Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g98 12/8 kr. 3
  • Ná Hena Ne Yesu Kristo?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ná Hena Ne Yesu Kristo?
  • Nyan!—1998
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Ná Yesu Te Dɛn?
    Nyan!—1998
  • Yesu—Na Ɔte Sɛn Paa?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Ɔmanfo De)—2017
  • Onipa A Ɔsen Biara A Watra Ase Pɛn
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1992
  • Mmu Ani Ngu Ɔsoro Hene No So
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1982
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1998
g98 12/8 kr. 3

Ná Hena Ne Yesu Kristo?

Afe biara saa bere yi wodi Buronya wɔ wiase aman pii so. Nnipa ɔpepehaha pii gye di sɛ wɔwoo Yesu Kristo bɛyɛ mfe 2,000 a atwam ni wɔ December 25. Wɔyɛ ne ho mfonini, di ne ho adwini ahorow sɛ akokoaa a ɔda mmoa adididaka mu. Nanso, nokwarem no, onyin bɛyɛɛ ɔbarima traa asase so mfe 33 1/2.

SO WOASUSUW sɛnea na Yesu te wɔ nipaduam bere a ɔbɛyɛɛ ɔpanyin no ho pɛn? Na ne honam ani hwɛbea te dɛn? Na ɔyɛ ɔbran a ne ho yɛ fɛ, anaasɛ na ɔyɛ mmerɛw, a na ɔte sɛ ɔyarefo, sɛnea mfoniniyɛfo pii ayeyɛ ne mfonini wɔ mfehaha pii mu no? So na oyi n’abogyesɛ anaasɛ na wagyaw abogyesɛ? So na ne ti nhwi yɛ kuhaa?

Afei nso, so na kronkronyɛ ho hann bi di Yesu akyi, te sɛ kontonkurowi a mfoniniyɛfo bi yɛ de twa ne ti ho hyia no? Anaasɛ na ɔnte saa ankasa—na ɔnyɛ soronko saa, na na ɔnna nsow wɔ nnipadɔm mu?

Ɛdefa sɛnea na Yesu te ho no, wiase abakɔsɛm akyerɛwfo ne mfoniniyɛfo ada nsusuwii ahorow a enhyia adi. Afei nso, wɔn a wohuu no no de adanse ahorow a edi mu ama a Bible akyerɛwfo a wɔtraa ase wɔ afeha a edi kan no mu a wɔne no bɔɔ fekuw no akyerɛw ato hɔ.

Nanso, nsɛmmisa a edidi so yi ho hia koraa sen sɛnea na ɔte: Ná hena ne Yesu Kristo ankasa? Dwuma bɛn na odi wɔ Onyankopɔn atirimpɔw mu? So wadi saa atirimpɔw no ho dwuma? Ɔte dɛn nnɛ, na ɛhe na ɔwɔ? So ɔwɔ gyinabea bi a ɛho hia a ɛbɛma wanya adesamma nyinaa, a wɔn a wɔawuwu mpo ka ho, so nkɛntɛnso?

Nea edi kan no, momma yɛnhwehwɛ adanse a ɛfa sɛnea Yesu te ho no mu. Ná ɔte dɛn?

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena