Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g01 12/8 kr. 14-15
  • Fêng Shui—So Ɛyɛ Kristofo Adeyɛ?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Fêng Shui—So Ɛyɛ Kristofo Adeyɛ?
  • Nyan!—2001
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Ɛyɛ Dɛn?
  • Kristoni Adwene Wɔ Ho
  • Emu Nsɛm
    Nyan!—2001
  • Sɛ Ebesi Wo Yiye Daakye a, Egyina Dɛn So?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Ɔmanfo De)—2021
  • Nkonyaayi ne Ahonhonsɛmdi a Wɔnam so Hwehwɛ Nea Wonnim No
    Onyankopɔn Akyi Kwan a Adesamma Hwehwɛ
  • Nsoromma Mu Hwɛ Ne Adebisa—Ɛma Yehu Daakye Ampa?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Ɔmanfo De)—2018
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—2001
g01 12/8 kr. 14-15

Bible No Adwene

Fêng Shui—So Ɛyɛ Kristofo Adeyɛ?

WƆ ASIA no ɛno so na wogyina paw beae a wɔde bɛyɛ asiei. Ɛno so na wogyina sisi adan siesie ho. Ɛno so na wogyina tɔ agyapade anaa wɔtɔn. Chinafo frɛ no fêng shui, ɛte sɛ asumansɛm. Ɛwom sɛ fêng shui agye din wɔ Asia mfehaha pii de, nanso nnansa yi atrɛw akodu Atɔe fam nsase so. Adansi ho animdefo bi de di adwini wɔ abansoro adan, adwumayɛdan, ne afie ho. Mmea awarefo binom de di dwuma de siesie wɔn afie mu. Wɔkamfo kyerɛ na wɔkyerɛkyerɛ ho nsɛm wɔ nhoma pii mu ne Intanɛt Dwumadi ahorow so.

Atirimpɔw bɛn nti na saa ade yi renya nkɔanim saa? Sɛnea obi a n’ani gye ho kyerɛ no, fêng shui betumi ama “obi anya asetra pa, akwahosan pa, aware pa, ahonyade pii, ne asomdwoe pii.” Ɛte sɛ nea saa nneɛma yi nyinaa yɛ anigye de, nanso dɛn na saa adeyɛ yi kyerɛ, na ɛsɛ sɛ Kristofo bu no dɛn?

Ɛyɛ Dɛn?

Nea China nsɛmfua fêng shui kyerɛ ankasa ne “mframa-nsu.” Fêng shui fii ase mfe mpempem pii bere a apuei famfo nyansapɛ nyaa nkɔanim no. Nea ɛka eyinom ho ne gyidi a ɛne sɛ yin ne yang (sum ne hann, ɔhyew ne onwini, nea ɛfata ne nea ɛmfata) bɛkari pɛ no. Wɔde adwene a ɛwɔ yin ne yang ho no bata nea ɛwɔ chʼi, a asekyerɛ ankasa ne “mframa” anaa “ɔhome” no ho. Yin, yang, ne chʼi ne nea wɔtaa frɛ no asase so nneɛma anum a ɛne dua, asase, nsu, ogya, ne fagude no na ɛbom yɛ fêng shui nkyerɛkyerɛ no afã titiriw. Wɔn a wɔn ani gye fêng shui ho no gye di sɛ tumi bi wɔ asase no fa pɔtee bi. Botae no ne sɛ wobehu baabi pɔtee a tumi ahorow anaa chʼi, a ɛwɔ asase ne wim no hyia. Wotumi yɛ eyi denam nsakrae a wɔbɛyɛ wɔ asase no ankasa anaa denam nsakrae ahorow a wɔbɛyɛ wɔ dan bi a esi beae pɔtee bi so no so. Wɔkyerɛ sɛ yɛ a wobetumi ayɛ ade a ɛte saa no de akraye bɛbrɛ wɔn a wɔte hɔ anaa wɔyɛ adwuma wɔ hɔ no.

Mpɛn pii no, wɔn a wɔn ho akokwaw wɔ fêng shui som mu no hwehwɛ mmoa fi abosonkɔm ade bi a wɔde kyerɛkyerɛ kwan hɔ.a Eyi yɛ kɔmpase ketewa bi a twebo ahoɔden wom a nsoromma mu hwɛfo taa de di dwuma. Ahankare ne nsensanee pii wɔ kɔmpase yi so. Wotumi de abosonkɔm kɔmpase yi kyerɛ nsoromma kuw, bere nkyekyem, ne mmere a ɔsram kyere owia no. Sɛ wɔresusuw beae a wobesi dan anaa dan bi ho a, wɔma kɔmpase no kyerɛ wɔn nneɛma pii kwan. Nea ne ho akokwaw wɔ fêng shui adeyɛ mu no hu mmeae a kɔmpase no ano paane no bɛkyerɛ wɔ ahankare no so, na otumi hu nea ehia a sɛ ɔyɛ de yi “musu” biara a ɛwɔ asase no ho fi hɔ.

Wosusuw asase, beae a nsu fi ba, aka a nsu fa mu, ne mpo mfɛnsere ne apon a wɔde sisi dan a wɔasi ano no ho si gyinae a wɔbɛfa so ama beae hɔ akari pɛ. Sɛ nhwɛso no, wɔ Canada no, obi a ɔtɔn ade wɔ sotɔɔ mu no de ahwehwɛ sɛn ne pon no akyi na “asiesie” sɛnea apon no te no. Abosonkɔm a wɔde kyerɛkyerɛ kwan ho somfo betumi afa saa kwan no so akyerɛ sɛnea wɔma afifide, ɔdan mu nneɛma, mfonini a wɔde sɛn hɔ, ade bi a mframa huw ma ɛbɔ dɔn, anaa sɛnea wɔde ahwehwɛ a wɔyɛn mmoa wom sisi hɔ sɛnea ɛbɛyɛ a ɛbɛma ɔdan mu nneɛma akari pɛ.

Kristoni Adwene Wɔ Ho

Ɛda adi pefee sɛ, nhomakorabea pii de nhoma ahorow a fêng shui nkyerɛwde a ɛfa nsoromma mu hwɛ ne abosonkɔm ho ka nhoma ahorow no ho. Nokwarem no, Webster’s Ninth New Collegiate Dictionary ka ho asɛm sɛ “abosonkɔm a wɔnam kɔmpase a nkyerɛwde ne nsensanee wɔ so a wɔde hu asase so nneɛma.” (Yɛn na yɛasi ɔfa bi so dua no.) Enti, wɔagye atom wɔ mmeae pii sɛ fêng shui ne abosonkɔm afoforo no yɛ abosonsom nneyɛe. Ɛka asumansɛm ne ahonhonsɛmdi a ɛnyɛ ade foforo biara, a adesamma nim, no ho.

Bere a Israelfo no fii Misraim na awiei koraa wɔhyɛn Kanaan asase no so wɔ afeha a ɛto so 15 A.Y.B. no, na abosonkɔm ahorow pii abu so wɔ nsase no nyinaa so. Onyankopɔn nam Mose so kaa asɛm a wɔakyerɛw wɔ Deuteronomium 18:14 no se: “Amanaman yi a worekotu wɔn yi tie abayifo ne nkɔmhyɛfo, na wo de, [Yehowa, NW] wo Nyankopɔn mmaa wo kwan sɛ yɛ no sa.” Abosonkɔm ahorow a na abu so wɔ Misraim ne Kanaan no fii ase fii tete Babilon. Bere a Yehowa yɛɛ nkurɔfo no kasa basabasa wɔ Babilon no, baabiara a wɔkɔe no wɔde nneyɛe a ɛne Babilon abosonkɔm ne ahonhonsɛmdi wɔ nkitahodi no kaa wɔn ho kɔe na wɔtrɛw mu kɔɔ mmeae foforo.—Genesis 11:1-9.

Yehowa Nyankopɔn kɔɔ so bɔɔ Israelfo no kɔkɔ denneennen sɛ wɔmmfa wɔn ho nnhyɛ abosonkɔm biara a ɛrekɔ so wɔ aman a aka no mu no mu, na ɔkae sɛ: “Mma wonnhu wo mu obi a . . . ɔhyɛ abosonkɔm, ɔbayifo ne ɔdebisafo . . . efisɛ [Yehowa, NW] akyide ne wɔn a wɔyɛ eyinom nyinaa, na akyide yi nti na [Yehowa, NW] wo Nyankopɔn retu wɔn afi w’anim yi.” (Deuteronomium 18:9-12; Leviticus 19:26, 31) Ná ɛsɛ sɛ wokum wɔn a wɔde wɔn ho hyɛ abosonkɔm mu no.—Exodus 22:18; Leviticus 20:27.

Dɛn nti na wɔbara abosonkɔm katee saa? Asomafo no Nnwuma 16:16-19 ka ɔbea bi a na ɔwɔ “ahonhommɔne” ho asɛm. Ampa, asumansɛm ne ahonhonsɛmdi wɔ abusuabɔ kɛse. Enti, asumansɛm biara a obi de ne ho bɛhyem no bɛma ɔne Ɔbonsam ne n’adaemone adi nkitaho! Ɛno betumi asɛe onii no honhom fam yiyedi.—2 Korintofo 4:4.

Ebetumi aba sɛ sɛnea apuei famfo ne atɔe famfo siesie wɔn asese so no nyaa ne mfiase fii atoro som te sɛ fêng shui mu. Nanso, ebetumi aba sɛ ɛtɔ mmere bi a, ɔsom mu adeyɛ a ɛbata ho no yera koraa. Nanso, ɛto Nyankopɔn mmara koraa sɛ wɔde fêng shui bedi dwuma de ahwehwɛ daakye pa anaasɛ ɛbɛma asi obi yiye anaa ɛbɛma no anya akwahosan pa. Saa a wɔbɛyɛ no bɛkyerɛ sɛ wɔreto Bible ahyɛde a ɛkyerɛ sɛ wɔnnka biribiara a “ɛho ntew” no.—2 Korintofo 6:14-18.

[Ase hɔ asɛm]

a Wɔ Atɔe fam nsase so no wɔn a wɔn ani gye fêng shui ho no bɔ mmɔden sɛ wɔde nyansahu bɛbata fêng shui ho, ebinom mpo de kɔmputa dwumadi bata ho de hwehwɛ asase so mmeae ahorow.

[Mfonini wɔ kratafa 15]

Abosonkɔm kɔmpase

[Asɛm Fibea]

Pages 2 and 15: Hong Kong Tourism Board

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena