Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g98 12/8 kr. 4-7
  • Ná Yesu Te Dɛn?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ná Yesu Te Dɛn?
  • Nyan!—1998
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nea Wiase Abakɔsɛm Ka
  • Sɛnea Bible Kyerɛ sɛ na Yesu Te
  • Yesu Nyɛ Mmerɛw
  • So Sɛnea na Ɔte Ho Hia?
  • Yesu—Na Ɔte Sɛn Paa?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Ɔmanfo De)—2017
  • Ná Yesu Te Sɛn?
    Bible Nsɛmmisa Ho Mmuae
  • Ná Hena Ne Yesu Kristo?
    Nyan!—1998
  • ‘Hwɛ! Ɔbarima No Ni!’
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1991
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1998
g98 12/8 kr. 4-7

Ná Yesu Te Dɛn?

SƐNEA na Yesu te ho adanse a wiase abakɔsɛm de ma no gyina nneɛma pii so kɛse. Eyinom na ama nsonsonoe kɛse aba sɛnea wɔyɛ ne mfonini mu no.

Emu abien ne ɔman kõ no amammerɛ ne bere a wɔyɛɛ mfonini no. Saa ara na ɔsom mu gyidi a mfoniniyɛfo ne wɔn a wɔmaa wɔyɛe no kura nyaa sɛnea wɔyɛɛ Yesu mfonini no so nkɛntɛnso.

Mfehaha pii a atwam no, mfoniniyɛfo a wɔagye din te sɛ, Michelangelo, Rembrandt, ne Rubens, de wɔn adwene sii sɛnea na Kristo te wɔ nipaduam so kɛse. Esiane sɛ na wɔtaa gyina nsɛnkyerɛnne ne atosɛm so yɛ wɔn mfonini ahorow nti, anya adwene a nkurɔfo kura wɔ sɛnea na Yesu te so nkɛntɛnso kɛse. Nanso dɛn so na na wɔn nkyerɛkyerɛmu no gyina?

Nea Wiase Abakɔsɛm Ka

Na wɔtaa yɛ Yesu mfonini ahorow sɛ abofra a ɔyɛ “Oguanhwɛfo Pa” a ne ti nhwi wɔ fam anaa ɛyɛ kuhaa a abobɔw wɔ Roma Ɔhempɔn Constantine, a ɔtraa ase bɛyɛ afe 280 kosi 337 Y.B., no bere so. Nanso Art Through the Ages nhoma no ka wɔ eyi ho sɛ: “Sɛ́ asɛmti no, yebetumi ahu sɛ Oguanhwɛfo Pa no wɔ Tete Hela [abosonsomfo] mfonini mu kosi Misrifo de mu, nanso wɔde yɛ Kristofo guanhwɛfo nokwafo no mfonini wɔ ha.”

Bere bi akyi no, wobegyee saa abosonsomfo nkɛntɛnso yi toom kɛse. Nhoma no de ka ho sɛ: “Wɔtaa yɛ Yesu mfonini sɛ Mediterraneafo anyame no bi, titiriw Helios (Apollo), owia nyame [a akyiri yi wɔde ne kontonkurowi maa Yesu ne “ahotefo” no nso no], anaasɛ wɔyɛ no sɛ Roma apuei fam nyame, Sol Invictus (Owia a Wontumi Nni So) no.” Wɔ ɔboda bi a wohui wɔ St. Peter’s a ɛwɔ Rome ase mu no, wohuu Yesu mfonini a wɔayɛ no sɛ Apollo a “ɔreka owia teaseɛnam mpɔnkɔ nam wim” ankasa.

Nanso, Yesu mfonini a na wɔyɛ no sɛ abofra yi ankyɛ pii. Adolphe Didron ka nea esii no ho asɛm wɔ ne nhoma Christian Iconography mu sɛ: “Kristo a bere bi na wɔyɛ no sɛ abofra no nyin bɛyɛ ɔpanyin afeha biara . . . te sɛ nea Kristosom ankasa nyin no.”

Afeha a ɛto so 13 no mu asɛm bi a ɛreyɛ ayɛ sɛ krataa bi a obi a ɔde Publius Lentulus kyerɛw kɔmaa Roma Mmarahyɛfo bi ka sɛnea na Yesu te wɔ nipaduam ho asɛm sɛ na ne “ti nhwi kɔla te sɛ kɔbere, na na ɛyɛ nahanaha a ɛreyɛ adu n’aso ho, nanso efi n’aso ho no, nea abubu agu so no yɛ tuntum, na ɛhyerɛn yiye, na ɛwosow wɔ ne mmati; na wapae mu wɔ mfinimfini . . . , n’abogyesɛ yɛ kuhaa, na ne kɔla te sɛ ne ti nhwi, na ɛnyɛ tenten, nanso emu akyɛ kakra wɔ n’abogye; . . . n’ani yɛ fitaa . . . na ɛyɛ hann.” Saa mfonini a ɛnyɛ nokware yi nyaa mfoniniyɛfo pii so nkɛntɛnso. New Catholic Encyclopedia ka sɛ: “Bere biara ne emu Kristo mfonini a na nkurɔfo ani gye ho.”

Sɛnea mfonini sesae wɔ mmere ahorow mu no, saa ara na ɛsesae wɔ mmusua ne nyamesom ahorow mu nso. Nhoma a ɛka nneɛma pii ho nsɛm no ka sɛ, nyamesom mu mfonini a wɔayeyɛ wɔ asɛmpatrɛw nsase so wɔ Afrika, Amerika, ne Asia no yɛ Kristo a ofi Atɔe fam a ne ti nhwi yɛ kuhaa; nanso ɛtɔ mmere bi a wɔde “sɛnea ɛhɔfo te” ka ne mfonini ho.

Protestantfo nso wɔ wɔn mfoniniyɛfo, na wɔn nso yɛɛ Kristo mfonini sɛnea wɔn ankasa pɛ. F. M. Godfrey, ka wɔ ne nhoma Christ and the Apostles—The Changing Forms of Religious Imagery mu sɛ: “Rembrandt gyinaa Protestantfo nsusuwii, awerɛhodi, ɔfɔn, ne kateeyɛ so na ɛyɛɛ Kristo mfonini a ne ho yɛ awerɛhow no, . . . Protestantni a ɔnsesa n’adwene, na ɔkame ne ho nneɛma honi no.” Ɔka sɛ eyi da adi wɔ “sɛnea Wafɔn, sɛnea ɔde nneɛma kame ne ho, ‘sɛnea ɔba fam, ɔyɛ mmɔbɔmmɔbɔ na ɔyɛ komm’ no mu, na ɛno ne adwene a [Rembrandt] nyae wɔ Kristofo asetra ho.”

Nanso, afei sɛnea yebehu no, Kristo a wɔayɛ no sɛ ɔyɛ mmerɛw a kontonkurowi atwa ne ho ahyia a wayɛ mmɔbɔmmɔbɔ, bosoo, na ne ti nhwi yɛ kuhaa a yɛtaa hu wɔ Kristoman mfonini mu no nyɛ nokware. Nokwarem no, ɛne Yesu a Bible ka ne ho asɛm no nsɛ koraa.

Sɛnea Bible Kyerɛ sɛ na Yesu Te

Sɛ́ “Onyankopɔn guammaa” no, na Yesu nni nkekae, enti akyinnye biara nni ho sɛ na ɔyɛ ɔbarima a ne ho yɛ fɛ. (Yohane 1:29; Hebrifo 7:26) Na ɛda adi sɛ na ɔnyɛ bosoo bere nyinaa sɛnea wɔyɛ ne mfonini no. Ɛwom sɛ ohyiaa amanehunu pii wɔ n’asetram de, nanso ne suban sɛ N’agya, ‘anigye Nyankopɔn,’ no yiye.—1 Timoteo 1:11; Luka 10:21; Hebrifo 1:3.

So na Yesu ti nhwi yɛ kuhaa? Nasirifo nkutoo na na wonyi wɔn ti anaasɛ wɔnnom nsa, na na Yesu nyɛ Nasirini. Enti akyinnye biara nni ho sɛ na oyi ne ti kama te sɛ Yudani barima foforo biara. (Numeri 6:2-7) Na ɔnom nsa kakra bere a ɔne afoforo bɔ no, na eyi yɛ adanse a emu yɛ den sɛ na ɔnyɛ obi a onni anigye. (Luka 7:34) Nokwarem no, ɔyɛɛ nsa anwonwakwan so wɔ ayeforohyia ase wɔ Kana, Galilea. (Yohane 2:1-11) Na ɛda adi sɛ na ɔwɔ abogyesɛ, sɛnea n’amanehunu ho nkɔmhyɛ di ho adanse no.—Yesaia 50:6.

Na Yesu honam ani hwɛbea ne sɛnea na ɔte nso ɛ? Ná ɔbɛsɛ Yudani. Ná obenya saa nipasu yi afi ne maame, Maria, a na ɔyɛ Yudani no hɔ. Ná ne maame nananom yɛ Yudafo a wofi Hebrifo mu. Enti ebetumi aba sɛ na Yesu honam ani hwɛbea ne sɛnea na ɔte te sɛ Yudafo.

Na Yesu nyɛ soronko wɔ n’asomafo mu wɔ nipaduam mpo, efisɛ na ɛsɛ sɛ Yuda few n’ano de yi no ma n’atamfo. Enti, Yesu tumi fraa nnipadɔm mu a na ɔnyɛ soronko. Na ɔyɛɛ saa, efisɛ anyɛ yiye koraa no, bere bi ofii Galilea kɔɔ Yerusalem a obiara anhu no.—Marko 14:44; Yohane 7:10, 11.

Nanso, ebinom ka sɛ, ɛbɛyɛ sɛ na Yesu yɛ mmerɛw. Dɛn nti na wɔka eyi? Ade biako ne sɛ, na ohia mmoa na ama watumi asoa n’asɛndua. Afei nso, wɔ mmarima baasa a wɔbɔɔ wɔn asɛndua mu no, ɔno na odii kan wui.—Luka 23:26; Yohane 19:17, 32, 33.

Yesu Nyɛ Mmerɛw

Nea ɛne atetesɛm bɔ abira no, Bible nka sɛ na Yesu yɛ mmerɛw anaa bosoo. Mmom no, ɛka sɛ, bere a na ɔyɛ abofra mpo no ‘onyinii nyansa ne kɛseyɛ ne Nyankopɔn ne nnipa nkyɛn dom mu.’ (Luka 2:52) Wɔ mfe 30 mu fã kɛse no ara no, na ɔyɛ duadwumfo. Ɛte sɛ nea ɛno nyɛ adwuma a onipa a onni ahoɔden na ɔyɛ mmerɛw betumi ayɛ, titiriw saa bere no a na nnɛyi mfiri a ɛboa adwumayɛfo nni hɔ no. (Marko 6:3) Afei nso, Yesu pam anantwi, nguan, ne sikasesafo fii asɔrefie hɔ, na obutubutuw sikasesafo no apon. (Yohane 2:14, 15) Eyi nso kyerɛ sɛ na ɔyɛ ɔbran a ne ho yɛ den.

Wɔ Yesu asase so asetra mu mfe abiɛsa ne fã a etwa to no mu no, ɔnantew twaa akwansin ɔhaha pii kaa asɛm no. Nanso, asuafo no anka da sɛ ‘ɔnhome kakra.’ Mmom no, Yesu ka kyerɛɛ wɔn a na wɔn mu bi yɛ apofofo a wɔn ho yɛ den no sɛ: “Mo nso mommra mmɛsen nkɔ sare so fa baabi, na monkɔhome kakra!”—Marko 6:31.

Nokwarem no, M’Clintock ne Strong Cyclopædia ka sɛ “asɛmpaka adwuma no ho nsɛm a wɔka nyinaa kyerɛ sɛ na [Yesu wɔ] nipaduam ahoɔden a edi mu.” Ɛnde, dɛn nti na na ohia mmoa na ama watumi asoa n’asɛndua, na dɛn nti na owui ansa na afoforo a wɔbɔɔ wɔne no asɛndua mu no rewuwu?

Ade titiriw biako ne ahohia kɛse. Bere a Yesu kum bɛnee no, ɔkae sɛ: “Asubɔ bi wɔ hɔ a wɔde bɛbɔ me, na me ho hiahia me kosi sɛ wobewie bɔ!” (Luka 12:50) Ahohia yi bɛdanee ‘ɛyaw’ wɔ n’anadwo a etwa to no mu: “Ɔwɔ owu yaw mu no, ɔmaa ne mpaebɔ mu yɛɛ den. Na ne ho fifiri yɛe sɛ mogya atɔwatɔw a ɛsosɔ fam.” (Luka 22:44) Na Yesu nim sɛ adesamma daa nkwa ho anidaso gyina ne mudi mu a obegyina akodu owu mu so. Adesoa a na ɛsɛ sɛ ɔsoa bɛn ara ni! (Mateo 20:18, 19, 28) Na onim nso sɛ Onyankopɔn ankasa nkurɔfo bekum no sɛ ɔdebɔneyɛfo a “wɔadome” no. Enti, na ɛhaw no sɛ eyi betumi de ahohorabɔ aba N’agya din so.—Galatifo 3:13; Dwom 40:6, 7; Asomafo no Nnwuma 8:32.

Bere a woyii no mae no, wɔyɛɛ no atirimɔdenne pii. Wɔ atoro asɛnni bi a wodii wɔ ɔdasum mu no, ɔman no mu mpanyimfo atitiriw no dii ne ho fɛw, fefee ntasu guu ne so bobɔɔ no akuturuku. Nea ɛbɛyɛ na ama ɔdasum asɛnni no ayɛ sɛnea ɛfata no, wodii asɛm no foforo ɛda a edi hɔ no anɔpatutuutu. Pilato bisabisaa Yesu nsɛm wɔ hɔ; na afei Herode a ɔne n’asraafo dii ne ho fɛw no nso bisabisaa no nsɛm; na afei wɔde no kɔmaa Pilato bio. Awiei koraa no, Pilato ma wɔkaa no mpire. Na eyi nyɛ ɔhwe bi kɛkɛ. The Journal of the American Medical Association kaa Romafo hwe ho asɛm sɛ:

“Ná abaa a wɔde hwe nkurɔfo no yɛ mpire tiatiaa soronko bi . . . mpire a wɔde aboa nhoma nteanteaa a n’atenten gu ahorow ayɛ anaa anwene, na nnade nkuruwankuruwa nketenkete anaa nguan nnompe a ano hwirenhwiren hyehyɛ mu. . . . Bere a Romafo asraafo de wɔn ahoɔden nyinaa ka obi akyi mpire ntoatoaso no, nnade nkuruwankuruwa no ma hɔ soasoa akɛse, na aboa nhoma nteanteaa ne nguan nnompe no ma n’akyi paapae. Afei, bere a wogu so rehwe no no, n’akyi a apaapae no pram mogya.”

Ɛda adi sɛ, Yesu ahoɔden sae ansa na wɔde asɛndua no resoa no. Nokwarem no, The Journal of the American Medical Association kae sɛ: “Honam ne nkate fam ayayade a Yudafo ne Romafo de yɛɛ no, ne ɔkɔm, sukɔm, ne da a wɔamma no anna nso ka ho bi na ɔyɛɛ mmerɛw no. Enti, anyɛ yiye koraa no, ansa na wɔrebɔ Yesu asɛndua mu mpo no, ebetumi aba sɛ na wawu awie ara ne sa.”

So Sɛnea na Ɔte Ho Hia?

Efi Lentulus atosɛm ne mfoniniyɛfo a wɔagye din yiye mfonini so kosi nnɛyi nhwehwɛ mfɛnsere a kɔla ahorow wom so no, ɛte sɛ nea Kristoman ani gye nneɛma a ɛyɛ aniwa fɛ nkutoo ho. Ɔsɔfopɔn a ɔwɔ Turin a ɔhwɛ Turin Funu Ntama a asɛm wɔ ho so no kae sɛ: “Ɛsɛ sɛ yɛkora Yesu Kristo mfonini mu tumi soronko a ɛkanyan no so.”

Nanso, Onyankopɔn Asɛm nka sɛnea na Yesu te ho asɛm a “ɛkanyan” saa ho biribiara. Dɛn ntia? Ɛda adi sɛ ebeyi nkurɔfo adwene afi ade a ɛma daa nkwa—Bible mu nimdeɛ—no so. (Yohane 17:3) Yesu ankasa—yɛn nhwɛsofo no—‘nhwɛ nnipa anim,’ na saa ara na na ɛho nhia no. (Mateo 22:16; fa toto Galatifo 2:6 ho.) Enti sɛ obi besi sɛnea na Yesu te so dua bere a Nsɛmpa a efi honhom mu no nhyɛ da nka biribi a ɛte saa ho asɛm no yɛ ade a ɛne no nhyia. Nokwarem no, sɛnea yebehu wɔ asɛm a edi hɔ mu no, Yesu nsɛ nnipa bio mpo.a

[Ase hɔ asɛm]

a Nokwarem no, asɛm biara nni ho sɛ wɔde mfonini ahorow, a Yesu de ka ho, bedi dwuma wɔ Bible adesua mu. Wɔtaa de eyinom di dwuma wɔ Ɔwɛn Aban Asafo no nhoma ahorow mu. Nanso, wɔmmɔ mmɔden sɛ wɔbɛma mfonini no ayɛ nwonwa, ma ayi nea ɔhwɛ no hu, anaasɛ ahyɛ adwene ahorow, nsɛnkyerɛnne, anaa nidi a ennyina Kyerɛwnsɛm so ho nkuran.

[Kratafa 7 mfonini ahorow]

Kristo mfonini a Kristoman mu mfoniniyɛfo yɛ ma ɛyɛ sɛ nea ɔyɛ mmerɛw, na wafɔn no ne Yesu ho asɛm a Bible ka no nhyia

[Asɛm Fibea]

Jesus Preaching at the Sea of Galilee by Gustave Doré

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena