Meda Yehowa Ase Wɔ Me Mmabarima Baanum no Ho
SƐNEA HELEN SAULSBERY KA KYERƐE
March 2, 1997 yɛ nna a me werɛ howee paa wɔ m’asetram no mu biako. Na abusuafo ne nnamfo bɛyɛ 600 ahyiam wɔ Wilmington, Delaware, U.S.A. reyɛ me kunu dɔfo Dean ayi. Na ɔyɛ Kristoni panyin ne ɔhwɛfo guamtrani wɔ Yehowa Adansefo asafo mu. Sɛ misusuw mfe 40 a yɛde waree wɔ anigye mu no ho a, na mewɔ nneɛma pii a metumi akyerɛ ho anisɔ. Minim sɛ wɔakora Dean so wɔ beae a ahobammɔ kɛse wɔ, wɔ Ade Nyinaa so Tumfoɔ, Yehowa Nyankopɔn nkae mu, ne sɛ daakye yebehu Dean.
WƆFAA Dean wɔ wim asraafo adwuma mu bere a owiee ntoaso sukuu wɔ 1950 mu no. Na ɔnyɛ nyamesomni na na ɛte sɛnea ɔmpene Katolek Asɔre a na m’ani gye ho paa no nkyerɛkyerɛ no so. Nanso yɛpenee so sɛ yɛbɛtete yɛn mma no ma wɔabɛyɛ Katolekfo. Na yebu nkotodwe bɔ mpae bɔkɔɔ anadwo biara. Na meti Katolekfo mpaebɔ no mu na na Dean nso ka nea ɛwɔ ne komam biara. Yɛwoo yɛn mmabarima baanum no: Bill, Jim, Dean Kumaa, Joe, ne Charlie wɔ mfe a edii hɔ no mu.
Na mentoto m’asɔrekɔ ase na na mede mmofra no ka me ho kɔ daa. Nanso asɔre no buu m’abam, ne titiriw no esiane sɛ ɛde ne ho hyehyɛɛ Vietnam Akodi mu no nti. Ɔsɔfopɔn Spellman a wawu no ka kyerɛɛ wɔn a ebia wɔbɛka nea U. S. reyɛ no ho asɛm no sɛ: “Mepene nea me man bɛyɛ biara so.” Mampene so sɛ me mmabarima no bɛkɔ ko, ɛmfa ho sɛ na m’asɔre no de ne ho ahyem no. Nanso, na mebɔ mpae sɛ anyɛ yiye koraa no wɔn mu biako bɛba abɛyɛ ɔsɔfo na me kunu nso abɛyɛ Katolekni.
Mesakra Me Nsusuwii
Memeneda anwummere bi, na me ne me nnamfo Katolekfo ne yɛn sɔfo ahyiam. Na yɛrenom nsa na na yɛregye yɛn ani bere a mmea no mu biako bisaa sɔfo no sɛ: “Sɔfo, sɛ apontow a ɛte sɛɛ akyi, obi antumi ansɔre anɔpa ankɔ Mass a, ɛyɛ bɔne?”
Obuae sɛ: “Dabida. Mfomso biara nni mu. Benada anadwo biara yɛkɔ Mass wɔ asɔrefie hɔ. Wubetumi aba Mass no bi abedi w’asɛyɛde ho dwuma.”
Wɔakyerɛkyerɛ me fi mmofraase sɛ nea ɛte biara no ɛsɛ sɛ wokɔ Mass Kwasida. Bere a me ne no anyɛ adwene no, ɔdomee me kasae abufuw so sɛ ɔbea nni hokwan sɛ ɔteɛ ɔsɔfo so.
Mekae wɔ me tirim sɛ, ‘So eyi na ɛyɛ a mebɔ mpae sɛ me mma no mmɛyɛ no?’ Ɛwom sɛ na minim sɛ asɔfo nyinaa nte saa de, nanso m’adwene mu yɛɛ me naa.
Yehowa Adansefo baa yɛn nkyɛn wɔ Philadelphia, Pennsylvania, wɔ 1960 mfe no ntam, ne akyiri yi wɔ Newark, Delaware. Ɛwom sɛ na m’ani gye mmɔden a na wɔbɔ sɛ Kristofo no ho de, nanso na bere nyinaa meka sɛ: “Mesrɛ mo. M’ani nnye ho efisɛ meyɛ Katolekni.”
Afei, anɔpa bi a na awɔw wom wɔ November 1970 mu no, Adansefo no san baa yɛn nkyɛn. Wobisaa asɛm bi a ɛfa Bible ho na wɔkenkanee Dwom 119:105: “W’asɛm yɛ me nan ase kanea, ne me kwan so hann.” Saa nsɛm no kaa me. Mekae sɛ mekaa wɔ me tirim sɛ, ‘Bible no! Ebia ɛno ne mmuae no, nanso minni bi.’ Na wɔakyerɛkyerɛ me sɛ Katolekfo nhia Bible, ne sɛ ɛbɛma yɛn adwene atu afra, na asɔfo nkutoo na ɛsɛ sɛ wonya bi na wɔkenkan kyerɛkyerɛ mu. Na misusuw sɛ meyɛ Katolekni pa esiane sɛ na minni bi nti.
Saa da no, migyee nhoma a wɔde sua Bible a wɔfrɛ no Nokware a ɛde kɔ Daa Nkwa Mu fii Adansefo no hɔ. Mekenkanee wɔ saa dapɛn no ara mu na mibehui ankasa sɛ mahu nokware no! Adansefo no baa bio no, na wokura Bible abien, biako yɛ Katolekfo nkyerɛase. Ɛyɛɛ me nwonwa sɛ mihui sɛ kyerɛw nsɛm a na wɔafa emu nsɛm aka wɔ Bible adesua nhoma no mu no nso wɔ Katolekfo Bible no mu pɛpɛɛpɛ. Wofii ase ne me yɛɛ Bible adesua daa fii saa bere no, na wɔbɔɔ me ne me nuabea Sally a na ɔno nso afi ase resua Bible no asu wɔ August 1972 mu.
Me kunu Dean ansɔre antia me da, nanso ɛyɛɛ no ahodwiriw sɛ ohui sɛ makyerɛ ɔsom a ɛnyɛ Katolekfo de ho anigye. Daa na otie na na ɔde n’ani hwɛ me. Kan no, na ɛte sɛ nea meteɛteɛm gu me mmabarima no so sɛnea ɛbɛyɛ a wobetie. Nanso mibehui sɛ Bible no bɔ “abufuw ne ano kurokuro ne abususɛm” ho kɔkɔ. (Efesofo 4:31, 32) Afei nso, ɛnsɛ sɛ wode nteɛteɛm na ɛtete mmofra. Bere bi, metee sɛ me kunu reka Yehowa Adansefo ho asɛm akyerɛ ne maame sɛ: “Maame, saa nkurɔfo no de nea wɔka bɔ wɔn bra!” Ɛno akyi bere tiaa bi no, ɔpenee so ma wɔne no yɛɛ Bible adesua. Dean bɛyɛɛ Ɔdansefo a wɔabɔ no asu wɔ January 1975 mu.
Yɛn Mmabarima Baanum no a Yɛtetee Wɔn
Bere a mifii ase kɔɔ Ahenni Asa so no, na misusuw sɛ bere a wɔde pɔn nhyiam no ware dodo ma me mma no. Enti na migya wɔn ma wɔn papa wɔ fie. Sɛ mekɔ nhyiam a obiara nka me ho a, m’ani gye na me ho hare me. Nanso bere a ɔkasafo bi reka bere a wɔde yɛ Kristofo nhyiam ho asɛm wɔ yɛn nhyiam ase no, obisae sɛ: “So woasusuw bere tenten a wo mma tumi de tra ase hwɛ TV no ho pɛn?” Saa bere no, ɛno ne nea na me mmabarima no reyɛ! Enti mekae sɛ, ‘Ɛnso hɔ ara! Afei me ne wɔn na ɛbɛkɔ!’ Me kunu pene ma mede mmofra no kɔe, na bere bi akyi no, ɔno nso fii ase kɔɔ bi.
Nhyiam a na yɛkɔ daa no maa yɛn abusua asetra dii mu na ɛyɛɛ den. Nanso na ɛnyɛ ɛno ara nen. Na me ne Dean bɔ mmɔden bere nyinaa sɛ yɛbɛma sɛnea yɛtete yɛn mma no atu mpɔn, na na yegye yɛn mfomso tom hwɛ yiye sɛ yɛde Bible akwankyerɛ bedi dwuma. Yɛamma asetra kwan abien ho kwan da. Nea na eye ma me ne me kunu no ye ma yɛn mmabarima no nso. Na ɛsɛ sɛ yenya asɛnka adwuma no mu kyɛfa daa.
Ɛdefa anigyede ho no, na yɛnhwɛ sini a ɔbrasɛe ne basabasayɛ wom. Na abusua no nyinaa bom di agoru te sɛ adonko a yɛtow, bɔɔl totow, gɔlf anigyebea a yɛkɔ, piknik a yɛkɔ, ne paanoo a n’akade hyehyem a yedi Fida anadwo biara, de gyigye yɛn ani. Na Dean yɛ obi a ofi ɔdɔ mu di yɛn abusua no so. Bere a yɛde waree nyinaa mu no, yehui sɛ sɛɛ na ɛsɛ sɛ abusua asetra yɛ.—Efesofo 5:22, 23.
Bere a Yehowa Adansefo fii ase ne me yɛɛ adesua wɔ 1970 mu no, na Billy adi mfe 12, Jimmy 11, Dean Kumaa 9, Joe 7, ne Charlie 2. Na wɔafi ase rekɔ asɔre dedaw, nanso seesei de na wɔresua Bible no. Na yɛn ani gye ho. Na meka kyerɛ wɔn sɛ: “Monhwɛ! Monhwɛ eyi! Mommra ha!” Na wɔba ma yɛde anigye susuw biribi a ɛyɛ foforo ma yɛn nyinaa no ho. Ɛdenam Bible no, biribi a ɛwɔ tumi sen biara wɔ asase so a na yɛresua so no, na mmofra no resua sɛnea wɔbɛdɔ Yehowa na wɔahu sɛ wobebu akontaa akyerɛ no sɛ wɔn Nyankopɔn ne wɔn Bɔfo—na ɛnyɛ wɔn papa ne wɔn maame nko.
Ansa na yɛrebesua Bible mu nokware no, na yɛadede aka bebree. Sɛnea ɛbɛyɛ na yɛatumi atuatua bi no, yɛtɔn yɛn fie kɔgyee ɔdan foforo a na yetua ho ka. Afei nso, yɛtɔn yɛn kar mono kɔtɔɔ dedaw. Yɛbɔɔ mmɔden sɛ yɛbɛyɛ yɛn ho awiɛmfoɔ. Eyi ma mitumi ne mmarimaa no traa fie sen sɛ anka mɛyɛ honam fam adwuma. Yɛtee nka sɛ na yɛn mmabarima no hia maame wɔ fie. Na eyi nso ma mitumi yɛɛ Kristofo som adwuma no pii bere a mmarimaa no kɔ sukuu no. Awiei koraa wɔ September 1983 mu no, mitumi bɛyɛɛ ɔkwampaefo (bere nyinaa somfo). Nokwarem no, na yɛn mma no nni honam fam nneɛma pii de, nanso na wɔnte nka sɛ ahia wɔn dodo. Wɔn mu biara kɔɔ ntoaso sukuu kosuaa nsaanodwuma te sɛ turoyɛ, duadwumfo adwuma, kar ho adwuma, ne nhoma tintim mu adwinni. Ɛno boa ma wotumi nya nea wohia wɔ asetram.
Na metaa susuw yɛn abusua asetra ho ka kyerɛ me ho sɛ, ‘Mihu sɛ yɛn abusua no yɛ mmusua a ɛwɔ anigye sen biara wɔ asase so no mu biako, ɛmfa ho sɛ na yenni honam fam nneɛma pii no.’ Ankyɛ koraa na wofii ase de asɛyɛde hyɛɛ Dean ne mmarimaa no nso nsa wɔ asafo no mu. Wɔpaw Dean sɛ Kristoni panyin wɔ 1982 mu. Wɔpaw yɛn ba barima a odi kan, Bill, asafo mu panyin wɔ mfe awotwe akyi wɔ 1990 mu. Wɔpaw Joe nso ɔpanyin wɔ bere koro no ara mu, Dean Kumaa wɔ 1991 mu, Charlie wɔ 1992 mu, ne Jim wɔ 1993 mu.
Minim sɛ sɛ awofo no, yɛyɛɛ biribi a na enye, na na ɛnyɛ mmerɛw bere nyinaa sɛ yɛbɛkae nneɛma pa a yɛyɛe no. M’adamfo bi bisaa me mmabarima no nea wɔkae wɔ wɔn mmofraberem sɛ Kristofo ne ne titiriw Bible mu nnyinasosɛm a wɔde tetee wɔn a ɛboaa wɔn ma wɔbɛfatae sɛ Kristofo mpanyinfo no. Nea wɔkae no ka me koma.
Nea Me Mmabarima no Ka
Bill: “Meda so ara kae nea yesua fii Romafo 12:9-12 no mu kɛse. Ne fa bi kenkan sɛ: ‘Momfa onuadɔ nnodɔ mo ho yiye. Munni kan nnidi mo ho ni. . . . Monyɛ honhom mu hyew. . . . Momma mo ani nnye anidaso mu.’ Na m’awofo nim sɛnea afoforo a wɔbɛdɔ wɔn no kyerɛ. Na wutumi hu sɛ afoforo a wɔdɔ wɔn no ma wɔn ani gye. Ɛyɛ ɔdɔ a yɛdaa no adi wɔ fie yi na ɛmaa Bible mu nokware no bɛyɛɛ yɛn nsusuwii fa no. Ɛno na ɛma yetumi traa nokware no mu. Na m’awofo dɔ Bible mu nokware no ankasa. Ɛno nti, na ɛnyɛ den mma me sɛ menya nokware no ho dɔ, na ɛnyɛɛ me den da sɛ mɛkɔ so ayɛ saa.”
Jim: “Nnyinasosɛm ahorow a ehia paa a mekae no mu biako ne nea ɛwɔ Mateo 5:37 no: ‘Momma mo asɛm nyɛ Yiw, Yiw, Dabi, Dabi! Na nea ɛboro eyi so no fi bɔne mu.’ Na me ne me nuanom nim nea yɛn awofo hwehwɛ sɛ yɛbɛyɛ, na yehui sɛ wɔda nhwɛso pa adi sɛ Kristofo. Na wɔn baanu adwene hyia bere biara. Wɔanham da. Sɛ wɔn adwene anhyia wɔ biribi ho pɛn a, yɛanhu. Na wɔyɛ biako, na akyinnye biara nni ho sɛ ɛno na enyaa yɛn nyinaa so nkɛntɛnso no. Na yɛmpɛ sɛ yebedi Maame ne Paapa ne ne titiriw paa no, Yehowa huammɔ.”
Dean: “Mmebusɛm 15:1 ka sɛ: ‘Mmuae bɔkɔɔ sianka anibere, na asɛnnennen hwanyan abufuw mu.’ Na Paapa dwo. Menkae sɛ me ne no nyaa akasakasa da—bere a meduu mpanyin mfe so mpo no. Sɛ ne bo fuw mpo a, na ɔda odwo adi bere nyinaa. Ɛtɔ mmere bi a, na ɔpam me kɔ me dan mu de twe m’aso anaasɛ ogye hokwan bi fi me nsam, nanso yɛanham da. Na ɔnyɛ yɛn papa kɛkɛ. Na ɔyɛ yɛn adamfo nso, enti na yɛmpɛ sɛ yebedi no huammɔ.”
Joe: “Bible no ka wɔ 2 Korintofo 10:5 sɛ, ‘na yɛafa adwene nyinaa nnommum de ahyɛ Kristo asoɔmmerɛw ase.’ Wɔkyerɛkyerɛɛ yɛn wɔ fie sɛ yɛnyɛ asoɔmmerɛw mma Yehowa mmara ne n’akwankyerɛ. Yɛde nokware no bɔɔ yɛn bra. Na yɛkɔ nhyiam daa. Ɛde besi nnɛ mpo no, minnim ade a ɛbɛma magyae nhyiamkɔ. Kristofo som adwuma no yɛ ade a na yɛyɛ daa—na ɛnyɛ biribi a sɛ yɛpɛ a na yɛyɛ. Ahenni Asa so na na yenya yɛn nnamfo. Ɛho nhia sɛ yɛhwehwɛ bi wɔ baabi foforo. Biribi foforo bɛn bio na agya betumi ayɛ ama ne mma sen sɛ ɔbɛma wɔanantew nkwa kwan no so!”
Charlie: “Meda so ara kae Mmebusɛm 1:7. Ɛkenkan sɛ: ‘[Yehowa, NW] suro ne nimdeɛ mfiase; agyimfo bu nyansa ne nteɛso animtiaa.’ M’awofo boaa yɛn ma yehuu wɔ a Yehowa wɔ hɔ ankasa ne hia a ehia sɛ yesuro no na yɛdɔ no no. Na wɔne yɛn susuw nsɛm ho ka kyerɛ yɛn sɛ: ‘Monnyɛ eyi efisɛ yɛn na yɛka kyerɛ mo. Mususuw ho dɛn? Mususuw sɛ Yehowa te nka dɛn bere a ohu eyi no? Mususuw sɛ Satan te nka dɛn?’
“Na ɛno ma yɛte nea wɔrekyerɛ ankasa no ase. Na Paapa ne Maame ntumi nka yɛn ho bere nyinaa. Nea na wobetumi ayɛ ara ne sɛ wɔde Bible mu nokware pii bedua yɛn koma ne yɛn adwene mu. Na obiara nka yɛn ho wɔ sukuu mu, adwuma mu ne bere a yɛne yɛn nnamfo bɔ no. Yehowa ho suro pa a yenyae no maa yɛdaa nsow kɛse—na yɛda so ara da nsow nnɛ.
“Afei nso na Maame ka n’akwampae adwuma no, ne ne suahu ahorow a ɛyɛ anigye ho asɛm kyerɛ yɛn bere nyinaa. Na ɔwɔ ɔsom adwuma no ho adwempa bere nyinaa, na ɛno nyaa yɛn so nkɛntɛnso kɛse. Yenyaa nnipa a wɔte sɛ ɔno ho dɔ, na yebehui sɛ afie afie asɛnka adwuma no yɛ anigye kɛse.”
Nea Ɛma Minya Anisɔ
Seesei me mma no awareware, na mewɔ nsew a woye a wɔn nyinaa resom Yehowa nokwaredi mu. Masan anya mmarimaa baanum foforo—yiw, mmanana baanum! Wɔretete wɔn nyinaa ma wɔadɔ Yehowa na wɔama N’ahenni no ayɛ nea ehia wɔn kɛse wɔ wɔn asetram. Yɛn mpaebɔ ne sɛ bere bi akyi no, wɔbɛba abɛyɛ mpanyimfo te sɛ wɔn papanom ne wɔn nana.
Bere a Dean wui bere tiaa bi akyi no, me mma no mu biako kyerɛwee sɛ: “M’ani begyina me papa kɛse, seesei de wada. Ɔnte yaw bio. N’amanehunu to atwa. Wɔnyɛ no oprehyɛn bio, wɔnwɔ no paane, na wɔmfa nsu nsi no so bio—n’asom adwo no. Mantumi ne no anni nkra ansa na ɔrewu. Nneɛma ntumi nyɛ sɛnea wopɛ daa. Nea metumi aka ara ne sɛ masi me bo sɛ mɛbɔ me bra yiye na ama matumi akohyia no ama no akwaaba!”
Hwɛ aseda ara a mede ma Yehowa sɛ ɔmaa me okunu pa, na manya anidaso a edi mu wɔ owusɔre no ho! (Yohane 5:28, 29) Hwɛ da a meda No ase esiane me mmabarima baanum no nti!
[Kratafa 30 mfonini]
Helen Saulsbery ne n’abusua nnɛ