Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g01 11/8 kr. 22-24
  • Nea Enti a Asetra Fono Ebinom

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nea Enti a Asetra Fono Ebinom
  • Nyan!—2001
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nneɛma a Ɛkɔtwe Ba
  • Nneɛma a Ɛnna Adi
  • Ahodɔmdi—Ade a Ɛrehaw Mmofra
    Nyan!—1998
  • Ɔhaw Bi a Ɛwɔ Wiase Nyinaa
    Nyan!—2001
  • Ahodɔmdi—Ade a Ɛrekɔ So a Wɔnte Ho Asɛm
    Nyan!—2000
  • Ɔpɛ a Yɛwɔ sɛ Yɛbɛtra Ase
    Nyan!—2000
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—2001
g01 11/8 kr. 22-24

Nea Enti a Asetra Fono Ebinom

“Obiara bekum ne ho no, na ɛwɔ ase: ade a ontumi nka nkyerɛ obiara, ade a obiara nte ase, ade a ɛhaw adwene yiye.”—Kay Redfield Jamison, adwenemyare ho duruyɛfo.

“A SETRA yɛ ateetee.” Saa na Ryunosuke Akutagawa, Japanni a ɔkyerɛw nhoma gyee din afeha 20 ahyɛase no kyerɛwee, na ankyɛ koraa na okum ne ho. Nanso nsɛm a ɔkyerɛwee ansa na ɔde eyi retoa so ni: “Nokwasɛm paa ne sɛ, mempɛ sɛ miwu, nanso . . .”

Nnipa a wokum wɔn ho no bebree te sɛ Akutagawa, wɔmpɛ sɛ wowu, nanso sɛnea nnipa nneyɛe ho nimdefo bi kyerɛ no, “nea ɛhaw wɔn no na wɔpɛ sɛ wotwa so.” Nsɛm a nkurɔfo taa kyerɛw to hɔ ansa na wɔakum wɔn ho no ma yehu sɛ n’asɛm no yɛ nokware. Wɔtaa ka sɛ, ‘Afono me,’ ‘Mete wiase reyɛ dɛn?,’ na ne nyinaa ma yehu sɛ wɔabotow araa ma wɔpɛ sɛ wofi wiase haw ne abɛbrɛsɛ no mu. Nanso onimdefo bi kae sɛ, sɛ obi kum ne ho a, “ɛte sɛ nea ɔde nuklea ɔtopae resa ɔpapu.”

Nneɛma a ɛma nkurɔfo kum wɔn ho no dɔɔso de, nanso abrabɔ mu nsɛm bi na ɛtaa kɔtwe ba.

Nneɛma a Ɛkɔtwe Ba

Ɛnyɛ nwonwa sɛ asɛm a ebinom remfa no asɛm biara mpo betumi ama mmabun abam abu na wɔakum wɔn ho. Sɛ obi yɛ biribi ma no haw mmabun na wontumi nyɛ ho hwee a, ebia wɔbɛyɛ wɔn adwene sɛ wobekum wɔn ho de ayɛ bi atua no ka. Hiroshi Inamura, ɔbenfo a ɔhwɛ wɔn a wɔpɛ sɛ wokum wɔn ho wɔ Japan no kyerɛwee sɛ: “Ɛyɛ mmofra dɛ sɛ wobekum wɔn ho de atwe obi a wadi wɔn ani aso.”

Nhwehwɛmu bi a wɔyɛɛ no Britain nnansa yi kyerɛe sɛ, sɛ nkurɔfo teetee mmofra boro so a, ɛba wɔn tirim bɛyɛ mpɛn ason sɛ wonkum wɔn ho. Mmofra a wɔteetee wɔn saa no di yaw ankasa. Abarimaa bi a wadi mfe13 a ɔhyɛɛ akɔmfo kyerɛw nnipa baanum bi a wɔteetee no san gyee ne sika din too hɔ. Ɔkyerɛwee sɛ: “Mesrɛ mo, mommɔ mmofra a aka no ho ban.”

Ebinom nso wɔ hɔ a, sɛ wobu mmara so anaa wonya asɛm wɔ sukuu mu, anaa ɔbea bi a wɔpɛ n’asɛm gyae wɔn akyi di, na wɔammɔ mmɔden wɔ sɔhwɛ mu anaasɛ sɔhwɛ ho hu hyɛ wɔn so na daakye ho adwennwene ma wɔbotow a, wobetumi akum wɔn ho. Mmabun a wɔbɔ mmɔden wɔ sukuu a wɔpɛ sɛ wɔyɛ biribiara pɛpɛɛpɛ no, sɛ wɔantumi anyɛ nea wɔpɛ sɛ wɔyɛ no na biribi di wɔn huammɔ—anaa mpo wɔn ankasa adwene na ɛyɛ wɔn saa a—ebinom bɛbɔ mmɔden sɛ wɔde wɔn nkwa betwa so.

Sikasɛm anaa adwuma mu nsɛmnsɛm tumi ma mpanyimfo nso kum wɔn ho. Ohia a ɛbaa Japan mfe bi nti, nnansa yi wɔn a wokum wɔn ho afe biara no twaa mu 30,000. Mainichi Daily News kyerɛ sɛ nea ɛmaa mmarima mmasiriwa a wokum wɔn ho no baanan biara mu baasa twaa wɔn nkwa so ne sɛ, “na ebinom dede aka, ebinom adwuma nkɔ so, na ahia ebinom, na na ebinom nni adwuma.” Aware mu nsɛmnsɛm nso betumi ama ebinom akum wɔn ho. Finland koowaa krataa bi bɔɔ amanneɛ sɛ: “Mmarima mmasiriwa a wɔagyae aware nnansa yi no” ka wɔn a wobetumi akum wɔn ho paa no ho. Nhwehwɛmu bi a Hungaryfo yɛe kyerɛ sɛ mmabaa a wɔyɛɛ wɔn adwene sɛ wobekum wɔn ho no dodow no ara awofo ntam atetew.

Pɛnhyɛn ne yare nso ka ho bi paa na nkurɔfo kum wɔn ho, ɛnkanka nkwakora ne mmerewa. Mpɛn pii no, ɛnyɛ owuyare nti na wokum wɔn ho, na mmom wɔhwɛ na sɛ yaw no boro wɔn so a, na wɔatwa biribiara so.

Nanso, ɛnyɛ obiara na saa nneɛma yi ma no kum ne ho. Mmom no, sɛ asɛm a ɛhaw adwene to nkurɔfo a, dodow no ara nkum wɔn ho. Ɛnde, adɛn nti na ebinom kum wɔn ho de twa biribiara so na ebinom nyɛ saa?

Nneɛma a Ɛnna Adi

Kay Redfield Jamison, Johns Hopkins Aduruyɛ Ho Sukuupɔn no mu ɔbenfo a ɔhwɛ adwenemyare no ka sɛ: “Sɛnea yɛte nneɛma ase no na ɛma nnipa dodow no ara yɛ wɔn adwene sɛ wobekum wɔn ho no.” Ɔde toa so sɛ: “Sɛ biribi nhaw obi adwene a, ɛntaa mma sɛ asɛm biara bɛhaw no ama wakum ne ho.” Eve K. Mościcki, a ɔwɔ U.S. Ɔman Asoɛe a Ɛhwɛ Adwenemyare Ho Nsɛm no kyerɛ sɛ, nneɛma bebree—ebi wɔ hɔ a yenhu—na ɛka bom ma obi yɛ biribi de kyerɛ sɛ ɔpɛ sɛ okum ne ho. Nneɛma a yenhu no bi ne adwenemyare, nnubɔne ne nsanom bebrebe a ɛma obi yare, nneɛma a yɛde wo no, ne n’amemene mu nnuannuru dodow. Momma yɛnhwehwɛ ebi mu.

Nneɛma yi mu akɛse paa ne adwenemyare ne nneɛma a etumi ka obi hɔ te sɛ adwennwene ntraso, anigye ne awerɛhow mmoroso, yare a ɛma obi yɛ nneɛma a ntease nnim, nsanom bebrebe ne nnubɔne. Nhwehwɛmu a wɔyɛɛ no Europa ne United States nyinaa daa no adi sɛ wɔn a wokum wɔn ho no ɔha mu 90 ne akyi fi yare a ɛtete saa. Nokwarem no, nhwehwɛmufo a wɔwɔ Sweden hui sɛ mmarima a wonni yare yi mu biara no 100,000 biara mu 8.3 na wokum wɔn ho, nanso wɔn a wɔwɔ adwenemhaw no 100,000 biara mu 650 na wokum wɔn ho! Animdefo nso ka sɛ nneɛma a ɛtete saa bi na ɛma nkurɔfo kum wɔn ho wɔ Apuei fam aman no mu. Ne nyinaa mu no, sɛ adwenemhaw ne nneɛma a ɛkɔtwe ba no nyinaa ka bom mpo a, ɛnkyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ obi kum ne ho.

Ɔbenfo Jamison a anka ɔrekum ne ho bere bi no kae sɛ: “Ɛyɛ me sɛ, sɛ nnipa hu sɛ nneɛma bɛyɛ yiye a, wotumi fa adwenemhaw mu.” Nanso wahu sɛ, sɛ wɔn abam bu dodo a wɔyɛ wɔn ho hwee a ɛnyɛ yiye a, ɛde nkakrankakra ba wɔn tirim sɛ wobetwa wɔn nkwa so. Ose ɛte sɛ kar breeki a yɛatiatia so ama no ahi.

Ehia sɛ yehu sɛnea adwenemhaw te yi, efisɛ yebetumi asa. Obi a n’abam abu koraa no betumi anya anidaso. Sɛ yedi nneɛma a yenhu no ho dwuma a, nnipa remma awerɛhow ne adwennwene nhaw wɔn pii nkosi sɛ wobetwa wɔn nkwa so.

Ebinom dwene sɛ wɔn a wokum wɔn ho no pii wɔ hɔ a ɛwɔ wɔn mogya mu. Ampa, suban bi wɔ hɔ a ɛwɔ yɛn mogya mu, na nhwehwɛmu a nkurɔfo ayeyɛ kyerɛ sɛ mmusua bi kum wɔn ho sen ebinom. Nanso Jamison kyerɛ sɛ, “sɛ ɛwɔ yɛn mogya mu mpo a, biribiara nni hɔ a ɛno nti ɛsɛ sɛ yekum yɛn ho.”

Obi amemene mu nnuannuru dodow nso betumi ama wakum ne ho. Tumi bi de nnuru kɔ amemene no mu nhama nketenkete ɔpepepem pii no mu ma edi nkitaho. Akwan nketenkete bi deda nhama no ano a akoakoa no mu, na ɛno mu na nnuru no nenam de nsɛm kɔ nhama no mu. Nnuru no biako bi a yɛfrɛ no serotonin dodow a ɛwɔ obi amemene mu no betumi ama wayɛ n’adwene sɛ obekum ne ho bere a asɛm biara nhaw no. Inside the Brain nhoma no kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Sɛ serotonin a ɛwɔ obi amemene mu sua a . . . ebetumi apopa anigye a ɔwɔ wɔ asetram no ama asetra afono no, na ebetumi ama no de nkakrankakra abotow akum ne ho.”

Nanso, asɛm no ara ne sɛ Onyankopɔn nhyehyɛ ntoo hɔ mmaa obiara sɛ onkum ne ho. Nnipa ɔpepem pii fa ɔhaw ne abɛbrɛsɛ pii mu. Sɛnea obi adwene ne ne koma yɛ no wɔ asɛm bi a ɛhaw adwene ho no na ɛma ɛba ne tirim sɛ onkum ne ho. Ɛnyɛ nneɛma a yehu sɛ ɛde ba no nko na ɛsɛ sɛ yedi ho dwuma, ɛsɛ sɛ yedi nea yenhu no nso ho dwuma bi.

Ɛnde, dɛn na yebetumi ayɛ de ama nnipa anya anidaso sɛ wɔn ani begye wɔ asetra mu?

[Adaka wɔ kratafa 24]

Mmea ne Mmarima a Wokum Wɔn Ho

Nhwehwɛmu bi a wɔyɛɛ no United States kyerɛ sɛ, sɛ ɔbarima biako bɔ mmɔden sɛ obekum ne ho a, ebia mmea baanu anaa baasa na wɔn nso wɔbɛbɔ mmɔden sɛ wobekum wɔn ho, nanso sɛ ɔbea biako tumi kum ne ho a, mmarima baanan na ebia wobetumi akum wɔn ho. Sɛ ɔbarima biako nya adwenemhaw a ɛma nnipa dodow no ara kum wɔn ho no a, mmea bɛyɛ baanu na wonya bi. Nanso adwenemhaw no nhyɛ mmea no so mmoro so mma wɔnyɛ basabasa pii. Nanso, mmarima de, sɛ ɛba saa a, wɔbɛfa kwammɔne biara so de ahwɛ ahu sɛ wobekum wɔn ho.

China de, mmea a wotumi kum wɔn ho no dɔɔso sen mmarima. Nokwarem no, nhwehwɛmu kyerɛ sɛ mmea a wokum wɔn ho wɔ wiase nyinaa no bɛyɛ ɔha mu 56 si wɔ China, ɛnkanka nkuraase. Wɔkyerɛ sɛ nea enti a ɛba mmea no mu sɛ wonkum wɔn ho, na wotumi kum wɔn ho no bi ne mmoawammoawa aduru a edi awu a ɛho nyɛ den koraa no.

[Adaka/Mfonini wɔ kratafa 23]

Ankonamyɛ De Ahodɔmdi Ba

Sɛ obi ani nka a, ɛno nso tumi ma no nya adwenemhaw kum ne ho. Jouko Lönnqvist a odii anim maa wɔyɛɛ ahodɔmdi mu nhwehwɛmu wɔ Finland kae sɛ: “[Wɔn a wokum wɔn ho no] bebree wɔ hɔ a na wɔn ani nka asetra mu. Ná wɔwɔ adagyew paa, nanso na wonnya nnipa ne wɔn mmɔ pii.” Kenshiro Ohara, adwenemyare ho duruyɛfo a ɔwɔ Hamamatsu Aduruyɛ Ho Sukuupɔn a ɛwɔ Japan mu no kae sɛ nya a na mmarima mmasiriwa “nnya nkurɔfo ne wɔn mmɔ” nti na wokunkum wɔn ho pii wɔ ɔman no mu nnansa yi no.

[Mfonini wɔ kratafa 22]

Sikasɛm anaa adwuma mu nsɛmnsɛm na ɛma mpanyimfo bebree kum wɔn ho

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena