Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g99 2/8 kr. 24-28
  • Mmabarima Baason Ntetee Ho Nsɛnnennen ne Nhyira

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Mmabarima Baason Ntetee Ho Nsɛnnennen ne Nhyira
  • Nyan!—1999
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Ná Minni Adagyew Koraa!
  • Bible Nnyinasosɛm a Yɛde Tetee Yɛn Mmarimaa No
  • Teokrase Adwuma Kɛse Bi
  • Misuaa Nteɛso Fii Keeki Mu
  • Na Asetra Yɛ Anigye
  • Sɛnea Mmarimaa no Buu Nteɛso
  • Yehyiaa Huammɔdi
  • Nsakrae Kɛse Wɔ Yɛn Asetra Mu
  • Meda Yehowa Ase Wɔ Me Mmabarima Baanum no Ho
    Nyan!—1999
  • Aba a Wogui a Ɛsow Aba Wɔ Mfe Pii Akyi
    Nyan!—1999
  • Afɔrebɔ De Akatua Pa Ba
    Nyan!—1988
  • Yɛn Awofo Akyerɛkyerɛ Yɛn Ma Yɛadɔ Onyankopɔn
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1999
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1999
g99 2/8 kr. 24-28

Mmabarima Baason Ntetee Ho Nsɛnnennen ne Nhyira

Sɛnea Bert ne Margaret Dickman ka kyerɛe

Wɔwoo me wɔ 1927 mu, wɔ Omaha, Nebraska, U.S.A., na minyinii wɔ South Dakota. Mekae bere a na meyɛ abarimaa wɔ Ahokyere Kɛse mfe no mu no (1929-42). Ná Maame taa yɛ nea na ɔfrɛ no nkwan surodoo. Ɔde srade kakra gu kyɛnsee a wɔkye mu ade mu, na ɔde nsu aka ho, na afei yɛde yɛn paanoo abobom adi. Ná asetram yɛ den ma mmusua pii saa bere no.

NÁ M’ABUSUAFO nyɛ nyamesomfo—wohuu nyaatwom wɔ Protestant asɔre a na ɛwowɔ mpɔtam hɔ no mu dodo. Me de, mfe abien a minyae wɔ asraadi mu wɔ Wiase Ko II mu no kɛntɛn m’adwene so. Saa bere no na m’ani begyee nsa ne kyakyatow ho.

Bere bi a minyaa akwamma wɔ sraadi mu no, mekɔɔ baabi a na wodi asaw wɔ mpɔtam hɔ na mekohyiaa Margaret Schlaht, abeawa bi a na ne fã fi Germany na ne fã nso fi Ukraine. Yenyaa ɔdɔ maa yɛn ho, na yɛnnantew akyi asram abiɛsa no, yɛwaree wɔ 1946 mu. Wɔ mfe awotwe mu no yɛwoo mmabarima baason, na yehuu nsɛnnennen a ɛwɔ awofoyɛ mu.

Wɔ 1951 mu no, mihyiaa akwanhyia kɛse bi wɔ beae a yɛpaapae nnua ma ɛkaa kakraa bi ma wotwaa me nsa benkum so. Na ɛsɛ sɛ meda ayaresabea mfe abien ma wɔkeka nnompe ne nam bi sisi anim. Saa bere no, Margaret sii m’ananmu hwɛɛ mmarimaa baanum. Ɛdenam mmoa a efi nnamfo ne afipamfo hɔ so no, otumi dii nneɛma ho dwuma wɔ mmere a na emu yɛ den no mu. Bere a na meda ayaresabea hɔ no, minyaa bere pii de susuw asetra yi atirimpɔw ho. Mebɔɔ mmɔden kenkanee Bible no de, nanso mannya mu ntease pa biara.

Bere a mifii ayaresabea hɔ bere tiaa bi akyi no, yetu kɔɔ Opportunity, kurow bi a ɛwɔ Washington Mantam no mu, na me ne m’akonta kɔyɛɛ adansi adwuma bi. Ɛde besi ha no mɛma Margaret kwan ma waka ne de a onim wɔ asɛm no ho.

Ná Minni Adagyew Koraa!

Wɔtetee me wɔ asase bi a na yedua awi, yɛn anantwi kakra wɔ so so, na na yɛde nnuaba ne mfunne hyehyɛ nkyɛnsee mu. Ná memfa adwuma nni agoru koraa, na ɛtetee me maa daakye asetram nsɛnnennen a na ɛbɛdɔɔso. Yetumi gyinaa Ahokyere no ano yiye sen nnipa pii, efisɛ anyɛ yiye koraa no na yɛwɔ aduan bere nyinaa.

Ná m’awofo nni nyamesom ho adagyew, ɛwom sɛ na mekɔ mmofra asɔre nnakoro nnakoro de. Afei, me ne Bert waree bere a na yɛadi mfe 19. Yɛankɔ asɔre pɔtee biara—yɛyɛɛ ho biribi kakraa bi wɔ m’awofo asa so kɛkɛ, na na Asɔre sɔfo bi na odi anim. Wɔ mfe kakraa bi akyi no, mewoo mmarima baason—Richard, Dan, Doug, Gary, Michael, Ken ne awiei koraa no, Scott, wɔ 1954 mu. Ná yɛn nsa so wɔn so!

Bere a yetu kɔɔ Opportunity no, ɔbea bi baa yɛn fie sɛ ɔrebɛka Bible mu asɛm. Mibisaa no sɛ ogye hellgya a na ɛyɛ nkyerɛkyerɛ a ehunahuna me paa no di anaa. Nea ɛmaa me koma tɔɔ me yam no, ɔkyerɛkyerɛɛ mu sɛ hellgya nyɛ Bible nkyerɛkyerɛ na ɔkra a enwu da nkyerɛkyerɛ no mpo nni Bible mu! Ná misuro owu paa na na minhu nea enti a ɔdɔ Nyankopɔn de hellgya bɛba. Misii me bo sɛ memfa atosɛm a ɛte saa nkyerɛkyerɛ me mma da.

Wɔ 1955 mu no, mifii ase de “Let God Be True”a nhoma no suaa Bible no. Sɛnea yebetumi ahwɛ kwan no, saa bere no ara na Pentekoste asɔre ɔsɛmpakafo bi kyerɛɛ me ho anigye mpofirim na ɔpɛe sɛ ogye me fi Yehowa Adansefo nsam! Odii mfomso kɛse—ofii ase kaa hellgya ho asɛm kyerɛɛ me! Ɔsomaa ne Pentekostfo mmea baasa mpo sɛ wɔmmɔ mmɔden mmɛdaadaa me na me ne Adansefo no nnyae adesua no.

Saa bere no nyinaa na Bert wɔ asa so hɔ tie me Bible adesua no. Akyiri yi, ofii ase kenkanee New World Translation of the Christian Greek Scriptures no, na nneɛma mu fii ase daa hɔ maa no. Ná ɔyɛ adwuma a adwumayɛfo no bi koyi afoforo a na ɔpɔn ɔdasum. Nokwarem no, bere a ɔbɛba fie no na mada. Anadwo bi meyɛɛ brɛoo sian baa fam na mibehuu no sɛ ɔrekenkan me nhoma horow no kokoam! Mesan m’akyi brɛoo kɔdae, na m’ani gyee sɛ n’ankasa rehwehwɛ nneɛma mu. Awiei koraa no, ɔno nso suaa Bible no, na wɔ 1956 mu no yɛbɛyɛɛ Adansefo a wɔabɔ yɛn asu.

Bere a mede mfe awotwe woo mmabarima baason no, mihui sɛ da biara da nnwuma te sɛ aduan a mede bɛma wɔn, ntade a wɔbɛhyɛ ne fie a mebɔ mmɔden siesie hɔ no nna fam. Mmarimaa no bɔɔ mmɔden yɛɛ wɔn fam de wɔ ofie nnwuma no mu. Ná me taa ka sɛ ɛnyɛ afiri a ɛno ara hohoro nkuku mu koro pɛ na me wɔ—na mewɔ nson! Ná wɔn mu biara wɔ bere a ebedu no so ama wayɛ adwuma a ɛho hia yi. Nokwarem no, na Bert boa kɛse. Ɔde nteɛso a ɛfata ne ofie mmara mae na bere koro no ara mu nso ɔmaa nkitahodi ho kwan daa hɔ. Ná mmarimaa no bu wɔn papa nanso na wonsuro no. Bert ammu n’ani angu n’asɛyɛde sɛ ɔbɛkyerɛkyerɛ yɛn mmabarima no nea wɔde anigye kae sɛ na ɔka ho asɛm sɛ “nnomaa ne nnowa” no so.

Richard, yɛn ba panyin no, tuu ne ho mae kɔsomee wɔ Ɔwɛn-Aban Asafo no adwumayɛbea ti a ɛwɔ Brooklyn, New York, no wɔ 1966 mu. Ná ɛyɛ den ma me sɛ nea odi kan no refi yɛn nkyɛn. Agua biako a na obiara ntra so wɔ adidii no maa me werɛ how yiye. Nanso m’ani gyee sɛ ɔrenya osuahu ne ntetee pa.

Mɛma Bert atoa asɛm no so.

Bible Nnyinasosɛm a Yɛde Tetee Yɛn Mmarimaa No

Me ne Margaret nyinaa bɔɔ asu wɔ nhyiam bi a wɔyɛɛ no wɔ Spokane, Washington ase. Afei ɛbɛyɛɛ asɛnnennen sɛ yɛde Bible nnyinasosɛm bɛtete yɛn mmarimaa no—nea ebia wobɛfrɛ no tete kwan so no. Ná mmofra no nim sɛ, meremma atorodi biara anaa nyaatwom ho kwan. Yɛkyerɛkyerɛɛ wɔn sɛ Yehowa fata nea eye sen biara.

Nanso, na wonim sɛ wobetumi aka wɔn tirim asɛm akyerɛ me efisɛ na yɛwɔ abusuabɔ a emu yɛ den na yɛyɛɛ nneɛma pii boom. Sɛ abusua no, yɛn ani gyee sɛ yɛbɛkɔ mpoano, yɛbɛkɔ akɔnantew mmepɔw so, na yɛabɔ bɔɔl nso. Ná yɛwɔ mmoa ne mfikyifuw, na mmarimaa no nyinaa boaa ho adwuma biara. Saa nti wosuaa adwuma ne agorudi. Yɛbɔɔ mmɔden sɛ yɛbɛkari pɛ wɔ yɛn nnwuma mu.

Teokrase Adwuma Kɛse Bi

Wɔ honhom fam no, yɛn nyinaa boom kɔɔ Kristofo nhyiam horow wɔ Ahenni Asa so, na yɛyɛɛ yɛn abusua Bible adesua daa. Wɔ 1957 mu no yɛkɔɔ Yehowa Adansefo nhyiam wɔ Seatle, Washington. Bere a dwumadi no rekɔ so no wɔtoo nsa frɛɛ mmusua sɛ wontu mfi mmeae a wɔwɔ na wɔnkɔsom wɔ mmeae a wohia Adansefo pii ma wɔaka Onyankopɔn Ahenni no ho asɛmpa no wɔ hɔ. Yɛn abusua no hui sɛ ɛyɛ adwempa, na yefii ase yɛɛ ahoboaboa a ɛbɛma yɛatu akɔ. Nea edi kan koraa no yɛkɔɔ Missouri wɔ 1958 ne afei Mississippi wɔ 1959 mu.

Yɛyɛɛ yɛn teokrase dwumadi kɛse a edi kan koraa wɔ 1958 mu. Misii ɔdan a wɔde lɔre twe, a na yɛde 1947 lɔre DeSoto dedaw bi a ɛfa nnipa baasa twe. Saa afe no yɛn nnipa baakron no nyinaa traa kar no mu tuu kwan kɔɔ amanaman ntam nhyiam wɔ New York. Yedii adapɛn pii wɔ kwan so, na yɛsoɛɛ mmeaemmeae fii Spokane, a ɛwɔ Atɔe Fam Mpoano, de kosii New York—ɔkwan a ne tenten boro kilomita 4,200! Mmarimaa no de anigye kae saa akwantu no sɛ na ɛyɛ ne bere mu de ne anigye nso.

Misuaa Nteɛso Fii Keeki Mu

Wɔ saa nhyiam no ase no yɛn nsa kaa nhoma Fi Paradise a Ɛyerae Kosi Paradise a Wɔasan Anya no bi.b Saa nhoma no, ne Bible no bɛyɛɛ nhoma titiriw a na yɛde yɛ yɛn abusua Bible adesua dapɛn biara. Mmarimaa no nyinaa suaa akenkan wɔ wɔn mmofraase pɛɛ. Bere a wɔapɔn sukuu no Marge gye bere kakra ma mmofra no, na otie wɔn bere a wɔrekenkan Bible no. Yɛamma kwan amma TV annye wɔn adwene.

Na nteɛso ne obu wɔ yɛn abusua no mu. Da koro na Margaret ayɛ keeki kɛse bi—nneɛma a na ɔbɔ mmɔden wɔ ne yɛ mu no biako. Na carrots ka aduan a ɔyɛɛ no saa da no ho. Da biara na yɛhyɛ yɛn mmofra no nkuran sɛ sɛ yɛma wɔn mfunne a, anyɛ yiye koraa no wɔnka nhwɛ. Na yɛn babarima a ɔto so anan, Doug, mpɛ carrots. Yɛka kyerɛɛ no sɛ sɛ wanni carrots no a onnya keeki no bi. Ne nyinaa akyi no, wanni n’aduan no. Margaret kae sɛ: “Sɛ woanni carrots no a, yɛde wo keeki no bɛma ɔkraman no.” Minnye nni sɛ Doug gyee nea ɔkae no dii kosi sɛ ohuu Blackie sɛ ɔrememene ne keeki dɛdɛ no! Osuaa biribi fii saa osuahu no mu, na saa ara na mmarimaa a aka no nso suaa biribi fii mu. Sɛ́ awofo no, yedii nea yɛkae biara so.

Na Asetra Yɛ Anigye

Mene Margaret maa Yesu asɛm a ɛwɔ Mateo 6:33 no kyerɛɛ yɛn kwan: ‘Monhwehwɛ ahenni no ne ne trenee kan, na wɔde eyinom nyinaa bɛka mo ho.’ Sɛ́ abusua no, yɛbɔɔ mmɔden de Ahenni nneɛma dii kan. Yɛn nyinaa ani gyee asɛnka adwuma a yɛboom yɛe no ho, na mmofra no ne me yɛɛ afie afie adwuma no mmiako mmiako. Ná wɔn mu biara wɔ n’ankasa bag a wɔde nhoma hyɛ mu, Bible, ne Bible nhoma. Yɛkamfoo wɔn wɔ nkɔso biara a na wonya ho. Mpɛn pii no na Margaret yɛ wɔn atuu. Nokwarem no, yɛdaa ɔdɔ adi kyerɛɛ wɔn bere nyinaa. Da biara na yegye bere ma mmofra no—na asetra yɛ anigye!

Bere a mmofra no nyinii no, na wɔwɔ asɛyɛde a ɛne sɛ wɔbɛkɔ akɔfa nkurɔfo de wɔn aba nhyiam horow ase, abue Ahenni Asa, ne nnwuma afoforo a wɔboa ma wɔyɛ. Wobegye toom sɛ Ahenni Asa no yɛ beae a ɛsɛ sɛ wɔsom Yehowa wɔ hɔ na wɔn ani gyee sɛ wobesiesie so.

Yɛhyɛɛ wɔn nkuran sɛ wɔmma mmuae wɔ Kristofo nhyiam horow ase. Wɔmaa wɔn asuafo kasa ntiantia wɔ Teokrase Ɔsom Sukuu no mu, na ɛhɔ na nkakrankakra wosuae sɛ wɔbɛyɛ akasafo. Ná yɛn babarima a ɔto so anum Michael ntaa mpɛ baguam kasa, na na ne ho kyere no wɔ asɛnka agua so. Na ofi ase su wɔ ne kasa biara mfinimfini, esiane sɛ na ontumi nwie ne kasa no na ɛyɛ no ahomete nti. Bere kɔɔ so no, otumi dii ɛno so, na mprempren, sɛ ɔwarefo no, ɔsom sɛ ɔhwɛfo kwantufo, a ɔsrasra asafo horow na ɔma kasa pii dapɛn biara. Nsakrae bɛn ara ni!

Sɛnea Mmarimaa no Buu Nteɛso

Nyan! ɔkyerɛwfo bi bisaa Michael sɛnea ɔte nka wɔ tete kwan a wɔfaa so tetee no no ho asɛm. “Yebuu Paapa sɛ obi a ɔde nteɛso pa ma. Mekae sɛ bere a na minnii mfe aduonu no, mekɔyɛɛ adwuma wɔ radio adwumayɛbea bi. Na mepɛ kar na ama matumi de me ho ahyɛ akwampae, bere nyinaa som adwuma no mu. Adwuma wura no maa me kar bi a wɔfrɛ no Ford Mustang a na n’apon yɛ abien na wotumi bue ne soro, kar a wɔde si mmirika akan a na mmerante pɛ paa. M’ani gyee ho, ɛwom mpo sɛ na minim sɛ ɛnyɛ kar a metumi de afa nkurɔfo aka me ho wɔ ɔsom adwuma no mu de. Mede ahopopo bi kɔɔ m’agya hɔ. Bere a mekaa kar no ho asɛm kyerɛɛ no no, ɔkae sɛ, ‘Ma yensusuw ho.’ Ná minim nea ɛno kyerɛ! Ɔne me susuw ho na ɔkyerɛɛ me mfaso a ɛwɔ kar a metumi de afa afoforo so. Ɛno nti metɔɔ kar bi a wɔfrɛ no sedan a na n’apon yɛ anan, na bere a mede twaa bɛboro kilomita 160,000 wɔ m’asɛnka dwumadi mu no, nea mitumi kae ara ne sɛ ‘Paapa kae ampa.’

“Mmeae mmeae a yɛkɔe bere a na yɛyɛ mmofra—fi Washington kɔ Missouri ne afei Mississippi no—yɛ osuahu a ɛyɛ anigye. Yɛn ani gyee ho. Bere mpo a na yɛn nnipa baakron no nyinaa te ɔdan a wɔde kar na ɛtwe a ne tenten ne ne kɛse yɛ mita 2.5 ne mita 11 mu no, na ɛyɛ anigye na ɛkyerɛɛ yɛn sɛnea yɛbɛyɛ nhyehyɛe pa na koroyɛ atra yɛn ntam, wɔ ɔdan a emu sua no mu mpo mu. Nokwarem no, na yɛtaa di agoru wɔ abɔnten paa.

“Biribi foforo a mekae na m’ani gye ho ne sɛnea Paapa ne yɛn yɛɛ da biara da asɛm no. Wɔ 1966 mu no ɔkɔɔ mpanyimfo sukuu wɔ Kingdom Farm, a ɛwɔ South Lansing, New York, na ohui sɛ na Betel abusua no yɛ nhwehwɛmu na ama wɔatumi de daa asɛm no mu nkyerɛkyerɛmu ama da biara. Ɔde saa nhyehyɛe no bɛhyɛɛ yɛn abusua no nhyehyɛe mu. Wɔmaa yɛn mmarima baason no mu biara anɔpa biako sɛ ɔnyɛ nhwehwɛmu mmɛka nea wasua no nkyerɛ yɛn. Ɛwom sɛ ɛtɔ da a na yenwiinwii de, nanso ɛkyerɛɛ yɛn sɛnea yɛbɛyɛ nhwehwɛmu na yɛakasa nso. Su a ɛtete saa no tra hɔ afebɔɔ.

“M’ani gyee nneɛma a yɛn nti Maame ne Paapa de bɔɔ afɔre no ho. Bere a na anka me nuabarimanom mpanyimfo abien Richard ne Dan betumi ayɛ adwuma de apɛ sika ama abusua no, yɛn awofo hyɛɛ wɔn nkuran ma wɔkɔɔ Brooklyn, New York, kɔsomee sɛ wɔn a wɔatu wɔn ho ama wɔ Ɔwɛn-Aban Asafo no adwumayɛbea ti. Yɛn awofo san siee sika ma enti yɛn mu baanan tumi kɔɔ New York kɔhwɛɛ adwumayɛbea ti hɔ. Eyi kaa me kɛse. Ɛmaa yɛn anisɔ a na yɛwɔ ma Yehowa ahyehyɛde no yɛɛ kɛse.

“Afei ma mensan nnan asɛm no mma Paapa.”

Yehyiaa Huammɔdi

Te sɛ abusua biara no, yehyiaa ɔhaw horow ne huammɔdi nso. Bere a mmofra no soo aware no, na ɛsɛ sɛ mitu wɔn fo wɔ ɔbea a wɔn ani bedi kan abɔ ne so a wɔbɛpere wɔn ho aware no no ho. Yɛhwɛe nso sɛ wobenya hwɛsofo papa wɔ wɔn nantew a edi kan wɔ aware mu mu. Ná yɛpɛ sɛ wonya asetra mu suahu ansa na wɔapaw wɔn ahokafo a wɔne wɔn bɛtra daa. Ɛtɔ da bi a na nusu ne bere tia mu huammɔdi mpo sɔre de, nanso awiei koraa no, wogyee nyansa a ɛwɔ Bible afotu mu no toom—titiriw nea ese yɛnware “Awurade mu” no. Yɛkamfoo wɔn wɔ wɔn nyansa no ho.—1 Korintofo 7:39.

Scott, yɛn babarima a ɔto so ason no, yɛ ma yɛtee nusu. Ogyae ne ho mu maa fekubɔne wɔ n’adwumam. Awiei koraa no wotuu no fii asafo no mu. Na ɛyɛ awerɛhosɛm kɛse ma yɛn nyinaa, nanso yɛkyerɛɛ obu maa mpanyimfo no gyinaesi no. Scott fi osuahu a ɛyɛ yaw mu behui sɛ Yehowa a yɛbɛsom no no ne asetra kwan a eye sen biara.

Yɛamma yɛn abam ammu da wɔ san a na ɔbɛsan aba asafo no mu no ho. Anigyesɛm ne sɛ, wɔsan gyee no baa asafo no mu wɔ mfe anum akyi. Sɛ obu kɔmpɔ a, ɔka sɛ, “Ade biako a ɛboaa me bere a wotuu me ne sɛ ɛwom sɛ fekuw a na me ne abusua no bɔ no sua de, nanso na minim bere nyinaa sɛ m’abusua no dɔ me.” Scott kɔɔ so nyaa nkɔanim na wasom sɛ ɔpanyin mfe awotwe a atwam ni.

Amane foforo nso ne sɛ wotuu yɛn mmanana mu biako a na ɔwɔ ne mfe 20 mu wɔ 1998 mu. Nanso yɛwɔ awerɛkyekye sɛ nteɛso a efi Yehowa hɔ no betumi de nsakrae pa aba.

Nsakrae Kɛse Wɔ Yɛn Asetra Mu

Awiei koraa no, ɛde besi 1978 no, na mmofra no nyinaa afi fie. Wɔ saa mfe yi mu no, na manya osuahu wɔ mfiri a ɛma ɔhyew, mframa, ne nea ɛma dan mu yɛ nwini mu. Wɔ 1980 mu no, me ne Margaret nsa kaa nsato nwonwaso bi sɛ yɛmmɛsom asram akron wɔ Brooklyn Ɔwɛn-Aban Asafo no adwumayɛbea ti. Mfe dunwɔtwe akyi ni, yɛda so ara wɔ ha!

Yɛanya nhyira kɛse. Ɛnyɛ bere nyinaa na na ɛyɛ mmerɛw sɛ yɛbɛtete yɛn mma no wɔ tete kwan so, sɛnea Bible nnyinasosɛm kyerɛ no, nanso ɛso aba mfaso kɛse wɔ yɛn fam. Mprempren yɛn abusua no tebea ne sɛ yɛn mmabarima no mu baanum som sɛ asafo mu mpanyimfo na obiako yɛ ɔhwɛfo kwantufo. Yɛwɔ mmanananom 20 ne nanankansowanom 4—na wɔn mu dodow no ara wɔ nokware no mu na wodi Onyankopɔn nokware.

Yɛahu nokwasɛm a odwontofo no nsɛm no yɛ: “Hwɛ! [Yehowa, NW] agyapade ne mmabanin, na yafunu mu aba yɛ akatua. Sɛ ɔbran nsam bɛmma te no, sɛ mmeranteberem mmabanin te ne no.”—Dwom 127:3, 4.

[Ase hɔ asɛm]

a Watchtower Bible and Tract Society of New York, Inc., na etintimii wɔ 1946 mu; mprempren wontintim bio.

b Watchtower Bible and Tract Society of New York, Inc., na etintimii.

[Mfonini wɔ kratafa 26, 27]

Yɛne yɛn mmabarima ne yɛn nsenom (nifa) ne yɛn mmanana (nifa so paa) bere a yɛredi yɛn aware mfirihyia 50, wɔ 1996 mu

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena