Ɔtan Adɔɔso Wɔ Wiase
SASABONSAM bi—ɔtan—ayi ne ti. Ɔde mmirika nenam wiase nyinaa.
Wɔ Balkan aman mu no, mmusua bi a wɔtɔre wɔn ase no ama ɔmantam bi da so ara rehu amane kɛse. Ɔtan a akɔ so mfe ɔhaha pii no ama wɔakunkum nnipa pii, ato afoforo mmonnaa, atu ebinom afi wɔn afie, ahyehyew ebinom afie ne wɔn nkuraa na wɔawiawia wɔn agyapade, asɛe nkurɔfo nnɔbae akunkum wɔn nyɛmmoa, ama ɔkɔm ade nnipa pii. Atopae pii da so ara hyehyɛ fam wɔ mmeae ahorow.
Wɔ East Timor, a ɛwɔ Asia Anafo Fam atɔe no, na ɛsɛ sɛ nnipa 700,000 a wɔabɔ hu guan na wɔannya wɔn ankum wɔn, anhwe wɔn, anto wɔn atuo, anhyɛ wɔn amma wɔantu. Wogyaw wɔn nsase maa asraafo sɛee no. Wɔn a na wɔn ho akyere wɔn no mu biako de su kae sɛ: “Na mayɛ te sɛ aboa bi a wɔrepɛ no akum no.”
Wɔ Moscow no, amumɔyɛfo kuw kɛse bi tow ɔtopae bubuu ɔdan bi. Ɔtopae a wɔtowee no hwetee nnipa 94 a wɔn ho nni asɛm a wowuwui—wɔn mu bi yɛ mmofra—no afunu. Nnipa bɛboro 150 pirapirae. Sɛ tebea a ɛyɛ hu sɛɛ yi twam a, nkurɔfo bisa sɛ ‘Henanom na adu wɔn so?’
Wɔ Los Angeles, California, no, ɔbarima bi a ɔmampɛ adi ne ti tow tuo kunkum Jewfo mmofra a afei na wɔafi sukuu ase, na akyiri yi okum Philippineni bi a ɔde nkurɔfo lɛtɛ kɔmema wɔn.
Ɛda adi sɛ ɔtan abu so kɛse wɔ wiase nyinaa. Ɛkame ayɛ sɛ da biara yɛte amumɔyɛsɛm a aman, mmusua, anaa nyamesom ahorow, di. Yehu sɛ aman ne nkurɔfo mu apaapae. Yehu aman a emufo kunkum wɔn ho. Yehu amumɔyɛsɛm kɛse a ɛkɔ so wɔ baabiara esiane sɛ “ɛsono ebinom” nti.
Sɛ yebetumi akyere sasabonsam a wɔfrɛ no ɔtan yi a, ɛsɛ sɛ yehu nea basabasayɛ a ɛte saa a ɔtan de ba no fi. So wɔde ɔtan bɔɔ nnipa? Ɛyɛ su a yesuae? So yebetumi ayi afi hɔ?
[Mfonini Fibea wɔ kratafa 3]
Kemal Jufri/Sipa Press