Yɛn Ho Ano A Yebeyi Wɔ Yɛn Gyidi Ho
“Mummu Awurade Kristo kronkron mo koma mu. Nso munsiesie mo ho daa, sɛ mobɛkyerɛ obiara a obisa mo anidaso a ɛwɔ mo mu no ase.”—1 PETRO 3:15.
1, 2. Dɛn nti na ɔsɔretia nyɛ Yehowa Adansefo nwonwa, nanso dɛn na wɔpɛ?
WƆ AMAN pii mu no, nnipa pii bu Yehowa Adansefo sɛ anokwafo a wɔbɔ bra pa. Nnipa pii bu wɔn sɛ afipamfo pa a wɔnyɛ basabasa. Nanso nea ɛyɛ nwonwa no, Kristofo a wɔpɛ asomdwoe yi ahyia ɔtaa a ntease biara nnim—wɔ ɔko bere ne asomdwoe bere mu. Ɛnyɛ wɔn nwonwa sɛ wohyia ɔtaa a ɛtete saa. Nokwarem no, wɔhwɛ kwan. Anyɛ yiye koraa no, wonim sɛ na afeha a edi kan Y.B. Kristofo no hyia ‘ɔtan,’ enti dɛn nti na wɔn a wɔbɔ mmɔden sɛ wɔbɛyɛ Kristo akyidifo anokwafo nnɛ no hwɛ kwan sɛ wɔne wɔn bedi no ɔkwan soronko so? (Mateo 10:22) Ɛno da nkyɛn a, Bible ka sɛ: “Wɔn a wɔpɛ sɛ wɔde onyamesom pa tra ase Kristo Yesu mu nyinaa, wɔbɛtaa wɔn.”—2 Timoteo 3:12.
2 Yehowa Adansefo nhwehwɛ ɔtaa akyi kwan, na saa ara nso na wɔn ani nnye amanehunu—ɛka a wɔbɔ wɔn, afiasenna, anaa di a wodi wɔn ani—a ebetumi de aba no ho. Wɔpɛ sɛ ‘wɔtra ase komm na wɔn ho dwo wɔn’ sɛnea ɛbɛyɛ a wobetumi aka Onyankopɔn Ahenni ho asɛmpa no a biribiara nsiw wɔn kwan. (1 Timoteo 2:1, 2) Wɔn ani gye ɔsom mu ahofadi a wɔwɔ wɔ aman pii mu a ɛma wɔn kwan ma wɔsom no ho, na wofi ahonim pa mu yɛ nea wobetumi biara sɛ wɔne ‘nnipa nyinaa bɛtra asomdwoe mu’ a wɔn a wodi nnipa nniso ahorow so no ka ho. (Romafo 12:18; 13:1-7) Ɛnde, dɛn nti na ‘wɔtan wɔn’?
3. Dɛn ne ade biako a enti wɔatan Yehowa Adansefo a ntease biara nnim?
3 Ade a ɛma wɔtaa tete Kristofo no ara nso nti na wɔtan Yehowa Adansefo. Nea edi kan no, Yehowa Adansefo de wɔn som mu gyidi horow di dwuma wɔ akwan a ɛma wɔn ho yɛ ebinom ahi so. Sɛ nhwɛso no, wɔde nnamyɛ ka Onyankopɔn Ahenni ho asɛmpa, nanso mpɛn pii no, nkurɔfo nte wɔn nnamyɛ no ase na wobu wɔn asɛnka no sɛ “anuɔden kwan a wɔde sakra nnipa.” (Fa toto Asomafo no Nnwuma 4:19, 20 ho.) Afei nso wonnya ɔfã biara wɔ amanaman no amammuisɛm ne akodi mu, na eyi ama ɛtɔ mmere bi a nkurɔfo di mfomso susuw sɛ Adansefo no nni wɔn man nokware.—Mika 4:3, 4.
4, 5. (a) Ɔkwan bɛn so na wɔabɔ Yehowa Adansefo atoro sobo? (b) Mpɛn pii no, ɛhefo titiriw na wɔma wɔtaa Yehowa asomfo?
4 Nea ɛto so abien no, wɔbɔ Yehowa Adansefo atoro sobo—wɔka wɔn gyidi ho atosɛm kyinkyim no. Ne saa nti, wɔde wɔn ani si wɔn so to hyɛ wɔn so a ntease biara nnim wɔ aman bi so sɛ sum ase kuw bi a wɔn ho yɛ hu. Bio nso, esiane sɛ wɔmpɛ sɛ wɔde mogya di dwuma wɔ wɔn ayaresa mu a ɛne ɔpɛ a wɔwɔ sɛ wobedi Bible ahyɛde a ɛne sɛ ‘wɔntwe wɔn ho mfi mogya ho’ so hyia no nti, afoforo adi mfomso ato wɔn din “nkurɔfo a wokunkum mmofra” ne “ɔsom a wokunkum wɔn ho.” (Asomafo no Nnwuma 15:29) Nanso nokwasɛm no ne sɛ Yehowa Adansefo mfa nkwa nni agoru, na wɔbɔ mmɔden sɛ wobenya aduruyɛ a edi mu sen biara a wɔn nsa betumi aka ama wɔn ho ne wɔn mma. Sobo a wɔbɔ Yehowa Adansefo sɛ wɔn mmofra pii wuwu afe biara esiane sɛ wonnye mogya nti no nyɛ nokware koraa. Bio nso esiane sɛ ɛnyɛ abusua mufo nyinaa na Bible mu nokware nya wɔn so nkɛntɛnso pɛ nti, wɔbɔ Adansefo sobo nso sɛ wɔtetew mmusua mu. Nanso wɔn a wɔne Yehowa Adansefo bɔ no nim sɛ wɔmfa abusua asetra nni agoru na wɔbɔ mmɔden sɛ wobedi Bible ahyɛde a ɛne sɛ ɛsɛ sɛ okunu ne ɔyere dodɔ wɔn ho na wɔkyerɛ obu ma wɔn ho wɔn ho, ne sɛ mmofra ntie wɔn awofo ɛmfa ho sɛ wɔyɛ gyidifo anaasɛ wɔnyɛ bi no so.—Efesofo 5:21–6:3.
5 Wɔ mmeae pii no, wɔn a wɔhyɛ ɔtaa a wɔde ba Yehowa asomfo so akyi titiriw ne nyamesom asɔretiafo a wɔde nkɛntɛnso a wɔwɔ wɔ amammui atumfo ne nsɛm ho amanneɛbɔfo so no adi adwuma sɛ wɔde bɛbɔ mmɔden abrɛ Adansefo no dwumadi ase. Dɛn na ɛsɛ sɛ yɛn a yɛyɛ Yehowa Adansefo no yɛ wɔ ɔsɔretia a ɛte saa ho—sɛ́ ebia efi yɛn gyidi ne yɛn nneyɛe anaa esiane nkontompo a wotwa to yɛn so nti?
“Momma Nnipa Nyinaa Nhu Mo Dwo!”
6. Dɛn nti na ɛho hia sɛ yenya wɔn a wɔwɔ Kristofo asafo no akyi no ho adwempa?
6 Sɛ yebefi ase a, ehia sɛ yenya adwempa—Yehowa adwene—wɔ wɔn a ɛsono wɔn gyidi no ho. Anyɛ saa a, yɛbɛma afoforo atan yɛn anaa wɔabɔ yɛn ahohora kwa. Ɔsomafo Paulo kyerɛwee sɛ: “Momma nnipa nyinaa nhu mo dwo!” (Filipifo 4:5) Enti Bible no hyɛ yɛn nkuran sɛ yennya wɔn a wonni Kristofo asafo no mu no ho adwempa.
7. Yi a yebeyi yɛn ho ‘afi wiase nkekae mu’ no hwehwɛ dɛn?
7 Nanso, Kyerɛwnsɛm no tu yɛn fo pefee sɛ ‘yenyi yɛn ho mfi wiase nkekae mu.’ (Yakobo 1:27; 4:4) Asɛm “wiase” a wɔde dii dwuma wɔ ha ne Bible mu mmeae foforo no fa adesamma a wɔatwe wɔn ho afi nokware Kristofo ho no ho. Nnipa a ɛte sɛɛ mu na yɛte; yɛne wɔn hyia wɔ adwumam, sukuu mu, ne abɔnten so. (Yohane 17:11, 15; 1 Korintofo 5:9, 10) Nanso ne nyinaa akyi no, yeyi yɛn ho fi wiase nkekae mu denam suban, kasa, ne nneyɛe a ɛne Onyankopɔn trenee akwan nhyia a yɛkwati so. Afei nso ehia sɛ yehu asiane a ɛwɔ wiase yi fekubɔ a ɛkɔ akyiri mu, ne titiriw no, wɔ wɔn a wɔmfa Yehowa gyinapɛn ahorow nyɛ hwee no ho.—Mmebusɛm 13:20.
8. Dɛn nti na afotu a ese yenyi yɛn ho mfi wiase nkekae mu no mma yennya biribiara a yebegyina so abu afoforo abomfiaa?
8 Nanso afotu a ese yenyi yɛn ho mfi wiase nkekae mu no mma yennya biribiara a yebetumi agyina so abu wɔn a wɔnyɛ Yehowa Adansefo no abomfiaa. (Mmebusɛm 8:13) Kae Yudafo akannifo nhwɛso a yesusuw ho wɔ adesua a edi eyi anim mu no. Yehowa ani annye ɔsom a wɔhyehyɛe no ho; na saa ara nso na amma wɔne wɔn a wɔnyɛ Yudafo no annya abusuabɔ pa. (Mateo 21:43, 45) Esiane sɛ na mmarima a wɔyɛ katee yi bu wɔn ho atreneefo bebrebe nti, wobuu Amanaman mufo no animtiaa. Yenni adwemmɔne a ɛte saa a ɛma yebu wɔn a wɔnyɛ Adansefo no animtiaa. Te sɛ ɔsomafo Paulo no, nea yɛpɛ ne sɛ wɔn a wɔte Bible mu nokwasɛm no nyinaa benya Onyankopɔn anim dom.—Asomafo no Nnwuma 26:29; 1 Timoteo 2:3, 4.
9. Dɛn nkɛntɛnso na ɛsɛ sɛ adwempa a egyina Kyerɛwnsɛm so no nya wɔ sɛnea yɛka wɔn a ɛsono wɔn gyidi no ho asɛm so?
9 Ɛsɛ sɛ adwempa a egyina Kyerɛwnsɛm so no nya sɛnea yɛka wɔn a wɔnyɛ Adansefo no ho asɛm no so nkɛntɛnso. Paulo maa Tito akwankyerɛ sɛ ɔnkae Kristofo a na wɔwɔ Kreta supɔw so no sɛ “wonntwiri obi, wɔnnyɛ atutupɛfo, wonnwo bɛtɛɛ, na wonyi odwo nyinaa adi nkyerɛ nnipa nyinaa.” (Tito 3:2) Hyɛ no nsow sɛ na ɛnsɛ sɛ Kristofo twiri ‘obiara’—wɔn a na wɔnyɛ Kristofo a na wɔwɔ Kreta a na wonim wɔn mu binom sɛ wɔyɛ atorofo, adidifo, ne akwadwofo no mpo, na ɛnsɛ sɛ wɔyɛ wɔn saa. (Tito 1:12) Enti ɛbɛyɛ nea ɛne Kyerɛwnsɛm nhyia sɛ yɛde animtiaabu nsɛm bedi dwuma bere a yɛka wɔn a ɛsono wɔn gyidi ho asɛm no. Bu a yebebu yɛn ho sɛ yɛkorɔn no remma afoforo nnya Yehowa som ho akɔnnɔ. Mmom no, sɛ yebu afoforo, na yɛne wɔn di sɛnea ɛne Yehowa Asɛm mu nnyinasosɛm a ntease wom no hyia a, ‘yɛhyehyɛ’ Onyankopɔn ‘nkyerɛkyerɛ.’—Tito 2:10.
Kommyɛ ne Ɔkasa Bere
10, 11. Ɔkwan bɛn so na Yesu kyerɛe sɛ na onim bere a ɛsɛ sɛ (a) ‘ɔyɛ komm’? (b) ‘ɔkasa’?
10 Ɔsɛnkafo 3:7 ka sɛ, “kommyɛ wɔ ne bere, na ɔkasa wɔ ne bere.” Enti ɛha na asɛnnennen no wɔ: sɛnea ɛbɛyɛ a yebehu bere a ɛsɛ sɛ yebu yɛn ani gu asɔretiafo so ne bere a ɛsɛ sɛ yɛkasa de yi yɛn ho ano wɔ yɛn gyidi ho. Yebetumi asua pii afi nea na bere nyinaa ofi pɛyɛ mu da anidahɔ adi—Yesu—nhwɛso no mu. (1 Petro 2:21) Ná onim ‘bere a ɛsɛ sɛ ɔyɛ komm.’ Sɛ nhwɛso no, bere a asɔfo mpanyin ne mpanyimfo afoforo totoo n’ano wɔ Pilato anim no, Yesu ‘ammua.’ (Mateo 27:11-14) Ná ɔmpɛ sɛ ɔbɛka biribiara a ebetwitware nea Onyankopɔn pɛ sɛ ɛba ne so no mu. Mmom no, ɔmaa ne nnwuma ankasa dii ne ho adanse. Ná onim sɛ nokware no mpo ntumi mma wɔnsesa wɔn adwene ne wɔn koma a ahantan ahyɛ mu ma no. Enti obuu n’ani guu sobo no so, boapa kaa n’ano toom.—Yesaia 53:7.
11 Nanso na Yesu nim ‘bere a ɛsɛ sɛ ɔkasa’ nso. Bere bi, ɔne n’asɔretiafo no yiyii nsɛm ano penpen wɔ baguam bɔɔ wɔn atosɛm gui. Sɛ nhwɛso no, bere a akyerɛwfo ne Farisifo no bɔɔ mmɔden sɛ wobegu n’anim ase wɔ nnipakuw bi anim denam bɔ a wɔbɔɔ no sobo sɛ ɔnam Beelsebub so na etu ahonhommɔne so no, Yesu anhwɛ amma atosɛm no annyina. Ɔde nyansa a ɛbɔ adwene gu ne mfatoho a tumi wom bɔɔ wɔn atosɛm no gui. (Marko 3:20-30; hwɛ Mateo 15:1-11; 22:17-21; Yohane 18:37 nso.) Saa ara nso na bere a wɔkyeree Yesu twee no kogyinaa Sanhedrin no anim wɔ ne yima akyi no, Ɔsɔfo Panyin Kaiafa nam anifere kwan so bisae sɛ: “Meka Onyankopɔn teasefo no sɛ, sɛ wone Kristo, Onyankopɔn ba no a, ka kyerɛ yɛn!” Ná eyi nso yɛ ‘bere a ɛsɛ sɛ ɔkasa,’ efisɛ sɛ omua n’ano a, anka ɛbɛkyerɛ sɛ ɔnyɛ Kristo no. Enti Yesu buae sɛ: “Mene no.”—Mateo 26:63, 64; Marko 14:61, 62.
12. Tebea horow bɛn na ɛkaa Paulo ne Barnaba ma wɔde akokoduru kasae wɔ Ikonion?
12 Afei nso susuw Paulo ne Barnaba nhwɛso no ho hwɛ. Asomafo no Nnwuma 14:1, 2 ka sɛ: “Na ɛbae sɛ Ikonion nso wɔn baanu no kɔɔ Yudafo hyiadan mu, na wɔkɔkaa asɛm maa Yudafo ne Helafo pii gye dii. Na Yudafo asoɔdenfo no hwanyan amanaman mufo no ma wonyaa anuanom no ho adwemmɔne.” The New English Bible no kenkan sɛ: “Nanso Yudafo a na wɔnsakrae no hwanyan Amanaman mufo no sɛee wɔn adwene wɔ Kristofo no ho.” Bere a asɛm a Yudafo asɔretiafo no poe no ara annɔɔso amma wɔn no, wofii ase sɛee wɔn din, bɔɔ mmɔden sɛ wɔbɛma Amanaman mufo no anya Kristofo no ho adwemmɔne.a Hwɛ sɛnea ɛbɛyɛ sɛ na wɔtan Kristosom fa! (Fa toto Asomafo no Nnwuma 10:28 ho.) Paulo ne Barnaba tee nka sɛ na eyi yɛ ‘bere a ɛsɛ sɛ wɔkasa,’ anyɛ saa a, ɔmanfo ahohorabɔ no bebu asuafo a wɔyɛ foforo no abam. “Enti [Paulo ne Barnaba traa] hɔ kyɛe, na wɔde nnam paee mu kasa maa [Yehowa, NW]” a ɔnam tumi a ɔde maa wɔn ma wɔde yɛɛ anwonwade pii so no daa ne mpeneso adi. Eyi maa wɔn mu binom kɔɔ ‘Yudafo no afã na afoforo kɔɔ asomafo no afã.’—Asomafo no Nnwuma 14:3, 4.
13. Bere a yɛredi ahohorabɔ nsɛm ho dwuma no, mpɛn pii no, bere bɛn na ɛyɛ ‘kommyɛ bere’?
13 Ɛnde sɛ wɔbɔ yɛn ahohora a, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ? Ne nyinaa begyina tebea no so. Tebea horow bi bɛhwehwɛ sɛ yɛde nnyinasosɛm a ɛne sɛ “kommyɛ wɔ ne bere” no di dwuma. Eyi te saa titiriw bere a asɔretiafo a wɔasi wɔn bo bɔ mmɔden sɛ wɔbɛtwetwe yɛn akɔ akyinnyegye hunu mu no. Ɛnsɛ sɛ yɛma yɛn werɛ fi sɛ nnipa binom asisi wɔn aso wɔ nokware no ho. (2 Tesalonikafo 2:9-12) Mfaso biara nni so sɛ yɛbɛbɔ mmɔden ne wɔn a wofi ahantan mu asi wɔn bo sɛ wonnye biribiara nni no besusuw nsɛm ho. Nea ɛsen saa no, sɛ yɛresɛe yɛn adagyew ne obiara a ɔtoto yɛn ano ayiyi nsɛm ano a, anka ebetumi adan yɛn adwene afi dwumadi a ehia na mfaso wɔ so sen biara no so—a ɛne sɛ yɛbɛboa komapafo a wɔwɔ ɔpɛ ankasa sɛ wobesua Bible mu nokware no. Enti sɛ yehyia asɔretiafo a wɔasi wɔn bo sɛ wɔbɛka yɛn ho atosɛm akyerɛ a, afotu a efi honhom mu a ɛsɛ sɛ yetie ne sɛ: “Montwe mo ho mfi wɔn mu.”—Romafo 16:17, 18; Mateo 7:6.
14. Akwan bɛn so na yebetumi agyina afoforo anim ayi yɛn ho ano wɔ yɛn gyidi ho?
14 Nokwarem no, eyi nkyerɛ sɛ yenyi yɛn ho ano wɔ yɛn gyidi ho. Asɛm no ne sɛ, ‘kasa nso wɔ ne bere.’ Ɛyɛ ne kwan so sɛ nnipa komapafo a wɔaka yɛn ho atosɛm akyerɛ wɔn no ho asɛm hia yɛn. Yɛwɔ ɔpɛ sɛ yɛde yɛn gyidi a efi komam no ho nkyerɛkyerɛmu a emu da hɔ bɛma afoforo; nokwarem no, yɛhwɛ hokwan a ɛte saa kwan. Petro kyerɛwee sɛ: “Montew Kristo ho sɛ Awurade mo komam, a moasiesie mo ho bere nyinaa sɛ mubeyi mo ho ano obiara a obisa mo anidaso a ɛwɔ mo mu no ase no anim, nanso momfa odwo ne obu kɛse nyɛ saa.” (1 Petro 3:15, NW) Sɛ ankorankoro a wɔkyerɛ anigye ampa bisa yɛn yɛn gyidi a ɛsom bo ma yɛn no ho asɛm, na sɛ wobisa nkontomposɛm a asɔretiafo de to yɛn so no ho asɛm a, ɛyɛ yɛn asɛyɛde sɛ yɛko pere yɛn gyidi no denam mmuae a ɛtɔ asom a efi Bible mu a yɛde bɛma so. Afei nso, yɛn suban pa betumi ayɛ adansedi kɛse. Bere a nnipa a wɔwɔ adwempa hu sɛ yɛbɔ mmɔden de Onyankopɔn trenee gyinapɛn ahorow bɔ bra ampa no, wobetumi ahu no ntɛmpa ara sɛ sobo a wɔbɔ yɛn no yɛ atoro.—1 Petro 2:12-15.
Atosɛm a Wɔbɔ Ho Dawuru Nso Ɛ?
15. Dɛn ne nhwɛso biako a ɛkyerɛ sɛnea wɔde ani asi Yehowa Adansefo so aka wɔn ho atosɛm wɔ nsɛm amanneɛbɔ mu?
15 Ɛtɔ mmere bi a, nsɛm ho amanneɛbɔfo de wɔn ani si Yehowa Adansefo so ka wɔn ho nsɛm kyinkyim no wɔ atesɛm mu. Sɛ nhwɛso no, wɔ August 1, 1997 no, Russia atesɛm krataa bi tintim atosɛm bi a emu nsɛm bi kyerɛ sɛ ɛyɛ Adansefo no ahwehwɛde pefee sɛ ‘sɛ wɔn yerenom, wɔn kununom, ne wɔn awofo nte wɔn ase na ɛsono wɔn gyidi a, ɛsɛ sɛ wɔpo wɔn.’ Obiara a ɔne Yehowa Adansefo bɔ ampa no nim sɛ sobo no yɛ atoro. Bible no kyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ Kristofo ne wɔn abusuafo a wonnye nni di no ɔdɔ ne nidi mu, na Adansefo no bɔ mmɔden sɛ wobedi saa akwankyerɛ no so. (1 Korintofo 7:12-16; 1 Petro 3:1-4) Ne nyinaa akyi no, wotintim asɛm no, de kaa nsɛm a ɛnyɛ nokware kyerɛɛ akenkanfo pii. Sɛ wɔbɔ yɛn ahohora a, ɔkwan bɛn so na yebetumi ayi yɛn ho ano wɔ yɛn gyidi ho?
16, 17, ne adaka a ɛwɔ kratafa 16. (a) Dɛn na bere bi Ɔwɛn-Aban no kae wɔ yi a yebeyi yɛn ho ano wɔ atosɛm a nsɛm ho amanneɛbɔfo ka no ho? (b) Tebea horow bɛn mu na ebia Yehowa Adansefo beyi wɔn ho ano wɔ atosɛm a nsɛm ho amanneɛbɔfo ka ho?
16 Ɛha nso, “kommyɛ wɔ ne bere, na ɔkasa wɔ ne bere.” Bere bi Ɔwɛn-Aban no kaa no saa kwan yi so sɛ: “Sɛ́ ebia yebebu yɛn ani agu nsɛm ho amanneɛbɔ mu atosɛm so anaasɛ yɛbɛfa ɔkwan a ɛfata so ama nokware no ada adi no gyina tebea no, ɔkasatia no farebae, ne ne botae so.” Wɔ nsɛm bi mu no, ebia ɛbɛyɛ papa sɛ yebebu yɛn ani agu nsɛm a wotwa to yɛn so no so sɛnea ɛbɛyɛ a yɛrentrɛw atosɛm no mu.
17 Wɔ nsɛm afoforo mu no, ebia ɛbɛyɛ ‘bere a ɛsɛ sɛ yɛkasa.’ Ebia na wɔaka Yehowa Adansefo ho nsɛm a ɛnyɛ nokware akyerɛ sɛnkyerɛwfo bi a odi ne ho ni, na ebia ɔbɛpɛ sɛ ohu yɛn ho nokwasɛm. (Hwɛ adaka mu nsɛm “Wɔteɛ Nkontompo Bi.”) Sɛ nsɛm a ɛnyɛ nokware a nsɛm ho amanneɛbɔfo ka no ma wonya yɛn ho adwemmɔne siw yɛn asɛnka adwuma no kwan a, Ɔwɛn Aban Asafo no baa dwumadibea ananmusifo betumi afa ɔkwan a ɛfata so adi kan ayɛ ho biribi de akasa ama gyidi no.b Sɛ nhwɛso no, wobetumi apaw mpanyimfo a wɔfata ma wɔada nokwasɛm no adi wɔ baabi te sɛ TV so dwumadi bi mu wɔ baabi a sɛ wɔanyɛ saa a ebia ɛbɛkyerɛ sɛ Yehowa Adansefo no nni ɛho asɛm biara ka no. Adansefo ankorankoro fi nyansa mu gye Ɔwɛn Aban Asafo no ne n’ananmusifo no akwankyerɛ tom wɔ nsɛm a ɛtete saa mu.—Hebrifo 13:17.
Asɛmpa no a Yɛbɛbɔ Ho Ban Mmara Kwan So
18. (a) Dɛn nti na yenhia sɛ nnipa nniso ma yɛn kwan ansa na yɛaka asɛm no? (b) Sɛ wogye hokwan a yɛwɔ sɛ yɛka asɛm no fi yɛn nsa a, ɔkwan bɛn na yɛfa so?
18 Yenyaa tumi a yɛde ka Onyankopɔn Ahenni ho asɛmpa no fii soro. Wɔde ‘ɔsoro ne asase so tumi nyinaa ama’ Yesu a ɔhyɛɛ yɛn sɛ yɛnyɛ adwuma yi no nsa. (Mateo 28:18-20; Filipifo 2:9-11) Ne saa nti yenhia sɛ nnipa nniso horow ma yɛn kwan ansa na yɛaka asɛm no. Ne nyinaa mu no, yehu sɛ ɔsom mu ahofadi a yɛwɔ no boa ma yɛtrɛw Ahenni ho asɛm no mu. Wɔ nsase a yɛwɔ ahofadi a yɛde som so no, yɛde mmara mu nhyehyɛe no bedi dwuma de abɔ ho ban. Baabi a wɔagye saa ahofadi yi afi yɛn nsam no, yɛnam mmara mu hokwan a ɛwɔ hɔ so bɛbɔ mmɔden sɛ yɛn nsa bɛka. Ɛnyɛ yɛn adwene ne sɛ yɛbɛhwehwɛ asetra mu nsakrae, na mmom sɛ ‘yebeyi yɛn ho ano wɔ asɛmpa no ho na yɛde asi hɔ mmara kwan so.’c—Filipifo 1:7.
19. (a) Dɛn na ebetumi afi ‘Onyankopɔn de a yɛde bɛma Onyankopɔn’ no mu aba? (b) Dɛn na yɛasi yɛn bo sɛ yɛbɛyɛ?
19 Sɛ́ Yehowa Adansefo no, yegye Yehowa tom sɛ Amansan Hene. Ne mmara sen mmara biara. Yefi ahonim pa mu yɛ osetie ma nnipa nniso horow, ma ne saa nti ‘yɛde Kaesare de ma Kaesare.’ Nanso yɛremma biribiara ntwitware asɛyɛde a ehia sen saa a yebedi ho dwuma—‘Onyankopɔn de a yɛde bɛma Onyankopɔn’—no ananmu. (Mateo 22:21) Yɛwɔ awerɛhyem koraa sɛ saa a yɛbɛyɛ no bɛma amanaman no ‘atan’ yɛn, nanso yegye eyi tom sɛ ɛka nea asuafoyɛ gye no ho. Yehowa Adansefo nsɛm a wɔadi wɔ afeha a ɛto so 20 yi mu no yɛ adanse a ɛkyerɛ sɛnea yɛasi yɛn bo sɛ yebeyi yɛn ho ano wɔ yɛn gyidi no ho. Ɛdenam Yehowa mmoa so no, yɛbɛkɔ so ‘aka asɛmpa no akyerɛkyerɛ a yɛrennyae da biara da.’—Asomafo no Nnwuma 5:42.
[Ase hɔ nsɛm]
a Matthew Henry’s Commentary on the Whole Bible kyerɛkyerɛ mu sɛ na Yudafo asɔretiafo no “de ayɛ wɔn adwuma sɛ wɔbɛhyɛ da akɔ [Amanaman mufo] a wɔne wɔn abɔ pɛn no nkyɛn, na wɔabɔ wɔn tirim akeka nea wɔpɛ biara sɛnea ɛbɛyɛ a ɛnyɛ sɛ wobebu Kristosom animtiaa nko na mmom sɛ wobenya ho adwemmɔne nso.”
b Bere a wotintim atosɛm no wɔ Russia atesɛm krataa (a yɛbɔɔ din wɔ nkyekyem 15) no mu no, Yehowa Adansefo de asɛm no kɔdan Ɔmanpanyin Asɛnnii Bagua Ma Amanneɛbɔ Mu Ntawntawdi no Fekuw a ɛwɔ Russia no kɔsrɛe sɛ wɔnhwehwɛ atoro sobo a wɔde bɔɔ wɔn wɔ asɛm no mu no mu bio. Nnansa yi ara, asɛnnibea no de ɛho mmuae a ɛkaa atesɛm krataa no anim wɔ nsɛm a wɔde sɛee yɛn din a wotintimii no ho mae.—Hwɛ December 8, 1998, Nyan!, nkratafa 26-7.
c Hwɛ asɛm “Asɛmpa no a Wɔbɔ Ho Ban Wɔ Mmara Kwan So,” wɔ nkratafa 19-22.
So Wokae?
◻ Dɛn nti na ‘wɔtan’ Yehowa Adansefo?
◻ Ɔkwan bɛn so na ɛsɛ sɛ yebu wɔn a ɛsono wɔn som mu gyidi no?
◻ Nhwɛso a ɛkari pɛ bɛn na Yesu daa no adi wɔ sɛnea ɔne asɔretiafo dii nsɛm no mu?
◻ Sɛ wɔbɔ yɛn ahohora a, ɔkwan bɛn so na yebetumi de nnyinasosɛm a ɛne sɛ “kommyɛ wɔ ne bere, na ɔkasa wɔ ne bere” no adi dwuma?
[Kratafa 16 adaka]
Wɔteɛ Nkontompo Bi
“Wɔ Yacuiba, Bolivia no, asɛmpaka kuw bi a ɛwɔ hɔnom yɛɛ nhyehyɛe na ama TV adwumayɛbea bi ayi sini bi a ɛda adi sɛ awaefo na wɔyɛe akyerɛ. Esiane nkɛntɛnso bɔne a saa dwumadi no nyae nti, asafo mu mpanyimfo no sii gyinae sɛ wɔbɛkɔ TV adwumayɛbea abien akotua sika ama wɔayi video ahorow, Jehovah’s Witnesses—The Organization Behind the Name, ne The Bible—A Book of Fact and Prophecy akyerɛ ɔmanfo. Bere a radio adwumayɛbea bi wura hwɛɛ Asafo ti video no, awaefo dwumadi no mu nkontompo no hyɛɛ no abufuw ma ɔkae sɛ ɔbɛbɔ Yehowa Adansefo ɔmantam nhyiam bi a wɔrebɛyɛ no ho dawuru ama wɔn a ɔrennye hwee. Nnipa pii bae ma ɛyɛɛ nwonwa, na nnipa komapafo pii fii ase bisabisaa nsɛm a efi komam bere a Adansefo no kɔɔ wɔn nkyɛn wɔ asɛnka mu no.”—1997 Yearbook of Jehovah’s Witnesses, nkratafa 61-2.
[Kratafa 17 mfonini]
ɛtɔ bere bi a na yesu yi atoro sobo a n’asɔretiafo bɔ no no ano pefee