Nkokɔ—Nkurɔfo Ani Gye Ho na Abu
EFI NYAN! KYERƐWFO A ƆWƆ KENYA HƆ
EBETUMI aba sɛ nkokɔ dɔɔso sen ntakraboa a wɔwɔ asase so nyinaa. Sɛnea akontaabu kyerɛ no, wɔn dodow bɛboro ɔpepepem 13! Na nkurɔfo ani gye wɔn nam ho araa ma afe biara wɔwe bɛboro kilogram ɔpepepem 33. Afei nso, nkokɔbere tow nkesua bɛboro ɔpepepem 600 afe wɔ wiase nyinaa.
Nkokɔ abu wɔ atɔe fam nsase so na ne bo nyɛ den. Mfe bi a atwam no, wɔhyɛɛ wɔn a wɔtow aba wɔ U.S. no bɔ sɛ sɛ wɔtow aba ma onipa pɔtee bi nkutoo a, obiara benya akokɔnam anoa wɔ ne kwansɛn mu. Nanso, ɛnnɛ, akokɔnam nyɛ ade a ɛkyɛn so sɛnea na ɛte wɔ mmere bi no, na saa ara na ɛnyɛ nnipa kakraa bi pɛ na wotumi tɔ bi we. Ɛyɛɛ dɛn na ntakraboa soronko yi bebuu so na nkurɔfo ani gyee ho pii saa? Na aman a ahia wɔn no nso ɛ? So ɔkwan bi wɔ hɔ a wɔbɛfa so anya akokɔnam a abu yi bi awe?
Ntakraboa no Ho Abakɔsɛm
Akokɔ fi Asia akokɔhwerew abusua mu. Ankyɛ na nnipa hui sɛ ɛrenyɛ den sɛ wɔbɛyɛn nkokɔ. Bɛyɛ mfirihyia 2,000 a atwam no, Yesu Kristo kaa sɛnea akokɔtan boaboa ne mma ano hyɛ ne ntaban ase de bɔ wɔn ho ban ho asɛm. (Mateo 23:37; 26:34) Mfatoho a ɛte saa a ɔde dii dwuma no kyerɛ sɛ na nnipa dodow no ara nim ntakraboa yi yiye. Nanso, afeha a ɛto so 19 no mu ansa na nkokɔyɛn ne nkesua bɛyɛɛ aguade kɛse.
Ɛnnɛ, wɔwe akokɔnam sen ntakraboa a wɔyɛn wɔn nyinaa. Mmusua ɔpepem pii—a mmusua a wɔtete nkurow akɛse mu ka ho—yɛn nkokɔ de bi yɛ aduan di na wɔtɔn bi. Nokwarem no, nyɛmmoa kakraa bi pɛ na wotumi yɛn wɔ mmeae pii sɛ nkokɔ. Aman pii na wɔanya nkokɔ pɔtee bi a wotumi gyina ɛhɔnom wim tebea ahorow ano na wɔde di wɔn ahiade ho dwuma. Eyinom bi ne: New Hampshire, Plymouth Rock, Rhode Island Red, ne Wyandotte, a wɔyɛn wɔn nyinaa wɔ United States; ne Cornish, Orpington, ne Sussex, a wɔyɛn wɔn wɔ England.
Nkɔanim a wɔanya wɔ mmoayɛn ho nyansahu mu ama nkokɔyɛn abɛyɛ adwuma a mfaso wɔ so sen biara wɔ kuadwuma mu no biako. Akuafo a wɔwɔ United States no nam aduanma, nkokɔbuw a wɔde ahwɛyiye yɛ ne nyarewa a wɔsɔw ano yiye so na ɛyɛn wɔn. Nnipa pii kasa tia nyansakwan a wɔfa so yɛn nkokɔ pii yi sɛ ɛyɛ atirimɔdensɛm. Nanso, ɛmmaa akuafo nnyaee akwan a etu mpɔn a wɔfa so yɛn saa ntakraboa yi pii no. Ɛnnɛyi nyansakwan ama ayɛ yiye sɛ onipa biako pɛ tumi yɛn nkokɔ 25,000 kosi 50,000. Egye asram abiɛsa pɛ na ntakraboa yi anyinyin adu baabi a wɔtɔn wɔn ma ɛyɛ yiye.a
Ɛyɛ Nam
Ɛbɛyɛ den sɛ wobɛkɔ ahɔhodan, adidibea, anaa baabiara a wodidi na wɔnom a worenhu akokɔ nam yi bi wɔ aduan mu. Nokwarem no, adidibea pii a ɛwɔ wiase nyinaa ahyɛ da asua sɛnea wɔde akokɔnam yɛ aduan yiye. Aman bi wɔ hɔ a akokɔnam da so ara yɛ nam a wɔde siesie nnuan ma apontow atitiriw. Na wɔ aman bi te sɛ India mu no, wɔwɔ akwan a ɛyɛ ahomeka a wɔfa so de ntakraboa yi yɛ aduan. Nnuan te sɛ akokɔnam a wɔatwiw mako kɔkɔɔ agu ho, lal murgi; akokɔnam a wɔatwitwa no nketenkete, kurgi murgi; ne akokɔnam a wɔahyɛ no akekaduru, adrak murgi, yɛ dɛ yiye!
Dɛn nti na nkurɔfo pii ani gye akokɔnam ho saa? Ade biako ne sɛ, akokɔnam ne nnuan ne ahuamhuamnne pii kɔ. Sɛ wosiesie no dɛn a na wopɛ? Nea wɔakyew, wɔatoto, wɔanoa, wɔakyew ho anoa, anaa nea wɔde ayɛ abom? Wode bue aduannoa ho nhoma biara mu, na wubetumi ahu akwan pii a wɔfa so de akokɔnam yɛ aduan ma ɛyɛ dɛ.
Esiane sɛ nkokɔ wɔ aman pii mu nti, ɛyɛ fo nso. Nnuan ho nimdefo nso ani gye ho, efisɛ ahoɔdennuru ne aduannuru a ɛho hia ma nipadua no wom. Nanso, aduan mu ahoɔden a ɛma ɔhyew, srade a entumi nnan ntɛm ne srade afoforo nnɔɔso wom.
Aman a Wonnyaa Nkɔso Pii a Wɔbɛma Wɔn Nnuan
Nokwarem no, ɛnyɛ aman nyinaa na wɔwɔ ntakraboa yi nam pii. Eyi ho hia esiane amanneɛbɔ a agyinatufo a Kuadwuma Ho Nyansahu ne Mfiridwuma Ho Nimdefo Baguafo no paw wɔn de too gua no nti: “Wobu akontaa sɛ ebedu afe 2020 no na nnipa a wɔwɔ wiase dodow akɔ anim akodu ɔpepepem 7.7 . . . Nanso, nkɔanim dodow no ara (95%) bɛba wɔ aman a wonnyaa nkɔso pii no mu.” Sɛ wususuw ho sɛ nnipa bɛyɛ ɔpepem 800 na wonnya aduan pa nni dedaw a, na asɛm yi yɛ aniberesɛm paa!
Nanso, animdefo pii te nka sɛ nkokɔ betumi aboa kɛse ma saa nnipa dodow yi a wodi kɔm no anya aduan adi, na akuafo no anya sika a wohia no kɛse. Asɛm no ne sɛ nkokɔ yi a wɔbɛyɛn wɔn pii no betumi ayɛ asɛnnennen ama akuafo a ahia wɔn no. Ade biako ne sɛ, aman a wodi hia kɛse mu no, wɔyɛn nkokɔ no nkakrankakra wɔ nkuraase anaa mfikyiri. Na wɔ aman a ɛte saa mu no, wɔntaa nyɛ buw a ɛfata mma nkokɔ no. Ade kye a wogyae nkokɔ no ma wokyinkyin kɔhwehwɛ aduan, na wɔaba fie anadwo, na ɛtɔ mmere bi a wobutubutuw nnua so anaa nkyɛnsee buw mu.
Ɛnyɛ nwonwa sɛ nkokɔ a wɔyɛn wɔn saa akwan yi so no pii wuwu—Newcastle nkokɔyare a ɛyɛ hu no na ekunkum ebinom, na mmoa kyere bi we, na nnipa wia bi. Akuafo dodow no ara nni aduan a wɔde bɛma nkokɔ no, nkokɔdan a ɛfata, anaa nnuru a wɔde bɛma wɔn abɔ wɔn ho ban afi nyarewa ho no ho nimdeɛ anaa ɛho sika. Esiane eyi nti wɔafi ase ayɛ nhyehyɛe ahorow a wɔde bɛboa akuafo a wɔwɔ aman a wonnyaa nkɔso pii mu no, na wɔakyerɛkyerɛ wɔn. Sɛ nhwɛso no, Amanaman Nkabom Aduan ne Kuadwuma Ahyehyɛde no afi mfirihyia anum dwumadi bi ase nnansa yi a “wɔde bɛboa ahiafo a wɔwɔ Afrika nkuraase denam ntakraboa yi a wɔbɛyɛn pii no so.”
Yennya nhuu nea ebefi nnwuma a wɔde adwempa afi ase no mu aba. Enti ɛsɛ sɛ wɔn a wɔte aman a wodi yiye mu no susuw ho anibere so sɛ biribi te sɛ akokɔnam sini a abu so wɔ wɔn kurom no betumi ayɛ biribi a ne bo yɛ den ama asase sotefo dodow no ara. Saafo no fam no, ebetumi aba sɛ ɛte sɛ nea asɛm a ɛne sɛ ‘obiara bɛnoa akokɔnam wɔ ne kwansɛn mu’ no yɛ anidaso a ɛwɔ akyirikyiri.
[Ase hɔ asɛm]
a Ɛwom sɛ wɔyɛn nkokɔ ma wɔtow nkesua de, nanso wɔ United States no, ɔha biara mu 90 na wɔn nam nti na wɔyɛn wɔn.
[Adaka/Mfonini wɔ kratafa 32]
Sɛnea Wɔyɛ Akokɔnammono Ho Adwuma a Asiane Nnim
“Mmoawammoawa a wotumi de yare ba wɔ akokɔnammono ho, enti ɛho hia sɛ wɔde ahwɛyiye siesie. Fa samina nsu a ɛyɛ hyew hohoro wo nsa, dua a wotwitwa so nam, sekan ne akapɛ ho ansa na woayɛ akokɔnam ho adwuma bere nyinaa, na sɛ wuwie nso a yɛ saa ara. Ɛyɛ papa sɛ wubetwitwa wɔ ade a wotumi hohoro ho wɔ nsu a ɛyɛ hyew paa mu so . . . na sɛ ɛbɛyɛ yiye a, twitwa akokɔnam nkutoo wɔ so. Ma nsukyenee a ɛwɔ akokɔnam ho nyinaa nnan koraa ansa na woanoa.”—The Cook’s Kitchen Bible.
[Mfonini ahorow wɔ kratafa 30]
Nkokɔ no bi ne the White Leghorn, Gray Jungle Fowl, Orpington, Polish, ne Speckled Sussex
[Asɛm Fibea]
All except White Leghorn: © Barry Koffler/www.feathersite.com
[Mfonini ahorow wɔ kratafa 31]
Wɔrebɔ mmɔden aboa akuafo a wɔwɔ aman a wonnyaa nkɔso pii mu ma wɔayɛn nkokɔ bebree
[Mfonini wɔ kratafa 31]
Wɔ United States no, nkokɔ ɔha biara mu 90 na wɔn nam nti na wɔyɛn wɔn