Nnipa Ɔpepem Pii Bɛkɔ Wobɛkɔ Bi?
NNIPA bɛboro ɔpepem awotwe na afe biara wɔkɔ Yehowa Adansefo ɔmantam nhyiam wɔ wiase nyinaa. Afe yi, wɔbɛyɛ nnansa “Onyankopɔn Nkɔmhyɛ Asɛm” Ɔmantam Nhyiam wɔ wiase nyinaa. Ɛda adi sɛ, wɔbɛyɛ bi wɔ beae a ɛbɛn baabi a wote. Yɛhyɛ wo nkuran sɛ du hɔ ansa na wɔde dwom afi dwumadi no ase Fida anɔpa 9:30.
Ɔkasa a wɔde ma akwaaba ne nhyiam no asɛmti ho ɔkasa a wɔato din “Tie Onyankopɔn Nkɔmhyɛ Asɛm No” ka anɔpa dwumadi no ho. Wɔ awia dwumadi no mu no, ɔkasa a wɔakyekyem a ekura asɛmti “Kyerɛ Onyankopɔn Asɛm Kenkan Ho Anigye” de nyansahyɛ a mfaso wɔ so a ɛfa ɔkwan a yɛbɛfa so ama Bible akenkan ayɛ nea mfaso ne anigye wom ho bɛma. Ɔkasa a wɔde bewie ɛda no dwumadi a n’asɛmti ne “Wɔn a Wɔko Tia Onyankopɔn no Bedi Nkogu” no bɛkyerɛkyerɛ nnɛyi ko a wɔako atia Onyankopɔn Ahenni no ho adawurubɔfo no mu.
Wɔbɛma asubɔ kasa wɔ Memeneda anɔpa dwumadi no mu, na wɔbɛma wɔn a wɔfata no hokwan ma wɔabɔ asu. Wɔ awia dwumadi no mu no, wɔde Bible mu nokware a nkurɔfo retie wɔ anwonwakwan so wɔ aman binom a ɛwɔ Latin America, Afrika, ne Europa Apuei fam ne afei Asia man kɛse Kazakhstan mu no ho amanneɛbɔ a ɛhyɛ nkuran bɛma. Asɛmti ma ɔfã yi ne “‘Adepa’ Rehyɛ Yehowa Fie Ma.” Wɔde ɔkasa ahorow abien a ekura nsɛmti “Kyerɛwnsɛm Mu Adiyisɛm Ma Yɛwɛn” ne “Nkɔmhyɛ Asɛm no Wɔ Awiei Bere no Mu” na ebewie Memeneda dwumadi no. Nea etwa to no bɛtwe adwene asi Daniel nhoma a ɛwɔ Bible mu no so na ama yɛahu nea enti a ɛsɛ sɛ yetie emu nkɔmhyɛ nsɛm no.
Kwasida anɔpa no, dɔnhwerew biako ɔkasa a wɔakyekyem abiɛsa a ekura asɛmti “Nkɔmhyɛ Nsɛm Ma Bere a Wɔahyɛ No” bɛkyerɛkyerɛ Habakuk nkɔmhyɛ no mu. Wubehu nkuranhyɛ a saa Bible nhoma tiawa no betumi ayɛ ama Kristofo nnɛ. Ɛno akyi no wɔde Bible mu drama a wɔhyɛ tete ntade wom a ɛka Yakob ne Esau ho asɛm a ɛwɔ Bible mu no bɛtwe adwene asi asɛmti a ɛne “Anisɔ a Yɛbɛkyerɛ Ama Yɛn Honhom Fam Agyapade” no so. Wɔde ɔkasa a ɛka koma a n’asɛmti ne “Dɛn na Yɛn Agyapade a Ɛsom Bo no Kyerɛ Ma Wo?” na ebewie Kwasida anɔpa dwumadi no. Afei, awia no, wobɛte baguam ɔkasa a ekura asɛmti “Wɔyɛ Nneɛma Nyinaa Foforo—Sɛnea Wɔahyɛ Ho Nkɔm No.”
Fi nnɛ yɛ nhyehyɛe sɛ wobɛkɔ bi. Sɛnea ɛbɛyɛ a wubehu baabi a ɛbɛn wo pɛɛ no, kɔ Yehowa Adansefo Ahenni Asa a ɛwɔ baabi a wote no so, anaasɛ kyerɛw wɔn a wotintim nsɛmma nhoma yi no. Yɛn nsɛmma nhoma yi hokafo Ɔwɛn-Aban, no de mmeae a wɔbɛyɛ nhyiam no bi ama wɔ February 15, 1999 de no mu.