Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g00 7/8 kr. 30-31
  • Aspirin a Mɛnom Daa—So Mennom Anaa Minnyae?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Aspirin a Mɛnom Daa—So Mennom Anaa Minnyae?
  • Nyan!—2000
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nnuru a Ɛma Mogya Tu Obi
  • Aspirin Ho Anigye a Wɔanya
  • Nea Enti a Ɛsɛ sɛ Woyɛ Ahwɛyiye
  • Dua Ma Aduru
    Nyan!—2004
  • So Woyɛ Nea Wɔnwoo No No Adamfo?
    Nyan!—1982
  • Wɔbɛyɛ Dɛn Atumi Atew Ɛho Asiane no So?
    Nyan!—1996
  • Wobɛyɛ Dɛn Atumi Anya Akwahosan Pa?
    Nyan!—1998
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—2000
g00 7/8 kr. 30-31

Aspirin a Mɛnom Daa—So Mennom Anaa Minnyae?

Nea edi so yi yɛ nokwasɛm bi a oduruyɛfo bi kae. Ɛda ɔhaw bi a ɛtaa si adi.

ABUSUA no nyinaa hawee. Ɛhaw oduruyɛfo no mpo. Oduruyɛfo no kae sɛ: “Sɛ mogya a ɛretu no no antwa ntɛm a, ɛho behia sɛ yɛma no mogya.”

Na mogya atu ɔbarima no nkakrankakra adapɛn dodow bi, na wobehui sɛ wanya yamkuru. Oduruyɛfo no de ahometew bisae sɛ: “Wugye di sɛ wonnom aduru biara?”

Owura no kae sɛ: “Dabi, na mmom esiane sɛ meyare ɔkwaha nti, mankasa metɔɔ aduru yi.”

Oduruyɛfo no tiee nea ɔkae no yiye. “Menhwɛ.” Bere a ɔkenkanee nea wɔakyerɛw agu ho no, ohuu nea na ɔrehwehwɛ no ara. Aduru a wɔde aspirin afra! Ohuu ɔhaw no ano aduru. Bere a ɔyarefo no gyaee aspirin no nom na wɔmaa no aduru a iron wom ne yafunu yare nnuru afoforo no, mogya a na ɛretu no no gyaee na ofii ase nyaa mogya bio.

Nnuru a Ɛma Mogya Tu Obi

Nokwarem no, nnuru a ɛma obi nya yamkuru na mogya tu no no abɛyɛ ɔhaw kɛse nnɛ. Ɛwom sɛ asɛm wɔ nnuru pii ho de, nanso nnuru a wɔde sa ɔkwaha ne ahotutuw no paa na ɛde ɔhaw a ɛtete saa no ba. Eyinom bi ne nnuru a ɛma srade so tew na edwudwo yaw, anaa NSAIDS. Ɛsono sɛnea wɔfrɛ nnuru yi wɔ ɔman biara mu.

Aspirin wɔ nnuru pii a wɔtontɔn mu, na wɔ aman pii mu no, nnipa bebree na nnansa yi wɔnom aspirin daa. Dɛn ntia?

Aspirin Ho Anigye a Wɔanya

Harvard Health Letter bɔɔ amanneɛ wɔ 1995 mu sɛ, “aspirin a wɔnom no daa no bɔ nkwa ho ban.” Nhwehwɛmufo afi saa bere no ayɛ nhwehwɛmu pii na wɔagyina nea wɔahu no so aka sɛ: “Sɛ ɛbɛyɛ yiye a, ɛsɛ sɛ obiara a wanya komayare anaa mmubui, ahotutuw, anaa wɔayɛ ne komam oprehyɛn pɛn no, nom aspirin fã anaa biako da biara, gye sɛ ɛne ne ho nnye.”a

Nhwehwɛmufo afoforo nso kyerɛ sɛ eye sɛ mmarima ne mmea a wɔadi boro mfe 50 a wɔwɔ komayare bɛnom aspirin daa. Afei nso, nhwehwɛmu foforo kyerɛ sɛ sɛ obi nom aspirin daa a etumi bɔ ne ho ban fi nsono mu kokoram ho, na sɛ obi a ɔwɔ asikreyare taa nom bi a, ɛma ne yare no so tew.

Ɔkwan bɛn so na aspirin a wɔnom tumi boa wɔ ayaresa a ɛtete saa no mu? Ɛwom sɛ wontumi nyɛɛ nhwehwɛmu a ɛfa aspirin ho nyinaa nwiei de, nanso adanse kyerɛ sɛ etumi nya mogya nkwammoaa ntrantraa so nkɛntɛnso ma enti ɛmma mogya ntumi nna anaasɛ ɛmmobɔ apɔw. Ɛda adi sɛ eyi boa sɛnea ɛbɛyɛ a koma ne amemene ntini nketenkete no mu rensiw na ansɛe akwaa ahorow a mfaso wɔ so no.

Wɔ mfaso a wɔakyerɛ sɛ ɛwɔ aspirin so yi nyinaa akyi no, dɛn nti na ebinom mpɛ? Ade biako nti ne sɛ, wontumi nhuu biribiara a ɛfa aspirin ho nwiei. Wontumi nkyerɛɛ dodow bi a ɛsɛ sɛ obi fa mpo. Nea wɔkamfo kyerɛ ne sɛ obi bɛnom abien da biara anaasɛ ɔbɛnom nea wɔayɛ ama mmofra no biako nnansa biara. So ɛsɛ sɛ dodow a mmea nom no yɛ soronko wɔ nea ɛsɛ sɛ mmarima nom ho? Nnuruyɛfo ntumi nkyerɛ. Ɛwom sɛ wɔka sɛ aspirin a ɛnan wɔ nsono no mu nkutoo na eye de, nanso wɔn tirim nteɛ wɔn wɔ nea wɔde nnuru afoforo afra mu no ho.

Nea Enti a Ɛsɛ sɛ Woyɛ Ahwɛyiye

Ɛwom sɛ wɔkyerɛ sɛ aspirin yɛ aduru a wonya fi nnua mu tee de—Amerika Indiafo nya aspirin fi dua bi bona mu—nanso akyiri nsɛm na ɛdɔɔso. Sɛ mogya a aspirin ma etu nkurɔfo no da nkyɛn a, ɛde nsɛnnennen pii ba, ɛnkanka wɔn a ɛne wɔn ho nnye no. Nokwarem no, ɛnyɛ obiara na ɛsɛ sɛ ɔnom aspirin daa.

Enti, ɛsɛ sɛ obi a ɔwɔ komayare anaa yare a ɛma onipa fã dwudwo anaa yare foforo no, bisa ne duruyɛfo ɔhaw ne mfaso a ɛwɔ aspirin a ɔbɛnom no daa mu. Nokwarem no, ɛsɛ sɛ ɔyarefo no hu sɛ sɛ ɔnom aspirin a, mogya ntu no, na onnya ɔhaw biara, anaasɛ onni yafunyare biara. Ansa na ɔbɛnom no, ɛsɛ sɛ ɔne oduruyɛfo no bɔ yare biara anaa adunom mu haw biara a ɔwɔ no ho nkɔmmɔ.

Sɛnea yɛadi kan ahu no, sɛ obi nom aspirin anaa nnuru biara a wɔde bi afra mu a, etumi ma mogya tu no. Na ebetumi aba sɛ mogya a ebetu no no befi ase nkakrankakra kosi sɛ ɛbɛyɛ kɛse. Ɛsɛ sɛ woyɛ ahwɛyiye wɔ nnuru afoforo nso ho, ɛnkanka nnuru a wɔde dwudwo yaw ano. Sɛ wonom nnuru a ɛtete saa no bi a, hwɛ hu sɛ wobɛbɔ wo duruyɛfo amanneɛ. Mpɛn pii no, ɛyɛ nea nyansa wom sɛ wubegyae nnuru a ɛte saa nom bere a worekɔyɛ oprehyɛn no. Ebia ɛbɛyɛ papa mpo sɛ wobɛtaa akɔ beae a wɔhwɛ mogya na ama woahu mogya dodow a ɛwɔ wo mu.

Sɛ yɛpɛ sɛ yɛbɔ yɛn ho ban fi asiane a ɛbɛba ho a, yebetie Bible abebu yi: “Onitefo hu bɔne a ɛbɛba, na ɔde ne ho hintaw, na ntetekwaa fa mu, na wonya asotwe.” (Mmebusɛm 22:3) Wɔ adunom a ɛte saa mu no, ɛmmra sɛ yɛbɛyɛ anitefo na amma yɛn akwahosan ho amma asɛm.

[Ase hɔ asɛm]

a Nyan! nkamfo aduruyɛ pɔtee bi nkyerɛ.

[Adaka/Mfonini wɔ kratafa 30, 31]

Henanom na Ɛsɛ sɛ Wɔnom Aspirin Da Biara

● Wɔn a wɔwɔ komayare anaa wɔn ntini ho aba asɛm (kɔn ho ntini kɛse a mogya fam no).

● Wɔn a wɔn fã adwudwo (nea mogya a ada de ba) anaa ɛtɔ da a wɔn mogya mmɔ yiye ma enti wɔn fã adwudwo no (bere tiaa mu de).

● Mmarima a wɔadi boro mfe 50 a wohyia nsɛnnennen a edidi so yi biako anaa abien a ɛma obi nya komayare no: sigaretnom, mogya mmoroso, asikreyare, srade a ɛdɔɔso wɔ obi nipadua mu, HDL srade a ɛso tew kɛse, kɛseyɛ mmoroso, asanom bebrebe, komayare ho haw a ɛwɔ obi abusua mu (sɛ onya komayare ansa na wadi mfe 55 a) anaa yare a ɛma onipa fã dwudwo, ne afei faakotra.

● Mmea a wɔadi boro mfe 50 na ɔhaw a yɛabobɔ so no abien anaa nea ɛboro saa haw wɔn.

Ebia wobɛpɛ sɛ wukohu wo duruyɛfo ansa na woasi eyinom ho gyinae.

[Asɛm Fibea]

Source: Consumer Reports on Health

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena