɛma bɛn na sɛ wode afiri no yɛ a, ebetumi atwetwe w’adwene anaa ɛbɛma ayɛ den sɛ wode w’adwene besi nea woresua no so?

BIBLE MU AFOTUSƐM: “Bɔ nyansa ne adwempa ho ban.”​—MMEBUSƐM 3:21.

BISA WO HO SƐ . . .

  • Sɛ merekenkan biribi wɔ fon, tablɛt anaa laptop so a, ɛyɛ a ɛyɛ den sɛ mede m’adwene besi so anaa? Nneɛma bɛn na ɛyɛ a ɛtwetwe m’adwene, na ɛma ɛyɛ den sɛ mede m’adwene besi nea merekenkan no so?

  • Dɛn na metumi ayɛ na sɛ meresua ade a, biribiara antwetwe m’adwene?

Sɔ wei hwɛ: Sɛ worekenkan biribi a, nkenkan bebree, yɛ no nkakrankakra. Ebia wubetumi akan nkyekyɛm baako anaa mmienu bi. Afei bere rekɔ so no, fa bi ka ho. Bio nso, ɛyɛ a tɔ wo bo ase kenkan ma empue w’ano.

  • Sɛ ɛyɛ den ma me sɛ menya bere de adwinnwen nneɛma a misua no ho a, nsakrae bɛn na metumi ayɛ?

Sɔ wei hwɛ: Sɛ wusua ade wie biara a, fa simma 10 dwinnwen nea woasua no ho.

  • Bere bɛn na ɛyɛ a mebɔ mmɔden sɛ mɛka nneɛma mmienu abɔ so ayɛ?

  • Nsakrae bɛn na metumi ayɛ, na sɛ mereyɛ biribi a, nneɛma foforo antwetwe m’adwene?

Sɔ wei hwɛ: Sɛ woresua ade a, biribiara a ebetumi atwetwe w’adwene no, yi fi hɔ, sɛnea ɛbɛyɛ a wubetumi de w’adwene asi nea worekenkan anaa woresua no so.

BIBLE MU AFOTUSƐM: “Hwehwɛ nyansa; hwehwɛ ntease.”​—MMEBUSƐM 4:5.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena