Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • wp21 nɔma 3 kr. 4-5
  • Sɛ Ebesi Wo Yiye Daakye a, Egyina Dɛn So?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Sɛ Ebesi Wo Yiye Daakye a, Egyina Dɛn So?
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Ɔmanfo De)—2021
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • NEA EBINOM GYE DI
  • SAA NNEƐMA YI BOA ANAA?
  • Fêng Shui—So Ɛyɛ Kristofo Adeyɛ?
    Nyan!—2001
  • Obiara Pɛ Sɛ Esi No Yiye Daakye
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Ɔmanfo De)—2021
  • Nsoromma Mu Hwɛ—So Ɛyɛ Anigyede A Asiane Nnim?
    Nyan!—1986
  • Nsoromma Mu Hwɛ Asan Aba So Bio!
    Nyan!—1986
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Ɔmanfo De)—2021
wp21 nɔma 3 kr. 4-5
Mfoni Ahorow: 1. Maame bi rehwɛ spaa so aka obi daakye akyerɛ no. 2. Kɔmpas bi a nkurɔfo susuw sɛ ebetumi aboa ma asi wɔn yiye, ne ɔdan bi plan. 3. Obi de aduan ne nhwiren asi ne nana bi a wawu mfoni anim, na ɔrehyew aduhuam ama no.

Sɛ Ebesi Wo Yiye Daakye a, Egyina Dɛn So?

Nnipa pii gye di sɛ, tumi bi wɔ hɔ a wɔmfa wɔn ani nhu, na ɛno na ɛkyerɛ nea ɛbɛto wɔn daakye. Saa gyidi yi nti, wɔyɛ nneɛma anaa amanne ahorow bi sɛnea ɛbɛyɛ a saa tumi no bedi aboa wɔn, na nneɛma akɔ yiye ama wɔn daakye.

NEA EBINOM GYE DI

NSOROMMA MU HWƐ: Ebinom gye di sɛ, sɛ wɔwo obi a, sɛnea nsoromma no ahyehyɛ ne ho wɔ wim saa da no, ɛno na ɛbɛkyerɛ onipa no daakye. Ɛno nti, wɔkɔ nsoromma mu ahwɛfo hɔ kɔhwehwɛ nea ɛbɛto wɔn daakye. Wogye di sɛ, sɛ wɔyɛ saa a, ɛbɛboa wɔn ama wɔahu ɔhaw anaa asiane a ɛda wɔn anim, na wɔatumi atwe wɔn ho. Anaa wɔahu nea ɛsɛ sɛ wɔyɛ na nneɛma akɔ yiye ama wɔn.

ABISA: Ebinom wɔ hɔ a, wɔkɔ asumanfo hɔ kobisa nea ɛbɛto wɔn daakye anaa nea enti a nneɛma bi sisi wɔ wɔn abrabɔ mu. Wogye di sɛ, sɛ wɔyɛ saa a, ɛbɛboa ama wɔahu nea wɔyɛ a, ɛbɛma asi wɔn yiye daakye.

NANANOM A WƆAWUWU: Ebinom gye di sɛ, sɛ wɔyɛ amanne ahorow bi de som wɔn nananom a wɔawuwu ne abosom ahorow a, ɛbɛma wɔanya ahobammɔ ne nhyira. Maame bi a ɔte Vietnam a wɔfrɛ no Vana kaa sɛ, “Ná migye di sɛ, sɛ mesom me nananom a wɔawuwu a, menya asetena pa, na ebesi me ne me mma yiye.”

ONIPA WU A, WƆSAN WO NO BIO: Ebinom gye di sɛ, onipa wu a, wɔsan wo no bio. Wogye di nso sɛ, sɛ wɔwo obi bio a, sɛnea ɔbɔɔ ne bra kan no na ɛbɛkyerɛ sɛnea n’abrabɔ bɛyɛ seesei.

Nnipa pii nso wɔ hɔ a, nneɛma a yɛabobɔ so yi, wonnye emu biara nni. Wohu no sɛ ɛyɛ gyidi hunu. Nanso wɔkɔ wɔn a wɔhwɛ nkurɔfo nsam ka wɔn hyɛberɛ kyerɛ wɔn no hɔ, anaa wɔkɔ asɔfo ne adiyifo hɔ sɛ wɔnhyɛ wɔn nkɔm. Wɔn adwene yɛ wɔn sɛ, ebia saa nneɛma yi betumi aboa wɔn ama wɔahu wɔn daakye.

SAA NNEƐMA YI BOA ANAA?

Wɔn a wɔde wɔn ho hyehyɛ nneɛma a ɛtete saa mu no, asi wɔn yiye wɔ abrabɔ mu anaa?

Wo de ma yɛnhwɛ ɔbarima bi a wɔfrɛ no Hào a ɔte Vietnam asɛm yi. Ná ɔhwɛ nsoromma mu sɛnea ɛbɛyɛ a obehu ne daakye, na na ɔsom ne nananom a wɔawuwu. Nanso ekosii sɛn? Ɔno ara too n’anom tuo sɛ, “Adwuma a meyɛ no sɛee, mebɔɔ ka buburoo, m’abusua gyigyae, na adwinnwen hyɛɛ me so.”

Qiuming a ofi Taiwan nso, na ogye di sɛ, sɛ wohwɛ nsoromma mu a, wubehu wo daakye, obi wu a wɔsan wo no bio, na obiara wɔ ne nkrabea. Afei nso na ogye di sɛ, sɛ obi som ne nananom a wɔawuwu a, ebetumi asi no yiye. Nanso bere a ɔtɔɔ ne bo ase hwehwɛɛ saa nneɛma yi mu yiye no, ɔkaa sɛ: “Mibehuu sɛ, saa nneɛma yi a nkurɔfo gye di ne amanne ahorow a wɔyɛ no, ntease biara nnim. Nea nsoromma mu ahwɛfo ka fa daakye ho sɛɛ, mpɛn pii no ɛmma mu. Afei nso, gyidi a ɛne sɛ, sɛ obi wu a, wɔsan wo no bio no, mihui sɛ ntease biara nnim. Efisɛ onipa de, sɛ wudi mfomso a, ɛsɛ sɛ wusua biribi fi mu. Nanso sɛ yɛwo wo ba wiase bio, na sɛ wonkae mfomso a wudii wɔ wo kan asetena no mu a, wobɛyɛ dɛn asua biribi afi mu, na woayɛ nsakrae?”

“Mibehuu sɛ, saa nneɛma yi a nkurɔfo gye di ne amanne ahorow a wɔyɛ no, ntease biara nnim.”—QIUMING, TAIWAN

Sɛnea Hào ne Qiuming abehu no, nnipa pii nso abehu sɛ, ɛnyɛ nsoromma, nkrabea, anaa wɔn nananom a wɔawuwu na ɛkyerɛ sɛnea wɔn daakye bɛyɛ. Nanso ɛno kyerɛ sɛ, yenni yɛn daakye so tumi anaa?

GYINAE A YESI NO BETUMI AHAW YƐN ANAA ABOA YƐN

Ɛwom, nneɛma a esisi wɔ yɛn abrabɔ mu no pii wɔ hɔ a, yɛyɛ ho hwee a ɛrenyɛ yiye. Nanso nokwasɛm ne sɛ, gyinae a yesisi nnɛ no, daakye, ebetumi ahaw yɛn anaa aboa yɛn. Yɛbɛyɛ nhwɛso a, sɛ nsanyare bi te sɛ COVID-19 te si baabi a, ɛyɛ a nkurɔfo taa hohoro wɔn nsa de ade kata wɔn hwene. Adɛn ntia? Efisɛ wonim sɛ, sɛ wɔyɛ saa a, ɛbɛbɔ wɔn nkwa ho ban, nanso sɛ wɔanyɛ saa a, wobetumi anya yare no bi na wɔahwere wɔn nkwa. Wei di adanse sɛ, gyinae ahorow a yesisi no ho hia paa.

Enti sɛ yɛpɛ sɛ nneɛma kɔ yiye ma yɛn a, ɛsɛ sɛ yesisi gyinae pa. Bɛyɛ mfe 2,000 atwam ni, ɔkyerɛkyerɛfo bi a onim nyansa kaa asɛm bi a ɛkyerɛ sɛ gyinae a yesisi no ho hia paa. Ɔkaa sɛ: “Nea onipa dua no, ɛno ara na otwa.”b

Nnipa pii nso adwene yɛ wɔn sɛ, sɛ wosua nhoma kɔ akyiri anaa wonya wɔn ho a, sɛnea ɛte biara ebesi wɔn yiye. Nanso ebinom a na wokura saa adwene no, ewiee wɔn sɛn?

a Wɔasesa edin ahorow bi wɔ saa asɛm yi ne nsɛm a edi hɔ no mu.

b Wubehu saa asɛm yi wɔ Kyerɛw Kronkron anaa Bible no mu. Ɛwɔ Galatifo 6:7. Asiafo wɔ bɛ bi a ɛne saa asɛm yi di nsɛ. Ɛka sɛ, Sɛ wudua wɔtamɛlɔn a, wubetwa wɔtamɛlɔn. Sɛ wudua beans a, wubetwa beans.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena