Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g01 9/8 kr. 15-18
  • Adwene Foforo a Wɔrenya Wɔ Mpanyinyɛ Ho

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Adwene Foforo a Wɔrenya Wɔ Mpanyinyɛ Ho
  • Nyan!—2001
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nea Nnipa Dodow no Ara Susuw
  • Su a Nkurɔfo Kura Wɔ Mpanyinyɛ Ho
  • Nkwakora ne Mmerewa a Wɔredɔɔso
  • Mpanyinyɛ Ho Adwene Foforo a Wɔresan Anya
  • Mmoa Kɛse a Wɔde Ma
  • Bɔ Mmɔden sɛ Wubenya Apɔwmuden
  • Yehowa Dwen N’asomfo A Wɔn Mfe Akɔ Anim Ho Ɔdɔ Mu
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2008
  • Nokware Kristofo Di Wɔn a Mfe Akɔ Anim no Ni!
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1987
  • Dwen Fɛ a Ɛyɛ
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1993
  • Ɛsɛ Sɛ Mususuw Nnipa A Wɔanyinyin No
    Yɛn Ahenni Som—1980
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—2001
g01 9/8 kr. 15-18

Adwene Foforo a Wɔrenya Wɔ Mpanyinyɛ Ho

MFE ahe na wudi a, ɛkyerɛ sɛ woanyin? Ɛte sɛ nea mmuae no gyina onii a wubisa no saa asɛm no so. Wɔn a wɔredu wɔn mpanyin mfe so de anigye bɛka sɛ obiara a wadi boro mfe 25 no anyin.

Nanso, wɔnka nnwontofo ho asɛm sɛ wɔanyin gye sɛ wɔadu wɔn asetra mu mfe a etwa to koraa no mu. Amanneɛbɔ bi a ɛwɔ Australia atesɛm krataa The Sun-Herald mu no ka fa wɔn a wɔwɔ dibea wɔ asetram no ho sɛ: “Nokwasɛm a ɛwɔ hɔ ne sɛ sɛ wudi mfirihyia 40 na wunhuu wo ho ano a, worenhu wo ho ano bio.”

Nea Nnipa Dodow no Ara Susuw

Ebia ebinom besusuw sɛ wɔn a wɔn mfe kɔ anim no taa hyia akwanhyia na wontumi nsua ade na wɔn nipadua no gow ntɛmntɛm. So eye sɛ yebesusuw saa? Wiɛ, sɛnea Wiase Nyinaa Akwahosan Ahyehyɛde no akontaabu bi kyerɛ no, wɔ Europa mantam mu nyinaa no, “nnipa baasa biara a wowu wɔ kar akwanhyia mu no mu biako na onnu mfe 25.” Bio nso, mfe a obi di a ne nipadua no gogow ntɛmntɛm yɛ mfe 30 kosi 40, na adanse biara nni hɔ a ɛkyerɛ sɛ nimdeɛ a obi nya no so tew bere a ɔrenyin no.

Na adwene a ɛne sɛ wɔn a wɔn mfe akɔ anim na wɔtaa yare no nso ɛ? The Medical Journal of Australia ka sɛ: “Adwene a nnipa pii kura ne sɛ onyin ne yare na ɛnam.” Nokwasɛm no ne sɛ, nnipa pii na wɔn mfe akɔ anim nanso wɔwɔ akwahosan pa kakra na wommu wɔn ho sɛ wɔabɔ nkwakora anaa mmerewa. Ebinom te nka te sɛ Amerikani manyɔfo Bernard Baruch a ɔka nea edi so yi no: “Me fam no, sɛ meka sɛ obi anyin a na ɛkyerɛ sɛ onii no anyin sen me mfe dunum.”

Ɛnde, dɛn nti na mpɛn pii no wobu mpanyimfo animtiaa na ɛtɔ mmere bi a, wɔtan wɔn koraa? Mmuae titiriw no ara gyina su a nkurɔfo kura wɔ onyin ho so.

Su a Nkurɔfo Kura Wɔ Mpanyinyɛ Ho

Max Frankel ka wɔ The New York Times Magazine mu sɛ: “Mmabun nkutoo na Amerikafo kyerɛ wɔn ho anigye, na wɔnka nsɛm pa mfa nkwakora ne mmerewa ho wɔ nsɛm ho amanneɛbɔ mu.” Ɔka sɛ: “Ɛkame ayɛ sɛ wɔnka nkwakora ne mmerewa ho asɛmpa biara wɔ nsɛm ho amanneɛbɔ mu.” Eyi betumi ama asɛm bi a The UNESCO Courier kyerɛkyerɛ mu fa anwonwasɛm a esi nnɛ mmere yi mu ho no ayɛ nokware: “Ɔman no . . . nyɛɛ biribi titiriw biara mmaa nkwakora ne mmerewa. Ɛwom sɛ wɔboa wɔn wɔ sikasɛm mu na wɔbɔ wɔn ho ban de, nanso adwene a ɔmanfo kura wɔ wɔn ho no mfata koraa.”

Nnuruyɛfo mpo kura adwemmɔne a ɛte saa. Sɛnea The Medical Journal of Australia kyerɛ no: “Nnuruyɛfo pii, ne ɔmanfo nyinaa, gye di sɛ aka akyi koraa sɛ wɔbɛyɛ biribi ama wɔn a wɔadi boro mfe 65 no de ama wɔanya nipaduam ahoɔden. . . . Su a ɛmfata yi . . . ama wɔayi wɔn a wɔn mfe akɔ anim no afi nhwehwɛmu titiriw biara mu.”

Nsɛmma nhoma koro no ara ka sɛ: “Yebetumi aka sɛ su a ɛmfata a wokura wɔ mpanyimfo ho, na wɔtaa frɛ wɔn ‘wɔn a mfaso nni wɔn so,’ no nti na wɔmma wɔn ayarehwɛ a edi mũ no. Wobu ani gu adwene ne nneyɛe ho haw nketenkete pii te sɛ ani a enhu ade yiye ne aso a emu yɛ den no so anaa wobu no sɛ biribi a onyin na ɛde ba. . . . Su foforo a wɔanya wɔ nkwakora ne mmerewa ho no ne ade titiriw nti a wɔnyɛ nhyehyɛe mfa mmɔ wɔn ho ban no.”

Britain aduruyɛ nsɛmma nhoma The Lancet ka sɛ: “Ebia bere aso sɛ yɛyɛ sɛnea ɔmanfo kyerɛ onyin ase no mu nsakrae kɛse, anyɛ yiye koraa no wɔ aman a wɔanya nkɔso mu.” Dɛn nti na eyi ho abehia? Nsɛmma nhoma no kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Nkyerɛase a wɔsakra no no betumi ayi adwemmɔne a edi awu ne nsɛmmɔne a bere nyinaa wɔka de ma nkurɔfo nya nkwakora ne mmerewa ‘a wɔn dodow nni ano’ ho menasepɔw ma enti ‘ɛmma wonnya’ aduruyɛ a ‘ɛfata’ no afi hɔ.”

Nkwakora ne Mmerewa a Wɔredɔɔso

Nokwasɛm no ne sɛ dɔ ara na nkwakora ne mmerewa redɔɔso—wɔredɔɔso ankasa. The UNESCO Courier bɔ amanneɛ sɛ: “Wiase nyinaa no, nnipa a wɔadi mfe 65 ne nea ɛboro saa no dodow bɛyɛ mmɔho anan wɔ 1955 ne 2025 ntam, na ɔha mu nkyekyem no bebu abɔ ho wɔ wiase nyinaa.”

Yɛrekasa yi mpo, nkwakora ne mmerewa a wɔwɔ India no dodow boro France nnipa dodow nyinaa. Na wɔkyerɛ sɛ wɔ United States no, onyin bɛma mmofra ɔpepem 76 a wɔwoo wɔn wɔ Wiase Ko II akyi mfirihyia 18 no agyae adwuma mfirihyia aduonum a ebedi hɔ no. Bere a nkwakora ne mmerewa a wɔn dodow redɔɔso no ho asɛm haw sikasɛm mu animdefo ne akwahosan ho adwumayɛfo pii no, ɛrema wɔanya adwene a ɛmfata a wokura wɔ onyin ho no nso bi.

Mpanyinyɛ Ho Adwene Foforo a Wɔresan Anya

Ebia ebinom bɛkyɛ asetra mu ayɛ no afã ahorow abiɛsa. Ɔfã a edi kan no yɛ nea mmofra ani gye wom na wosua nneɛma. Nea efi ɔfã a ɛto so abien no ase ne abusua a obi benya ne adwumaden a omia ne ho yɛ no. Nea ɛto so abiɛsa ne sɛ obi bɛbɔ akwakora anaa aberewa na wɔatwɛn sɛ owu bɛba abɛfa no koraa.

Nanso, esiane ntease ahorow bi, a nea ɛka ho ne nkɔanim kɛse a wɔanya wɔ aduruyɛ ne ahotew mu wɔ afeha a ɛto so 20 yi mu nti, “nkwakora ne mmerewa” a wɔwɔ ahoɔden no tumi di mfirihyia 25 ka wɔn mfe ho. Wɔn mu pii ani nnye ho bio mpo sɛ wobegyae adwumayɛ saa bere no. Nkwakora ne mmerewa a wɔwɔ ahoɔden a wɔn dodow redɔɔso yi rema nkurɔfo asesa adwene a wokura wɔ onyin ho no.

Mmoa Kɛse a Wɔde Ma

Adwene a nnipa pii kura sɛ nkwakora ne mmerewa dodow no ara de wɔn ho to afoforo so no nyɛ nokware koraa. The New York Times Magazine bɔɔ amanneɛ sɛ wɔ United States no, “nkwakora ne mmerewa dodow no ara wɔ wɔn biribi di, wɔyɛ nnipa a wonni sika pii nanso wonni hia na wɔwɔ agyapade sen awarefo nkumaa pii . . . [na] asetra mu nsɛm ho animdefo ahu sɛ . . . nkwakora ne mmerewa dodow no ara na wodi yiye.” Philip Kotler, a ɔyɛ aguadi mu ɔbenfo wɔ Northwestern Sukuupɔn mu wɔ United States no, ka eyi ho asɛm. Ɔkae sɛ: “Ɛbɛyɛ kakra no, adetɔnfo behu sɛ nnipa a ɛsɛ sɛ wɔbɔ wɔn aguade ho dawuru kyerɛ wɔn kɛse ne wɔn a wɔadi mfe 55 ne nea ɛboro saa a wodi yiye no.”

Ɛnyɛ sika fam mmoa nkutoo na wɔn a wɔn mfe akɔ anim no de ma. The Sunday Telegraph a ɛwɔ Sydney no kae sɛ wɔ Australia no, “nanabeanom na wɔhwɛ mmofra wɔ fie seesei, na mmea a wɔyɛ adwuma no anan biara mu abiɛsa na nanabeanom hwɛ wɔn mma ma wɔn bere a wɔkɔ adwuma no.”

Wɔ mmeae bi te sɛ France kuropɔn Troyes mu no, wobu nkwakora ne mmerewa nyansa sɛ biribi a ɛsom bo paa. Wonya saa nyansa yi so mfaso bere a sɛ mmofra kɔ sukuu pɔn a, wɔn a wɔn mfe akɔ anim yi kyerɛ wɔn nnwuma te sɛ duadwumfo, nhwehwɛ ho adwuma, abo a wɔde di adwinni, adansi, ne durubɛn ho adwuma no. Sɛ adekyerɛ da nkyɛn a, wɔn a wɔn mfe akɔ anim dodow no ara kɔ sukuu konya nimdeɛ foforo nso.

Sɛnea The UNESCO Courier a wotintim no January 1999 kyerɛ no, “Nkwakora ne mmerewa Sukuupɔn Amanaman Ntam Fekuw a Ɛwɔ Paris” no ka sɛ “nkwakora ne mmerewa sukuupɔn bɛboro 1,700 na ɛwɔ wiase nyinaa.” Nsɛmma nhoma no ka sukuupɔn ahorow yi ho asɛm sɛ: “Ɛwom sɛ adan ne sɛnea wɔhwɛ nneɛma so no gu ahorow koraa wɔ ɔman biara mu de, nanso mpɛn pii no, nkwakora ne mmerewa sukuupɔn no nya ɔpɛ sɛ wɔbɛboa saafo yi ma wɔanya kyɛfa ankasa wɔ amammerɛ ne asetram nsɛm ahorow mu.” Wɔbɔ amanneɛ sɛ sukuu a ɛte saa biako a ɛwɔ Japan no kura adesuafo 2,500!

Alexandre Kalache, a ɔyɛ Wiase Nyinaa Akwahosan Ahyehyɛde no Kuw a Ɛhwɛ Nkwakora ne Mmerewa Akwahosan So kannifo no, ka sɛ: “Mmoa a wɔn a wɔn mfe akɔ anim de ma wɔn mmusua ne ɔmanfo no dɔɔso yiye, na ɛyɛ den sɛ yebehu ano efisɛ yemmu pii ho akontaa.” Ɔka sɛ: “Ɛnsɛ sɛ ɔman bi . . . bu wɔn a wɔn mfe akɔ anim no sɛ adesoa, na mmom sɛ nnwinnade a wɔde di wɔn haw ho dwuma . . . , na wobu wɔn ankasa sɛ agyapade.”

Akyinnye biara nni ho sɛ, adwenhorow ne nsusuwii hunu a afoforo kura wɔ onyin ho no betumi anya yɛn so nkɛntɛnso bere a yɛrenyin no, nanso ɔfã kɛse no ara gyina su a yɛn ankasa kura wɔ asetra ho no so. Dɛn na w’ankasa wubetumi ayɛ de anya ahoɔden, wɔ adwene ne honam mu, bere a worenyin mpo no? Yɛsrɛ sɛ kenkan adaka a ɛwɔ nkratafa 12 ne 13 no mu asɛm no, na hwɛ nea nnipa bi a wɔn mfe akɔ anim kyerɛ sɛ ɛno na ɛma wonya apɔwmuden ne anigye no.

Bɔ Mmɔden sɛ Wubenya Apɔwmuden

Wubehu sɛ ade titiriw a ɛma saa nkwakora ne mmerewa yi ho yɛ den ne adwuma ho nhyehyɛe pa a wɔyɛ—sɛ́ ɛyɛ honam fam adwuma anaa atuhoama adwuma no. Wɔteɛteɛ wɔn apɔw mu daa nso, na wɔkyerɛ obiara ho anigye, na wodi wɔn honhom fam ahiade ho dwuma titiriw. Sɛnea wubehu no, saa nneɛma yi a ɛma obi nya anigye ne apɔwmuden no bɛboa mmofra ne mpanyin nyinaa.

Mprempren, awerɛhosɛm ne sɛ bere a worekenkan asɛm yi no, wo nso wugu so renyin. (Ɔsɛnkafo 12:1) Nanso, nyansa wom sɛ wubetie asɛm a wɔabɔ no mua wɔ Bulletin of the World Health Organization mu yi: “Sɛnea akwahosan pa ma obi tumi yɛ adwuma no, ɛyɛ adwuma a obi yɛ no na ɛma no nya akwahosan pa.”

[Adaka/Mfonini wɔ kratafa 16, 17]

Wɔwɔ Apɔwmuden ne Anigye

◼ SOUTH AFRICA: Piet Wentzel, wadi mfe 77, na ɔyɛ bere nyinaa otuhoamafo.

“Mihu sɛ sɛ m’apɔw mu bɛkɔ so ayɛ den a, apɔw-mu-teɛteɛ ho hia daa. Mayɛ turo ketewa bi mfe dodow bi a atwam ni. Sɛ mekɔyɛ mu adwuma ba a, mete nka sɛ mayɛ soronko koraa. Nea ɛbɛyɛ na matumi ayɛ pii no, mabɔ mmɔden adi nnyinasosɛm yi so, ‘adwene a ensi pi yɛ bere sɛefo; mmɔtohɔ yɛ ne boafo.’”

[Mfonini]

“Mihu sɛnea apɔw-mu-teɛteɛ ho hia daa no.”—Piet

◼ JAPAN: Yoshihaur Shiozaki, wadi mfe 73, na ɔyɛ nsase ne adantɔn ho adwuma.

“Meyare sesaborɔ, mogya mmoroso, ne asotiw. Mede baesekre twa kwan kɔ adwuma nnanan wɔ dapɛn no mu; mitwa kilomita 12 na ɛkɔ san ba. Eyi yɛ apɔw-mu-teɛteɛ ankasa ma me, efisɛ ɛmma m’akyi nyɛ me yaw, na ɛteɛteɛ me nan mu. Mebɔ mmɔden sɛ asomdwoe bɛtra me ne afoforo ntam, a afipamfo ka ho. Menhwehwɛ afoforo ho mfomso. Mahu sɛ sɛ wohyɛ obi nkuran a, n’ani gye ho kɛse sen sɛ wobɛka n’anim.”

[Mfonini]

“Memmɔ mmɔden sɛ mɛhwehwɛ afoforo ho mfomso.”—Yoshihaur

◼ FRANCE: Léone Chalony, wadi mfe 84, na ɔyɛ bere nyinaa ɔsɛmpakafo.

“Bere a onyin maa migyaee adwuma wɔ 1982 mu no, na ɛyɛ den ma me efisɛ na medɔ m’adwuma a ɛne sɛ mesiesie ti no. Ná minni asɛyɛde biara, enti mebɛyɛɛ ɔkwampaefo, sɛnea wɔfrɛ Yehowa Adansefo bere nyinaa asɛmpakafo no. Anigyefo pii a me ne wɔn yɛ Bible adesua no aboa me ma manya adwenemtew. Minni kar, enti menantew pii. Eyi ma minya ahoɔden.”

[Mfonini]

“Nnipa pii a me ne wɔn yɛ Bible adesua no boa me ma minya adwenemtew.”—Léone

◼ BRAZIL: Francisco Lapastina, wadi mfe 78, na ɔyɛ bere nyinaa otuhoamafo.

“Mpɛn pii no, sɛ obi hyɛ me abufuw anaasɛ obu me animtiaa a, memma ɛnhaw me. Mefa no sɛ ebia onipa no rehyia nhyɛso ne ɔhaw bi. Yɛn nyinaa wɔ mmere bi a ɛyɛ a yɛmpɛ sɛ yɛbɛka akɔ afoforo ho. Memmɔ mmɔden sɛ menya obi ho menasepɔw na mema ɛtra m’adwene mu sɛ me nso metumi afom nkurɔfo. Eyi aboa me ma manya nnamfo pa pii.”

[Mfonini]

“Memmɔ mmɔden sɛ menya obi ho menasepɔw.”—Francisco

◼ AUSTRALIA: Don MacLean, wadi mfe 77, na ɔda so ara de nnɔnhwerew 40 yɛ adwuma dapɛn biara.

“Wɔayɛ me komam oprehyɛn mfe anan ni, nanso meda so ara wɔ akwahosan pa. Mamma oprehyɛn no anyɛ akwanside wɔ m’asetram. Menantenantew da biara, na mayɛ eyi mfe pii. Bere a meyɛ abofra no, sɛ na mihu sɛ obi rebɔ akwakora mono a, na memfa m’adwene nkɔ tebea a ɛte saa so. Minya anigye kɛse sɛ mehu nkurɔfo pii na me ne wɔn abɔ nkɔmmɔ nso. Sɛ yɛma yɛn ani kũ honhom fam nneɛma ho a, ɛnde yebehu nea wɔka ho asɛm wɔ Dwom 103:5 no: “[Yehowa de, NW] adepa hyɛ w’afono ma ma wo mmerantebere yɛ foforo sɛ ɔkɔre.”

[Mfonini]

“Mmɔ akwakora mono.”—Don

◼ JAPAN: Chiyoko Chonan, wadi mfe 68, na ɔyɛ bere nyinaa ɔsɛmpakafo.

“Ade titiriw a ɛma obi nya akwahosan pa ne sɛ ɔbɛkwati adwennwen ne ɔbrɛ. Mebɔ mmɔden sɛ minnwen nneɛma pii ho mfa nhaw me ho, na mihu sɛ nnwuma a meyɛ a mesakra mu no boa me. Nnansa yi, misuaa adwinnade bi a wɔde bu akontaa hyehyɛ de teɛteɛɛ me nsateaa mu na afei ama m’adwene atumi adi dwuma yiye. Misusuw sɛ eye sɛ wubefi ase ayɛ nneɛma foforo.”

[Mfonini]

“Misusuw sɛ eye sɛ wubefi ase ayɛ nneɛma foforo.”—Chiyoko

◼ FRANCE: Joseph Kerdudo, wadi mfe 73, na ɔyɛ bere nyinaa otuhoamafo.

“Ɔkwan titiriw a wobɛfa so anyin a wowɔ apɔwmuden ne sɛ wobɛyɛ nnwuma ahorow bi sɛnea wubetumi. Adwumayɛ de abotɔyam ba, na ɛsɛ sɛ wohwɛ w’aduandi yiye na woyɛ nsakrae a ɛho hia. Misusuw sɛ sɛ w’asetra yɛ nea atirimpɔw wom a, ɛma woyɛ soronko. Misusuw sɛ honhom fam yiyedi ho hia kɛse na ɛboa ma yenya akwahosan pa. Ansa na merebɛyɛ Yehowa Dansefo no, na mintumi nsi gyinae na na mikura adwene a ɛnteɛ. Bible mu nokware a obi behu no yɛ tumi titiriw a ɛma onya adwene mu ahoɔden de gyina tebea ahorow ano.”

[Mfonini]

“Honhom fam yiyedi ho hia kɛse.”—Joseph

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena