Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g01 6/8 kr. 15-18
  • Sɛnea Amumɔyɛsɛm Te Nnɛ

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Sɛnea Amumɔyɛsɛm Te Nnɛ
  • Nyan!—2001
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Kɔmputa So a Wɔnam Di Amumɔyɛsɛm
  • Amumɔyɛsɛm a Wɔnam Awuduru ne Yare Mmoawa So De Ba
  • So Amumɔyɛfo Anya Nuklea Akode?
  • Ɔhaw Kɛse a Amumɔyɛsɛm De Ba
  • Amumɔyɛsɛm—Henanom Na Ɛka Wɔn?
    Nyan!—1987
  • Amumɔyɛsɛm—Dɛn Ne Ano Aduru?
    Nyan!—1987
  • Amumɔyɛsɛm—Dɛn Na Ɛhyɛ Akyi Na Dɛn Ntia?
    Nyan!—1987
  • Amumɔyɛsɛm a Ɛsesa
    Nyan!—2001
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—2001
g01 6/8 kr. 15-18

Sɛnea Amumɔyɛsɛm Te Nnɛ

ƐREKƆ 1980 mfe no awiei no, na ɛte sɛ nea amumɔyɛsɛm so atew. Nanso, amumɔyɛsɛm rekɔ so nnɛ wɔ ɔkwan foforo so. Amumɔyɛsɛm a ɛkɔ so nnɛ no fi anuɔdenfo a wɔwɔ wɔn ankasa kwan a wɔfa so nya sika no titiriw—denam nnubɔne tɔn, nnwumakuw afoforo, wɔn ankasa agyapade, sika a efi adɔe kuw hɔ, ne sika fam mmoa a wonya fi ɔmanfo nkyɛn, so. Na wɔkɔ so yɛ atirimɔdenne daa nyinaa.

Nnansa yi, amumɔyɛsɛm akɔ so kɛse wɔ ɔkwan a nyansa nnim so. Wɔtow ɔtopae too Wiase Aguadibea a Ɛwɔ New York City no, na ekunkum nnipa 6 ma nnipa bɛyɛ 1,000 nso pirapirae. Ɔsom kuw bi mufo de mframa bɔne guu Tokyo asase ase keteke kwan mu ma ekunkum nnipa 12 na nnipa bɛboro 5,000 pirapirae. Omumɔyɛfo bi de ɔtopae too aban dan a ɛwɔ Oklahoma City mu ma ekunkum nnipa 168 na nnipa ɔhaha pii nso pirapirae. Sɛnea wɔde ho amanneɛbɔ ama wɔ nkratafa 4 ne 5 no, amumɔyɛsɛm akɔ so wɔ akwan ahorow so de abesi nnɛ.

Ne nyinaa mu no, amumɔyɛsɛm akɔ so kɛse nnɛ sen bere biara. Wɔkyerɛ sɛ onipa a ɔde ɔtopae too aban dan mu wɔ Oklahoma City wɔ 1995 mu no kae sɛ nea ɛbɛyɛ na obiara ani aba ne ho so no, ɔpɛ sɛ “okum nnipa pii.” Kuw a wɔtow ɔtopae too Wiase Aguadibea a Ɛwɔ New York City 1993 mu no kannifo pɛe sɛ wɔtow ɔtopae de bubu abansoro a ɛbɔ ho abien no ma wɔn a wɔwom no nyinaa wuwu.

Ade foforo nso ne akode soronko a amumɔyɛfo wɔ no. Louis R. Mizell, Kumaa, a waben wɔ amumɔyɛsɛm mu no, kae sɛ: “Yɛte bere bi a akode a etumi di awu kɛse wom mu: nuklea ɔtopae, nea ɛtotow awuduru ne nea ɛde yare mmoawa ba.” Ɛnnɛ amumɔyɛfo de akode a ɛyɛ hu na edi awu kɛse a efi nyansahu mu aba no na edi dwuma.

Kɔmputa So a Wɔnam Di Amumɔyɛsɛm

Esiane nyansahu mu nimdeɛ a wɔanya nti, wɔnam mfiri te sɛ kɔmputa so di amumɔyɛsɛm nnɛ. Akode biako ne kɔmputa so dwumadi a wɔsɛe no de siw dwumadi bi a ɛrekɔ so kwan. Ade biako nso ne afoforo kɔmputa ahorow a wɔma edi dwuma wɔ ɔkwan soronko so ma etumi sakra kɔmputa no so dwumadi pɔtee bi no. Esiane sɛ aman ahorow no di wɔn sikasɛm ne wɔn ahobammɔ ho dwuma wɔ kɔmputa so kɛse nti, nnipa pii te nka sɛ amumɔyɛfo no betumi ahu ɔmanfo nsɛm mu kɛse. Na bere a asraafo dodow no nya ɔkwan a wɔnam so di nkitaho wɔ nuklea akodi mu mpo no, ɔmanfo nneɛma—anyinam ahoɔden, akwantu nhyehyɛe, ne sikasɛm—yɛ nea ɛho ba asɛm kɛse.

Wɔ bere kakraa bi a atwam ni no, sɛ omumɔyɛfo bi pɛ sɛ ɔma akanea dunnum, te sɛ ebia wɔ Berlin a, na ɔyɛ ne ho sɛ aban dwumayɛni na ama watumi asɛe anyinam ahoɔden nhyehyɛe no. Nanso seesei, ebinom ka sɛ kɔmputa so nimdefo bi betumi atra ne fie a ebia ɛwɔ akuraa bi a atew ne ho ase na ɔnam kɔmputa so asɛe anyinam ahoɔden no ma kurow bi mu akanea nyinaa adunnum.

Nnansa yi ara, kɔmputa so nimdefo bi a ofi Sweden siw kɔmputa so dwumadi a ɛkɔ so wɔ Florida no kwan ma ɛsɛee dwumadi ahorow a egye ntɛmpɛ no dɔnhwerew biako, na amma polisifo, odumgyafo, ne kar a wɔde fa ayarefo ho adwumayɛfo annya nkitahodi.

Frank J. Cilluffo, a ɔyɛ Amanaman Ntam Kɔmputa so Akameakamedi Asuae (CSIS) no kwankyerɛfo no, kae sɛ: “Nokwasɛm no ne sɛ wiase nnipa nyinaa aka abom te faako a wonni polisifo dwumadi biara.” Robert Kupperman, a ɔyɛ CSIS no fotufo panyin no kae wɔ 1997 mu sɛ, sɛ amumɔyɛfo paw sɛ wɔde kɔmputa a edi mu paa bedi dwuma a, anka “aban ahyehyɛde a ɛwɔ hɔ mprempren no mu biara ntumi nyɛ ɔhaw a ebefi wɔn ntua mu aba no ho hwee.”

Nhwehwɛmufo bi gye di sɛ kɔmputa so amumɔyɛfo wɔ nnwinnade a ɛkorɔn sen ahobammɔ nhyehyɛe a ɛwɔ hɔ. George Tenet, a ɔyɛ U.S. Ɔman Ahobammɔ Kuw kwankyerɛfo no kae sɛ: “Sɛ ɔtamfo bi tumi nya kɔmputa na otumi nya ɔkwampa a ɔbɛfa so asiw kɔmputa foforo dwumadi no ano a, ebetumi de ɔhaw kɛse aba.”

Amumɔyɛsɛm a Wɔnam Awuduru ne Yare Mmoawa So De Ba

Ade foforo a wodwen ho nso ne ɔtopae a ɛma awuduru ne yare mmoawa ba no. Wɔ 1995 mu no, obiara ho dwiriw no bere a amumɔyɛfo de mframa bɔne koguu Tokyo asase ase keteke kwan so no. Wɔde adeyɛ no ho sobo too atemmuda kuw bi so.

Brad Roberts a ɔwɔ Asoɛe a Ɛhwɛ Bammɔ Ho Nsɛm So no ka sɛ: “Amumɔyɛsɛm asakra. Kan no, na wɔn a wɔyɛ amumɔyɛfo no de wɔn ani si amammuifo so. Nanso seesei, akuw bi ka sɛ wɔn botae ne sɛ wobekunkum nnipa bebree. Ɛno nti ɛma amumɔyɛfo no ani gye ɔtopae a ɛde ɔyare mmoawa ba no ho.” So ɛyɛ den sɛ wɔn nsa bɛka akode a ɛte saa? Scientific American nsɛmma nhoma no ka sɛ: “Obi betumi de afiri ketewaa bi te sɛ afiri a wɔde yɛ mmosa, mmoawa foforo, mframa bɔne, ne rɔba ayɛ mmoawammoawa ɔpepepepem pii.” Sɛ wonya mmoawa no wie a, ɛnyɛ den koraa sɛ wɔde bɛma afoforo. Wɔn a wɔde ma wɔn no nhu mpo sɛ obi atow akode bi kosi da koro anaa nnanu akyi. Na ennu saa bere no, na wɔyɛ ho hwee a ɛnyɛ yiye.

Wɔkyerɛ sɛ wɔtaa yɛ ɔtopae a ɛde Anthrax yare mmoawa no ba no. Wonyaa yare no din fii Hela asɛmfua a wɔde di dwuma ma gyabiriw mu—na ɛte sɛ pɔw nketenkete a egu nkurɔfo a wɔtete beae a anantwi a anthrax ayɛ wɔn wɔ no ara pɛ. Nea ɛhaw ahobammɔ kuw kɛse ne anthrax yare a etumi ka ahurututu no bere a obi home mmoawa no bi no. Anthrax yare no tumi kunkum nnipa pii.

Dɛn nti na ɔtopae a ɛma anthrax yare ba no di awu saa? Mmoawa no tumi dɔ ntɛmntɛm na ɛnyɛ mmerɛw sɛ aduru a wɔnom bekunkum wɔn. Sɛ obi nya bi a, edi nna pii ansa na wahu ho sɛnkyerɛnne bi; ɔte nka sɛ ɔyare atiridii na ɔte ɔbrɛ nso nka. Ɔbɔ waw na ne koko tutu no. Afei obehu sɛ n’ahome nsi so, ɔbɛtaa abɔ birim, na wawu nnɔnhwerew kakraa bi ntam.

So Amumɔyɛfo Anya Nuklea Akode?

Bere a Soviet Union gui no, ebinom susuwii sɛ ebia wɔbɛtɔn nuklea akode a nkurɔfo wiae no wɔ sum ase. Nanso, animdefo pii gyee akyinnye sɛ eyi rentumi nsi bio. Robert Kupperman, a yɛfaa n’asɛm kae mfiase no, kae sɛ “adanse biara” nni hɔ a “ɛkyerɛ sɛ amumɔyɛfo kuw bi rehwehwɛ nuklea akode akyi kwan.”

Ade a ɛhaw adwene kɛse nso ne awuduru foforo a efi nuklea ɔtopae mu ba a dede biara nni mu no—hann a etumi di awu. Ɛmpae. Ɛntow na ɛmfa ɔhyew mma. Mmom no, ɛyɛ hann a ano yɛ den a etumi sɛe onipa nkwammoaa. Dompe mu hon no na ɛho ba asɛm titiriw. Sɛ onipa no rebewu a, mogya tumi tu no, na ne nipadua mu nkwaadɔm a ɛko tia nyarewa no ntumi nyɛ adwuma. Nea ɛnte sɛ atopae a ɛde awuduru ba a mframa ne nsu tumi ma ɛbrɛ ase no, saa hann a etumi di awu yi betumi akɔ so adi awu mfe pii.

Akwanhyia bi a esii wɔ Goiânia, kurow bi a ɛwɔ Brazil anaafo fam mfinimfini, mu no kyerɛ sɛnea hann a ano yɛ den betumi adi awu afa. Wɔ 1987 mu no, ɔbarima bi a na obiara nsusuw no ho buee adaka ketewaa bi a wɔde sumpii ayɛ a aduru wom a wɔagyaw asi baabi ano. Ná ɔbo bi a wɔfrɛ no cesium-137 na ɛwɔ adaka no mu. Esiane sɛ n’ani gyee ɔbo no hyerɛn ho nti, ɔde kɔkyerɛɛ ne nnamfo. Wɔ dapɛn biako mu no wɔn a odii kan de kyerɛɛ wɔn no fii ase kɔɔ hɔnom ayaresabea bi. Wɔyɛɛ nnipa ɔpempem pii mu nhwehwɛmu de hwɛe sɛ ebia awuduru akɔ wɔn mu a. Kurom hɔfo bɛyɛ ɔha na wɔyareyaree. Wɔde nnipa aduonum koguu ayaresabea, na baanan na wowuwui. Susuw a wosusuw nea anka ebesi bere a cesium no hyɛ da pae ho no ma animdefo a wɔkasa tia amumɔyɛsɛm no bɔ hu.

Ɔhaw Kɛse a Amumɔyɛsɛm De Ba

Nnipa pii na wɔhwere wɔn nkwa esiane amumɔyɛsɛm nti. Nanso ɔhaw akɛse pii nso wɔ hɔ. Amumɔyɛsɛm betumi asɛe asomdwoe anaa ebetumi asiw asomdwoe a wɔpɛ sɛ wonya wɔ mmeae a ɔhaw aba hɔ no kwan. Ɛkanyan ntawntawdi, anaa ɛma ntawntawdi tra hɔ kyɛ, na ɛde basabasayɛ pii ba.

Amumɔyɛsɛm betumi anya ɔman sikasɛm so nkɛntɛnso nso. Nniso ahorow asɛe sika ne bere pii de ako atia. Sɛ nhwɛso no, wɔ United States nkutoo no, amumɔyɛsɛm a wɔko tia no ma wɔbɔɔ ka bɛboro dɔla ɔpepepem du wɔ 2000 afe no mu.

Sɛ́ yehu anaasɛ yenhu no, amumɔyɛsɛm ka yɛn mu biara. Enya ɔkwan a yɛfa so tu kwan ne nneɛma a yɛyɛ bere a yetu kwan no so nkɛntɛnso. Ɛhyɛ wiase aman nyinaa ma wɔsɛe tow a wogyigye no fã kɛse no ara de bɔ ɔman mu nnipa titiriw, ɔman agyapade, ne ɔmanfo ho ban.

Enti asɛmmisa no ne sɛ, So wobenya amumɔyɛsɛm ano aduru ankasa? Yebesusuw eyi ho wɔ asɛm a edi hɔ no mu.

[Adaka/Mfonini wɔ kratafa 15]

Amumɔyɛsɛm a Wɔde Bɔ Nneɛma a Atwa Yɛn Ho Ahyia Ho Ban

Oregonian atesɛm krataa bɔ amanneɛ sɛ, amumɔyɛsɛm foforo a aba so ne sɛ “wɔbɛhyew nkurɔfo agyapade, atotow ɔtopae na wɔasɛe nkurɔfo din sɛ wɔde rebɔ nneɛma a atwa yɛn ho ahyia ne abɔde ahorow ho ban.” Wɔka sɛ wodi amumɔyɛsɛm a ɛte saa no de bɔ nneɛma a atwa yɛn ho ahyia no ho ban. Anyɛ yiye koraa no wɔadi amumɔyɛsɛm a ɛte saa no mpɛn ɔha wɔ United States atɔe fam fi 1980, na ama wɔabɔ ka bɛyɛ dɔla ɔpepem 42.8. Atirimpɔw ankasa nti a wodi amumɔyɛsɛm a ɛte saa ne sɛ wobesiw nnua a wobu gu, asase kesee a wodi so agoru, anaa mmoa a wokum wɔn twitwa wɔn ho nhwi, di wɔn nam, anaa wɔde wɔn yɛ nhwehwɛmu, ano.

Wobu saa nneyɛe yi sɛ amumɔyɛ efisɛ ɛde basabasayɛ a adwene a ɛwɔ akyi ne sɛ ɛbɛsakra nkurɔfo ne ahyehyɛde ahorow nneyɛe anaasɛ ɛbɛsakra aban mmara na ɛba. Amumɔyɛfo yi kɔtow hyɛ mmeae bi a wɔyɛ nhwehwɛmu wɔ hɔ so, na mpɛn pii no wɔyɛ saa anadwo, na wɔsɛe biribiara hyew no a hwee nka. Bere bi a atwam no, na amumɔyɛ a ɛte saa no nnɔɔso na na ɔmanfo ani nni adeyɛ a wɔde bɔ nneɛma a atwa yɛn ho ahyia ho ban no so ahe biara. Nanso nneɛma a wɔde ani si so no adɔɔso nnansa yi. Ɔnanmusifo titiriw James N. Damitio, a ɔyɛ U.S. Kwae Mu Dwumadi mu nhwehwɛmufo mapa no, kae sɛ: “Saa nkurɔfo yi botae ne sɛ wɔbɛtwe nkurɔfo adwene aba nea enti a wɔrepɛ nsakrae no so. Na sɛ wɔte nka sɛ nkurɔfo adwene mma wɔn so a, wɔde adwene si biribi foforo so.”

[Adaka/Mfonini wɔ kratafa 18]

Amumɔyɛsɛm Ne Nsɛm Ho Amanneɛbɔfo

Terry Anderson, sɛnkyerɛwfo bi a amumɔyɛfo faa no nnommum bɛyɛ mfe ason wɔ Lebanon no ka sɛ: “Nea ɛma ebinom di amumɔyɛsɛm tia nkurɔfo a wɔn ho nni asɛm de kanyan amammui mu basabasayɛ no ne sɛ ɔmanfo bɛte wɔn ho asɛm. Ɔmanyɔfo bi a amumɔyɛfo kyere no sie, kum a wokum obi anaasɛ ɔtopae a wɔde kɔto baabi ma nsɛm ho amanneɛbɔfo de to gua no, kyerɛ nkonimdi kɛse ma saa amumɔyɛfo no. Sɛ wamma wiase no ante saa amumɔyɛsɛm yi a, na ɛte sɛ nea mfaso biara amma so.”

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 16, 17]

1. Obi a ɔde ɔtopae kum ne ho ne afoforo wɔ Jerusalem, Israel

2. Abusua mu amumɔyɛfo tow ɔtopae to sikakorabea bi wɔ Colombo, Sri Lanka

3. Ɔtopae a ɛhyɛ kar mu pae wɔ Nairobi, Kenya

4. Wɔn a ɔtopae bi pae kum wɔn wɔ Moscow, Russia, no abusuafo

[Asɛm Fibea]

Heidi Levine/Sipa Press

A. Lokuhapuarachchi/Sipa Press

AP Photo/Sayyid Azim

Izvestia/Sipa Press

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena