Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g99 11/8 kr. 31
  • Ne Gyidi Hyɛɛ Me Den

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ne Gyidi Hyɛɛ Me Den
  • Nyan!—1999
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Agyanom Baanu a na Ɛsɛ sɛ Mepaw Biako
    Nyan!—1998
  • Bible Tumi Sesa Nnipa
    Ɔwɛn-Aban: Bible Tumi Sesa Nnipa
  • Me Ho Nyɛ Den, Nanso Me Gyidi Yɛ Den
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2014
  • Anisɔ Ma Yehowa Mmoa a Enni Huammɔ No
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1993
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1999
g99 11/8 kr. 31

Ne Gyidi Hyɛɛ Me Den

ABABAA bi a wadi mfe 17 kyerɛw krataa kɔdaa Ɔwɛn Aban Asafo ti a ɛwɔ Moldova, kan Soviet Union adehyeman mu, no ase wɔ asɛm a epuee wɔ June 8, 1998, Nyan! mu no ho. Na asɛmti no ne “Agyanom Baanu a na Ɛsɛ sɛ Mepaw Biako,” na na ɛka Armeniani aberante bi suahu ho asɛm.

“Ababaa no kae sɛ: “Nusu taataa me bere a na merekenkan asɛm no, efisɛ na asɛm koro no ara bi ato me.” Ɔtoaa so sɛ: “Mifii ase suaa Bible no bere a na madi mfe 15, na m’awofo ansɔre antia mfitiase no. Nanso bere a mifii ase kɔɔ Yehowa Adansefo nhyiam no, wɔn ani annye ho koraa. Bere a mifii ase kaa nea na meresua no ho asɛm kyerɛɛ afoforo wɔ 1997 mu no, wɔka kyerɛɛ me sɛ: ‘Kɔ wo nnamfo Adansefo no hɔ na wɔmma wo aduan, ataade ne adwuma nyɛ. Woyɛ abofra bɔne paa!’ M’awofo yɛɛ me ayayade, na wɔkekaa me ti hwee dan mu mpo.

“Na ɛyɛ asɛm ma me paa. Na metaa te nka te sɛ Armeniani aberante no, nea ɔkaa sɛ ɛtɔ mmere bi a ontumi nhu sɛ Yehowa ani gye ne ho no. Na meka wɔ me tirim sɛ, ‘So me ho nni mfaso? So Yehowa de bɔne a mayɛ no bɛkyɛ me? So Yehowa da so ara dɔ me?’

“Na asɛm no haw me kɛse, ɛnkanka bere a na medwennwene sɛ Yehowa nnɔ me bio no. Na metaa de nusu srɛ Yehowa wɔ mpaebɔ mu sɛ ɔmmoa me na ɔnhyɛ me den na mannyae no som. Nokwarem no, Yehowa tiee me mpaebɔ no na odii ho dwuma. Ɔhyɛɛ me den ma metumi gyinaa pintinn na menyaa akokoduru. Ɔhyɛɛ me den denam N’asɛm a emu na odwontofo no kaa no pen sɛ: ‘M’agya ne me na agyaw me, na [Yehowa, NW] de, ogye me,’ no so na ɛhyɛɛ me den titiriw.—Dwom 27:10.

“Wɔ September 27, 1997 no, mema wɔbɔɔ me asu de yɛɛ m’ahosohyira ma Yehowa no ho sɛnkyerɛnne wɔ Yehowa Adansefo mansin nhyiam bi a wɔyɛe wɔ Kagul no ase. Mitumi hu no pefee sɛ Yehowa, yɛn soro Agya a ɔwɔ ɔdɔ no di ne bɔhyɛ a wɔaka ho asɛm wɔ Dwom 84:11 no so: ‘Owia ne kyɛm ne Yehowa Nyankopɔn.—Yehowa ma ɔdom ne anuonyam, ɔmfa papa nkame wɔn a wɔnam tee no.’

“Meda Armeniani aberante a ɔkaa ne gyidi a ɛma denhyɛ ho asɛm wɔ Nyan! nsɛmma nhoma mu no ase kɛse. Mehwɛ kwan sɛ akyiri yi m’awofo ne aberante no awofo nyinaa bɛkyerɛ Bible nkyerɛkyerɛ ho anigye.”

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena