Yɛma Wo Akwaaba Ba “Onyankopɔn Asɛm Akyerɛkyerɛfo” Ɔmantam Nhyiam Ase!
NNIPA ƆPEPEM PII BƐKƆ BI wɔ mmeae ɔhaha pii wɔ wiase nyinaa. Wɔ United States nkutoo no, wɔbɛyɛ nhyiam ahorow 189. Wɔbɛyɛ nea edi kan no May 18-20, ne nea etwa to no September 14-16. Ɛda adi sɛ wɔbɛyɛ nnansa nhyiam yi—Fida kosi Kwasida—no mu biako wɔ kurow a ɛbɛn wo so.
Wɔ mmeae pii no, wɔde dwom befi dwumadi no ase da biara bere a abɔ anɔpa 9:30 no. Wɔbɛma nsɛmti a egyina Bible so ho ɔkasa a ɛne “Ahenni Nkyerɛkyerɛ Sow Aba Pa,” “Onyankopɔn Anwonwade Kanyan Wɔn” ne “Nya Yehowa Trenee Ho Anigye” wɔ ɔkasa a wɔde bɛma atiefo akwaaba Fida no akyi. Wɔde nhyiam asɛmti ho ɔkasa a ɛne “Wɔasiesie Yɛn Koraa sɛ Onyankopɔn Asɛm Akyerɛkyerɛfo” na ɛbɛpɔn anɔpa dwumadi no.
Wɔbɛma ɔkasa a wɔakyekyem abiɛsa a n’asɛmti ne “Yɛn Ho a Yɛkyerɛkyerɛ Bere a Yɛkyerɛkyerɛ Afoforo” wɔ awia ɔkasa a edi kan a ɛne “Wɔatew Wɔn Ho sɛ Nnipa a Wɔbɛyɛ Nnwuma Pa” no akyi. Eyi besi hia a ɛho hia sɛ yɛde nea yɛka fa abrabɔ pa ho di dwuma, kokoam Bible adesua a yɛbɛyɛ, ne sɛnea ehia sɛ yɛko tia mmɔden a Ɔbonsam bɔ sɛ ɔbɛdaadaa yɛn no so dua. Ɔkasa a n’asɛmti ne “Kyi Wiase no Adebɔne a Ɛne Aguamansɛm” no bedi ɛno akyi. Afei wɔde Yesaia ti 60 ho ɔkasa a asɛmti no ne “Yehowa De Hann Hyɛ Ne Nkurɔfo Anuonyam” bɛpɔn da no dwumadi no.
Memeneda ɔkasa ahorow a ɛne “Ahome a Wubenya Wɔ Kristo Kɔndua Ase,” “Suasua Ɔkyerɛkyerɛfo Kɛse No,” ne “So Wopɛ sɛ Wosom Afoforo?” no bɛtwe adwene asi hia a ɛho hia sɛ yedi Kristo nhwɛso akyi no so. Wɔbɛma ɔkasa a wɔakyekyem a ebegye nnɔnhwerew abien a n’asɛmti ne “Asomfo a Afoforo Nam Wɔn So Bɛyɛ Gyidifo” ne “Nya Teokrase Nkyerɛkyerɛ So Mfaso Kɛse” nso Memeneda. Anɔpa ɔkasa a wɔakyekyem no de akwan a yɛbɛfa so ama afoforo abɛyɛ asuafo ho nyansahyɛ ahorow bɛma, na awia ɔkasa no besi akwan a yɛbɛfa so atumi anya Bible adesua ne Kristofo nhyiamkɔ so mfaso kɛse so dua. Asubɔ ho ɔkasa no de anɔpa dwumadi no bɛba awiei, na wɔ ɛno akyi no, wɔn a wɔfata no benya hokwan abɔ asu. Nnipa pii ho bɛpere wɔn sɛ wɔbɛte ɔkasa a wɔde bɛpɔn Memeneda awia, a ɛne “Nsiesiei Foforo a Ɛbɛma Yɛanya Honhom Fam Nkɔso” no.
Nea ɛka Kwasida anɔpa dwuma no ho ne ɔkasa a wɔakyekyem a ɛka Malaki nhoma no ho asɛm na ɛkyerɛ sɛnea ɛfa yɛn bere yi mu tebea horow ho no. Ɛno akyi no, wɔbɛyɛ drama a ɛfa atua a Kora, Datan, ne Abiram tew wɔ tumi a Onyankopɔn de maa Mose ho no. Wɔbɛma ɔkasa wɔ drama no akyi de asi drama no mu nsɛntitiriw so dua. Nea ɛka awia dwumadi no ho ne baguam ɔkasa a asɛmti ne “Henanom na Wɔrekyerɛkyerɛ Amanaman Nyinaa Nokware No?”
Akyinnye biara nni ho sɛ wubenya mfaso pii wɔ honhom fam denam nnansa no nyinaa a wobɛkɔ no so. Sɛ wopɛ sɛ wuhu beae a wɔbɛyɛ bi a ɛbɛn wo a, bisa mo hɔnom Yehowa Adansefo Ahenni Asa anaasɛ kyerɛw wɔn a wotintim nsɛmma nhoma yi. Wɔatintim mmeae a wɔbɛyɛ nhyiam no wɔ United States, Britain, Canada, Ireland, ne Malta wɔ February 15, 2001 Ɔwɛn-Aban no mu.