Dɛn Nti na Ɛsɛ sɛ Wokenkan Ade Den Kyerɛ Wo Mma?
“Ɔbaa me nkyɛn foro traa me anan so twee nhoma bi a ano abubu agu so a nkate a wɔayam ayeyɛ mu fii n’akyi, kae sɛ . . . , ‘Boa me ma menkenkan, Paapa; boa me ma menkenkan.’”—Clifford Schimmels, nhomasua ho ɔbenfo.
MMOFRA—Wosua ade ntɛm. Nhwehwemu kyerɛ sɛ mmofra amemene nyin ntɛmntɛm bere a wonnya nnii mfe abiɛsa no. Nneɛma a awofo yɛ da biara da te sɛ akenkan, nnwonto, ne sɛnea wɔda ɔdɔ adi no betumi aboa abofra ma wanyin yiye. Nanso, sɛnea nhwehwemu bi kyerɛ no, awofo a wɔwɔ mma a wɔadi fi mfe abien kosi awotwe mu fã pɛ na wɔkenkan ade kyerɛ wɔn mma da biara. Ebia wubebisa sɛ, ‘So ade a mɛkenkan akyerɛ me ba no betumi aboa ankasa?’
Akenkan Ho Anigye a Wobenya
Animdefo kyerɛ sɛ mmuae no yɛ yiw. Becoming a Nation of Readers nhoma no ka sɛ: “Ade biako a ehia sen biara a wobɛyɛ na ama wo mma anya nimdeɛ a wohia ma wɔatumi akenkan ade daakye ne sɛ wobɛkenkan ade den akyerɛ wɔn. Eyi te saa titiriw bere a womfii sukuu ase no.”
Bere a mmofra tie nsɛm a wɔkenkan fi nhoma mu kyerɛ wɔn no, wofi wɔn mmofraberem hu sɛnea nkyerɛwde a ɛwɔ nhoma no mu no ne nsɛm a yɛka no daa hyia no. Ɛma wohu nsɛm a wɔde kyerɛw nhoma no nso. Nhwehwemu nhoma bi ka sɛ: “Bere biara a yɛkenkan ade kyerɛ abofra no, na yɛde anigyesɛm bi rehyɛ abofra no amemene mu. Wubetumi afrɛ no dawuru a wɔbɔ de siesie abofra no adwene ma onya nhoma ahorow ne nsɛm a wɔatintim ho anigye.” Awofo a wɔhyɛ nhoma ahorow ho anigye a wobenya ho nkuran no de ɔpɛ a wobenya sɛ akenkanfo rehyɛ wɔn mma adwenem.
Boa a Wobɛboa Wɔn Ma Wɔahu Nneɛma a Ɛwɔ Baabi a Wɔte
Awofo a wɔkenkan ade den kyerɛ wɔn mma no betumi ama wɔn akyɛde a ɛsom bo—nnipa ahorow, mmeae ahorow, ne nneɛma ho nimdeɛ. Ɛdenam sika kakra a wobeyi de atɔ nhoma so no, wobetumi “afa so” ahu wiase nyinaa. Susuw Anthony a wadi mfe abien a ne maame akenkan ade akyerɛ no fi ne mmofraase nhwɛso no ho hwɛ. Ne maame ka sɛ: “Ne nsrahwɛ a edi kan a ɔkɔɔ mmoa yɛmmea no, na ɔrekɔhwɛ sɛnea nneɛma te ankasa.” Sɛnea ɛte ankasa? Yiw, ɛwom sɛ Anthony de n’ani kann huu sare so afurum, agyata, kɔntenten, ne mmoa foforo bere a edi kan de, nanso na onim wɔn ho nsɛm dedaw.
Ne maame kyerɛkyerɛ mu akyiri yi sɛ: “Anthony ahu nnipa, mmoa, nneɛma ne nsusuwii ahorow pii afi nhoma ahorow mu, wɔ mfe abien a edi kan wɔ n’asetram no mu.” Yiw, sɛ wokenkan ade den kyerɛ mmofra bere a wosua a, ebetumi ama ntease a wɔwɔ wɔ wiase a wɔte mu no anya nkɔanim.
Abusuabɔ a Emu Yɛ Den a Wobenya
Bere a mmofra nkumaa renyin no, wonya su horow a ebenya wɔn nneyɛe so nkɛntɛnso daakye. Enti ɛho behia sɛ awofo to fapem a ɛbɛma wɔanya abusuabɔ a emu yɛ den a ahotoso, obu, ne ntease wom. Akenkan betumi adi akoten wɔ adeyɛ yi mu.
Sɛ awofo gye bere fa wɔn mma to wɔn nsa so na wɔkenkan ade kyerɛ wɔn a, na asɛm a wɔreka akyerɛ mmofra no ara ne sɛ: “Medɔ wo.” Phoebe a ɔyɛ ɛna a ɔwɔ Canada ka faa ne ba abarimaa a ɔkenkan ade kyerɛ no a seesei wadi mfe awotwe no ho sɛ: “Me ne me kunu te nka sɛ eyi aboa kɛse ma Nathan tumi bɛn yɛn. Ɔmfa biribiara nsie yɛn na ɔtaa ka sɛnea ɔte nka kyerɛ yɛn. Ama abusuabɔ titiriw bi abɛda yɛn ntam.”
Cindy de ayɛ ne su sɛ ɔbɛkenkan ade akyerɛ ne babea fi bere a na ɔreyɛ anya afe, na otumi yɛ koom tra ase bɛyɛ simma biako anaa abien de tie asɛm. So mfaso bi afi bere ne mmɔden a ɔbɔ no mu aba? Cindy ka sɛ: “Ade a yɛbom kenkan no adamfofa so a ahunahuna biara nnim taa kanyan Abigail ma ɔka nsɛnnennen bi a esii wɔ sukuu mu anaa ɔne n’adamfo ntam kyerɛ yɛn. Ɔwofo bɛn na ɔrempɛ sɛ obenya no saa?” Akyinnye biara nni ho sɛ, ade a wɔkan no den betumi ama abusuabɔ a emu yɛ den abɛda ɔwofo ne ne ba ntam.
Asetra mu Nnwuma a Ɛho Hia a Wɔbɛkyerɛ Wɔn
Nhoma a wɔfrɛ no 3 Steps to a Strong Family ka sɛ: “Yɛn mmofra a wɔwɔ hɔ nnɛ no de nneɛma pii a mfaso nni so a wonya fi television hwɛ ne mmeae foforo hyɛ wɔn adwenem ma, ma ɛno nti ɛho hia sɛ wɔde nneɛma pa hyɛ wɔn adwenem, na wonya adwene a emu tew, nimdeɛ, ne nneɛma pa a ebenya wɔn adwene so tumi sen bere biara a abɛsen kɔ na adi aboa wɔn ma wɔde abrabɔ pa atra ase na wɔde adwempa adi dwuma wɔ wɔn asetra mu.” Awofo na wɔfata koraa sɛ wonya wɔn mma so nkɛntɛnso a edi mu.
Kasafua a emu dɔ a wɔahyehyɛ no yiye wɔ nhoma mu no betumi ayɛ adwinnade a mfaso wɔ so a wɔde kyerɛkyerɛ abofra ma ɔkyerɛkyerɛ nsɛm mu bere a ɔrekasa ne bere a ɔrekyerɛw ade no. Dorothy Butler a ɔkyerɛw Babies Need Books nhoma no ka sɛ: “Sɛ obi nsusuwii bɛfata a, egyina kasa a ɔka no so. Ɛyɛ nokware sɛ, kasa yɛ ade titiriw wɔ adesua ne adenim mu.” Nea ebetumi ama obi anya abusuabɔ pa gyina sɛnea otumi di nkitaho yiye so.
Nneɛma a wɔkenkan fi nhoma pa mu no nso betumi ahyɛ abrabɔ pa ne nneɛma a ɛsom bo mu den. Awofo a wɔne wɔn mma kenkan ade na wɔne wɔn dwennwen nsɛm ho no betumi aboa wɔn ma wɔanya nimdeɛ a wɔde bedi nsɛnnennen ho dwuma. Bere a Cindy kenkan ade kyerɛɛ ne ba Abigail no, ɔde ntoboase huu sɛnea Abigail yɛ n’ade wɔ tebea horow bi a ɛda adi wɔ nhoma no mu no ho. “Sɛ́ awofo no, yebetumi asua pii afa anifere su a ɛda adi wɔ ne ho no mu na yɛaboa no ma wadi nnaadaa su bi a ɔda no adi ho na ebia yɛatumi aboa no ma wayi nsusuwii a ɛmfata afi n’adwenem wɔ ne mmofra ase pɛɛ.” Ampa, ade a yɛbɛkenkan no den akyerɛ mmofra no betumi atete wɔn adwene ne wɔn koma.
Ma Akenkan Nyɛ Anigye
Kenkan no “brɛbrɛ,” ma tebea no nyɛ nea ahomeka, abotɔyam, ne anigye wom. Awofo a wɔwɔ nhumu nim bere a ɛsɛ sɛ wogyae akenkan. Lena ka sɛ: “Ɛtɔ mmere bi a, Andrew a wadi mfe abien no brɛ na ontumi ntra ase dinn nkyɛ. Enti yetwa yɛn akenkan nhyehyɛe no so sɛnea ɛbɛyɛ a ɛne ne tebea no behyia. Yɛmpɛ sɛ Andrew nya atenka bɔne wɔ akenkan ho, enti yɛmfa mpuapua no.”
Ade a wɔkenkan no den kyerɛ pii sen sɛ wobɛbobɔ nsɛm a wɔatintim din kɛkɛ. Hu bere a ɛsɛ sɛ wodan kɔ mfonini so na wode akanyan anigye. Kenkan no bɔkɔɔ. Ɛnne nsakrae ne asɛm a wosi so dua nso betumi aboa akenkan no. Ɔhyew a ɛwɔ wo kasa mu betumi ama wo ba ate nka sɛ ɔwɔ ahobammɔ.
Sɛ wo ba nso tumi de ne ho hyɛ akenkan no mu yiye a, mfaso kɛse na ebefi mu aba. Gyina bere ne bere mu na bisa nsɛm a ebehia nkyerɛkyerɛmu a ɛkɔ akyiri. Ma wo ba no nhwɛso ahorow sɛnea ɛbɛyɛ a ɔbɛma mmuae a ɛkɔ akyiri.
Yɛ Nyiyim Wɔ Nhoma a Wokenkan Mu
Nanso ebia nea ehia titiriw ne sɛ wobɛpaw nhoma a ɛyɛ papa. Saa a wobɛyɛ no behia sɛ woyɛ nhwehwemu kakra. Fa ntoboase yiyi nhoma mu, na fa nea mfaso anaa asuade ne abrabɔ pa wom no di dwuma. Fa ahwɛyiye hwɛ akyi nsɛm, mfonini, ne sɛnea wɔayɛ no no ankasa. Paw nhoma a awofo ne mmofra nyinaa ani gye ho. Mmofra taa pɛ sɛ wotĩ asɛm koro no ara mu kenkan kyerɛ wɔn.
Awofo a wɔwɔ wiase nyinaa ani agye Me Nhoma a Ɛka Bible mu Nsɛm no ho titiriw.a Wɔhyɛɛ da yɛe na awofo akenkan akyerɛ wɔn mma, na ɛnyɛ sɛ ɛbɛboa mmofra ma wɔabɛyɛ akenkanfo pa nko na mmom ebetumi akanyan wɔn anigye a wɔwɔ wɔ Bible mu no nso.
Awofo a wɔkenkan ade kyerɛ wɔn mma betumi de akenkan ho su pa, a mfaso wɔ so daa ahyɛ wɔn adwenem. JoAnne ka faa ne babea Jennifer ho sɛ: “Ɛnyɛ sɛ Jennifer suaa akenkan ne akyerɛw ansa na ɔrefi sukuu ase na ama n’ani agye akenkan ho nko, na mmom osuae ansa na ɔrekɔ, na nea ehia titiriw no, wanya ɔdɔ ama yɛn Bɔfo Kunini, Yehowa. Jennifer asua sɛnea ɔde ne ho bɛto Nyankopɔn Kyerɛwnsɛm no so, ma akyerɛ no kwan wɔ ne gyinae ahorow a osisi nyinaa mu.” Ɛyɛ nokware sɛ, nea woboa abofra ma onya ho anigye no betumi ayɛ nea ehia titiriw sen nea woboa no ma osua.
[Ase hɔ asɛm]
a Yehowa Adansefo na wotintimii.
[Adaka/Mfonini wɔ kratafa 30]
Sɛ Worekenkan Ade Akyerɛ Wo Ba A
• Fi ase bere a ɔda so yɛ akokoaa no.
• Ma wo ba no ntra ase koom bere a worekenkan ade no.
• Kenkan nsɛm a mo baanu nyinaa ani gye ho.
• Fa nkate kenkan bere dodow biara a wubetumi.
• Ma wo ba no mfa ne ho nhyem bi denam nsɛm a wubebisa so.
[Mfonini Fibea wɔ kratafa 29]
Photograph taken at the Wildlife Conservation Society’s Bronx Zoo