Bible No Adwene
Hena Ne Antikristo No?
“MOATE SƐ ANTIKRISTO NO REBA.”—1 YOHANE 2:18.
SƐ OBI bɔ wo kɔkɔ sɛ wahu sɛ ɔsɛmmɔnedifo bi a ne ho yɛ hu reba wo mpɔtam hɔ a, anka dɛn na wobɛyɛ? Akyinnye biara nni ho sɛ wobɛhwehwɛ ɔsɛmmɔnedifo no ho nokwasɛm nyinaa, sɛnea ɔte ne sɛnea ɔyɛ n’ade. Wobɛyɛ ahwɛyiye.
Tebea a ɛte saa ara wɔ hɔ nnɛ. Ɔsomafo Yohane abɔ yɛn kɔkɔ sɛ: “Honhom biara a ɔnka sɛ Yesu aba ɔhonam mu no mfi Nyankopɔn mu. Na eyi ne antikristo a moate sɛ ɔreba na afei wanya aba wiase no de.” (1Yohane 4:3) So antikristo a ɔte saa bi wɔ hɔ, a ɔyɛ Nyankopɔn tamfo a ɔdaadaa nnipa, a seesei ɔrehaw adesamma nyinaa?
Yohane de asɛmfua “antikristo” no dii dwuma mpɛn anum wɔ ne nkrataa no abien mu. Ɛkyerɛ nnipakuw bi a wɔsɔre tia Bible nkyerɛkyerɛ a ɛfa Yesu Kristo ho no, na wɔn a wɔka ho ne wɔn a wɔyɛ wɔn ho sɛ Kristo anaasɛ wɔyɛ wɔn ho sɛ n’asomafo no. Bible de antikristo no ho nsɛm a edi mu ma. Nanso sɛnea ɛtɔ mmere bi a ɛte wɔ nsɛmmɔnedifo ho no, wɔaka atosɛm pii afa kuw a wonhu n’adeban yi ho sen nokwasɛm.
Mfomso a Wodi Wɔ Onii a Ɔyɛ Antikristo no Ho
Efi ɔsomafo Yohane mmere so no, nnipa pii akyerɛ sɛ Yohane nsɛm a ɛfa antikristo ho no gyina hɔ ma onipa pɔtee bi. Nkurɔfo aka nnipa ahorow bi ho asɛm sɛ wɔne antikristo no. Mfehaha pii a atwam no, na nnipa pii susuw sɛ Roma Hempɔn Nero ne antikristo no. Nitan ne amumɔyɛsɛm kɛse a Adolf Hitler daa no adi no maa nnipa pii susuwii sɛ ɔne antikristo no. Wɔde asɛmfua no dii dwuma mpo maa Germanni nyansapɛfo Friedrich Nietzsche. Nanso afoforo gye di sɛ afei na antikristo no rebɛba, na ɔbɛba sɛ ɔmanyɔfo tirimɔdenfo a n’ani atew a ne botae ara ne sɛ obedi wiase so tumi. Wogye di sɛ aboa a wɔka ne ho asɛm wɔ Adiyisɛm ti 13 no twe adwene pɔtee bi si antikristo a Yohane kaa ne ho asɛm no so. Wɔka sɛ n’agyiraehyɛde a ɛne 666 no kyerɛ bɔne akɛse a obedi daakye.
Wɔn a wɔhyɛ saa nsusuwii ahorow yi ho nkuran no kyerɛ sɛ Yohane kaa antikristo biako pɛ ho asɛm. Nanso dɛn na ne nsɛm no kyerɛ? Susuw asɛm a ɛwɔ 1 Yohane 2:18 no ho hwɛ: “Sɛnea moate sɛ antikristo no reba no, saa na mprempren yi antikristo bebree aba nen.” Yiw, “antikristo bebree” na wɔmaa honhom fam tebea sɛee wɔ afeha a edi kan no mu, ɛnyɛ biako pɛ. Ɛnnɛ, ɛnyɛ antikristo biako pɛ na ɔwɔ hɔ, na mmom, antikristo bebree a wɔbom yɛ antikristo kuw no. Wɔabom de adesamma akɔ honhom fam ɔsɛe mu. (2 Timoteo 3:1-5, 13) Henanom na wɔbom yɛ antikristo no?
Sɛ ɛbɛyɛ yiye a, ma yensusuw Adiyisɛm ti 13 mu aboa no ho. Ɔsomafo Yohane kyerɛwee sɛ: ‘Aboa a mihuu no no te sɛ ɔsebɔ, na n’anan te sɛ osisi anan, na n’ano te sɛ gyata ano.’ (Adiyisɛm 13:2) Dɛn na saa mmoa yi gyina hɔ ma?
Bible mu animdefo ahu abusuabɔ bi a ɛda Adiyisɛm ti 13 ne Daniel ti 7 ntam no. Onyankopɔn maa Daniel nyaa sɛnkyerɛnne kwan so mmoa bi ho anisoadehu, a na ɔsebɔ, sisi, ne gyata, ka ho. (Daniel 7:2-6) Dɛn na Onyankopɔn diyifo no kyerɛe sɛ mmoa yi gyina hɔ ma? Ɔkyerɛwee sɛ saa mmoa a wɔyɛ keka no gyina hɔ ma asase so ahene, anaa nniso ahorow no. (Daniel 7:17) Enti yebetumi aka ma afata sɛ mmoa a wɔka wɔn ho asɛm wɔ Adiyisɛm no gyina hɔ ma nnipa nniso ahorow. Esiane sɛ nniso ahorow yi sɔre tia Onyankopɔn Ahenni no nti, wɔn nso yɛ antikristo no fã.
Henanom Bio na Wɔka Bom Yɛ Antikristo No?
Bere a Kristo, Onyankopɔn Ba no baa asase so no, onyaa atamfo bebree. Ɛwom sɛ seesei ɔwɔ baabi a wɔn nsa ntumi nka no de, nanso ɔda so ara wɔ atamfo nnɛ. Hyɛ wɔn a wɔka saa atamfo yi ho no nsow.
Ɔsomafo Yohane kae sɛ: “Ɛhena ne ɔtorofo no sɛ nea ɔsan sɛ Yesu nyɛ Kristo no? Oyi ne antikristo a ɔpo agya no ne ɔba no.” (1 Yohane 2:22) Awaefo ne atoro som akannifo kyinkyim Yesu nkyerɛkyerɛ a efĩ biara nni ho no ma ɛdan nyamesom mu atosɛm. Saafo no po Bible mu nokware na wɔka atosɛm wɔ Onyankopɔn ne Kristo din mu. Wɔpo abusuabɔ ankasa a ɛda Agya no ne Ɔba no ntam no denam wɔn Baasakoro nkyerɛkyerɛ no so. Enti, wɔn nso yɛ antikristo no fã.
Yesu bɔɔ n’asuafo kɔkɔ wɔ Luka 21:12 sɛ: “Wɔde wɔn nsa beso mo mu, na wɔataa mo, na wɔayi mo akɔ hyia adan mu ne afiase . . . me din nti.” Efi afeha a edi kan mu no, nokware Kristofo ahyia ɔtaa a emu yɛ den. (2 Timoteo 3:12) Wɔn a wɔkanyan adeyɛ a ɛte saa no sɔre tia Kristo. Wɔn nso yɛ antikristo no fã.
“Nea ɔnka me ho no na ɔne me anya; na nea ɔne me mmoaboa ano no hwete mu.” (Luka 11:23) Ɛha yi, Yesu repɛ akyerɛ sɛ wɔn a wɔsɔre tia no ne Onyankopɔn atirimpɔw a ɔbɛdaa no adi no nyinaa ka antikristo kuw no ho. Wɔn awiei bɛyɛ dɛn?
Dɛn na Ɛretwɛn Antikristo No?
Dwom 5:6 ka sɛ: ‘Onyankopɔn bɛsɛe wɔn a wɔka atosɛm. Yehowa kyi mogyapɛfo ne asisifo.’ So eyi fa antikristo no ho? Yiw. Ɔsomafo Yohane kyerɛwee sɛ: “Nnaadaafo bebree aba wiase a wɔmpaem nka sɛ Yesu Kristo aba ɔhonam mu. Ɔdaadaafo ne antikristo no ara ne no.” (2 Yohane 7) Esiane wɔn nnaadaa no nti, Ade Nyinaa So Tumfoɔ Nyankopɔn bɛsɛe wɔn.
Bere a saa atemmu bere no bɛn no, ɛnsɛ sɛ nokware Kristofo ma Antikristo no nnaadaa ne ne nhyɛso, titiriw nea efi awaefo hɔ no, brɛ wɔn gyidi ase. Yohane kɔkɔbɔ no ho hia sɛ: “Monhwɛ mo ho so yiye, na moanhwere nea yɛayɛ adwuma anya no, na mmom moanya akatua mũ.”—2 Yohane 8.
[Mfonini Fibea wɔ kratafa 30]
Nero on pages 2 and 30: Courtesy of the Visitors of the Ashmolean Museum, Oxford