Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g01 1/8 kr. 3
  • Aware Bɔne a Obi De Ne Ho Kɔhyem

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Aware Bɔne a Obi De Ne Ho Kɔhyem
  • Nyan!—2001
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Mmofra, Wɔn A Wɔn Ho Nni Nsɛm A Wohu Awaregu Mu Amane
    Nyan!—1981
  • Nea Awaregyae Yɛ Mmofra
    Mmoa a Wɔde Ma Abusua No
  • Aware Rehyia Ɔhaw Ahorow
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1983
  • Aware​—Nea Enti a Pii Gyae
    Nyan!—1993
Nyan!—2001
g01 1/8 kr. 3

Aware Bɔne a Obi De Ne Ho Kɔhyem

“Wɔ aman a awaregyae dɔɔso wom mu no, ɛnyɛ sɛ aware a emu nyɛ anigye no pii bewie awaregyae mu nko, na mmom aware dodow no ara bɛdan nea anigye nnim.”—AMERIKA MMUSUA BAGUA.

WƆAKA sɛ ade biako na ɛde asetra mu anigye kɛse no ara ne emu awerɛhow kɛse no ara ba—obi aware. Nokwarem no, asetra mu nneɛma kakraa bi pɛ na etumi ma obi nya anigye kɛse—anaa ɛma odi yaw sen aware. Sɛnea nnaka a ɛka ho kyerɛ no, awarefo pii na wodi yaw kɛse.

Nanso ɔhaw no fã bi pɛ na awaregyae ho akontaabu da no adi. Bere a aware bi gu no, afoforo pii konkɔn hɔ a ɔhaw ayɛ mu ma. Ɔbea bi a ɔde bɛboro mfe 30 aware no kae sɛ: “Ná yɛn abusua no wɔ anigye, nanso mfe 12 a etwa to no ayɛ awerɛhow. Me kunu nnwen me nkate ho. Nokwarem no, wabɛyɛ obi a obu n’ani gu me nkate so sen biara.” Saa ara na okunu bi a ɔde bɛyɛ mfe 25 aware bɔɔ abubuw sɛ: “Me yere aka akyerɛ me sɛ ɔnnɔ me bio. Ose sɛ yebetumi atra dan koro mu na obiara de n’ahomegye bere ayɛ nea ɔpɛ a, ɛnde obetumi agyina tebea no ano.”

Nokwarem no, ebinom a wɔwɔ ahohia a ɛte saa mu no gu wɔn aware. Nanso, wɔ pii fam no, wontumi nnyae aware. Dɛn ntia? Sɛnea Ɔbenfo Karen Kayser kyerɛ no, nneɛma te sɛ mma, wɔn anim a ebegu ase wɔ mpɔtam hɔ, sikasɛm, nnamfo, abusuafo, ne ɔsom mu gyidi betumi ama awarefo no akɔ so atra abom, bere a ɔdɔ nni aware no mu mpo no. Ɔka sɛ: “Esiane sɛ saa awarefo yi rennyae aware wɔ mmara kwan so nti, wɔpaw sɛ wɔne ɔhokafo a wɔn komam de, wɔagyae no no bɛtra.”

So ɛsɛ sɛ awarefo a wɔn ntam asɛe kɔ so tra a wonni akomatɔyam? Awaregyae da nkyɛn a, so nea obi betumi ayɛ ara ne sɛ ɔbɛtra aware a ɔdɔ nnim mu? Osuahu da no adi sɛ wobetumi ama aware a ɔhaw wom no pii ayɛ yiye—ɛnyɛ ɛyawdi a awaregyae de ba nko na ebegyae, na mmom awerɛhow a ɔdɔ a ennim nso de ba no.

[Adaka wɔ kratafa 3]

AWARE A EGU WƆ WIASE NYINAA

• Australia: Aware dodow a egu no abu abɔ ho mpɛn anan fi 1960 mfiase.

• Britain: Akontaabu kyerɛ sɛ aware 10 biara mu 4 begu.

• Canada ne Japan: Aware anan biara mu abiɛsa na egu.

• United States: Efi 1970 no, hokwan a ɛwɔ hɔ sɛ wɔn a wɔware no bɛkɔ so atra sɛ awarefo anaa wobegyae aware no yɛ pɛpɛɛpɛ.

• Zimbabwe: Aware 5 biara mu bɛyɛ 2 gu.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena