Akenkan Dennen Ma Adesua Yɛ Anigye
JIM Trelease a ɔno na ɔkyerɛw nhoma a wɔfrɛ no The Read-Aloud Handbook no se: “Wɔ wo ba no a wobɛyɛ no atuu akyi no, fa w’adwene kakra ne wo bere kakra” ma wo ba no.
Ɔkwan bɛn so? Trelease kamfo kyerɛ sɛ denam sɛnea wobɛtaa akenkan ade akyerɛ no n’asetra mfiase no so. Osuahu ne mfaso pii a wo ne wo ba no nyinaa benya no tra hɔ daa. Wɔ akwan bɛn so? Ɛnyɛ mmere pa a atwam a wo ba no bɛkaakae bere a wanyin no a akenkan a ɛte saa no de bɛba no nko, na mmom wobɛboa wo ba no ma wabɛyɛ ɔkenkanfo ne ɔdesuafo pa nso. Wo ba no behu sɛnea wɔde ani hwɛ ade yiye nso efisɛ obesua sɛnea ɔde n’adwene si mfonini so. Sɛ nhwɛso no, abofraa di asram 18 a, obetumi ahu ɔkraman ba wɔ mfonini mu, na obetumi ate asɛm no ase bere tenten ansa na watumi akenkan. Nea ɛka ho no, ɛnyɛ sɛ wo ba no benya nkɔanim wakenkan, akyerɛw, ɔkasa, otie, nneɛma a wɔde ani bu mu nko, na mmom ne su wɔ yɛ a ɔbɛyɛ ɔkenkanfo pa ho no benya nkɔanim—n’ani begye akenkan ho.
Wɔtaa te sɛ awofo a wɔahaw ka sɛ: “Ɛhe na menya bere anaa ahoɔden a mede bɛkenkan ade dennen akyerɛ me mma?”
Nea Jim Trelease ka ni: “Agya a ɔka sɛ wabrɛ dodo sɛ ɔbɛkenkan ade akyerɛ ne mma no de ani abien koro no ara hwɛ nneɛma pii wɔ television so.”
Nea ɛbɛyɛ na woanya saa su yi ho adwene foforo no, ɔkyerɛwfo Trelease de saa nyansahyɛ ahorow yi ma daakye awofo-akenkanfo:
1. Kenkan nhoma ahorow a ɛfata. Mmofra pii mpɛ nhoma ahorow a ɛkeka nsɛm kyerɛ wɔn ara kwa. Nanso wɔn ani gye nsɛm ahorow a ntawntawdi anaasɛ nsɛnnennen a ɛsɛ sɛ wodi so wom ho. Nanso, hwɛ hu sɛ abofra no asiesie ne ho wɔ nkate fam ama nhoma no denam w’ankasa a wubedi kan ahwehwɛ mu so.
2. Paw bere a eye. Ɛda adi sɛ wo ba no a wobɛkenkan ade akyerɛ no anɔpa tutuutu bere a ɔnteɛteɛ ne ho no nyɛ bere pa. Ebinom kenkan ade kyerɛ wɔn mma bere a wɔtete akongua tenten bi so anaasɛ ɔredi nnɔkɔnnɔkɔwade bi no. Bere a efi awosu mu no eye sen biara ne bere a ɔrekɔda. Saa bere no, abofra no tumi de n’adwene si ade so kyɛ.
3. Gyina asɛnnennen no ano. Ɛnhaw adwene biara sɛ wobɛkenkan nhoma a emu nsɛm boro abofra no ntease so akyerɛ no. Ɔwofo betumi de asɛmfua no mu nkyerɛkyerɛmu tiawa ama, abɔ asɛm no nyinaa mmua, anaasɛ mpo watu atra afã a ɛyɛ den no.
4. Fa w’akenkan mu nnamyɛ di dwuma. Akenkan dennen hwehwɛ ɔhome ne agyinagyina a wɔyɛ no yiye. Sɛ wo ti mu ntene wo wɔ wo mmɔdenbɔ ho a, kenkan asɛm bi na kyere gu hama so, na afei w’ankasa hwɛ w’akenkan mu nnamyɛ no.
5. Hwɛ sɛnea n’adwene tumi si ade so no. Ampa, asɛm bi a ɛyɛ dɛ bɛtwetwe wo ba no anigye, nanso hu sɛ ebia ɔremfa n’adwene nyinaa nsi asɛm no so. Wɔ ne nyinaa akyi no, obesua biribi afi mu.
6. Nya ntoboase. Te sɛ mpanyimfo binom a wɔn ani gye sɛ wɔbɛhwɛ sini biako bi mpɛn ahorow pii no, mmofra pɛ sɛ wɔkenkan asɛm bi a wɔn ani gye ho kɛse no kyerɛ wɔn mpɛn ahorow pii efisɛ wonya ntease afoforo bere biara. Enti sɛ́ anka wode nhoma bi a wɔpɛ no bɛto nkyɛn mmom no, fa asɛm foforo bi ka ho ara kwa.