Bible No Adwene
Aduruyɛ a Wopaw—So Ebetumi Ayɛ Nea Asɛm Wɔ Ho?
NYAREWA ne akwanhyia abu so wɔ nnipa asetram. Sɛ ɔhaw a ɛtete saa to nnipa pii a, wɔhwehwɛ aduruyɛ a ɛbɛma wɔn ho atɔ wɔn. Yesu Kristo huu mfaso a ɛwɔ mmɔdenbɔ a ɛte saa no so bere a ɔkae sɛ “wɔn a wɔwɔ ahoɔden no, enhia wɔn ɔyaresafo, na wɔn a wɔyare no.”—Luka 5:31.
Na Luka, Bible kyerɛwfo a ɔkaa saa asɛm no, ankasa yɛ duruyɛfo. (Kolosefo 4:14) Ebia Paulo nyaa Luka aduruyɛ ho nimdeɛ no so mfaso bere a na ɔne no tutu akwan no. Nanso, so Kyerɛwnsɛm no de aduruyɛ a ɛsɛ sɛ Kristofo paw ho akwankyerɛ ma? So aduruyɛ a wopaw no betumi ayɛ nea asɛm wɔ ho?
Akwankyerɛ a Kyerɛwnsɛm no De Ma
Bible no betumi aboa ma obi apaw aduruyɛ a ɛfata. Sɛ nhwɛso no, Deuteronomium 18:10-12 ka nneyɛe te sɛ asumansɛm ne ntafowayi ho asɛm sɛ Yehowa “akyide.” ‘Ahonhonsɛmdi’ a Paulo bɔɔ ho kɔkɔ no ka nneyɛe a wɔbara yi ho. (Galatifo 5:19-21) Saa ara na nokware Kristofo kwati aduruyɛ biara a ɛyɛ ahonhonsɛmdi.
Afei nso Bible no ma yehu sɛnea Onyankopɔn bu nkwa ne mogya sɛ biribi a ɛyɛ kronkron no. (Genesis 9:3, 4) Esiane sɛ Yehowa Adansefo asi wɔn bo sɛ wobetie ahyɛde a ese ‘wonyi wɔn ho mfi mogya’ ho no nti, wɔpo aduruyɛ biara a ɛne Bible ahyɛde yi nhyia no. (Asomafo no Nnwuma 15:28, 29) Eyi nkyerɛ sɛ wɔpo aduruyɛ biara. Mmom no, wɔhwehwɛ aduruyɛ a edi mu ma wɔne wɔn mma. Nanso, wɔma nnuruyɛfo no te ase sɛ wɔpɛ nnuruyɛ a ɛne wɔn som mu gyidi hyia.
Susuw Wo Gyinaesi Ahorow Ho
Ɔhene Salomo kae sɛ “atetekwaa gye nsɛm nyinaa di, na onitefo hwɛ ne nantew mu yiye.” (Mmebusɛm 14:15) Sɛ aduruyɛ bi ne Bible nnyinasosɛm nhyɛ da mmɔ abira mpo a, ɛsɛ sɛ nea ɔrehwehwɛ aduru no ‘susuw ne gyinaesi no ho.’ Ɛnyɛ nnuruyɛ nyinaa na ɛfata. Bere a Yesu kae sɛ ‘wɔn a wɔyare na wohia ɔyaresafo’ no, na ɔnkyerɛ sɛ aduruyɛ biara a na ɛwɔ hɔ saa bere no ye. Na onim sɛ nnuruyɛ bi ye na afoforo nso nye.a
Saa ara na nnɛ nso aduruyɛ bi betumi ayɛ nea mfaso nni so, anaasɛ wɔde daadaa nkurɔfo mpo. Sɛ obi amfa atɛmpa anni dwuma a, ebetumi de no akɔ asiane mu. Ɛsɛ sɛ yehu nso sɛ aduruyɛ a ebetumi agye obi no rennye ɔfoforo—anaasɛ ebetumi adi no awu mpo. Bere a onyansafo bi repaw aduruyɛ bi no, ɛsɛ sɛ ɔhwɛ ne gyinaesi yiye na ɛnsɛ sɛ ‘ogye nsɛm nyinaa di,’ sɛ ɛyɛ nnamfo paa mpo na wɔrekamfo akyerɛ no a. Ɛsɛ sɛ ɔda “adwenemtew” adi sɛnea ɛbɛyɛ a obetumi asi gyinae a asɛm biara nni ho.—Tito 2:12.
Nya Adwene a Ɛfata ne Ntease
Eye sɛ obi bedwen n’akwahosan ho. Obi akwahosan ho adwempa a obenya no da no adi sɛ n’ani sɔ nkwa ankasa ne Onyankopɔn a Ɔde maa no no. (Dwom 36:9) Ɛwom sɛ Kristofo wɔ ɔpɛ sɛ wobenya ayaresa a ɛfata de, nanso wɔpɛ sɛ wɔbɛkari pɛ wɔ nnuruyɛ ho. Sɛ nhwɛso no, sɛ obi a ɔwɔ ahoɔden a ɛsɛ ma apɔwmuden a obenya ho hia no dodo a, ɛbɛma wabu n’ani agu “nneɛma a eye koraa no” so.—Filipifo 1:10; 2:3, 4.
Ɔbea bi a na yare ama ɔrehu amane pii wɔ Yesu bere so no ‘hweree n’ahode nyinaa’ de hwehwɛɛ nnuruyɛfo sɛ wɔbɛsa ne yare a enni sabea no ama no. Dɛn na efi mu bae? Sɛ anka obenya ayaresa no, yare no mu bɛyɛɛ den mmom, a ebetumi aba sɛ ɛde adwennwen kɛse mpo bɛtoo no so. (Marko 5:25, 26) Ɔbɔɔ mmɔden biara de hwehwɛɛ ahotɔ, nanso ankosi hwee. Ne suahu no da sɛnea na aduruyɛ nhyɛ da nni mu wɔ ne bere so no adi. Ɛnnɛ mpo, ɛmfa ho nnuruyɛ mu nhwehwɛmu a wɔayɛ ne nyansahu mu nkɔanim a wɔanya no, nnipa pii kɔ tebea a ɛte saa ara mu. Enti ɛsɛ sɛ yenya nea nnuruyɛfo betumi ayɛ no ho adwene a ɛfata. Yentumi nnya akwahosan a edi mu nnɛ. Kristofo nim sɛ afei na Onyankopɔn ‘rebɛsa amanaman no yare.’ (Adiyisɛm 22:1, 2) Ɛno nti, ɛsɛ sɛ yenya adwene a ɛkari pɛ wɔ aduruyɛ ho.—Filipifo 4:5.
Ɛda adi pefee sɛ gyinae a yesi no ho betumi aba asɛm. Ne saa nti, sɛ yɛrepaw aduruyɛ bi a, ɛsɛ sɛ yehu sɛ nea yɛpaw no betumi ama yɛanya ahotɔ na bere koro no ara no, ama yɛne Onyankopɔn anya abusuabɔ pa. Sɛ yɛyɛ saa a, yebetumi anya Yehowa bɔhyɛ a ɛfa wiase foforo a emu yɛ anigye a saa bere no ‘obiara renka sɛ meyare,’ ho no mmamu mu ahotoso.—Yesaia 33:24.
[Ase hɔ asɛm]
a Sɛ nhwɛso no, Dioscorides kae wɔ n’aduyɛ nhoma a ɔkyerɛw wɔ afeha a edi kan mu no mu sɛ, hurae aduru ne dudo a wɔde nsa ne abirekyi bin ayɛ! Nokwarem no, yenim nnɛ sɛ na aduru a ɛte saa no bɛhaw ɔyarefo no kɛse.
[Mfonini wɔ kratafa 30]
“Oduruyɛfo no,” a Owura Luke Fildes yɛe, 1891
[Asɛm Fibea]
Tate Gallery, London/Art Resource, NY