Afghan Nyisaa A Wɔpɛe Sɛ Wɔkɔsra Afuw Bi Mu
BERE a nnɛyi wiase kɔ so dan nkurow akɛse yi, mmofra ɔpepem pii nhuu afuw ne mu mmoa da. Nokwarem no, mmofra a wofi Afghanistan rentumi nkɔsra Amerikafo afuw bi mu da. Enti hwɛ sɛnea mmofra a wɔyɛ nyisaa a ɔko ama wɔayɛ basaa a wɔadidi dɛm kuw ketewaa bi ani gyei sɛ wotumi kɔsraa Watchtower Farms, a ɛwɔ Walkill a obi a ɔte kar mu fi New York City no de nnɔnhwerew abien na ebedu hɔ no.
Afghan nsɛm asekyerɛfo na wɔde kuw yi baa hɔ sɛ wɔbɛboa wɔn ma wɔate dwumadi a ɛkɔ so wɔ afuw a ɛsan yɛ nhoma tintimbea soronko a Yehowa Adansefo na wodi ho dwuma, a ɛwɔ adwumayɛfo a wɔatu wɔn ho ama bɛboro apem a wɔka bom yɛ Watchtower Farms abusua no mu no ase.
Wɔde tii ne paanoo a wɔde maa wɔn akwaaba na efii nsrahwɛ no ase, ɛno akyi no kuw no kɔhwɛɛ mfiri akɛse a wɔde tintim Watchtower ne Awake! nsɛmma nhoma no. Ɔkwankyerɛfo biako kae sɛ: “Ɛyɛɛ me nwonwa sɛ wɔn ani gyee sɛnea dwumadi no yɛ kɛse na etu mpɔn no ho, ɛwom sɛ na wɔn koma wɔ afuw no mu mmoa a wobehu wɔn no so de.”
Ɔtoaa so sɛ: “Afei, yɛkɔhwɛɛ anantwi mma no ma mmofra no nyaa kwan goruu mmoa no ho na wɔmaa wɔn aduan. Na ne hwɛ yɛ anigye—mmofra no a wotutu mmirika kobubu wura brɛ mmoa no mma no. Wɔ nkokɔbuw no mu no, wɔn nyinaa susoo nkokɔ mma no mu. Nea ɛyɛ anigye pii ne sɛ, bere a wobisaa wɔn Amerikafo aduan a wɔpɛ yiye no, wobuae sɛ, ‘Kentucky akokɔ a wɔakyew!’”
Bere a adidi bere dui awia no, wɔne afuw no mu abusua kɛse no dii ɛmo ne akokɔ wɔ adididan no mu. Ɛno akyi no, abusua no mufo no twaa mmofra a wofi akyirikyiri yi ho hyiae kyiaa wɔn. Na ɛda adi sɛ wɔpɛ mmofra asɛm.
Awia no mmofra no ani gyei sɛ wɔfoforoo trata no na wosusoo sitia no mu. Nokwarem no, na wɔn nyinaa pɛ sɛ wɔtratra apɔnkɔ so, na ankyɛ na wɔn nsa kaa nea wɔhwehwɛ no. Anigyede kɛse bɛn na edi hɔ? Watchtower Farm ogyadum dan no ne ne gyadum afiri kɛse kɔkɔɔ no! Anigye bɛn ara na wonyae sɛɛ yi! Na wubetumi ahu afi wɔn anim bere a wɔforo na wɔbɔ abɛn no mmiako mmiako no. Ɛte sɛ nea mmofra a wɔwɔ wiase nyinaa pɛ ade koro—nneɛma su ne dede!
Bere a wobisaa wɔn nea wɔwɔ ka wɔ nsrahwɛ no ho no, Ahmad, abarimaa a n’ani afi wom no kae sɛ: “M’ani gyee afiri a wɔde tintim nhoma no ho ne mpae a wɔbɔ ansa na wɔadidi ne bere a wɔadidi awie no—ne biribiara a ɛwɔ adidibea hɔ no ho!” Na wɔn nyinaa ani gye mmoa no ne apɔnkɔ a wɔtraa wɔn so no ho.
Osuahu ketewaa yi di adanse sɛ, nyisaa anaa obiara kɛkɛ a woyi ayamye kyerɛ wɔn no betumi ayɛ Kristosom ne Onyankopɔn a ɔwɔ ɔdɔ, Yehowa no ho adanse pa. Bible no ka sɛ: “Onyamesom a ɛho tew na ɛho nni fĩ agya Onyankopɔn ahim ne sɛ obi kɔhwɛ nyisaa ne akunafo wɔn ahohia mu, na oyi ne ho fi wiase nkekae mu.” (Yakobo 1:27)—Wɔkyerew mae.