Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g98 12/8 kr. 12-13
  • Russia Asɛnni Bagua San Yehowa Adansefo ho

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Russia Asɛnni Bagua San Yehowa Adansefo ho
  • Nyan!—1998
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Yehowa Adansefo a Wɔwɔ Russia
    Nyan!—1997
  • Dɛn Ne Nyamesom Daakye?
    Nyan!—2001
  • Yɛn Ho Ano A Yebeyi Wɔ Yɛn Gyidi Ho
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1998
  • Wɔn Gyidi Nti Wɔde Wɔn Agu Afiase—Russia
    Wɔn Gyidi Nti Wɔde Wɔn Agu Afiase
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1998
g98 12/8 kr. 12-13

Russia Asɛnni Bagua San Yehowa Adansefo ho

YEHOWA ADANSEFO gye wɔn ho nsɛm a ɛyɛ nokware a wotintim wɔ atesɛm krataa mu no tom. Afei nso Yehowa Adansefo ani gye ho sɛ wɔn ankasa bɛka wɔn ho nokwasɛm ne wɔn som mu gyidi horow ne wɔn nnwuma ho asɛm akyerɛ. Nanso, sɛ wotintim Adansefo no ho atosɛm anaa wotwiri wɔn a, ɛtɔ mmere bi a wɔde wɔn asɛm kɔdan aban mpanyimfo de gyina wɔn som hokwan ne hokwan a wɔwɔ wɔ ɔman mu no akyi. Susuw nhwɛso bi a esii nnansa yi ara ho.

Wɔ August 1, 1997 no, Russia atesɛm krataa a agye din a ɛwɔ St. Petersburg a wɔfrɛ no Komsomolskaya pravda no tintim asɛm bi wɔ ne krataa a ɛhyem no mu a ɛsɛee Yehowa Adansefo din koraa. Wɔ asɛm a na wɔato din “Sum Ase Kuw Wɔ Petersburg. Yebenya Kurow-Asɔredan Bi Wɔ Ha,” mu no, ɔkyerɛwfo Oleg Zasorin kae sɛ Yehowa Adansefo sɛe ade denam wɔn gyidi ahorow so, na wɔn nnwuma tia Russia Amanyɔ Mmara. Adansefo no gyidi ahorow a egyina Bible no so te sɛ mogya a wɔmpɛ ne wɔne wɔn abusuafo ntam abusuabɔ ho atosɛm nkutoo na wɔkae. Afei nso, atesɛm krataa no frɛɛ Yehowa Adansefo “sum ase kuw”, na ɛkae sɛ sɛnea ebinom adwene yɛ wɔn no, “wɔyɛ sum ase kuw a wɔn ho yɛ hu sen biara.”

Yehowa Adansefo Som no Baa Dwumadibea a ɛwɔ Russia no de asɛm no kɔdan Russia Ɔmanpanyin Asɛnnii Bagua Ma Amanneɛbɔ Mu Ntawntawdi no Fekuw a ɛwɔ Russia sɛ ɛnhwehwɛ asɛm a Yehowa Adansefo bu no atosɛm no mu bio. Bere a Asɛnni Bagua no reka asɛm no wɔ February 12, 1998 mu no, Yehowa Adansefo ananmusifo koyii nsɛm a asɛnni bagua no mufo, nsɛnkyerɛwfo ne mmaranimfo bisabisae no ano. Sɛnea ɛbɛyɛ na Asɛnni Bagua no mufo no behu Yehowa Adansefo gyidi ne wɔn nkyerɛkyerɛ ankasa no, wɔde ntoboaseɛ hwehwɛɛ Yehowa Adansefo nhoma horow, ne titiriw Nea Ɛde Abusua Mu Anigye Ba, mu.

V. V. Borshchyov a ɔyɛ Russia Man no Asɛnni Bagua Ananmusifo abadiakyiri no kae sɛ, “sum ase kuw” ho ntease a wɔwɔ no yɛ nea ɛnteɛ. Owura Borshchyov kae sɛ: “Hokwan [a ɛte sɛɛ] a wɔde ka afoforo ho asɛm wɔ saa kwan yi so no yɛ nea ɛmfata koraa. Pene a Asɛnni Bagua no apene sɛ wonsusuw Yehowa Adansefo asɛm no ho no yɛ nea ehia yiye. Ɛsɛ sɛ wogyae kasatia ne atɛm a wodidi nyamesom ahyehyɛde a wɔagye atom wɔ mmara mu saa no.”

Bere a Asɛnni Bagua no hwehwɛɛ adanse ahorow no nyinaa mu wiei no, wɔde asɛm no baa awiei sɛ, asɛm a Komsomolskaya pravda kae no mfata na ɛnkyerɛ obu; wohui nso sɛ na asɛm no nyɛ nokware na enni nnyinaso biara. Asɛnni Bagua no kae sɛ: “Ɔkyerɛwfo no anka nokwasɛm ahorow pɔtee biara ho asɛm . . . Asɛm no kyerɛwfo no kaa atesɛm ho asɛm sɛ nokwasɛm, na wɔde hokwan a nsɛnkyerɛwfo wɔ no dii dwuma ɔkwammɔne so.” Sɛ anka Asɛnni Bagua no bɛka de ato nea krataa no bɔɔ amanneɛ no so no, ɛkae mmom sɛ Yehowa Adansefo yɛ nkurɔfo a wodi mmara so na wɔkyerɛkyerɛ emufo sɛ wɔne mmusua ne afoforo a wɔnyɛ wɔn som mufo no ntra asomdwoe mu.

Bere a wɔde adanse a etwa to mae akyi dɔnhwerew biako mu no, Asɛnni Bagua no sii gyinae sɛ:

“1. Wommu atesɛm krataa a ɛka asɛm ‘Sum Ase Kuw Wɔ Petersburg. Yebenya Kurow-Asɔredan Bi Wɔ Ha’ no sɛ nea ɛne Russia Man no Mmara a ɛfa ‘Nsɛm Amanneɛbɔ Ho’ ne Mmara a ɛtɔ so 4, 49, ne 51 no nhyia.

“2. Wɔmma Russia Man Bagua a Ɛhwɛ Nhoma Tintim So no nkasa nkyerɛ atesɛm krataa a wɔfrɛ no Komsomolskaya pravda samufo no.

“3. Wɔntwe nsɛnkyerɛwfo O. Zasorin aso.

“4. Wɔmma Komsomolskaya pravda samufo no mpa Yehowa Adansefo asafo no kyɛw wɔ atosɛm a wɔka de guu wɔn anim ase no ho.”

Saa gyinae a Asɛnni Bagua no sii no ne nsɛm a Sergei Ivanenko a ɔyɛ nyamesom ho ɔbenfo ne nyansapɛ ho osuani no kae no hyia. Bere a Owura Ivanenko a ɔnyɛ Yehowa Dansefo no ne Adansefo no bɔe na ɔde ntoboaseɛ hwehwɛɛ wɔn gyidi horow mu akyi no, ɔkyerɛw asɛm a epuei wɔ February 20-26, 1997 Moscow News mu no.a Owura Ivanenko wiee asɛm no sɛ: “Yehowa Adansefo da nsow wɔ Bible mu gyidi a wɔde bɔ wɔn bra daa no ho. . . . Yehowa Adansefo bu Bible no sɛ asetra ho mmara ne nokwasɛm a ɛsen biara. . . . Yebetumi abu Yehowa Adansefo sɛ wɔyɛ wɔn a wofi wɔn pɛ mu yɛ nhwɛso wɔ ɔman mu na wodi Bible mu nokware akyi a nkontompo biara nnim.”

Asɛnni Bagua no gyinaesi ne asɛm a Owura Ivanenko kae no kyerɛ bio sɛ Yehowa Adansefo Kristofo som no mfa ɔman no nto asiane mu, na mmom ɛyɛ nea nnipa komapafo nyinaa nya so mfaso. Yehowa Adansefo ‘siesie wɔn ho daa sɛ wɔbɛkyerɛ obiara a obisa wɔn anidaso a ɛwɔ wɔn mu no ase, nanso wɔyɛ saa wɔ odwo ne osuro mu.’—1 Petro 3:15, 16.

[Ase hɔ asɛm]

a Yɛsrɛɛ hokwan san kyerɛw Owura Ivanenko nsɛm no mu fa kɛse no ara a ekura asɛmti “So Ɛsɛ sɛ Yesuro Yehowa Adansefo?” no wɔ August 22, 1997 Engiresi Nyan! no nkratafa 22-7.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena